Wiase Nsɛm
Kɔmputa So Agodie a Ɛyɛ Hu
Reuters amanneɛbɔ bi ka sɛ, Brazil Asoɛe a Ɛhwɛ Mmara Ho Nsɛm So “abara kɔmputa so agodie a asɛm wɔ ho a wɔtɔn a emu no, agodifo no nya akatua denam kar ahorow a wowia na wokum polisifo so no.” Wosusuw sɛ agodie no yɛ “nea ɛyɛ hu efisɛ ɛhyɛ dwowtwa ne awudi ho nkuran, na ebetumi akanyan agodifo a wɔyɛ mmofra ma wɔayɛ basabasa.” Wɔ 1997 mu no, asoɛe no baraa kɔmputa so agodie a “ɛmaa agodifo no akatua sɛ wokum wɔn a wɔnam kwankyɛn a na mmerewa ne apemfo ka ho no.” Ɔbea a ɔyɛ ɔkasamafo ma Procon, adetɔfo hokwan ahyehyɛde, no kae sɛ: “Saa agodie yi yɛ hu na asiane wom efisɛ ɛde basabasayɛ ba. Mmofra fi ase susuw sɛ saa adeyɛ yi yɛ nea asɛm biara nni ho.”
Po a Wɔasɛe No
Nassauische Neue Presse atesɛm krataa bɔ amanneɛ sɛ: “Nsu mu nam pii a wonyi no ɔkwampa so, nnuru a edi awu, ne nuklea ho wura a wɔtow gu po ahorow mu no de nkwa a ɛwɔ asase so nyinaa nnyinaso reto asiane mu.” Sɛnea atesɛm krataa Kieler Nachrichten kyerɛ no, nea wɔasɛe no sen biara ne Po Tuntum no. Wosusuw sɛ ɛyɛ adebɔ mu nneɛma a wɔasɛe no sen biara wɔ wiase no mu biako, na emu abɔde a nkwa wom ɔha biara mu 90 na wɔawuwu koraa. Nsufĩ a wɔnyɛ ho hwee no ama Ukraine mpoano asorɔkye no kɔla adan ahabammono, na wobuee Odessa mpoano no pɛnkoro pɛ wɔ ahohuru bere a atwam no. Romania mampanyin Emil Constantinescu kae sɛ: “Wɔasɛe Po Tuntum no ankasa. Sɛ yɛma ewu a, yebetwa so aba bɔne sen nea yebetumi asusuw.” Amanaman Nkabom no de 1998 asi hɔ sɛ “Amanaman Ntam Afe Ma Ɛpo.”
Nnuru a Ɛnyɛ Papa
Le Figaro Magazine ka sɛ: “Nnuru a wɔtɔn wɔ okyinnsoromma yi so bɛyɛ ɔha biara mu 8 na ɛnyɛ papa.” Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kyerɛ no, wobu akontaa sɛ nnuru a ɛnyɛ papa a wɔtɔn wɔ Brazil no yɛ ɔha biara mu 30, na nea ɛyɛ ahodwiriw no, wobu akontaa sɛ wɔtɔn ɔha biara mu 60 wɔ Nigeria. Wɔbɔ amanneɛ sɛ nnuru a ɛnyɛ papa ho aguadi no ma wonya dɔla ɔpepepem 300, na nsɛmmɔnedifo akuw na wodi mu akoten. Ɛmfa ho mmɔden a aduruyɛ nnwumakuw no rebɔ sɛ wobesiw saa aguadi yi ano no, polisifo ne amanaman ntam ahyehyɛde ahorow no nnyaa ɔhaw no ano aduru. Nea nnuru a ɛnyɛ papa betumi ayɛ ara ne sɛ ɛbɛma ɔyarefo ho abae no kakra; nea enye koraa no, ebetumi adi awu. Le Figaro Magazine ka sɛ: “Nnuru a ɛnyɛ papa di ɔyarefo no awu.”
Etuo Ho Anigye a Wɔkyerɛ Wɔ United States
The Economist ka sɛ: “Nsonsonoe a ɛda Amerika [United States] ne aman foforo ntam no sõ ankasa. Wɔ 1996 mu no, wɔde tuo kum nnipa baanu wɔ New Zealand, 15 wɔ Japan, 30 wɔ Britain, 106 wɔ Canada, 211 wɔ Germany ne 9,390 wɔ United States.” Afe biara wɔ United States no, nsɛmmɔne a wɔde tuo di bɛyɛ ɔpepem ne fã, ne awuwuawuwu 35,000, a ahodɔmdi ne akwanhyia ka ho. Nanso, nsɛmma nhoma no ka sɛ, nnipa a wɔwɔ United States a wɔwɔ tuo no “pɛ sɛ wɔkora wɔn atuo so, ɛmfa ho ɔhaw biara a ɛde ba no. Sɛ́ anka wɔbɛhyɛ mmara ahorow a emu yɛ den adi so, sɛnea aman foforo pii ayɛ no, wɔrepere sɛ wobenya pii.” Mprempren, amantam 31 na wɔma kwan sɛ nkurɔfo betumi de tuo ahyɛ wɔn ho.
Wiase Twene a Ɛsɛn Hɔ a Ɛware Sen Biara
Akashi Kaikyo Twene a ɛwɔ Japan a ɛka Awaji Supɔw ne Kobe kurow bom a wobuee ano April mu no yɛ nea wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ ntɛm ara sɛ twene a ɛsɛn hɔ a ɛware sen biara. Time nsɛmma nhoma ka sɛ: “Twene a wɔde mfe pii na ewiei na ɛho ka yɛ dɔla ɔpepepem 7.7 no tenten yɛ mita 1,991—a wosusuw no sɛ ɔkwan a ɛda aban abien no ntam. Wɔde nnwinnade a ɛma egyina pintinn 20 na abobɔ aban a ne sorokɔ sen abansoro a ɛtoa so 90 no mu biara ho; sɛ mframa ma twene no hinhim a, nnade akɛse bi ma aban no gyina pintinn.” Wɔayɛ twene no ma agyina asasewosow a ano den yɛ 8.0 wɔ Richter susudua no so ano. Sɛ wɔtwe ne nhama a ɛyɛ dade no mu a, ebetumi atwa asase ho ahyia mpɛn ason.
Afifide a Ɛwɔ Asiane Mu
Bere a afifide ho animdefo ne abɔde mu nneɛma ho bammɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa de mfe 20 ayɛ nhwehwɛmu no, wɔakyerɛ sɛ wiase afifide ahorow 270,000 a wonim no ɔha biara mu 12.5—8 biara mu 1—na ase reyɛ atɔre. The New York Times ka sɛ: “Afifide a wɔabobɔ din no 10 biara mu 9 na ɛwɔ ɔman biako pɛ mu, na ɔman no mu tebea ahorow anaa sikasɛm ne asetra mu nsɛm ka afifide no titiriw.” Nyansahufo kyerɛ nneɛma atitiriw abien nti a afifide ase retɔre: (1) Kwae a wɔsɛe no kɛse denam mpɔntudwuma so, nnua a wotwa ne kuadwuma ne (2) afifide a emfi saa man no mu a ebetu ɔman no mu afifide ase. Asɛm no ka sɛ, afifide “boa titiriw wɔ adebɔ mu nneɛma dwumadi mu” sen nufuboa ne ntakraboa. Ɛka bio fa afifide ho sɛ: “Ɛma nneɛma a nkwa wom dodow no ara nya ahoɔden, a nea ɛka ho ne nnipa nkwa, denam owia hann a ɛma ɛdan aduan no so. Wonya nneɛma a wɔde yɛ nnuru pii fi mu, na emu na wonya kuayɛ mu nnua ahorow nso fi. Ɛno ankasa ne nneɛma a ɛma asase ani yɛ fɛ, ade titiriw a biribi foforo biara fi mu.”
Yare a Wonya Wɔ Ayaresabea
France atesɛm krataa Le Figaro ka sɛ: “Yare ahorow a wonya wɔ ayaresabea wɔ aduruyɛ anaa oprehyɛnyɛ akyi no yɛ ɔhaw ankasa ma ɔmanfo akwahosan.” Wɔ France nkutoo no, nnipa 800,000 na wonya yare afe biara, na wobu akontaa sɛ 10,000 na wowu. Wobetumi afa akwan ahorow so de atew yare no so: ɔdan mu a wɔde nnuru a ekum ɔyare mmoawa bɛpetepete ansa na ɔyarefo foforo bi aba hɔ, nneɛma a wɔde wɔ mpaane a wɔbɛhwɛ sɛ efĩ nni ho, ne nsa a wɔbɛhohoro no yiye ansa na wɔahwɛ ɔyarefo bi. Ɛda adi sɛ, mpɛn pii na wobu ani gu saa nneɛma yi mu pii so. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ ayaresabea bi a ɛwɔ Paris no daa no adi sɛ ayaresabea adwumayɛfo aboafo ɔha biara mu 72 pɛ na wɔkae sɛ bere nyinaa na sɛ wɔhwɛ ɔyarefo bi wie a, wɔhohoro wɔn nsa. Eyi mu ɔha biara mu 60 na na wɔn nsa a wɔhohoro no nnu dodow a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no. Atesɛm krataa no ka sɛ bere a akontaa a wobu nni mu te sɛ eyi no, “ɛkame ayɛ sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ.”
Bɛlt a Wɔbɔ Wɔ Wimhyɛn Mu Kora Nkwa So
Sɛnea wɔn a wɔtaa de wimhyɛn tu kwan nim no, wimhyɛn betumi ahyia wim basabasayɛ mpofirim a wɔnhwɛ kwan a ebetumi apira anaa akum akwantufo no. Animdefo ka sɛ, ahwɛyiye koro pɛ a edi mũ a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛbɔ bɛlt a ɛwɔ akongua no ho bere nyinaa bere a wote wimhyɛn mu no. U.S.News & World Report ka sɛ: “Ɛyɛ den yiye sɛ wobehu wim basabasayɛ bi pefee na wɔakwati.” Bere a nyansahufo reyɛ nhwehwɛmu ayɛ nnwinnade de ahu saa wim basabasayɛ no, wimhyɛn dodow no ara de amanneɛbɔ a efi wimhyɛn a edi wɔn anim wɔ ɔkwan koro so hɔ na edi dwuma seesei. Ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wopirapira wɔ wim basabasayɛ mu no nyinaa yɛ wɔn a wɔmmɔ bɛlt a ɛwɔ akongua ho no. Asɛm no ka sɛ: “Nanso, wimhyɛn nnwumakuw no nhuu ɔkwan a wɔbɛfa so ahyɛ akwantufo ma wɔabɔ bɛlt no.”
Nsɛe Anyinam Ahoɔden
Apotheken Umschau atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ: “Anyinam ahoɔden a wɔde di dwuma wɔ Germanfo afie ne nnwumayɛbea no mu ɔha biara mu 11 yɛ mfiri a wɔmfa nni dwuma, na mmom wogyaw si so na ɛsɛe.” Sɛnea akontaa a wobu wɔ Germany kyerɛ no, TV, radio, kɔmputa, ne ɛlɛtrɔnik mfiri foforo a wogyaw si so no de anyinam ahoɔden kilowatt ɔpepepem 20.5 na edi dwuma afe biara. Eyi boro anyinam ahoɔden a wɔde di dwuma afe biara wɔ Berlin, ɔman no ahenkurow, no mu. Wubetumi akora anyinam ahoɔden so na amma woammɔ ka kɛse denam mfiri bi a wubedum no koraa sen sɛ wobɛma asi so no so.
Po a Awu no Reyow
Po a Awu, asase so beae a ɛwɔ fam na nkyene wom sen biara no reyow ntɛmntɛm. Wɔ 1965 mu no, na Po a Awu no wɔ fam sen po mita 395. Mprempren ɛwɔ fam sen po mita 413, na asase kesee apue po no mu akyɛ mu abien. Seesei ahɔhodan ahorow a wosisii wɔ nsu no ano pɛɛ no mmɛn nsu no koraa. The Dallas Morning News ka sɛ: “Nsu no reyow ntɛmntɛm pefee a afe biara ɛso tew sɛntimita 80, na esiane dwuma a nkurɔfo de nsu a ɛba mu no di ne amammuisɛm nti, nsu pii ntumi mma mu. Yow a Po a Awu no betumi ayow no kyerɛ sɛnea nsu ho ayɛ nã kɛse wɔ ɔmantam no mu, na ano aduru a wontumi nnya no kyerɛ sɛnea nsu ne asomdwoe wɔ abusuabɔ wɔ Mediterranea Supɔw a sukɔm asi hɔ no so. . . . Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ Israel, Syria ne Jordan . . . redan Yordan Asubɔnten a emu nsu kogu Po a Awu mu no ani.” Ɛdefa Po a Awu no abakɔsɛm ho no, asɛm no ka sɛ: “Ɛde besi nnɛ yi, asɛm a emu da hɔ ne Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea Asasetaw no so Nkurow no baa ɔmantam a ɛsow aba no mu kosi sɛ Onyankopɔn ani annye wɔn bra bɔne ho, na enti ‘ɔtɔɔ sufre ne ogya guu Sodom ne Gomora so’ maa ɛdan asase wesee ho no.”