Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti na Misuro sɛ Mɛyɛ Kɛse?
“Apereperedi bi rekɔ so wɔ m’adwene mu. Minya a anka medidi, nanso m’adwene san ka kyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ midi efisɛ misuro sɛ mɛyɛ kɛse dodo.”—Jaimee.
DƐN ade na wusuro sen biara? Mmabaa pii bebua ntɛm sɛ: kɛseyɛ. Nokwarem no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ mmabaa nkumaa a wɔwɔ hɔ nnɛ no suro kɛseyɛ sen nuklea ko, kokoram yare, anaa mpo sɛ wɔbɛhwere wɔn awofo!
Ɛtɔ da bi a nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ kɛse a obi bɛyɛ no ho suro fi ase wɔ mmofrabere mu pɛɛ. Ɔbenfo Catherine Steiner-Adair ka sɛ bere a wonnya nnii mfe dummiɛnsa mpo no, mmabaa pii hyiam di “kɛseyɛ ho nkɔmmɔ”—nkɔmmɔbɔ a wɔda no adi wom sɛ wɔn ani nnye wɔn nipadua ho. Ɛda adi sɛ, nea wɔka no nyɛ agodie kɛkɛ. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmabaa 2,379 mu no, na wɔn mu ɔha mu nkyem 40 rebɔ mmɔden sɛ wɔn so bɛtew. Nanso na wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm yi adi mfe akron ne du pɛ!
Bere rekɔ so no, akwan a nnɛɛmmafo fa so didi no betumi anya mmofra a wɔte saa no so nkɛntɛnso. Nea enye koraa no, ebetumi ama ebinom abɛyɛ te sɛ Jenna a wadi mfe 20 no. Bere a ne tenten yɛ sɛntimita ɔha aduosia no, saa abeawa yi mu duru yɛ kilogram 40 pɛ! Jenna ka sɛ: “Mempɛ sɛ mididi. Nea ɛhaw me kɛse ne sɛ, mede mfe abiɛsa na ɛbɔɔ mmɔden maa me so tewee, na sɛ mididi a mɛsan ayɛ kɛse bio wɔ ɔsram biako pɛ mu.”
Ebia wobɛte Jenna ase. Ebetumi aba sɛ wo nso wopɛ sɛ wo so tew na ama wo ho ayɛ fɛ. Nokwarem no, mfomso nni ho sɛ wobɛma sɛnea wote wɔ nipaduam no ho asɛm ahia wo. Nanso, wɔ Jenna fam no, pɛ a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nipa teaa no maa anka ɔde ne nkwa reyɛ ato asiane mu. Ɔkwan bɛn so?
Wɔkyene Kɔm Wu
Jenna wɔ adidi mu haw bi a wɔfrɛ no anorexia nervosa. Jaimee a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no nso saa ara. Mmabaa yi kyenee wɔn yam kɔm bere tenten bi ma anka wɔreyɛ awu, na ɛnyɛ wɔn nko na wɔayɛ saa. Wobu akontaa sɛ mmabaa 100 biara mu 1 wɔ anorexia. Ɛno kyerɛ sɛ mmeawa ɔpepem pii na yare yi aka wɔn—ebia wunim bi mpo!a
Anorexia betumi aba a obi adwene mma so. Abeawa bi betumi atew n’adidi so wɔ ɔkwan a ɛte sɛ nea asiane biara nnim so ama ne so atew kakra. Nanso, sɛ odu ne botae no ho a, ɛnyɛ no anisɔ. Bere a ɔhwɛ ahwehwɛ mu na n’ani nnye sɛnea ɔte ho no, ɔka sɛ: “Meda so ara sõ dodo!” Enti osi gyinae sɛ ɔbɛma ne so atew kakra aka ho. Afei ɔde aka kakra. Aka kakra. N’ani mmra ne ho so no na anorexia ayɛ no.
Nokwarem no, ɛnyɛ wɔn a wɔtew wɔn adidi so nyinaa na wɔwɔ anorexia. Ebinom soso dodo, na wɔn fam de, wɔn so a ɛbɛtew kakra no betumi ayɛ nea mfaso wɔ so. Nanso mmabaa pii wɔ adwene a ɛnteɛ wɔ wɔn nipadua ho. FDA Consumer de adwene a ɛnteɛ a obi benya wɔ ne nipadua ho no toto ahwehwɛ bi a ɛbɔ ɔdan a wogye nkurɔfo ani wom mu a wobɛhwɛ mu ho. Nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Wuhu wo ho wom sɛ wosõ sen sɛnea wote ankasa.”
Enti, obi a wanya anorexia no suro yiye sɛ ɔbɛyɛ kɛse—ɛmfa ho sɛ ɔyɛ nipa teaa dedaw mpo no. Ebia ɔbɛhyɛ ne ho ateɛteɛ n’apɔw mu ma ne so atew na wagyina nsania so ahwɛ ne mu duru mpɛn pii da koro ahwɛ sɛ ɛnyɛ ade a “ɔresan n’akyi” anaa. Sɛ ɔredidi a, odi aduan kakraa bi. Anaa ebetumi aba sɛ onnidi koraa. Heather ka sɛ: “Da biara na mede awia aduan a me maame ayɛ ama me no kɔ sukuu, na ɛkame ayɛ sɛ da biara metow gu. Ankyɛ na adidi a mekwatii no kaa me hɔ maa sɛ mepɛ sɛ mididi mpo a, mintumi. Ɔkɔm anne me.”
Mfiase no, wɔn a wɔwɔ ɔhaw a ɛma wɔn anom to te sɛ Heather no ani gye sɛ wobehu sɛ wɔn so atew. Nanso awiei koraa no aduampa a wonnya nni no de ɔhaw brɛ wɔn. Obi a n’anom ato no bɛyɛ nyaa na n’ani haw. Ɛka ne sukuu dwumadi. Otumi twa bra.b Bere rekɔ so no, sɛnea ne koma bɔ ne mogya a ɛsen fa ne ntini mu no ano betumi abrɛ ase a ɛyɛ hu. Nanso, nea ɔwɔ ɔhaw yi nhu sɛ ɔwɔ asiane mu. Nokwarem no, asiane koro pɛ a ohu ne ne kɛse no a ɛbɛsan aba—sɛ kakra bi mpo bɛka ho a.
Nanso, ɛnyɛ anorexia nko ne adidi mu haw na ɛnyɛ ɛno nko nso na abu so kɛse. Bulimia nervosa nso yɛ ɔhaw a mmabaa a wɔwɔ bi no boro wɔn a wɔn anom ato no so mpɛn abiɛsa. Afei adidi ntraso nso wɔ hɔ na ɛne bulimia wɔ abusuabɔ. Ma yɛnyɛ saa nyarewa yi mu nhwehwɛmu yiye.
Ɔhaw a Ahintaw
“Me yɔnko bi kaa n’anom asɛm nnansa yi ara sɛ, ɛyɛ a owia ne ho didi wɔ kokoam. Na ɛno akyi no ɔfe aduan a wadi no gu. Ɔka sɛ wayɛ saa mfe abien ni.” Saa nsɛm yi na abofra bi a na ɔde afotu rema wɔ ɔfã a wɔde afotu ma wɔ nsɛmma nhoma bi mu no ka de kyerɛɛ adidi mu haw a wɔfrɛ no bulimia no ho sɛnkyerɛnne.
Obi a ɔwɔ bulimia no didi fuu, anaa odi aduan pii wɔ bere tiaa mu. Afei ɔhyɛ da fe aduan a wadi no nyinaa gu.c Nokwarem no, ɔkwan a obi fa so ma ne yam da hɔ yi betumi ayɛ abofono. Nanso, yiyedi ho dwumayɛni Nancy J. Kolodny kyerɛw sɛ: “Mpɛn dodow a wudidi fuu na wofe gu no, ne yɛ bɛyɛ mmerɛw ma wo. Sɛnea na wote nka mfiase sɛ ɛyɛ abofono anaa mpo sɛ ɛyɛ hu no fi hɔ, na ntɛm ara nhyɛso a ɛma wudidi fuu no ba besi ɛno ananmu.”
Wɔaka anorexia ne bulimia ho asɛm sɛ “nkrukyereɛ a ɛwɔ dwetɛbona koro anim ne akyiri a ɛsono emu biara.” Bere a ɛsono emu biara nsɛnkyerɛnne no, ne nyinaa yɛ abɛ koro nsa, nea ɛde ne nyinaa ba ne aduan a wɔmpɛ sɛ wɔdi.d Nanso, nea ɛnte sɛ anorexia no, ɛnyɛ den sɛ wɔde bulimia behintaw. Anyɛ yiye koraa no, sɛ obi didi fuu a, ɛmma ne so ntew, na yi a oyi gu no nso mma ɔnyɛ kɛse. Enti, ɛda adi sɛ nea odidi fuu no renyɛ kɛse mmoro so na ɔrenyɛ teaa nso, na wɔ nnipa ani so no afoforo bebu ɔkwan a ɔfa so didi no sɛ mfomso biara nni ho. Ɔbea bi a wɔfrɛ no Lindsey ka sɛ: “Bɛyɛ mfe akron mu no, da biara na mididi fuu san fe aduan no gu bɛyɛ mpɛn anan ne anum. . . . Na obiara nnim sɛ mewɔ bulimia, efisɛ sɛnea na mebɔ mmɔden, m’ani gye, na menso pii no ma ɛhintawee.”
Nanso, obi a odidi boro so a ontumi nni ne ho so no tebea yɛ soronko kakra. Te sɛ obi a ɔwɔ bulimia no, saa onipa yi di aduan pii prɛko. The New Teenage Body Book ka sɛ: “Esiane sɛ adidi ntraso no kɔ so a ɔfe biara nka ho nti, onipa a odidi tra so na ontumi nni ne ho so no betumi ayɛ kɛse kakra anaa obetumi ayɛ kɛse aboro so koraa.”
Akwahosan Ho Asiane Ahorow
Saa adidi mu ɔhaw abiɛsa yi nyinaa betumi de obi akwahosan ato asiane mu. Anorexia betumi ama aduan mu ahoɔden abɔ ebinom, na wɔ wɔn mu pii fam no—ebinom bu akontaa sɛ ɔha biara mu nkyem 15—na, ebetumi adi wɔn awu. Adidi ntraso nso, sɛ ɔfe di akyi anaasɛ ebi nni akyi no, yɛ asiane ma akwahosan. Bere rekɔ so no, kɛseyɛ mmoroso betumi de komayare, asikreyare, ne kokoram mpo aba. Ɔfe a obi hyɛ ne ho fe no betumi ama ne menewa mu atutu ntokuru, na afaseduru ne aduru a ɛma obi dwensɔ pii a wɔde di dwuma tra so no betumi ama koma no agyae bɔ.
Nanso, biribi foforo wɔ adidi mu haw ho a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Wɔn a wɔwɔ anorexia ne bulimia, ne wɔn a wodidi tra so a wontumi nni wɔn ho so no ntaa nnya anigye. Ɛyɛ a wonni obu mma wɔn ho na wɔtaa nya adwenemhaw ne dadwen. Ɛda adi sɛ, wohia mmoa. Nanso ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ bi betumi anya mmoa ma wɔayi kɛseyɛ ho suro afi wɔn mu? Mmofra bisa sɛ . . . mu asɛm bi a ɛbɛba akyiri yi de ho mmuae bɛma.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mmarima nso tumi nya anorexia. Nanso esiane sɛ wɔn a wonya ɔhaw no dodow no ara yɛ mmabaa nti, yɛbɛka saafo no ho asɛm sɛ mmea.
b Ɔbea a wobu no sɛ n’anom ato wɔ ayaresabea ne obi a anyɛ yiye koraa no ne mu duru so atew asen sɛnea ɛfata ɔha mu nkyem 15, a watwa bra asram abiɛsa anaa nea ɛboro saa.
c Akwan a wɔfa so ma wɔn yam da hɔ no bi ne sɛ wɔbɛfa afaseduru anaa nnuru a ɛma wɔdwensɔ pii.
d Ebinom tumi nya anorexia san nya bulimia adidi mu haw no bere ne bere mu.
[Kratafa 14 adaka]
Adwene a Ɛnteɛ a Wɔwɔ Wɔ Wɔn Nipadua Ho
Mmabaa pii a wɔn kɛseyɛ ho asɛm haw wɔn adwene no nni ntease pa nti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, mmabaa a wɔadi fi mfe 5 kosi 17 mu ɔha biara mu nkyem 58 gye dii sɛ wɔayɛ kɛse aboro so, nanso nokwarem no, na wɔn mu ɔha mu nkyem 17 pɛ na wɔn kɛseyɛ no boro so. Wɔ nhwehwɛmu foforo mu nso, mmea a ɛda adi sɛ na wɔyɛ teaa dodo no mu ɔha biara mu nkyem 45 nso susuwii sɛ wɔsõ dodo! Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no wɔ Canada no da no adi sɛ mmea a wɔwɔ saa ɔman no mu ɔha mu nkyem 70 adwene nyinaa wɔ wɔn kɛseyɛ so, na wɔn mu ɔha mu nkyem 40 de wɔn ho ahyɛ adidi basabasa mu—ɔkwan a wutumi fa so ma wo so tew na wosan yɛ kɛse.
Ɛda adi sɛ, adwene a ɛnteɛ a mmabaa wɔ wɔ wɔn nipadua ho no betumi ama wɔn mu binom de wɔn adwene asi biribi a ɛnyɛ ɔhaw ankasa so dodo. Kristin a wadi mfe 16 no ka sɛ: “Mewɔ yɔnko bi a ɔnom nnuru a esiw kɛseyɛ ano pii na minim mmabaa kakra nso a wɔwɔ anorexia.” Ɔde ka ho sɛ: “Wɔn mu biara nso nni hɔ a ɔsɛ nipa kɛse.”
Nsɛmma nhoma FDA Consumer fi ntease pa mu hyɛ nyansa sɛ: “Sɛ́ anka wubedi nnuan a esiw kɛseyɛ ano esiane sɛ ‘obiara’ reyɛ bi nti anaa esiane sɛ wonyɛ teaa sɛnea wopɛ nti no, di kan bisa oduruyɛfo anaa obi a ɔwɔ nimdeɛ wɔ nnuan ho hwɛ sɛ ebia wayɛ kɛse dodo anaa sɛnea mfe a wadi ne wo tenten te no kyerɛ sɛ srade pii wɔ wo nipadua mu anaa.”
[Kratafa 15 mfonini]
Nnipa pii a sɛnea wɔn kɛse te ho asɛm haw wɔn no nni ntease pa nti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa