Aids—Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Daakye?
SƐ NNURU a ɛsa HIV yare anaa ɛko tia a wonnya bi no da nkyɛn a, nneɛma foforo nso ka ho bi na wontumi nni yare no so. Eyi mu biako ne sɛ nnipa pii a wɔmpɛ sɛ wɔsesa wɔn asetra kwan no nsuro sɛ wobenya yare no. Wɔ United States sɛ nhwɛso no, yare no renya nkɔanim, ɛmfa ho sɛ nnipa dodow a wonya AIDS ankasa so atew no. Nsɛnkyerɛwfo Fekuw no kyerɛ sɛ nea enti a ɛte saa ne sɛ “nnipa pii ntie ahobammɔ ho kɔkɔbɔ no.”
Wɔ wiase aman a wonnyaa nkɔso pii mu a wɔbɔ amanneɛ sɛ, wɔn a wɔanya HIV no bɛyɛ ɔha biara mu 93 wɔ hɔ no, wohyia ɔhaw afoforo sɛ wɔbɛko atia yare no. Saa aman yi mu pii di hia araa ma mpo wontumi mfa ayaresa ho nneɛma nketenkete mpo mma. Sɛ nnuru foforo no bi wɔ saa aman no mu mpo a—na ɔfã kɛse no ara nni bi—ayaresa ho ka a wɔbɛbɔ afe mu no bɛboro sika a nnipa pii benya wɔ wɔn nkwa nna nyinaa!
Nanso, momma yɛmfa no sɛ wɔanya aduru foforo bi a ne bo nyɛ den a ɛbɛsa yare no ankasa. So wɔn a wohia nnuru a ɛte saa no nyinaa nsa bɛka bi? Ebia entumi mma saa. Afe biara, sɛnea Amanaman Nkabom Mmofra Foto no kyerɛ no, mmofra bɛyɛ ɔpepem anan na nyarewa anum a anka nnuru a ɛwɔ hɔ a ne bo nyɛ den betumi asiw ano no kunkum wɔn.
Na nkurɔfo a wɔanya yare no bi a wɔte aman a wontumi nnya aduru nsa wɔn ho yare mu no nso ɛ? Ruth Mota a ɔwɔ Amanaman Ntam Akwahosan Asoɛe a ɛwɔ Santa Cruz, California, no aboa ayɛ nhyehyɛe a wɔde bɛko atia HIV asan ahwɛ wɔn a wɔanya bi no wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no bebree mu. Ɔka sɛ: “Wɔ nea mahu mu no, su a ɛfata a obi benya ho hia te sɛ aduru a obenya ara. Minim nkurɔfo a wɔanya HIV bɛyɛ mfe 10 kosi 15 a wɔnyɛɛ aduru da. Aduruyɛ ho hia, nanso ayaresa a wobenya no hwehwɛ pii sen nnuru kɛkɛ a wɔbɛnom. Ɛhwehwɛ su a ɛfata, ɔmanfo mmoa, honhom fam yiyedi, ne aduan pa nso.”
Wobenya Ano Aduru
So biribi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yegye di sɛ wobedi AIDS so da bi? Yiw, ebi wɔ hɔ. Anidaso a ɛsen biara no wɔ nea nnipa pii frɛ no Awurade Mpaebɔ anaa Yɛn Agya a Wowɔ Soro no mu nsɛm no mu. Wɔ saa mpaebɔ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible nhoma a ɛne Mateo mu no, yɛsrɛ sɛ Onyankopɔn pɛ nyɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ wɔ soro. (Mateo 6:9, 10) Ɛnyɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ yare bɛhaw nnipa daa. Onyankopɔn betie saa mpaebɔ no. Wɔ saayɛ mu no, ɛnyɛ AIDS nko na ɔde bɛba awiei, na mmom nyarewa foforo a ɛhaw adesamma nyinaa nso. Saa bere no, “ɔmanfo no bi renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yesaia 33:24, NW.
Enkosi saa bere no, ɔkwan a eye sen biara ne sɛ wobɛbɔ wo ho ban. Wɔ nyarewa pii fam no, akwan abien na wubetumi afa so adi so: Sɛ́ wobɛbɔ wo ho ban na woannya yare no anaasɛ wubenya yare no na woasa. Wɔ HIV fam no, akwan a ɛte saa nni hɔ. Wubetumi abɔ wo ho ban, nanso worentumi nsa mprempren. Dɛn nti na wobɛpaw ɔkwan a ɛde wo nkwa bɛto asiane mu? Nokwarem no, ahobammɔ ye sen ayaresa a enni hɔ.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]
“Ayaresa a wobenya no hwehwɛ pii sen nnuru kɛkɛ a wɔbɛnom. Ɛhwehwɛ su a ɛfata, ɔmanfo mmoa, honhom fam yiyedi, ne aduan pa nso.”—Ruth Mota
[Kratafa 9 adaka/mfonini]
“Asafo no Bɔɔ Mmɔden”
Ɔsomafo Paulo hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Karen, a yɛbɔɔ ne din wɔ asɛm a edi kan mu no, maame ka sɛnea wɔn hɔnom Yehowa Adansefo asafo no yɛɛ wɔn ade bere a wohui sɛ Karen ne Bill anya HIV no. Ɔka sɛ: “Asafo no bɔɔ mmɔden. Bere a Bill nyaa mpafe no, na Karen ankasa nso yare, na na ɔredi apere sɛ ɔbɛhwɛ Bill ne mmofra no. Anuanom siesiee wɔn fie yɛɛ wɔn kar yiye, horoo wɔn nneɛma. Wɔboaa wɔn ma wodii mmara mu nsɛm ho dwuma ma wotu kɔɔ ofie foforo mu. Wɔtɔɔ nnuan noa maa wɔn. Wɔyɛɛ wɔn nkate, honhom, ne honam fam mmoa ankasa.”
[Kratafa 8 mfonini]
Aware mu nokwaredi betumi asiw HIV yare ano