Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 8/8 kr. 8-11
  • Atirimɔdensɛm—Ano Aduru a Onyankopɔn Wɔ Ne Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atirimɔdensɛm—Ano Aduru a Onyankopɔn Wɔ Ne Dɛn?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyaatwom
  • Asuade Ahorow a Yenya Fi Bible Mu
  • Nneɛma a Onyankopɔn Kae ne Nea Ne Werɛ Fi
  • Ɔtemmufo a Ɔsen Biara
  • Wiase Foforo Abɛn!
  • Bɔne a Wɔde Firi na Wɔnkae Bio—So Ebetumi Ayɛ Yiye?
    Nyan!—1998
  • So Ɛsɛ sɛ Yɛkae Nsɛm a Asisi Wɔ Mmere a Atwam No?
    Nyan!—1998
  • Nokware Nyankopɔn no ne Wo Daakye
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Tra Ase Daa wɔ Paradise Asase So
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 8/8 kr. 8-11

Atirimɔdensɛm—Ano Aduru a Onyankopɔn Wɔ Ne Dɛn?

ƆKWAN bɛn so na wobetumi asiw atirimɔdensɛm ano? Dɛn ne ano aduru? Sɛ yesua abakɔsɛm a, yehu no pefee sɛ onipa nni ano aduru. Nokwarem no, abirabɔsɛm kɛse bi wɔ ɔkwan a nnipa akannifo afa so adi asɛm no ho dwuma no mu, sɛ ɛnyɛ nyaatwom mpo a.

Sɛ nhwɛso no, susuw afe 1995 ho hwɛ. Na ɛyɛ Nasifo Okunkɛse a ɛkɔɔ so wɔ Wiase Ko II mu no awiei ne atɔm ɔtopae a wɔtoe no afe a ɛto so 50. Saa afe no, wɔhyɛɛ nkaedi yi ho fã wɔ wiase afã pii maa wiase akannifo kɔɔ bi. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a wobekyi saa atirimɔdensɛm yi na wɔanyɛ saa bio. Nanso, ebinom huu abirabɔsɛm bi a ɛmfata wɔ afahyɛ a ɛtete saa ase.

Nyaatwom

Wɔ saa afahyɛ a wɔbɔɔ ho dawuru pii yi ase no, nyamesom ne aban ananmusifo no nyinaa pɛe sɛ wobu wɔn ayamyefo anaasɛ anyɛ yiye koraa no, wɔremmu wɔn nnebɔneyɛfo. Nanso, aman a wɔkasa tiaa atirimɔdensɛm a wɔayɛ dedaw no ayeyɛ akode pii, na wɔatwa sika akɛse a wɔde yɛ. Bere koro no ara no, wonnii ɔhaw ahorow a ɛho hia te sɛ ohia, ɔbrasɛe, ne nsu ne mframasɛe ho dwuma, na mpɛn pii no, wɔka sɛ wonni sika.

Ɔsom a ɛyɛ wiase de pɛ sɛ wɔyɛ nneɛma bi de kata komm a wɔyɛe bere tenten wɔ katabaakofo atirimɔdensɛm ho no so, na wɔmmɔ kasa a wɔankasa antia wɔn no so. Saa ɔsom ahorow yi anyɛ biribi a na ɛbɛma nkurɔfo a wɔwɔ ɔsom biako mu agyae kum a na wɔrekunkum wɔn ho no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Wiase Ko II mu no, Katolekfo kunkum Katolekfo, na Protestantfo kunkum Protestantfo, esiane sɛ womfi ɔman biako mu na wonni ɔfã biako nti. Afanu no nyinaa kyerɛe sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso wɔn nneyɛe ne Yesu nkyerɛkyerɛ bɔɔ abira koraa. (Mateo 26:52; Yohane 13:34, 35; 1 Yohane 3:10-12; 4:20, 21) Ɔsom a aka no nso ayɛ saa ara. Ɛnnɛ, saa ɔsom ahorow yi mufo gu so reyɛ atirimɔdensɛm wɔ wiase afã horow.

Wɔ Yesu bere so no, na nyamesom akannifo no yɛ nyaatwomfo. Yesu kasa tiaa wɔn sɛ: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mototo adiyifo ada so na mohyehyɛ nnipa trenee aboda, na moka sɛ: Sɛ yɛtraa ase yɛn agyanom bere so a, anka yɛne wɔn remmom nhwie adiyifo no mogya ngu. Eyi na mode di mo ho adanse sɛ wɔn a wokum adiyifo no mma ne mo.” (Mateo 23:29-31) Saa nyamesom akannifo no kyerɛe sɛ wɔyɛ atreneefo nanso na wɔyɛ nyaatwomfo, na wɔn na wɔtaa Yesu ne n’asuafo no.

Asuade Ahorow a Yenya Fi Bible Mu

Yebetumi anya asuade ahorow afi wiase abakɔsɛm mu, nanso Bible mu na asuade ahorow a mfaso wɔ so sen biara wɔ. Ɛnyɛ nnipa nsusuwii anaa adwene a enni nnyinaso so na egyina kyerɛkyerɛ abakɔsɛm mu. Bible gyina Onyankopɔn adwene so na ɛkyerɛkyerɛ abakɔsɛm ne nea ɛbɛba daakye mu.—Yesaia 55:8, 9.

Kyerɛwnsɛm no ka nneɛma pa ne nneɛma bɔne ne nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa ho asɛm. Mpɛn pii na yetumi nya asuade a ɛfata na ɛne Onyankopɔn apɛde hyia wɔ saa kyerɛwtohɔ ahorow yi mu. Bere a ɔsomafo Paulo kaa nneɛma pii a esisii wɔ tete Israelfo abakɔsɛm mu ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Na eyinom nyinaa ama wɔayɛ nhwɛso, na wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu.” (1 Korintofo 10:11) Yesu ankasa twee adwene sii abakɔsɛm mu asuade bi so bere a ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Monkae Lot yere no!”—Luka 17:32.

Nneɛma a Onyankopɔn Kae ne Nea Ne Werɛ Fi

Yehu fi Bible mu sɛ Onyankopɔn gyina ankorankoro nneyɛe so na ɛma ɔkae wɔn anaasɛ ne werɛ fi wɔn. Onyankopɔn fafiri “dɔɔso” ma wɔn a wɔyɛ bɔne na wonu wɔn ho no. (Yesaia 55:7) Sɛ ɔbɔnefo nu ne ho na ‘ɔsan fi ne bɔne mu bɛyɛ atemmude ne atreneede a, ne bɔne a ɔyɛe no nyinaa, wɔrenkae mma no.’—Hesekiel 33:14-16.

Paulo kyerɛwee sɛ “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.” (Hebrifo 6:10) Enti, Yehowa bɛma wɔn a ɔkae wɔn no akatua pa. Ɔnokwafo Hiob bɔɔ mpae sɛ: “Oo, sɛ wode me sie asaman [adesamma nyinaa adamoa] ɛ, . . . sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!”—Hiob 14:13.

Ɔkwan foforo so no, Onyankopɔn ne ɔbɔnefo a onnu ne ho bedi no sɛnea n’asɛm a Ɔka kyerɛɛ Mose kyerɛ no: “Mɛpopa no mafi me nhoma mu.” (Exodus 32:33) Yiw, Onyankopɔn werɛ befi abɔnefo afebɔɔ.

Ɔtemmufo a Ɔsen Biara

Onyankopɔn ne Ɔtemmufo a ɔsen biara wɔ nea esisii tete mmere mu ho. (Genesis 18:25; Yesaia 14:24, 27; 46:9-11; 55:11) Esiane sɛ n’atemmu korɔn nti, ne werɛ remfi atirimɔdensɛm pii a wɔde ayɛ adesamma no. Wɔ ne trenee abufuw da mu no, obebu nnipa ne ahyehyɛde ahorow a wɔwɔ asodi no nyinaa atɛn.—Adiyisɛm, atiri 18, 19.

Wɔn a wɔka eyinom ho ne atoro som nyinaa, a wɔama wɔn sɛnkyerɛnne kwan so din wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ ‘Babilon Kɛse’ no. Wɔakyerɛw wɔ ne ho sɛ: “Ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.”—Adiyisɛm 18:2, 5.

Na anka ɛsɛ sɛ saa ɔsom ahorow yi kyerɛkyerɛ wɔn asɔremma adetrenee nanso wɔanyɛ. Enti, Onyankopɔn Asɛm ka ɔsom a ɛyɛ wiase de nyinaa ho asɛm sɛ: “Ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.” (Adiyisɛm 18:24; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Esiane sɛ wɔankyerɛkyerɛ wɔn asɔremma sɛ wɔnnɔ wɔn mfɛfo nnipa ne wɔn mfɛfo nyamesomfo nti, saa asɔre ahorow yi adi mogya ho fɔ.

Wiase Foforo Abɛn!

Afei bere a wɔbɛsɛe abɔnefo no abɛn. (Sefania 2:1-3; Mateo 24:3, 7-14) Ɛno akyi no, bere bi bɛba a ‘awerɛhow, osu, ne ɛyaw befi hɔ’ ama asase sotefo a wɔwɔ anigye no. (Adiyisɛm 21:3-5) Wɔrenyɛ atirimɔdensɛm nkunkum nnipa bio efisɛ wobegye asase yi so nniso afi nnipa nsam de ama Onyankopɔn soro Ahenni a “Asomdwoe-hene” Yesu Kristo di so no.—Yesaia 9:6, 7; Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10.

Saa bere no, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 46:9 no benya ne mmamu koraa: ‘Onyankopɔn ma akodi gyae kosi asase ano.’ Saa asomdwoe no bɛtra hɔ daa, efisɛ Yesaia 2:4 hyɛ nkɔm sɛ, “ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” Dwom 37:11 hyɛ nkɔm sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Yiw, saa bere no yɛbɛka sɛ “asase nyinaa so adwo, ayɛ komm: wɔma dwom so.”—Yesaia 14:7.

Eyi nyinaa kyerɛ sɛ wiase foforo a trenee te mu no abɛn. Na ade foforo a ɛyɛ anigye—awufo sɔre—bɛkɔ so wɔ saa wiase foforo a ɛwɔ Onyankopɔn soro Ahenni nniso ase no mu! Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.

Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ eyi ho ɔyɛkyerɛ denam nnipa a onyan wɔn fii awufo mu no so. Sɛ nhwɛso no, bere a onyanee abeawa bi no, kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Ntɛm ara ababaa no sɔree na ɔnantewee, . . . Na wɔn [a wɔrehwɛ no] ho dwiriw wɔn kɛse.” (Marko 5:42) Wɔ owusɔre mu no, wobenyan wɔn a wokunkum wɔn wɔ atirimɔdensɛm mu ne afoforo a wɔawuwu dedaw no afi awufo mu, na wɔama wɔanya hokwan atra ase daa wɔ paradise asase so. (Luka 23:43) Na bere bi akyi no, “wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.”—Yesaia 65:17.

Sɛ wunya Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu nokware nimdeɛ, na woyɛ n’apɛde a, wobɛyɛ w’ade nyansam. Afei Onyankopɔn bɛkae wo ma asi wo yiye bere a odi atirimɔdensɛm ho dwuma na ɔsan de wɔn a wowuwu amanehunu mu ba nkwa mu no. Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

Onyankopɔn bɛdan asase yi paradise a asomdwoe wom

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Onyankopɔn nam awufo a obenyan wɔn so bɛpopa kan atirimɔdensɛm ho nkekae afi hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena