Bɔne a Wɔde Firi na Wɔnkae Bio—So Ebetumi Ayɛ Yiye?
MFE bɛboro 50 atwam fi bere a Wiase Ko II baa awiei wɔ 1945 mu no. Saa wiase nyinaa ko no ne ɔko a wɔyɛɛ atirimɔdensɛm wom, na nnipa hweree wɔn nkwa wom sen biara wɔ nea na aba wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu mu.
Wiase Ko II no dii mfe asia, na ekunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 50 a na ɔmanfo ka ho. Wodii nnipa foforo pii dɛm wɔ nipadua, adwene, ne nkate mu. Wɔ nnipa pii a wohuu saa ɔko mfe a na amanehunu wom no fam no, atirimɔdensɛm a ɛyɛ yaw a ɛkɔɔ so, ne wɔn adɔfo a wowuwui a wɔkae no, yɛ nea wɔn werɛ mfirii de besi nnɛ.
Wɔda so ara kae atirimɔdensɛm a Nasifo yɛe wɔ Okunkɛse no mu, bere a wokunkum nnipa ɔpepem pii a wɔn ho nni asɛm no. Wɔ Europa ne Asia nyinaa no, asraafo a wotuu sa no yɛɛ atirimɔdenne pii, kunkum ɔmanfo, too wɔn mmonnaa, fow wɔn nneɛma, hunahunaa wɔn. Saa ara nso na atopae a wofi wim totowee no sɛee nnipa pii, pirapiraa mmarima, mmea, ne mmofra a wɔn ho nni asɛm. Akofo ɔpepem pii nso faa amanehunu pii mu wɔ akonno wɔ wiase nyinaa.
Adwene ne Nkate Fam Yaw
Adwene ne nkate fam yaw a nsɛm a ɛyɛ hu a esisii wɔ Wiase Ko II no mu maa nnipa pii a na wɔte ase saa bere no na wɔda so te ase nnɛ nyae no atim wɔn adwenem a wɔn werɛ mfirii. Wɔpɛ sɛ wɔn werɛ fi nsɛm a ɛyɛ hu na ɛyɛ yaw no nyinaa. Nanso wontumi nyɛ saa. Ebinom fam no, wɔtaa kaakae ahude a ɛtete saa no bere ne bere mu ma eyi wɔn hu.
Nanso, afoforo mpɛ sɛ wɔn werɛ fi, ebia wɔpɛ sɛ wotua so ka anaasɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ so kae wɔn a wowuwui no bere nyinaa. Afei nso, nnipa pii te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma adesamma hu atirimɔdensɛm a wɔayɛ wɔ mmere a atwam no, na amma wɔanyɛ atirimɔdensɛm a ɛtete saa bio.
Mfe kakra a atwam ni, wɔ 1994-95 mu no, nsɛm a ɛkɔɔ so wɔ Ɛda No (Ɛda a aman a wɔko tiaa Germany, Italy, ne Japan no, to hyɛɛ wɔn so wɔ Normandy wɔ June 1944 mu no) ne bere a wiase nyinaa ko a ɛto so abien baa awiei wɔ Europa (wɔ May 1945 mu) ho mfirihyia 50 ho afahyɛ ase no daa no adi sɛ wɔ nnipa a wohuu saa nsɛm a esisii no pii fam no, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔde bɔne befiri na wɔnkae bio. Ɛtaa yɛ den ma wɔn sɛ wɔne nnipa bi a na anka wɔyɛ wɔn atamfo besiesie wɔn ntam. Enti, Britain asraafo adedawfo anto nsa amfrɛ German ananmusifo ma wɔne wɔn ammɛhyɛ Normandy ntua no ho fã no.
Ɛdefa atirimɔdensɛm a Nasifo yɛe wɔ Wiase Ko II mu ne bɔne a wɔde firi na wɔnkae bio ho no, nhoma kyerɛwfo Vladimir Jankélévitch kaa ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Ɛdefa nsɛmmɔnedi a ɛyɛ abofono saa ho de, . . . abufuw ara na ɛhyɛ, na ɛma nkurɔfo de abufuw bɔ wɔn tirim sɛ wobetiw nsɛmmɔnedifo no—te sɛ nea na Nuremberg Asɛnnibea a na aman a wɔko tiaa Germany atemmufo na wɔwom ahyɛ ho bɔ no—de akosi asase ano.” Ɔkyerɛwfo koro no ara toaa so sɛ: “Yɛbɛsesa Yesu mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn a ɛwɔ Ɔhotefo Luka Asɛmpa no mu mu nsɛm no, na yɛde anigye aka sɛ: Awurade, mfa mfiri wɔn, na wonim nea wɔreyɛ.”—Fa toto Luka 23:34 ho.
Awerɛhosɛm ne sɛ, efi 1945 reba, besi yɛn bere yi so pɛɛ no, wɔayɛ atirimɔdensɛm afoforo—wɔ Cambodia, Rwanda, Bosnia, sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi din a—ama mogyahwiegu akɔ so agu asase ho fĩ. Saa atirimɔdensɛm yi ama nnipa ɔpepem pii awuwu, na ama nnipa pii adan akunafo ne nyisaa asɛe nkurɔfo asetra, na agyaw wɔn adwennwen a ɛyɛ hu.
Akyinnye biara nni ho sɛ, afeha a ɛto so 20 yi ayɛ atirimɔdensɛm bere a ebi mmae da. Sɛnea Bible nkɔmhyɛ fi tete kaa saa bere yi ho asɛm siei pɛpɛɛpɛ no—nnipa ayɛ “keka” ne “wɔn a wɔmpɛ papa.”—2 Timoteo 3:1-5; Adiyisɛm 6:4-8.
Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ?
Sɛ nnipa hyia atirimɔdensɛm a ɛte saa a, wɔyɛ wɔn ade wɔ akwan soronko so. Na yɛn nso ɛ? So ɛsɛ sɛ yɛkae? Anaasɛ ɛsɛ sɛ yɛn werɛ fi? So kae a yɛbɛkae no kyerɛ sɛ yɛbɛkɔ so anya wɔn ho menasepɔw, anya wɔn a na anka wɔyɛ yɛn atamfo no ho tan a emu yɛ den, a yɛremfa mfiri wɔn? Ɔkwan foforo so no, so bɔne a wɔde firi no kyerɛ sɛ obi werɛ befi a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔrenkae ayayade no bio koraa?
Adwene bɛn na adesamma Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, wɔ wɔ nsɛmmɔne a ɛyɛ hu a wɔadi wɔ yɛn bere yi ne mmere a atwam mu no ho? So ɔde befiri wɔn a wɔyɛɛ saa nneɛma no? Na so ɛnkaa akyi dodo sɛ Onyankopɔn bɛpata nnipa a wokunkum wɔn wɔ atirimɔdensɛm mu no? So anidaso ankasa bi wɔ hɔ sɛ atirimɔdensɛm bɛba awiei da bi, bere a akɔ so mfirihyia mpempem pii no? Ɔkwan bɛn so koraa na Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn besiesie nsɛm a emu yɛ den sɛɛ yi?
[Kratafa 4 mfonini]
Nnipa a wɔakunkum wɔn mma a wɔwɔ aguanfo atrae
[Asɛm Fibea]
UN PHOTO 186797/J. Isaac
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
U.S. Navy photo