Nkoasom mu Nneyɛe Bɔne a Wɔkɔhwɛ
ÎLE de Gorée da Afrika man Senegal mpoano a ɛbɛn kuropɔn Dakar no pɛɛ. Na Supɔw yi so yɛ beae a nkoatɔn kɔɔ so yiye wɔ hɔ wɔ mfe 312 kɔpem 1848 mu. Tete nneɛma a ɛwɔ Franse ahyɛn gyinabea Nantes no, da no adi sɛ efi 1763 kosi 1775 nkutoo mu no, wɔtɔnee nkoa bɛboro 103,000 fii Gorée faa Nantes ahyɛn gyinabea hɔ.
Ɛnnɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa bɛyɛ sɛ 200 na da biara wɔkɔhwehwɛ Maison des Esclaves tete nneɛma akorae a wɔfrɛ hɔ Slave House no. Joseph Ndiaye, a ɔde ahɔho kyinkyin hɔ no kaa nkoa a na wonni aboafo no amanehunu no ho asɛm sɛ: “Wɔfaa yɛn nananom kɔe, wɔpaapae wɔn mmusua mu, hyehyɛɛ wɔn honam nsow te sɛ anantwi.” Mmusua mũ bedu a, na wogu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Nea ɔde ahɔho kyinkyin hɔ no kae sɛ: “Na ebetumi aba sɛ wɔde maame no bɛkɔ Amerika, papa no bɛkɔ Brazil, na wɔde mmofra no akɔ Antilles.”
Ndiaye kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “na wɔde wɔn mfe ne beae a wofi na edi wɔn ano, na na wogyina mmusua bi ahoɔden ne wɔn a wobu wɔn sɛ wobetumi awo pii so na ɛtɔ wɔn. Sɛ nhwɛso no, na wobu Yorubafo sɛ ‘apɔnkɔnini.’”
Na wɔma nkoa a wɔn mu atu no aduan di ma wɔyeyɛ akɛse te sɛ nsu so dabodabo ansa na wɔatɔn wɔn. Na nkoatɔfo no fa mmabaa no ne wɔn da anadwo biara. Nea ɛbɛyɛ na nkoa a wɔtew atua no ahu amane pii no, na wɔmfa hama nsɔ wɔn kɔn nhyɛ wɔn akɔmfo, na mmom na wɔde kyekyere wɔn bo.
Pope John Paul II kɔɔ Gorée wɔ 1992 mu. The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ “ɔpaa nkoatɔ no ho kyɛw, na ɔsrɛɛ bɔne fafiri maa wɔn a wonyaa mu kyɛfa no nyinaa a na Katolek asɛmpatrɛwfo a wɔpenee so sɛ ɛfata sɛ wɔde Afrikafo yɛ nkoa no ka ho.”
Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔpɛ sɛ ogye nea esii no tom. Wɔ mfe abien a atwam ni a wohuu kyerɛwtohɔ a ɛfa Nantes ho no, Franse Jesuitni bi kae sɛ nkoa 200 kosi 500 pɛ na na wɔtɔn wɔn afe biara wɔ Gorée. Owura Ndiaye kae sɛ, “ɛde besi nnɛ no, wiase no nnyee aniberesɛm kɛse a bɔneyɛ yi yɛ no ntoom.”
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 30]
Gianni Dagli Orti/Corbis
Yann Arthus-Bertrand/Corbis
Reproduced from DESPOTISM—A Pictorial History of Tyranny