Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 6/8 kr. 20-22
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Kɛseyɛ Ho Suro a Mewɔ no So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Kɛseyɛ Ho Suro a Mewɔ no So?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hu Wo Ho Yiye
  • Nea Wɔde Hu Nokware Ahoɔfɛ
  • Tumi a Susuw a Yebesusuw Ho Akyerɛ Obi no Wɔ
  • Nya Boasetɔ—Ayaresa Yɛ Nkakrankakra
  • Dɛn Nti na Misuro sɛ Mɛyɛ Kɛse?
    Nyan!—1999
  • M’ani Nnye Sɛnea Mete Ho—Adɛn Ntia?
    Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
  • Dɛn Nti na Meyɛ Teatea Saa?
    Nyan!—2000
  • Dɛn Na Meyɛ a Ɛbɛma Me So Atew?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 6/8 kr. 20-22

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Kɛseyɛ Ho Suro a Mewɔ no So?

“Mintumi nhu sɛ memfa mayonnaise nyɛ me paanoo so o, sɛ minnyae o. Mɛyɛ dɛn atumi de m’adwene asi biribi so bere a mayonnaise agye m’adwene nyinaa no? Me gyinae a etwa to koraa ne sɛn? Merenni mayonnaise koraa—ɛma kɛse dodo. Anorexia adi nkonim bio. Madi nkogu.”—Jaimee.

MMERANTE ne mmabaa ɔpepem pii na adidi mu haw ahorow ka wɔn.a Wɔn mu pii wɔ hɔ a na ɛnyɛ adwene no ne sɛ wɔboapa rekyene wɔn yam kɔm (anorexia) anaa wɔrefa ɔkwan bi a ɛbɛma wɔadidi fuu na wɔayi agu akyiri yi (bulimia) so. Mmom no, na wɔn mu pii botae ne sɛ wɔrema wɔn so atew kakraa bi. Nanso, bere a wɔn ani baa wɔn ho so no, na wɔatɔ akɔnkyene anaa adifuu afiri bi a enye koraa mu. Jaimee ka sɛ: “Mede me ho hyɛɛ saa adidi nhyehyɛe yi mu na mede adi me ho so na manyɛ kɛse dodo, nanso afei de, ɛno na edi me so.”

Dɛn na wubetumi ayɛ, bere a woahu sɛ adidi ne kɛseyɛ ayɛ wo dadwen no? Nea edi kan no, hu sɛ mmerante ne mmabaawa pii atumi ne adidi mu haw ahorow adi asi na wɔadi mu nkonim! Wɔfaa kwan bɛn so?

Hu Wo Ho Yiye

Ɔkwan titiriw a wubetumi afa so adi adidi mu haw ahorow mu nkonim ne sɛ wubenya sɛnea wo nipadua te ho adwempa. Nhoma Changing Bodies, Changing Lives ka sɛ: “Nnipa pii a wɔwɔ adidi mu haw ahorow no wɔ adwene a ɛnteɛ wɔ wɔn nipadua ho. Wonnya wɔn nipadua ho adwempa, na wobu wɔn ho fɔ koraa, titiriw wɔ sɛnea wɔn nipadua te no ho.”

Nokwarem no, mmofra a wonnya nnii mfe aduonu binom gyina sɛnea wɔn nipadua te so na ehu wɔn ho; wobu biribiara a ɛtɔ sin wɔ ho a wohu no sɛ asiane. Vicki a wadi mfe 17 no ka sɛ: “Mayɛ kɛse araa ma mintumi nyɛ ho hwee. M’afuru so ma mintumi nhyɛ atade biara a wɔkeka hyem.” Bere a Vicki so tew kilogram 10 akyi mpo no, n’ani annye ho. Ɛtɔ da bi a na onnidi, na ɛtɔ da bi nso a na ɔfe nea wadi no gu.

Nokwarem no, mfomso nni ho sɛ wobɛma sɛnea wote wɔ nipaduam no ho asɛm ahia wo. Wɔ eyi mu no, ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ Bible no kamfo sɛnea na mmea ne mmarima bi te sɛ Sara, Rahel, Yosef, Dawid, ne Abigail te wɔ nipaduam ne wɔn hwɛbea.b Bible no ka mpo sɛ na Abisag a ɔyɛ Dawid hwɛfo no ho ‘yɛ fɛ boro so.’—1 Ahene 1:4.

Nea Wɔde Hu Nokware Ahoɔfɛ

Nanso, ɛnyɛ sɛnea obi nipadua anaa ne honamdua te no so titiriw na Bible no twe adwene si. Mmom no, ɛkamfo “komam nipa a wahintaw no.” (1 Petro 3:4) Ɛyɛ sɛnea obi te wɔ komam no na ɛma ne ho yɛ fɛ anaa ne ho yɛ tan wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.—Mmebusɛm 11:20, 22.

Susuw Ɔhene Dawid ba Absalom ho. Bible no ka sɛ: “Nso Israel nyinaa mu biara ho nyɛ fɛ sɛ Absalom, na ɛma wɔkamfo no sɛ. Efi ne nan ase kosi ne mpampam dɛm biara nni ne ho.” (2 Samuel 14:25) Nanso, na saa aberante yi yɛ ɔfatwafo. Ahantan ne anibere kanyan no ma ɔbɔɔ mmɔden sɛ obetu Yehowa hene a wapaw no no ade so na wadi tumi. Saa nti, Bible no nka Absalom ho asɛm pa na mmom ɛka ne ho asɛm sɛ ɔbarima onimguasefo a onni nokware na ne tirim wɔ sum.

Ɛnyɛ sɛnea obi te wɔ nipaduam no na n’ahoɔfɛ paa gyina so. Bible no ka wɔ ntease pa mu sɛ: “Nya nyansa, na fa w’adenya nyinaa nya nhumu. Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam akyekyetiri, abotiri fɛfɛ na ɛde bɛhyehyɛ wo.”—Mmebusɛm 4:7, 9.

Nanso, nokwarem no, biribi foforo wɔ hɔ a ɛkanyan adidi mu haw pii sen obi ani a ennye sɛnea ɔte wɔ nipaduam no ho kɛkɛ. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Nnipa a adidi ho nsɛm agye wɔn adwene ma enti wonya adidi mu haw ahorow te sɛ anorexia nervosa, bulimia, ne adidi ntraso no ntaa nni obu mma wɔn ho—wɔnte nka sɛ wɔn ho hia, na wɔnte nka sɛ afoforo bu wɔn.”

Nneɛma pii wɔ hɔ a ebetumi ama obi ate nka sɛ ɔnsom bo. Sɛ nhwɛso no, sɛ woreduru mpanyin afe so a, ebetumi ama w’adwene mu ayɛ wo naa—titiriw sɛ wayɛ gurann kyɛn w’atipɛnfo a. Afei nso, mmerante ne mmabaa binom wɔ hɔ a wɔtetee wɔn wɔ afie a basabasayɛ kɔ so wom daa a ebetumi ayɛ ɔhwe anaa mmonnaato mpo. Nanso ɛmfa ho nea ɛde ba no, hu a wubehu nea ɛma wote nka sɛ wonsom bo no taa boa ma wodi so. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wokyerɛ anisɔ wɔ bo a wosom sɛ nipa no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, anyɛ yiye koraa no obiara wɔ su ahorow a ɛfata nkamfo. (Fa toto 1 Korintofo 12:14-18 ho.) Ɛwom, ebia worenhu su horow yi wɔ w’ankasa wo ho de, nanso adamfo bi a ne ho akokwaw betumi ada eyinom adi akyerɛ wo.

Nanso sɛ ɛba sɛ esiane akwahosan ho ntease pa bi nti wuhia sɛ woma wo so tew nso ɛ? Bible no hyɛ nyansa sɛ yɛmma yɛn “ani so nna hɔ.” (1 Timoteo 3:11) Saa nti, ɛyɛ papa sɛ wobɛkwati sɛ wobɛkyene wo yam kɔm anaa wobɛma nhyehyɛe a ɛma obi so tew ntɛmntɛm anya wo so tumi. Ebia ɔkwan pa a wubetumi afa so ama wo so atew kakra ne sɛ wubedi aduan a ahoɔden wom na woateɛteɛ w’apɔw mu sɛnea ɛsɛ nso. Nsɛmma nhoma FDA Consumer ka sɛ: “Sɛnea ɛte wɔ nneɛma afoforo pii mu no, yɛwɔ ɔkwan pa ne ɔkwan bɔne a wubetumi afa so ama wo so atew wɔ hɔ. Ɔkwan bɔne no ne sɛ wobɛtoto adidi mu, ahyɛ sɛ wunni hwee sɛ paanoo a ɛmma kɛse ne nsu, wobɛfa nnuru a ɛma obi so tew, anaa wobɛfe aduan a woadi.”

Tumi a Susuw a Yebesusuw Ho Akyerɛ Obi no Wɔ

Yiyedi ho dwumayɛni Nancy Kolodny de adidi mu haw a obi nya no toto “kurow a n’akwan yɛ hwanyann a wo nkutoo bɛhyɛn mu, a wunkura akwankyerɛ nhoma anaa mfareho biara, na wuntumi nhu akwan no mu nea wɔfa so pue fi kurow no mu, ne bere a wubefi mu anaa mpo sɛ ebia wubenya kwan apue afi mu no ho. . . . Bere dodow a wokyɛ wɔ mu no bere dodow no ara na ɛma wo hahini potɔ wo ho na w’adwene nso tu fra bere a worebɔ mmɔden sɛ wubefi mu no.” Saa nti, sɛ woahu anorexia anaa bulimia ho sɛnkyerɛnne bi wɔ wo ho a, wuhia sɛ wɔboa wo. W’ankasa ntumi mfi saa “ntentan” no mu. Enti susuw ho kyerɛ ɔwofo bi anaa ɔpanyin foforo a wowɔ ne mu ahotoso. Bible abebusɛm bi ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17.

Yehowa Adansefo pii ahu saa adamfofa a ahotoso wom yi wɔ mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu mu. Ɛwom, asafo mu mpanyimfo nyɛ nnuruyɛfo, na mmoa a wɔde ma no nso nyɛ nea esi ayarehwɛ ananmu. Nanso Kristofo ahwɛfo rensiw wɔn aso wɔ “ɔbrɛfo sũ ho,” na wɔn afotu ne mpaebɔ betumi aboa ‘agye ɔyarefo nkwa’ honhom mu.—Mmebusɛm 21:13; Yakobo 5:13-15.

Sɛ wofɛre sɛ wode w’ano bɛka w’asɛm akyerɛ obi nso a, kyerɛw no wɔ krataa so kɔma no, na hwehwɛ mmuae. Nea ɛho hia titiriw ne sɛ wobɛda asɛm no adi akyerɛ obi. Nancy Kolodny kyerɛw sɛ: “Gye a wubegye atom sɛ wo nkutoo ntumi nni ho dwuma bio no bɛkyerɛ sɛ afei de worema kwan ma obi foforo aboa wo fi saa bere no rekɔ.” Ɔde ka ho sɛ: “Ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wubesusuw akwan a ɛte saa ho na woafa so de, nanso ɛyɛ akwan pa, akwan a ebetumi aboa wo ma woatumi afi ntentan no mu.”

Kristofo mmerante ne mmabaa wɔ biribi foforo a tumi wom a wobetumi de wɔn ho ato so—mpaebɔ. Mpae a wɔbɔ Nyankopɔn no nyɛ nea ɛma obi te asomdwoe nka kɛkɛ. Ɛyɛ nkitaho a wo ne Ɔbɔadeɛ a, ɔte wo ase yiye sen w’ankasa no di! (1 Yohane 3:19, 20) Enti, bere a ɛnyɛ saa bere yi ne bere a Yehowa ahyɛ sɛ obeyi nyarewa nyinaa afi hɔ no, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ no betumi akyerɛ w’anammɔn kwan na woanwatiri. (Dwom 55:22) Odwontofo Dawid fi n’ankasa suahu mu kyerɛwee sɛ: “Mahwehwɛ [Yehowa, NW], na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu. Ohiani yi teɛɛm, na [Yehowa, NW] tiee no, na ogyee no n’ahohia nyinaa mu.”—Dwom 34:4, 6.

Ɛnde, na ɔkwan biara so no, da wo koma mu nkate adi kyerɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.” (1 Petro 5:7) Nea ɛbɛyɛ na woatumi akyerɛ Yehowa adɔe ho anisɔ no, dɛn nti na wonkenkan Dwom 34, 77, 86, 103, ne 139 yiye? Saa nnwom yi a wobɛdwennwene ho no bɛhyɛ w’ahotoso a wowɔ sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo na ɔpɛ sɛ wudi nkonim no mu den. Ɛdenam N’asɛm a wobɛkenkan so no, wobɛba abɛte nka te sɛ Dawid, a ɔkyerɛwee asɛm yi no: “Bere biara a me ho yeraw me na mahaw no, wokyekye me werɛ na woma m’ani gye.”—Dwom 94:19, Today’s English Version.

Nya Boasetɔ—Ayaresa Yɛ Nkakrankakra

Nnipa pii a wonya mmoa wɔ adidi mu haw ho no ho ntɔ wɔn prɛko pɛ. Susuw Jaimee, a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no ho. Bere a ofii ase nyaa mmoa mpo no, na ɛyɛ den ma no sɛ obetumi adi biribi ketewaa bi mpo te sɛ koko kwankoraa baako. Ɔka sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ so ka kyerɛ me ho sɛ saa aduan yi ye ma me, na mihia aduan na ama matumi atra ase. Ɛte sɛ nea na aduan atere biako biara a midi no mu duru yɛ nkaribo apem.”

Ɛwom sɛ anka Jaimee rewu bere bi de, nanso ɔbɔɔ ne tirim sɛ obedi aduan ho suro a na ɔwɔ no so. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ ade a mewu. Me ne eyi bedi asi na madi nkonim. Medi anorexia so. Ɛrenyɛ mmerɛw de, nanso mɛyɛ.” Wo nso wubetumi ayɛ saa!

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ Nyan! May 8, 1999, nkratafa 13-15 mu.

b Hwɛ Genesis 12:11; 29:17; 39:6; 1 Samuel 17:42; 25:3.

[Kratafa 21 mfonini]

Aduan a nnuannuru ahorow nyinaa bi wom a wubedi ne w’apɔw mu a wobɛteɛteɛ kakra no betumi aboa wo na woanyɛ kɛse dodo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena