Wiase Nsɛm
Ayayade a Wɔyɛ Mmofra Abu So
The New York Times bɔ amanneɛ sɛ: “[U.S.] nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe wɔ mmofra a wɔrebɛn mpanyin afe so akwahosan ho no ada adi sɛ, mmarimaa a wɔkɔ ntoaso sukuu 8 biara mu nea ɛboro 1 kae sɛ wɔapoopoo wɔn anaa wɔde nna apuapua wɔn pɛn.” Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ “mmarimaa dodow a wɔpoopoo wɔn no dɔɔso sen wɔn a wɔde nna puapuaa wɔn no koraa, na apoopoo a wɔde ba wɔn so no mu abiɛsa biara mu nkyem abien fi obusuani bi hɔ, na esii wɔ fie.” Asia-Amerika mmarimaa paa na wɔde nna puapua wɔn kɛse, na emu ɔha biara mu nkyem 9 kae sɛ wɔayɛ wɔn ayayade pɛn. Wɔ mmarimaa a wofi Spain no, wɔn mu ɔha mu nkyem 7 kae sɛ wɔayɛ wɔn ayayade wɔ nna mu pɛn, Saara na abibifo ne aborɔfo mu ɔha mu nkyem 3 bɔɔ amanneɛ sɛ wɔde nna apuapua wɔn pɛn. Krataa a wogyina so bisabisa nsɛm no ankyerɛ apoopoo anaa apuapua no mu. Ɛno ara ne sɛ ebisaa wɔn a wonyaa mu kyɛfa no sɛ ebia wɔapoopoo wɔn anaa wɔde nna apuapua wɔn pɛn.
“Nana a Odi Akyiri Koraa”?
Nnansa yi ara asɔfo mpanyimfo a wofi Asia mmaa nyinaa hyiaam wɔ Vatican Kurow no mu susuw akwan a wɔbɛfa so atrɛw Katoleksom mu akɔ Asia nsase so. Ɔsɔfo a ɔfata nidi Oswald Gomis a ofi Sri Lanka ka sɛ: “Wɔ Asia aman dodow no ara mu no, Kristosom yɛ Atɔe fam som a ɛnam atubrafo nhyɛso so na ɛbae.” Sɛnea Associated Press bɔ amanneɛ no, asɛnnennen a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ne, sɛnea “wɔbɛda Yesu adi wɔ kasa a Asiafo bɛte ase mu.” “Asɔfo mpanyin no susuw ɔkwan a wɔbɛfa so asesa Roma asɔre no mu ama ɛne ɛhɔ amammerɛ ne kasa ahyia na wɔasesa amammerɛ ne kasa no nso ama ɛne asɔre no ahyia ho.” Nhwɛso biako a wɔde mae ne nananom som. Nea ɛbɛyɛ na wɔasɔ wɔn a wodi tete amammerɛ yi akyi ani no, Ɔsɔfo a ɔfata nidi John Tong Hon a ofi Hong Kong de nyansahyɛ mae sɛ Katolekfo nna adwene a ɛfa “Kristofo” nyame ho no adi nkakrankakra sɛ ɔne “nana a odi akyiri koraa.”
Robɔt a Ɔyɛ Oprehyɛn
France atesɛm krataa Le Figaro bɔ amanneɛ sɛ nnuruyɛfo baanu a wɔyɛ oprehyɛn wɔ Paris ayaresabea bi atumi de robɔt a kɔmputa na edi ho dwuma ayɛ koma mu oprehyɛn a edi kan koraa. Oprehyɛn asia na wɔyɛe, a nea ɛma mogya bɔ ntini no bi tra nso ka ho. Ɔkwan a wɔfa so yɛ oprehyɛn no hwehwɛ sɛ wotwa honam no ma no kɔ mu nsateakwaa biako ne fã na wɔyɛ oprehyɛn no fa mu. Bere a nnuruyɛfo no te afiri a wɔahyehyɛ a wɔde reyɛ oprehyɛn no anim a mita dodow bi da ɛne ɔyarefo no ntam no, wɔde mfoninitwa afiri bi hwɛ ɔyarefo no nipadua mu na wɔde nnade abien a wɔde kyerɛkyerɛ kɔmputa no kwan kyerɛ robɔt no nsa kwan. Esiane sɛ kɔmputa no tew wɔn a wɔreyɛ oprehyɛn no ahokeka so bɛyɛ mpɛn abiɛsa kosi anum nti, ɛma oprehyɛn no yɛ di mu na ɛmma wɔmfa nneɛma nwurawura nipa no mu pii. Mfaso foforo nso ne sɛ ɛmma ɔyarefo no nte yaw kɛse bere a ne ho retɔ no no.
Kar Akwanhyia a Ɛredi Awu Rekɔ Soro
Amanneɛbɔ a efi Fleet Maintenance & Safety Report hɔ kyerɛ sɛ afe biara, nnipa bɛboro 500,000 na wowuwu wɔ wiase no akwantempɔn so, na wɔ wiase nyinaa no, kar akwanhyia a ɛredi awu no kɔ ara na ɛrekɔ soro. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wubetumi ahyia kar akwanhyia a ɛyɛ hu? Sɛnea amanneɛbɔ no kyerɛ no, “wɔ aman a ‘kar pii wom’ so no, anyɛ yiye koraa no, nnipa 20 mu 1 biara wu wɔ kar akwanhyiam anaa opira wɔ akwantempɔn so akwanhyia mu afe biara, na anyɛ yiye koraa no wɔde nnipa 2 mu 1 ato ayaresabea pɛnkoro wɔ n’asetra mu esiane kar akwanhyia nti.”
Nneɛma a Ɛho Ntew
Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa, nanso ade a wotra so gya w’anan wɔ wo fie no betumi ayɛ nea ɛho tew mpo sen ade a wutwitwa so ade wɔ wo gyaade. Saa na nhwehwɛmufo a wofi Arizona Sukuupɔn mu kae bere a wɔde adapɛn 30 yɛɛ mmoawa a wohuu wɔn wɔ afie 15 mu mu nhwehwɛmu akyi no. Nhwehwɛmu kuw no faa mmoawa fii mmeae ahorow 14 wɔ fie biara mu, a adorobɛn a wobu nsu fa mu nsa, ade a wɔhohoro nneɛma ho wɔ mu so, nea wotwitwa so ade wɔ gyaade so, ntama a wɔde popa nkyɛnse mu, ne nea wɔtra so gya anan so ka ho. Dɛn na wohui? New Scientist nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Mmoawa dodow a nhwehwɛmufo no nyae wɔ ntama a wɔde popa nkyɛnse mu nsu mu no boro nea wonyae wɔ nea wɔtra so gya anan so no so mmɔho ɔpepem biako. Ná nea wotwitwa so ade no so mmoawa mpo yɛ mmɔho abiɛsa.” Nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ nhwehwɛmufo no kasamafo, Pat Rusin, kyerɛe sɛ “nea wɔtra so gya anan no so yɛ wosee dodo ma mmoawa sɛ wɔbɛyɛ bebree wɔ so, baabi a ɛhɔ afɔw mmom na eye ma wɔn”. Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ yɛn anim wɔ ahotew mu no, Rusin hyɛ nyansa sɛ yɛnhoro yɛn ntama a yɛde popa nkyɛnse ho no dapɛn biara. Ɔka sɛ: “Fa aduru a wɔde yi fĩ kuruwa biako gu ade a yɛhohoro nneɛma wom a nsu wɔ mu ma mu, fa ntama a wode popa nkyɛnse ho no hyɛ mu simma 10 ansa na woama nsu no afi ho.”
Dwensɔyare Ho Asiane a Yɛbɛma Abrɛ Ase
Science News bɔ amanneɛ sɛ, nhwehwɛmufo a wɔyɛɛ ayarehwɛfo 80,000 ne akyiri a wɔwɔ United States aduan mu nhwehwɛmu wɔ 1986 ne 1994 ntam no behui sɛ anonne binom betumi aboa obi ma wakwati dwensɔyare asen afoforo. Wɔ anonne 17 a wɔyɛɛ mu nhwehwɛmu mu no, tii tew dwensɔyare ho asiane so ɔha mu nkyekyem 8, bere a kafe a wɔayi kafeen afi mu no nso tew asiane no so ɔha mu nkyekyem 9. Bobesa kakraa a obi bɛnom no nso boa tew obi dwensɔyare ho asiane so ɔha mu nkyekyem 20 anaa nea ɛboro saa. Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ: “Nea ɛyɛ nwonwa no, sɛ obi nom akutu mu nsu kuruwa biako da biara a, ɛma dwensɔyare ho asiane no kɔ soro ɔha mu nkyekyem 44. Anonne biara nni hɔ a ɛwɔ nkɛntɛnso bɔne saa.” Wɔfaa Oduruyɛfo Gary Curhan, a ɔyɛ asaabo ne nsanyare ho ɔbenfo a ɔwɔ Boston asɛm kae sɛ: “Nsakrae a yɛbɛyɛ wɔ anonne a yɛnom mu no betumi aka dwensɔyare ho asiane no,” nanso ɛno yɛ ano aduru a ɛkɔ akyiri no fã ketewaa bi.
Easter Asekyerɛ Wɔ Australia
Australia atesɛm krataa Sun-Herald akyerɛwfo bisabisaa obiara a wobenya wɔn sɛ dɛn na Easter kyerɛ ma wɔn. Sei na na wɔahyehyɛ nea nkurɔfo kae a wotintimii no: Easter nkesua a ɛho adodow a wobenya (ɔha mu nkyem 54), dapɛn awiei a wonya mu bere pii de home (ɔha mu nkyem 39), Easter Ɔyɛkyerɛ Kɛse a wɔbɛkɔ ase (ɔha mu nkyem 21), ɔsom afahyɛ a wɔbɛkɔ (ɔha mu nkyem 20). David Milikan a ɔyɛ Nkabom Som asɔre sɔfo no kae sɛ, anyɛ no nwonwa sɛ nnipa a wɔwɔ Sydney no kakraa bi na wɔde Easter bataa ɔsom ho. Ɔde kaa ho sɛ: “Asɔre horow no regu . . . Ɔsom atitiriw no mu nnipa fã kɛse no ara refi mu.” Roman Katolek ɔsɔfopɔn a ɔwɔ Sydney no bɔɔ abubuw sɛ: “Nnipa pii fam no, Easter ne ɔsom nni hwee yɛ; ɛyɛ wiase afahyɛ foforo kɛkɛ.”
Nna Ho Mfonini Ma Mmea
The New York Times bɔ amanneɛ sɛ: “Mmea de nkakrankakra rebɛn mmarima wɔ nna ho mfonini a woyi kyerɛ ho anigye a wɔkyerɛ ho.” Mmeae a agye din a ɛka nna ho asɛm, a wɔayɛ ama mmea no de “nna ho mfonini horow a ɛnkanyan akɔnnɔ pii . . . ne adetɔ di afra.” Bere a wofii ɔfã bi a wɔhyɛɛ da yɛ maa mmea a wɔn ani gye ɔbarima ne ɔbea nna ho ase foforo no, Times nsɛmma nhoma no kae sɛ “saa ɔfã no yɛ nna mu adapade ho nsɛm a sɛe ara na ɛresɛe no fã foforo a ɛrekɔ so wɔ wiase kɔmputa nkitahodi mu ara kwa.”
Nneɛma Totɔ Aka Wɔn Hɔ
Atesɛm krataa Grafschafter Nachrichten bɔ amanneɛ sɛ: “Germanfo pii yare atotɔatotɔ.” Sɛnea aguadi ho nimdefo Alfred Gebert kyerɛ no, wɔn a wɔyare atotɔatotɔ no nya nneɛma a wɔretɔ no ho anigye soronko bi a sɛ wotua nneɛma no ho ka wie ara pɛ a na atu ayera. Gebert ka sɛ nu a wonu wɔn ho no taa da adi wɔ wɔn nipaduam mpo. Ɛyɛ a “wɔn ho popo, wɔte mfifiri, na wɔn yafunu yɛ wɔn yaw nso.” Ne saa nti, saa atotɔatotɔ yare yi betumi ayɛ nnipa a wɔn akatua sõ ne wɔn a wodi yiye no ntɛm asen ahiafo. Nea ɛde nneɛma atotɔatotɔ a ɛka wɔn hɔ yi ba no bi ne ‘te a obi bɛte nka sɛ wayɛ ankonam, obu a obi nni mma ne ho, adwennwen, ne adwuma mu haw ahorow.’ Nea ɛbɛboa ma yɛatumi adi nhyɛso yi so no, Gebert hyɛ nyansa sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ nneɛma a yebetumi de agyigye yɛn ani mu. Gebert ka sɛ, nea ɛho hia titiriw ne nkitaho a yɛne afoforo bedi. Ɔka sɛ: “Sɛ yɛannya mmoa amfi afoforo hɔ a, yɛrenhu da sɛ yɛyare atotɔatotɔ gye bere a yɛabɛde ka na yɛn sika nyinaa asa no.”
Mmofra a Wɔwɛn Wɔn
Awofo binom a wɔwɔ Japan afi ase rebɔ ankorankoro atɛwfo bi paa ma wɔahwɛ wɔn mma so sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo nsisi wɔn wɔ sukuu mu. Sɛnea The Daily Yomiuri kyerɛ no, ɔbenfo bi a ɔwɔ Osaka Kurow Sukuupɔn mu a wayɛ adesuafo bɛboro 6,000 mu nhwehwɛmu kae sɛ: “Mmofra a wosisi wɔn no taa pɛ sɛ wɔbɛkata asɛm no so a wɔnka nkyerɛ wɔn abusuafo, nea nti a wɔyɛ saa ne sɛ, ɛyɛ a wosuro sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔn ho awu sɛ wɔantumi anko antia anaa wɔansiw asisi no ano.” Awofo bi a wosusuw sɛ nkurɔfo poopoo wɔn mma no de mfiri a ɛma obi te nkɔmmɔ a afoforo di hyehyɛ wɔn mma ho sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi ate nkɔmmɔ a wɔn mma ne afoforo bɔ. Ebinom nso abɔ wɔn ankasa atɛwfo paa ma wodi “abofra no akyi a wɔmmɛn no pii bere a abofra no nkutoo nam no, dwuma a atɛwfo yi di ne sɛ wɔyɛ adanse a ɛfa ahunahunafo a wopoopoo mmofra ho kyerɛwtohɔ, na wɔyɛ ntɛm te sɛ abɔfo a wɔbɔ nnipa ho ban gye abofra a ne nkwa da asiane mu no.” Nanso atesɛm krataa no ka sɛ wɔn a wɔhwɛ ka mmofra nsɛm ma wɔn no “kasa tia tetɛw a awofo bɛtetɛw wɔn mma no sɛ ɛnyɛ kwampa a ɛsɛ sɛ awofo fa so koraa ne no, na ebetumi ama mmofra a ehia sɛ wonya mpanyimfo mu ahotoso na wɔka wɔn ahiasɛm kyerɛ wɔn no atew wɔn ho afi mpanyimfo ho mmom.” Nanso, awofo kyerɛ sɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔnam so boa wɔn mma a wɔahaw bere a mmofra no nkutoo nam na wɔne wɔn ntam nkitahodi nkɔ so no.