Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 4/15 kr. 3
  • Ɛnnɛ Atirimɔdensɛm Ahyɛ Wiase Ma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnnɛ Atirimɔdensɛm Ahyɛ Wiase Ma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti na Ebinom Se Onyankopɔn Tirim Yɛ Den?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • So Atirimɔdensɛm To Betwa Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Bɔne a Wɔde Firi na Wɔnkae Bio—So Ebetumi Ayɛ Yiye?
    Nyan!—1998
  • Atirimɔdensɛm—Ano Aduru a Onyankopɔn Wɔ Ne Dɛn?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 4/15 kr. 3

Ɛnnɛ Atirimɔdensɛm Ahyɛ Wiase Ma

NÁ María a wadi mfe 64 no nkutoo na ɔte. Wokohui sɛ wawu da ne fie. Ná wɔaboro no de dade hama akyekyere ne kɔn denneennen.

Basabasayɛfo bi boroo polisifo baasa a basabasayɛfo no kyerɛ sɛ wɔakyere mmofra baanu asie no. Basabasayɛfo no hwiee pɛtro guu polisifo no baanu so, na wɔde ogya toom hyew wɔn. Polisini baako a ɔka ho no tumi guanee.

Obi frɛɛ aban adwumayɛbea a ɛhwɛ bammɔ so no wɔ telefon so ma wokohuu ahodwiriwde bi. Wokotuu mmarima baanan bi a wɔkɔɔ hɔ nsrahwɛ funu wɔ mfikyifuw bi mu. Ná wɔakyekyere wɔn ani ne wɔn nsa. Bere a nnuruyɛfo yɛɛ amu no mu nhwehwɛmu no, wohui sɛ wosiee wɔn animono.

Awudisɛm yi nyɛ biribi a ɛwɔ sini anaa video a atirimɔdensɛm ne basabasayɛ wom mu. Eyinom yɛ nsɛm a esisii ankasa a wɔkaa ho asɛm wɔ Latin Amerika ɔman bi atesɛm krataa mu. Nanso ɛnyɛ saa ɔman no mu nko na wodi atirimɔdensɛm a ɛtete saa nnɛ.

Wodi atirimɔdensɛm da biara. Wɔtotow atopae, amumɔyɛfo tow hyɛ afoforo so, wodi awu, wɔtotow nkurɔfo atuo, na wɔto afoforo mmonnaa. Eyinom yɛ atirimɔdensɛm a ɛtaa sisi no fã ketewaa bi. Nsɛm ho amanneɛbɔfo taa ka atirimɔdensɛm a esisi ankasa ho asɛm, ma enti sɛ nnipa pii hu anaa wɔte atirimɔdensɛm a ɛtete saa a, ɛnyɛ wɔn nwonwa bio.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ wubebisa sɛ: ‘Dɛn na ɛrekɔ so wɔ wiase mu nnɛ? So nnipa nni atenka mma afoforo na wommu nkwa bio?’ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtra wiase a ɛte saa mu?

Afei susuw Harry, a wadi mfe 69 a wanya kokoram no ho hwɛ. Ne yere wɔ yare bi a ama wadwudwo, nanso n’afipamfo ne ne nnamfo fi wɔn pɛ mu bɛboa wɔn. Harry ka sɛ: “Sɛ ɛnyɛ nkurɔfo yi mmoa a, anka minnim nea yɛbɛyɛ.” Wɔ baabi a ɔte wɔ Canada no, nhwehwɛmu bi da no adi sɛ nnipa a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa no bɛboro ɔha mu 50 reboa nkurɔfo a wɔnyɛ wɔn abusuafo. Akyinnye biara nni ho sɛ wunim nnipa bi a wɔtaa da ayamye ne adamfofa su adi kyerɛ afoforo. Nokwarem no, nnipa betumi ada ayamhyehye ne ayamye adi sen sɛ anka wobedi atirimɔdensɛm.

Ɛnde dɛn nti na nkurɔfo di atirimɔdensɛm saa? Dɛn na ɛma wodi atirimɔdensɛm? So wɔn a wodi atirimɔdensɛm no betumi asesa? So atirimɔdensɛm to betwa da bi? Sɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na ɛto atwa, na bere bɛn na ɛto betwa?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Keteke: CORDON PRESS

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena