Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 1/8 kr. 31
  • Mmofra Ho Nhyehyɛe a UN Ayɛ​—Aba Bɛn na Asow?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra Ho Nhyehyɛe a UN Ayɛ​—Aba Bɛn na Asow?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amanaman Nkabom No—Ɔkwan A Eye Kyɛn So?
    Nyan!—1992
  • Nsonsonoe a Ɛda Asikafo ne Ahiafo Ntam no Reyɛ Kɛse
    Nyan!—2000
  • Nnipa a Ohia Afa Wɔn Nnommum
    Nyan!—1998
  • Wɔn a Akodi Ma Wohu Amane Afei
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 1/8 kr. 31

Mmofra Ho Nhyehyɛe a UN Ayɛ​—Aba Bɛn na Asow?

BƐYƐ mfe 15 a atwam ni no, UN kae sɛ 1985 yɛ Amanaman Ntam Mmofra Afe. Afei nso, bɛyɛ mfe anan a atwam ni no, UN gyee Wiase Mmofra Ho Dwumadi Nhyehyɛe Ma Afe 2000 ne Ɛno Akyi no ho nhyehyɛe too wɔn ho so. Ná wɔwɔ anidaso sɛ nhyehyɛe yi bɛboa ma wɔadi nsɛnnennen ho dwuma na abue nneɛma ho kwan ama wiase no mu mmofra a wɔboro ɔpepepem biako no. So nhyehyɛe ahorow yi di boaa mmofra?

Akyinnye biara nni ho sɛ ɛboae wɔ mmeae bi. Nsɛmma nhoma bi a Amanaman Nkabom Mpɔntu Adwuma no tintimii, Choices, de ho nhwɛso bi ma: Wɔ Thailand no, mmofra a wɔnsoo sukuukɔ bɛboro fã na na wonnya aduan pa nni wɔ 1982 mu. Nanso ansa na mfe du retwam no, na ɛkame ayɛ sɛ wɔatu aduan pa a wonnya nni ase koraa. Sukuu abiɛsa pɛ na na ɛwɔ ɔman a wɔfrɛ no Oman mu wɔ 1970 mu, na na mmarimaa 900 pɛ na wɔkɔ. Nanso wɔ 1994 mu no, saa ɔman no mu mmofra a wɔreyɛ adu 500,000 na na wɔkɔ sukuu, na na wɔn mu ɔha mu nkyem 49 yɛ mmea. Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom yɛ aba pa a ɛsoe no bi.

Nanso, UN nhoma United Nations Action for Youth no ka sɛ, nsɛnnennen a wɔtaa hyia wɔ nhomasua, adwumayɛ, ne ohia mu, na eyinom yɛ mmeae a Wiase Ahyehyɛde no de n’ani asi sɛ ɛbɛma atu mpɔn no kakraa bi pɛ.

Sɛ nhwɛso no, aman a wonnyaa nkɔso pii no mu dodow no ara ntumi nnu botae a ɛne sɛ ebedu afe 2000 no, na mmofra nyinaa anya mfiase sukuu mu kyɛfa no ho. Mpɛn pii no, esiane sukuu no bi a enni hɔ, anaasɛ ɛho ka a awofo a wɔwɔ aman ahorow yi mu no ntumi ntua nti, wontumi mfa wɔn mma no nkɔ sukuu. Ne saa nti, United Nations Action for Youth no ka sɛ, “nkurɔfo a wonnim akenkan ne akyerɛw no bɛkɔ so adɔɔso.” Nea akenkan ne akyerɛw a wonnim nso de ba ne adwuma a wonnya nyɛ, na adwuma a wonnya nyɛ nso de asetra mu ɔhaw ahorow te sɛ, “obu a nkurɔfo nni mma wɔn ho, animtiaabu,” mmofraberem ɔdom akyɛde a ɛyɛ kwa, ne ohia buruburoo, na ɛba. Na ɛmfa ho sɛ ohia ka mmofra ne mpanyin nyinaa no, mmofra na etumi wɔn kɛse. UN nhoma koro no ara ka sɛ ɛmfa ho mmɔden a wɔbɔ nyinaa no, “aduankɔm ne aduan pa a wonnya nni da so ara ka aniberesɛm a ɛde adesamma rekɔ asiane mu a wontumi nyɛ ho hwee no ho.”

Ɛwom sɛ nhyehyɛe pa a wɔreyɛ ne nhomanimfo a wɔyɛ nsi rebɔ wɔn ho mmɔden de, nanso wontumi ntu nneɛma a ɛde ɔhaw brɛ ɔmamfo no ase. Egye pii na wɔatumi ayɛ eyi. Sɛnea nhoma Mensenrechten en de noodzaak van wereldbestuur (Hokwan a Nnipa Wɔ ne Hia a Wiase Nniso Ho Hia) ka no, sɛ wobedi wiase haw ahorow no ho dwuma a, gye sɛ ‘wonya wiase nniso bi a ebetumi ayɛ nhyehyɛe pa adi ho dwuma.’ Ɛnde na ɛnyɛ nwonwa sɛ Kristofo—mpanyin ne mmofra nyinaa—de wɔn ani ato Onyankopɔn Ahenni a ɛreba, wiase nniso a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no so. (Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10) Nokwarem no, saa nniso no bɛsakra tebea no!

[Kratafa 31 mfonini]

Nhomasua yɛ hokwan titiriw a mmofra nyinaa wɔ, na wohia

[Asɛm Fibea]

WHO photo by J. Mohr

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 31]

FAO photo/F. Mattioli

Logo: UN photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena