Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti na Meyɛ Teatea Saa?
JUSTIN yɛ teatea na ɔte apɔw nanso n’ani nnye ne nipadua ho koraa. Ɔka sɛ: “Merebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ kɛse.” Seesei odidi mpɛn anum da biara na aduan mu ahoɔden a ɛma ɔhyew (calories) 4,000 na onya fi aduan a odi no mu. Nanso, ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse na ne ntini mu yɛ den. Enti, ɔka bio sɛ: “Ɛtɔ da bi a, me ne m’adamfo sɔre ahemadakye kɔ agodibea kɔteɛteɛ yɛn apɔw mu ansa na yɛakɔ adwuma.”
Vanessa nso yɛ teatea. Nanso, n’ani gye sɛnea ɔte no ho paa. Vanessa ka sɛ: “Bere a na misua no, na me nnamfonom serew me na na wɔfrɛ me ateaadonko. Nanso, ɛnhaw me bio. M’ani sɔ sɛnea mete no.”
‘Ma w’ani nsɔ sɛnea wote no.’ Ɛno yɛ afotu pa. Nanso, ɛyɛ afotu a ebetumi ayɛ den sɛ wubegye atom. Sɛ obi a wadu mpanyin afe so no, ebia woyɛ “baabun a waso aware.” (1 Korintofo 7:36) Nea ɛhaw adwene kɛse koraa ne bere a obi adu ne mpanyin afe so na nsakrae pii ba ne nipadua mu no. Sɛ wudu mpanyin afe so a, ɛsono sɛnea wo nipadua akwaa biara nyin; ebia wo basa, wo nan, ne nsakrae a ɛba w’anim, no renyɛ pɛ koraa.a Eyi betumi ama woahaw na woate nka sɛ wo ho nyɛ fɛ. Afei nso, ɛsono sɛnea aberante ne ababaa biara nyin fa. Enti ebetumi aba sɛ bere a wo mfɛfo binom nyinyin ntɛmntɛm ma wɔyɛ piprii anaasɛ wɔbɛyɛ mmea a wɔn honam yɛ bɔkɔbɔkɔ no, na woda so ara yɛ teatea.
Ɛwom sɛ wɔaka pii afa mmerante ne mmabaa a wosusuw sɛ wɔso dodo no ho de, nanso, wɔn a wɔtaa bu ani gu wɔn so ne mmerante ne mmabaa a wosusuw sɛ wɔyɛ teatea dodo no. Eyi te saa titiriw wɔ mmusua ne aman binom a wɔn ani nnye nnipa a wɔyɛ teatea ho no mu. Wɔ mmeae a ɛtete saa no, ebia wobedi ɔbea a ɔyɛ teatea no ho fɛw sɛ “waka nkasae.”
Mmarimaa nso ɛ? Nhwehwɛmufo Susan Bordo kyerɛ sɛ, “sɛnea na mmea bu wɔn ho mu nhwehwɛmu a wɔyɛe mfe pii ansa na 1980 reba no daa no adi sɛ na mmea hwɛ wɔn ho wɔ ahwehwɛ mu de hwehwɛ nea wɔmpɛ wɔ wɔn nipadua ho nkutoo.” Mmarima nso ɛ? Bordo toa so sɛ: “Mmarima hwɛ wɔn ho wɔ ahwehwɛ mu a, na wohu sɛ wɔn nipadua no fata anaa ɛsen sɛnea na wosusuw.” Nanso, nnansa yi, saa su no afi ase resesa. Esiane sɛ Bordo hui sɛ nnipa a wɔma wɔsakra wɔn nipadua no mu baanan mu biako yɛ mmarima nti, otumi kyerɛ nea enti a mmerante wɔ ɔpɛ sɛ wobenya nipadua a ɛte apɔw a wɔbɔ ho dawuru wɔ United States ne Atɔe fam aman horow mu no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ eyi anya mmerante so nkɛntɛnso saa. Sɛ wɔannya nipadua piprii sɛ afoforo a wɔde wɔn yɛ aguade ho dawurubɔ no a, ɛma wobu wɔn ho abomfiaa.
Enti sɛ woyɛ teatea a, ebia wobɛka wɔ wo tirim sɛ, ‘Dɛn na atoto wɔ me fam?’ Anigyesɛm ne sɛ ebia na biribiara ntotoe.
Nea Enti a Woyɛ Teaa
Wɔ mmerante ne mmabaa pii fam no, teatea a wɔbɛyɛ no yɛ nea asɛm biara nni ho. Mpɛn pii no, eyi fi sɛnea nipadua no nyin ntɛmntɛm bere a obi adu ne mpanyin afe so no. Sɛnea ɛte no, nnuannuru a ɛma wo nipadua nyin no ahoɔden brɛ ase bere a woabɔ akwakoraa anaa aberewa no. Nanso, sɛ aduanpa a wudi nyinaa akyi no woda so yɛ teatea a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkɔ akohu wo duruyɛfo ma wasa yare biara a ɛhaw wo, te sɛ asikreyare a etumi ma obi so tew, no.
Steven Levenkron a wonim no yiye sɛ obi a ɔwɔ nimdeɛ wɔ ɔhaw a ɛmma obi nnidi yiye ho no ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Mekae ɔbea bi a wɔde no brɛɛ me a na wafɔn paa esiane sɛ na n’anom ato ma enti na ontumi nnidi yiye no. Nanso mihui ntɛm ara sɛ ɔyare na ɛnyɛ sɛ nsɛm na ɛhaw no. Oduruyɛfo a na ɔhwɛ n’abusua no anhu sɛ na Crohn wɔ nsono mu yare bi a ɛyɛ hu. Na anka ɔyare yi a abeawa no nhu no betumi akum no.” Sɛ wowɔ asikreyare anaa ɔyare bi a ɛma wo so tumi tew a, eye sɛ wubetie afotu a wo duruyɛfo de ma wo no yiye.
Ɛyɛ nokware sɛ ɛtɔ da a, adwennwen tumi ma obi fɔn. Oduruyɛfo Levenkron kae wɔ ne nhoma Anatomy of Anorexia mu sɛ ebinom kyerɛ sɛ nnipa pii a “wɔwɔ asikreyare a wɔnom insulin daa no bi ntumi nnidi yiye, ebi didi paa na ebinom nso anom to.” Oduruyɛfo bi a ne ho akokwaw betumi akyerɛ wo ma woahu sɛ ebia sɛnea wudidi no nye.b
Nyansahyɛ a Mfaso Wɔ So
Yɛmfa no sɛ woyɛ teatea nanso woakohu wo duruyɛfo ma wakyerɛ sɛ wonyare. Afei dɛn na wobɛyɛ? Bible ka wɔ Hiob 8:11 sɛ: “So nkyɛkyerɛ fifi nea ɔwora nni, mmɛw bɛma ne ho so nea nsu nni anaa?” Sɛnea asase pa ma afifide yɛ yiye no, saa ara na aduanpa a wubedi no bɛma woanyin kama. Eyi ho hia, sɛ wopɛ sɛ woyɛ kɛse anaasɛ wofɔn no.
Nanso, mma ɛnnyɛ w’adwene sɛ wubedi sradeduan pii na ama woayɛ kɛse ntɛmntɛm. Bere a aduan ho nimdefo Susan Kleiner reyɛ nhwehwɛmu wɔ wɔn a wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu na ama wɔanya nipadua a edi mu ho no, ohui sɛ na calories 6,000 na ɛwɔ wɔn aduan a wodi daa no mu! Nanso sɛnea Kleiner kyerɛ no, “awerɛhosɛm ne sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na srade gram 200 na ɛwɔ aduan a wodi daa no mu. Ɛno reyɛ ayɛ sɛ bɔta mu srade gram 125! Eyi tumi ma nkurɔfo yare ntɛmntɛm. Sɛ obi taa di sradeduan pii a, obetumi anya komayare.”
Sɛnea U.S. Kuayɛ Dwumadibea (USDA), kyerɛ no, nnuan a ahoɔden wom no ne nea setaakye wom te sɛ paanoo, aburow, ɛmo, ne esiam nnuan. Nea edi hɔ ne atosode ahorow ne nnuaba. USDA de nyansahyɛ ma sɛ, ɛnsɛ sɛ obi ma mogyanam ne nufusu, bɔta, ne kyiis, dɔɔso wɔ n’aduan mu.
Sɛ wopɛ sɛ wohyɛ w’aduandi nsow a, bɔ mmɔden yɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ nhoma bi mu. Yɛ aduan a wudi nnawɔtwe biara ne bere a wudi ho kyerɛwtohɔ wɔ nhoma ketewa bi mu. Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ wunni aduanpa, ɛnkanka sɛ wunni adagyew a. Sɛ aberante anaa ababaa no, calories 3,000 na wo nipadua no hia da biara! Wubehu nso sɛ ahoɔden pii nni nnuan a wudi—te sɛ burgers ne pizza a wosiesie no ɔhare so na nnuaba ne atosode pii nnim, no mu.
Na nnuannuru a ne bo yɛ den a wɔnom de si aduan ananmu nso ɛ? Ebia ɛho nhia wo. Animdefo pii ka sɛ wubetumi anya aduan mu ahoɔden no nyinaa afi aduan pa a wubedi mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, nnom nnuru a ɛma obi nya ahoɔden soronko te sɛ anabolic steroids. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ mmerante nkutoo na wɔde steroid di dwuma. The New York Times bɔ amanneɛ sɛ: “Sɛnea nhwehwɛmufo binom kyerɛ no, dwuma a mmabaa pii de [steroid] di na ama wɔatumi adidi no te sɛ nea na mmarimaa yɛ wɔ 1980 mfe no mu ara pɛ.” Nea ɛyɛ ahodwiriw no, mmabaa 175,000 a wɔwɔ United States na wogye tom sɛ wɔde anabolic steroids di dwuma. Nnuru a ɛtete saa no de nsɛnnennen pii te sɛ mmea ani akyi nhwi a efuw kusuu, bu a wommu wɔn nsa bere pa mu, nufu mu kokoram, kokoram a ɛba mmarima awode mu, ne ntini a emu siw ne mmerɛbo mu kokoram a mmarima ne mmea nyinaa nya, ba. Ɛsɛ sɛ oduruyɛfo bi ma kwan ansa na obi de steroid adi dwuma.
Brɛ a Wobɛbrɛ Wo Ho Ase na Woanya Adwempa
Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛne Onyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.’ (Mika 6:8) Nea ɛka ahobrɛase ho ne sɛ obi begye ne mmerɛwyɛ atom. Ahobrɛase bɛboa ma woapene sɛnea wote no so. Ɛnyɛ mfomso sɛ obi bɛpɛ sɛ ne ho yɛ fɛ. Nanso, ahoɔfɛ pii a wobɛhwehwɛ no so remma obiara mfaso—gye sɛ ebia ahoɔfɛ ne aduandi ho nnwumayɛfo nkutoo. Nipadua mu ahoɔden a wɔhwehwɛ ho animdefo gye tom sɛ ɛmfa ho sɛ ɔbarima bi bedidi yiye na wateɛteɛ n’apɔw mu akɔ akyiri no, ontumi mmɛyɛ obi a ne ho yɛ fɛ paa wɔ wiase nyinaa. Na sɛ woyɛ ɔbea a, ebetumi aba sɛ wudidi sɛ dɛn ara a, wuntumi nnya honamdua a edi mu paa.
Anigyesɛm ne sɛ sɛ wohwɛ wo ntadehyɛ yiye a, ɛbɛboa wo kɛse ma woayi adwemmɔne a wowɔ wɔ wo nipadua ho no afi hɔ. Nhyɛ ntade a ɛbɛma afoforo ahu wo ho mfomso biara. Ebinom ka sɛ ɛsɛ sɛ wohyɛ ntade a ɛnyɛ tuntum, efisɛ sɛ obi a ɔyɛ teatea hyɛ ntade tuntum a, ɛma wohu sɛ ɔyɛ teatea dodo.
Kae nso sɛ su a wukura no ho hia koraa sen wo nipadua. Awiei koraa no, w’anim a wobɛma atew ne su pa a wobɛda no adi no bɛma afoforo ani agye wo ho kɛse asen wo nipadua anaa atade bi a wobɛhyɛ. Sɛ wo nnamfo bu wo animtiaa daa esiane sɛnea wote no nti a, fa wɔn a wɔhwɛ sɛnea wote wɔ komam—nea Bible frɛ no “komam nipa a wahintaw,” no nnamfo. (1 Petro 3:4) Nea etwa to koraa no, kae sɛ “onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa, NW] de, ɔhwɛ komam.”—1 Samuel 16:7.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ “Young People Ask . . . Am I Developing Normally?” (So Merenyin Sɛnea Ɛsɛ?) a ɛwɔ September 22, 1993, Engiresi Nyan! mu no.
b Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti na Misuro sɛ Mɛyɛ Kɛse?” ne “Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Kɛseyɛ Ho Suro a Mewɔ no So?” a ɛwɔ May 8 ne June 8, 1999, Nyan! mu no.
[Mfonini wɔ kratafa 14]
Mmofra binom bu wɔn ho abomfiaa esiane sɛ wɔyɛ teatea nti