Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 9/1 kr. 8
  • Kristoman Ne Nkoatɔn No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristoman Ne Nkoatɔn No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aba A Kristoman Retwa Wɔ Afrika
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ɔpepem Pii Dan Nkoa
    Nyan!—1995
  • Ako A Wofi Bere Tenten Adi Atia Nkoasom
    Nyan!—2002
  • Honhom mu Hann ma “Esum Asasepɔn” No?
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 9/1 kr. 8

Kristoman Ne Nkoatɔn No

WƆ AFEHA a ɛto so 19 no mu no, Katolek ne Protestant asɛmpatrɛwfo yɛɛ biako wɔ nkoatɔn a wɔkasa tiae no mu. Nanso, na ɛnyɛ saa na anka wɔn gyinabea te bere nyinaa. Wɔ mfeha a na atwam no mu no, wɔpenee nkoatɔn no so na wɔde wɔn ho hyɛɛ mu, wɔ amanehunu kɛse a ɛde bae nyinaa akyi.

Asɛmpatrɛwfo fii ase baa Afrika apuei ne atɔe fam mpoano bere a wohuu po so aguadi kwan a ɛnam Cape of Good Hope nkyɛn wɔ afeha a ɛto so 15 no mu no. Nanso, wɔ mfeha abiɛsa akyi no, na ɛkame ayɛ sɛ asɛmpatrɛwfo dwumadi wɔ Afrika no aba awiei. Na Afrikafo a wɔasakra wɔn no yɛ kakraa bi. Nea ɛde huammɔdi yi bae no mu biako ne Kristoman ho a ɛde hyɛɛ nkoatɔn no mu no. C. P. Groves kyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma The Planting of Christianity in Africa mu sɛ:

“Kristofo nsɔre no de wɔn ho hyɛɛ nkoatɔn adwuma no mu denneennen na wɔammu no sɛ ɛyɛ mfomso. Nokwarem no, na asɔre no wɔ n’ankasa nkoa; na Jesuitfo nkokorafi bi a ɛwɔ Loanda [mprempren ɛyɛ Luanda, Angola ahenkurow] wɔ nkoa 12,000. Bere a wɔhyehyɛɛ Angola ne Brazil ntam nkoatɔn no, Loanda sɔfo panyin a na ɔte ɔbo agua bi a ɛwɔ hyɛn gyinabea hɔ so hyiraa nkoa a wɔde wɔn rebefi hɔ akɔ no so, hyɛɛ wɔn bɔ sɛ wobenya nhyira daakye bere a wɔn asetra mu ɔhaw ahorow aba awiei no.”

C. R. Boxer gye tom sɛnea wɔafa n’asɛm aka wɔ nhoma Africa From Early Times to 1800 mu no sɛ Jesuit asɛmpatrɛwfo “ankasa antia Abibifo a wɔde wɔn yɛ nkoa no.” Boxer de ka ho sɛ, wɔ Luanda no, ansa na nkoa bɛforo hyɛn a ɛde wɔn bɛkɔ Spainiafo ne Portugalfo atubrafo aman mu no, “wɔde wɔn kɔ asɔre bi a ɛbɛn mu . . . no ɛhɔ sɔfo bi bɔ wɔn asu sɛ akuw a ebiara mufo dodow bɛyɛ ɔha bere koro mu.” Afei bere a wɔde “nsu kronkron” apete nkoa no so awie no, wɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ, moanya ayɛ Onyankopɔn mma dedaw; morekɔ Spaniafo asase so, faako a mubesua Gyidi no ho nneɛma. Ɛnsɛ sɛ mususuw faako a mufi bae no ho bio . . . Momfa anigye mfi mo pɛ mu nkɔ.”

Nokwarem no, ɛnyɛ Kristoman asɛmpatrɛwfo nkutoo na wɔpenee nkoatɔn no so. Geoffrey Moorhouse kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma The Missionaries mu sɛ: “Ɛde besi afeha a ɛto so dunwɔtwe no fã a etwa to no mu no, na adan ade a wiase no mufo pii de wɔn ho hyem.” Moorhouse ka afeha a ɛto so 18 mu Protestant ɔsɛmpatrɛwfo Thomas Thompson a ɔkyerɛw kratawa bi a wɔato din The African Trade for Negro Slaves Shown to Be Consistent With the Principles of Humanity and With the Laws of Revealed Religion no ho asɛm sɛ nhwɛso.

Nanso, Kristoman nam ne ho a ɛde hyɛɛ mu no so adi amanehunu kɛse a wɔde baa Afrikafo nkoa ɔpepem pii so no ho sõ bi. The Encyclopædia Britannica no se: “Sɛ woyi nkoa a wowuwui ansa na wɔrefi Afrika no fi mu a, ɔha biara mu nkyem 12 ne fã wuwui bere a wɔnam po so rekɔ West Indies no; wɔ Jamaica no, ɔha biara mu nkyem 4 ne fã wuwui bere a wɔwɔ hyɛn gyinabea hɔ anaasɛ ansa na wɔbɛtɔn wɔn no na wɔn nyinaa nkyem abiɛsa mu biako nso wui bere a ‘wɔresiesie wɔn ama wɔayɛ nkoa a wɔfata no mu.’”

Ɛrenkyɛ Yehowa Nyankopɔn bɛma Kristoman ne atoro som afoforo nyinaa abu mogya ho sõ bɔne a wɔapene so anaa wɔahyira so mpo no nyinaa ho akontaa.​—Adiyisɛm 18:8, 24.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 8]

(For fully formatted text, see publication.)

Sɛnea na wɔhyehyɛ nkoa wɔ nkoatɔn hyɛn mu no ho mfonini

[Mfonini Fibea]

Schomburg Center for Research in Black Culture / The New York Public Library / Astor, Lenox and Tilden Foundations

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena