Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 6/8 kr. 4-9
  • Mmofra Anim Fifiri Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra Anim Fifiri Mu
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Asɛm no Kɛse Te
  • Nea Ɛma Wɔde Mmofra Di Paa
  • Nnwuma a Mmofra Apaafo Yɛ
  • Mmofrabere a Ɛsɛe
  • Hena na Ɔbɛbɔ Yɛn Mma Ho Ban?
    Nyan!—1999
  • Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ?
    Nyan!—1984
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Ɔhaw no Wɔ Baabiara
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 6/8 kr. 4-9

Mmofra Anim Fifiri Mu

“Ɛnnɛ, wommu mmofra, a wɔde wɔn aka adwumayɛfo ho no sɛ nnipa a daakye wobebu man, na mmom wobu wɔn sɛ aguade.”—Chira Hongladarom, Thailand Adwumayɛfo Adesuabea kwankyerɛfo panyin.

BERE foforo a wobɛtɔ abaduaba ama wo babea no, hu sɛ ebetumi aba sɛ mmofra nkumaa a wɔwɔ Asia Anafo fam Atɔe na wɔyɛe. Da foforo a wo babarima benya bɔɔl abɔ no, susuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ebia abeawa a wadi mfe abiɛsa ne ne maame ne ne nuabeanom baanan a wotua wɔn ka sɛnt 75 da biara na wɔpamee. Bere foforo a wobɛtɔ kapɛt no, hwɛ hu sɛ ɛbɛyɛ sɛ mmarimaa a wɔadi mfe asia a wɔde nnɔnhwerew pii yɛ adwuma wɔ ɔhyɛ ase no nsa a ɛyɛ hare no na ɛnwenee.

Mmofra a wɔde wɔn di paa abu so dɛn? Nkɛntɛnso bɛn na ɛrenya wɔ mmofra so? Dɛn na wɔbetumi ayɛ de asiesie tebea no?

Sɛnea Asɛm no Kɛse Te

Sɛnea Amanaman Ntam Adwumayɛfo Ahyehyɛde (ILO) kyerɛ no, akontaabu kyerɛ sɛ mmofra adwumayɛfo a wɔadi fi mfe 5 kosi 14 a wɔwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔanim mu no yɛ ɔpepem 250.a Wogye di sɛ wɔn mu ɔha mu nkyem 61 wɔ Asia, nkyem 32 wɔ Afrika, na nkyem 7 wɔ Latin Amerika. Wɔde mmofra di paa wɔ aman a wɔanya nkɔanim mu nso.

Wɔ Europa anafo fam no, mmofra pii yɛ adwuma gye akatua, titiriw wɔ nnwuma a wɔnyɛ no afe mũ nyinaa, te sɛ afumdwuma ne nnwuma nketenkete mu. Nnansa yi, esiane Komunism a wɔsakra baa nniso a ɛma ankorankoro buebue wɔn nnwuma no nti, mmofra a wɔde wɔn di paa adɔɔso wɔ Europa Mfinimfini fam ne Atɔe fam. Wɔ United States no, mmofra a wɔde wɔn di paa a wɔn din wɔ aban nhoma mu yɛ ɔpepem 5.5, nanso mmofra a wonnya nnii mfe 12 a mmara mma ho kwan nanso wɔfa wɔn adwuma sisi wɔn ne wɔn a wɔma wɔyɛ adwuma wɔ bere ne bere mu anaa wotu kɔyɛ adwuma wɔ mfuw akɛse mu no nka ho. Ɛyɛ dɛn na mmofra ɔpepem pii bɛka adwumayɛfo ho?

Nea Ɛma Wɔde Mmofra Di Paa

Nsisi a ɛnam ohia so. The State of the World’s Children 1997 ka sɛ: “Ade titiriw a epia mmofra ma wɔde wɔn ho hyɛ nnwuma a ɛyɛ den na ɛyɛ hu mu ne ohia. Wɔ mmusua a wodi hia fam no, ɛsɛ sɛ abofra pɛ sika kakra ba fie, anaa ɔboa wɔ fie na ama awofo no atumi ayɛ adwuma ansa na wɔn nsa atumi akɔ wɔn ano kɛkɛ, anyɛ saa a, wobedi kɔm.” Mpɛn pii no, mmofra a wɔde wɔn di paa no awofo nni adwuma a wɔyɛ anaasɛ wonni adwuma papa biara. Wɔde ahometew hwehwɛ sɛ wobenya adwuma pa ayɛ. Nanso dɛn nti na wɔde nnwuma no ma wɔn mma mmom? Efisɛ mmofra na wobetumi asisi wɔn. Mmofra tumi pene biribiara so na wɔn asɛm nyɛ den—wɔn mu pii nsa adwuma mu, na wɔntaa ne mpanyimfo nyiyi nsɛm ano. Ɛyɛ den sɛ mmofra bɛka wɔn ti apam ho asɔre atia wɔn a wɔhyɛ wɔn so no. Afei nso sɛ wɔhwe wɔn a, wɔntew atua.

Kɔ a wɔnkɔ sukuu. Mmofra ɔpepem pii a wɔagyae sukuu afi ase reyɛ adwuma no mu biako ne Sudhir, abarimaa a wadi mfe 11 a ofi India. Adɛn? Obua sɛ: “Akyerɛkyerɛfo nkyerɛ ade yiye wɔ sukuu. Sɛ yɛka sɛ wɔnkyerɛ yɛn kasa nkyerɛwde a na wɔreboro yɛn. Ɛyɛ a wɔda wɔ sukuu dan mu. . . . Sɛ yɛnte biribi ase a, wɔnkyerɛ yɛn ase.” Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛnea Sudhir ka sukuu ho asɛm no yɛ nokware. Sika a anka aban de boa ɔmanfo yiyedi a wɔatew so no aka nhomasua titiriw. Nhwehwɛmu bi a UN yɛe wɔ 1994 mu wɔ wiase no mu aman a wonnyaa nkɔanim koraa no mu 14 mu no ma yehu nokwasɛm ahorow bi a ɛyɛ nwonwa. Sɛ nhwɛso no, wɔ aman yi fã mu no, sukuu mmofra 10 biara mu 4 pɛ na wonya akongua tra so wɔ sukuu afe a edi kan mu. Sukuu mmofra no mu fã nni adesua nhoma, na kyerɛwpon nni sukuu dan no mu fã mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ mmofra a wɔkɔ sukuu a ɛtete sɛɛ no mu pii gyae kɔyɛ adwuma.

Mmusua ho adwene. Sɛ adwuma bi yɛ hu na ɛyɛ den a, akyinnye biara nni ho sɛ wobegyaw ama mmusua a wɔnnɔɔso, mpapahwekwaa, mmɔborɔwafo ne ahiafo. Amanaman Nkabom Mmofra Foto no ka Asia man bi ho asɛm sɛ “adwene a wokura ne sɛ wɔwoo nkurɔfo bi sɛ wommedi tumi na wɔmfa wɔn adwene nyɛ adwuma, bere a wɔ afoforo a wɔdɔɔso no fam no, wɔwoo wɔn sɛ wɔmfa wɔn ahoɔden na ɛnyɛ adwuma.” Wɔ Atɔe fam no, wonkura adwempa. Ebia wɔn a wɔwɔ dibea no rempɛ sɛ wɔn ankasa mma bɛyɛ adwuma a ɛyɛ hu, nanso sɛ mmofra a wofi mmusua anaa ɔmanfo a wonni yiye mu yɛ adwuma a ɛte saa a, ɛmfa wɔn ho. Wɔ Europa atifi fam sɛ nhwɛso no, mmofra a wɔtaa yɛ wɔn apaafo ne Turkeyfo anaa Afrikafo; wɔ United States no, wobetumi ayɛ Asiafo anaa Latin-Amerikafo. Ɛnnɛyi nnipa a ade a wɔtɔ di agye wɔn adwene no na wɔama mmofra a wɔde wɔn di paa no anya nkɔanim. Nneɛma a ne bo nyɛ den na wɔtɔ kɛse. Nnipa kakraa bi na ɛhaw wɔn sɛ wobehu sɛ ebia wɔde mmofra ɔpepem pii a wonnim wɔn na wosisi wɔn na ɛyɛe.

Nnwuma a Mmofra Apaafo Yɛ

Nnwuma bɛn na mmofra apaafo yɛ? Mmofra a wɔyɛ adwuma no mu dodow no ara yɛ adwuma wɔ fie. Edin a wɔde ato apaafo yi ne “mmofra a wɔato wɔn asaworam koraa wɔ wiase.” Enhia sɛ ofie nnwuma yɛ hu, nanso mpɛn pii no, saa na ɛte. Wɔntaa mma mmofra a wɔsom wɔ fie no akatua pa biara—anaasɛ wontua wɔn ka koraa. Wɔn wuranom nkutoo na wosi akatua a wobegye ne adwuma ko a wɔbɛyɛ ho gyinae. Wɔtan wɔn ani, wɔmma wɔnkɔ sukuu, wonni agoru, na wonnya anigyede mu kyɛfa. Afei nso, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛhwe wɔn anaasɛ wɔne wɔn bɛda.

Wɔahyɛ mmofra afoforo de wɔn ahyɛ nnwuma mu a wontumi ntetew wɔn ho. Wɔ Asia Anafo fam ne mmeae afoforo no, mpɛn pii no, awofo de mmofra a wɔadi mfe awotwe anaa akron ma adwinnan wuranom anaa wɔn ananmusifo de wɔn si awowa gye bosea ketewa bi. Som a mmofra no de wɔn nkwa nna nyinaa bɛsom no mpo ntumi ntew wɔn ka no so.

Na mmofra a wɔtɔn wɔn ma nna mu basabasayɛ no nso ɛ? Wobu akontaa sɛ, anyɛ yiye koraa no, afe biara wɔde mmabaa ɔpepem biako na ɛhyɛ nna ho aguadi no mu. Wɔtaa yɛ mmarimaa nso basabasa wɔ nna fam. Sɛnea epira wɔn honam fam ne nkate fam no—sɛ HIV nsanyare no da nkyɛn a—ma ɛyɛ adwuma a wɔde mmofra yɛ no mu biako a ɛyɛ hu paa. Tuutuuni bi a wadi mfe 15 a ofi Senegal ka sɛ: “Yɛne akobɔfo nyinaa yɛ pɛ. Obiara mpɛ sɛ ɔne yɛn bɔ anaasɛ wobehu sɛ ɔne yɛn gyina baabi.”b

Wosisi mmofra dodow no ara wɔ mfiridwuma ne afumdwuma mu. Mmofra a wɔtete saa no yɛ adwuma brɛ wɔ nkorontubea a ɛyɛ hu sɛ mpanyimfo mpo bɛyɛ mu adwuma mu. Wɔn mu pii bɔ nsamanwaw, nya ahurututu mu yare, na ntehyewa yɛ wɔn. Nnuru a wɔde kunkum mmoawammoawa tumi pira mmofra a wɔde wɔn di paa no, na awɔ ne nkoekoemmoa tumi ka wɔn. Sekan ama ebinom adi dɛm bere a wɔretwa ahwerew no. Mmofra afoforo ɔpepem pii yɛ adwuma wɔ mmɔnten so. Sɛ nhwɛso no, susuw Shireen a wadi mfe du a ɔsesa nneɛma wɔ sumina so tɔn no ho hwɛ. Ɔnkɔɔ sukuu da, nanso onim sɛnea wɔhwɛ sika so yiye. Sɛ ɔtɔn nkrataa ne rɔba dedaw sɛnt 30 kosi 50 a, otumi nya nea ɔde bedidi awia. Sɛ wannya nea edu saa a, onnidi. Mmofra a mpɛn pii no wɔyɛ wɔn basabasa anaa wɔnhwɛ wɔn yiye a woguan fi fie no taa hyia nsisi ne basabasayɛ a ɛsen saa wɔ mmɔnten so. Josie a wadi mfe du a ɔtɔn tɔfe wɔ Asia kuropɔn bi abɔnten so no ka sɛ: “Daa mebɔ mpae sɛ nnipa bɔnefo nsa nka me.”

Mmofrabere a Ɛsɛe

Esiane akwan a wɔfa so de mmofra yɛ adwuma yi nti, mmofra ɔpepem pii da asiane kɛse mu. Ebetumi afi sɛnea adwuma bi te anaa tebea bɔne a wɔyɛ adwuma wom no. Mmofra ne adwumayɛfo foforo a wonnyinyinii taa hyia adwuma mu asiane sen mpanyimfo. Eyi te saa efisɛ ɛsono abofra yɛbea na ɛsono ɔpanyin de. Adwumaden betumi ama n’akyi anaa ne sisi mu dompe akyea. Afei nso sɛ nnuru anaa akanea a wɔde yɛ adwuma fa mmofra so a, epira wɔn kɛse sen mpanyimfo. Bio nso, mmofra ahoɔden ntumi adwuma biako a ne yɛ yɛ den a wɔyɛ no nnɔnhwerew pii sɛnea wɔtaa de wɔn yɛ no. Mpɛn pii no, wontumi nhu asiane a ɛwɔ adwuma bi mu, na saa ara nso na wonni sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho ban ho nimdeɛ pii.

Sɛnea adwuma a wɔde mmofra yɛ no ka wɔn adwene, nkate, ne wɔn adenim no nso yɛ hu. Mmofra a wɔtete saa no nnya obi a ɔpɛ wɔn asɛm. Wɔtaa hwe wɔn, yeyaw wɔn, de aduan kame wɔn de twe wɔn aso, na wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna mu. Sɛnea nhwehwɛmu bi kyerɛ no, mmofra a wɔde wɔn di paa bɛyɛ ɔpepem 250 no mu fã agyae sukuu. Bio nso, wɔahu sɛ ebetumi ayɛ den ama mmofra a wɔde wɔn di paa nnɔnhwerew pii no sɛ wobehu ade.

Dɛn na eyinom nyinaa kyerɛ? Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, mmofra a wɔde wɔn di paa no mu pii bedi hia, wɔn ho bɛkyere wɔn, wɔbɛyare, wɔrenhu akenkan ne akyerɛw, na wɔbɛbɔ asesa wɔn asetra mu wɔn nkwa nna nyinaa. Anaa sɛnea sɛnkyerɛwfo Robin Wright kyerɛ no, “nkɔanim a wiase no anya wɔ nyansahu ne mfiridwuma mu nyinaa akyi no, wɔde mmofra a wonni asetra pa ho anidaso biara na kampɛsɛ wɔadi wiase no anim akɔ Afeha a ɛto so 21 mu no na ɛrewie afeha a ɛto so 20 yi.” Nsɛm a ehia sɛ wosusuw ho anibere so yi ma nsɛmmisa yi sɔre: Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne mmofra di? So mmofra a wɔde wɔn di paa sisi wɔn no ano aduru bɛba da bi?

[Ase hɔ nsɛm]

a Mfe a ILO de asi hɔ sɛ anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ abofra di ansa na wɔama no adi paa ne mfe 15—nea ehia ara ne sɛ ebedu mfe 15 no na wawie sukuu. Wɔ mmeae pii no, sɛ wɔrehwɛ mmofra dodow a wodi paa wɔ wiase nyinaa mprempren a, eyi na wɔtaa gyina so hwɛ.

b Sɛ wopɛ mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa ho nsɛm pii a, hwɛ Nyan! a ɛbaa April 8, 1997 no, nkratafa 11-15.

[Kratafa 5 adaka]

Dɛn Ne Mmofra a Wɔde Wɔn Di Paa?

ƆKWAN bi so no, mmofra a wɔwɔ mmaa nyinaa mu dodow no ara yɛ adwuma. Bere a wɔde yɛ adwuma ne adwuma ko a wɔyɛ no gu ahorow. Adwumayɛ betumi ayɛ ntetee a wɔde ma mmofra no fã, na ayɛ ɔkwan titiriw a awofo nam so ma wɔn mma sua wɔn nnwuma. Wɔ aman bi so no, wɔtaa de mmofra yɛ adwuma wɔ adwinnan nketewa ne nnwuma nketenkete mu na akyiri yi, wɔayɛ wɔn nkakrankakra afa wɔn sɛ adwumayɛfo ankasa. Wɔ aman afoforo mu no, mmofra a wonnya nnii mfe aduonu no de nnɔnhwerew kakraa bi yɛ adwuma dapɛn biara de pɛ sika a wɔde bɛto wɔn ho. Amanaman Nkabom Mmofra Foto no kyerɛ sɛ adwuma a ɛte saa no “ho hia na asiesie abofra no ama wanya nkɔso wɔ nipadua, adwene, honhom fam, abrabɔ fam anaa ɔne afoforo nsɛnnii mu, bere a ɛnsɛe sukuukɔ, agodie ne ahomegye.”

Nanso mmofra a wɔyɛ wɔn apaafo no yɛ mmofra a wɔde wɔn yɛ adwuma nnɔnhwerew pii ma wɔn akatua ketewaa bi, na mpɛn pii no ɛde wɔn akwahosan to asiane mu. The State of the World’s Children 1997 ka adwuma a ɛte saa ho asɛm sɛ “ɛda adi pefee sɛ edi awu, na nsisi wom. Obiara ntumi nnyina baguam nka sɛ mmofra a wɔhyɛ wɔn de wɔn si tuutuu no yɛ papa wɔ ɔkwan biara so. Saa ara nso na yebetumi aka afa ‘mmofra a wɔde wɔn si awowa ma wɔyɛ adwuma’—edin a wɔtaa de frɛ mmofra a wɔfa wɔn nnommum korakora de tete ka a wɔn awofo anaa wɔn nananom bɔe—ho. Eyi nso fa mfiridwuma a wɔagye dimmɔne wɔ afoforo akwahosan a wɔde to asiane mu ho no ho . . . Mmofra nyinaa ntumi nnyina adwuma a ɛyɛ hu ano.”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

“Adwuma Pii Da So Ara Wɔ Hɔ”

AMANAMAN Ntam Adwumayɛfo Ahyehyɛde (ILO) no agye agyina mu rema wɔatu mmofra apaafo a enye koraa no ase. ILO no repiapia aban horow ma wɔahyehyɛ mmara a ɛbɛma wɔabara mmofra a wonnya nnii mfe 15 a wɔde wɔn yɛ adwuma no. Afei nso ɛhyɛ apam afoforo a wɔyɛ de bara mmofra adwumayɛfo a wonnii mfe 12 ho nkuran, na ama wɔatwa nsisi a ɛyɛ hu sen biara yi mu. Nea ɛbɛyɛ na Nyan! akyerɛwfo ahu sɛnea wɔabɔ mmɔden akodu no, wobisabisaa Amanaman Ntam Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ama Mmofra Apaafo no kwankyerɛfo panyin Sonia Rosen a ɔwɔ U.S. Adwumayɛfo Asoɛe no nsɛm. Ɔne ILO ahyehyɛde ahorow ayɛ adwuma akɔ akyiri. Nkɔmmɔbɔ no fã bi ni.

A.: Dɛn ne ɔkwan a eye sen biara a wɔfa so ko tia mmofra a wɔde wɔn di paa no?

M.: Yenni ano aduru biako pɛ bi. Nanso wɔ amanaman ntam no, yɛasusuw nsɛm atitiriw bi ho, na ebi ne mmara a wɔbɛhwɛ ma adi dwuma yiye ne mfitiase sukuu a, sɛ ɛbɛyɛ yiye a wɔbɛma ayɛ nhyɛ sɛ obiara bɛkɔ bi kwa. Akyinnye biara nni ho sɛ adwuma pa a awofo benya ayɛ nso ho hia.

A.: So w’ani agye nkɔso a wɔanya wɔ ko a wɔko tia mmofra a wɔde wɔn di paa mu no ho?

M.: M’ani nnyee ho da. Nea yɛka ne sɛ, enye koraa sɛ abofra biako mpo yɛ adwuma wɔ tebea bɔne mu. Yɛnam ILO no nhyehyɛe ahorow so anya nkɔanim pii. Nanso yɛda so ara wɔ pii yɛ.

A.: Dɛn na amanaman no reyɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani gye mmɔden a morebɔ de ayi mmofra a wɔde wɔn di paa afi hɔ no ho?

M.: Minhu sɛnea mebua saa asɛm no bio. Wɔ wiase nyinaa nnɛ no, yɛama wɔahu sɛ mmofra a wɔde wɔn di paa yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma. Misusuw sɛ saa bere yi de, nsɛm a ɛsɛ sɛ wɔbisa wɔ ho ara ne sɛ: Ɔkwan bɛn so, na yɛbɛyɛ no ntɛm dɛn? Dɛn ne nneɛma a eye sen biara a yebetumi de ako atia nnwuma a wɔma mmofra apaafo yɛ no bi? Misusuw sɛ ɛno ne asɛnnennen a yehyia ankasa.

A.: Dɛn na mmofra a wɔyɛ adwuma betumi ahwɛ kwan?

M.: Wiase aman nyinaa rebɛkɔ Geneva bio afe yi akɔyɛ apam foforo bi a wɔde bɛko atia nnwuma a enye koraa a wɔde mmofra apaafo yɛ no. Yɛwɔ ɛno mu anidaso ankasa—aman no nyinaa, ne adwumayɛfo akuw ne adwumawuranom ahyehyɛde ahorow. Yɛwɔ anidaso sɛ ɛno bɛma yɛn ɔkwan foforo a yɛbɛfa so atu nnwuma a wɔma mmofra apaafo yɛ a enye koraa no ase.

Ɛnyɛ obiara na ɔwɔ saa anidaso no. Ɛsono sɛnea Charles MacCormack a ɔyɛ Mmofra Bammɔ Fekuw no titrani no nso hu tebea no. Ɔka sɛ: “Amammuifo nni ɔpɛ, na ɔmanfo nni nimdeɛ a wɔde bedi ho dwuma.” Dɛn ntia? Amanaman Nkabom Mmofra Foto no ka sɛ: “Mmofra a wɔde wɔn di paa ho asɛm ka taa yɛ ka na. Atumfo paa na wɔtaa akyi, te sɛ adwumawuranom, akuw a wodidi ho, ne sikasɛm ho abenfo a wɔkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wosiw obiara aguade ho kwan, ne wɔn a wokura tete adwene a wogye di sɛ mmofra bi tebea mma wonnya hokwan biara no.”

[Mfonini]

Sonia Rosen

[Kratafa 5 mfonini ahorow]

Nea ɛka mmofra a wɔde wɔn di paa ho a ɛyɛ awerɛhow ne brɛ a wɔbrɛ wɔ nkorontubea ne nnwuma a wɔyɛ asaawa mu

[Asɛm Fibea]

U.S. National Archives photos

[Kratafa 7 mfonini]

Sumina so nneɛma a wɔsesa

[Kratafa 7 mfonini]

Brɛ a wɔbrɛ hwehwɛ nnyina

[Asɛm Fibea]

UN PHOTO 148079/ J. P. Laffont-SYGMA

[Kratafa 7 mfonini]

Wɔafa wɔn ma wɔreyɛ adwuma wɔ asaawa adwumam

[Asɛm Fibea]

CORBIS/Dean Conger

[Kratafa 8 mfonini]

Mmofra a wɔtontɔn nneɛma wɔ kwan ho anya ara ne sɛnt asia da koro.

[Asɛm Fibea]

UN PHOTO 148027/Jean Pierre Laffont

[Kratafa 7 mfonini]

Adwuma a brɛ wom wɔ duadwumfo adwumam

[Asɛm Fibea]

UN PHOTO 148048/J. P. Laffont-SYGMA

[Kratafa 9 mfonini]

Brɛ a wɔbrɛ pɛ wɔn ano aduan

[Asɛm Fibea]

UN PHOTO 148046/ J. P. Laffont-SYGMA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena