Wubetumi Anya Daa Nkwa Ho Anidaso?
ƆBENFO James R. Smith, a ɔyɛ nkwammoaa ho ɔbenfo no ka sɛ: “Biribi kɔ so wɔ nipadua no mu a ɛkyerɛ sɛ obi anyin akyɛ araa na mfe 115 kosi 120. Mfe bi wɔ hɔ a obiara ntumi ntra—nanso yennim nea ɛma no ba saa.” Abɔde a nkwa wom ho nimdefo Ɔbenfo Roger Gosden ka sɛ, esiane eyi nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ “nyansahufo ntumi nhu ɔkwan a wɔbɛfa so ama mfe a obi betumi adi no akɔ anim, na wɔn mu dodow no ara mfaa ho adwene mpo.” So nsakrae bɛba?
“Asɛmmisa a Anoyi Yɛ Den Paa” a Ɛsɛ sɛ Wobua
Ɛwom sɛ wɔahyehyɛ bɔ pii sɛ wɔbɛma mpanyinyɛ afi hɔ de, nanso animdefo dodow no ara ne Ɔbenfo Gene D. Cohen, a ɔyɛ Amerika Mpanyinyɛ Fekuw no titrani no adwene hyia sɛ, “bɔhyɛ akɛse yi nyinaa nkosi hwee.” Dɛn ntia? Nancy Shute a ɔkyerɛw nyansahu ho nsɛm wɔ U.S.News & World Report mu no ka sɛ, ade biako ne sɛ, “obiara ntumi nhuu nea ɛde mpanyinyɛ ne nea ɛkowie a ɛne owu a wontumi nkwati no ba. Na mmɔden a obi bɛbɔ sɛ ɔde aduru bi bɛsa yare a onnim no yɛ adwumayɛ hunu ankasa.” Ɔbenfo Gosden nso ka sɛ mpanyinyɛ da so ara yɛ ahintasɛm: “Ɛto yɛn mu biara nanso obiara nnim nea ɛde ba ankasa.” Ɔka sɛ nnipa mfaa wɔn adwene nkɔɔ “asɛm a anoyi yɛ den paa a ɛne nea enti koraa a ɛba saa” no so.a
Ɛda adi sɛ, sɛnea anohyeto wɔ sɛnea nnipa betumi atu mmirika ahoɔhare so afa, sɛnea wobetumi ahuruw akɔ soro afa, ne sɛnea wobetumi adɔ sukɔ afa mu no, saa ara nso na sɛnea nnipa betumi de n’adwene ne ne ntease nkutoo akyerɛkyerɛ nneɛma mu no wɔ anohyeto. Enti ɛda adi sɛ “asɛmmisa a anoyi yɛ den paa” a ɛne dɛn nti na ɛba saa? no boro nnipa adwene so. Ne saa nti, ɔkwan biako pɛ a yɛnam so betumi anya mmuae no ne sɛ yɛbɛdan akɔ baabi a ɛkorɔn sen nnipa nimdeɛ a ɛba fam no. Saa pɛpɛɛpɛ na tete nhoma a ɛka nyansasɛm, Bible, hyɛ wo nyansa sɛ yɛ. Bible no reka Ɔbɔadeɛ a ɔne “nkwa nsuti” no ho asɛm no, ɛma yɛn awerɛhyem sɛ: “Sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no.” (Dwom 36:9; 2 Beresosɛm 15:2) Ɛnde, dɛn na nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu da no adi wɔ nea enti a nnipa wu ankasa no ho?
Nea Ɛde Owu Bae
Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa a wodi kan no, ɔde “nkwa a enni awiei hyɛɛ wɔn koma mu.” (Ɔsɛnkafo 3:11, Beck) Nanso, Ɔbɔadeɛ no maa nnipa awofo a wodi kan no biribi a ɛsen ɔpɛ a wobenya sɛ wɔbɛtra ase daa; ɔde hokwan a na ɛbɛma wɔayɛ saa nso maa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn a na wɔyɛ pɛ wɔ nipadua ne adwene mu, na na wɔte baabi a asomdwoe wɔ. Ná ɛyɛ Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw sɛ nnipa a wodi kan no bɛtra ase daa, na afei bere rekɔ so no wɔawo mma a wɔyɛ pɛ ahyɛ asase so ma.—Genesis 1:28; 2:15.
Nanso, na asetra a enni awiei gyina biribi so. Ná egyina osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn so. Sɛ Adam yɛ Onyankopɔn so asoɔden a, ‘owu na na obewu.’ (Genesis 2:16, 17) Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa a wodi kan no yɛɛ asoɔden. (Genesis 3:1-6) Eyi a wɔyɛe no ma wɔbɛyɛɛ abɔnefo, efisɛ “bɔne ne mmarato.” (1 Yohane 3:4) Ne saa nti, ná wonni daa nkwa ho anidaso bio, efisɛ “bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Enti, bere a na Onyankopɔn rebu nnipa a wodi kan no atɛn no, Ɔkae sɛ: “Woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”—Genesis 3:19.
Enti, bere a nnipa a wodi kan no yɛɛ bɔne no, nea na ebefi bɔne mu aba a na wɔaka ho asɛm akyerɛ wɔn no bɛyɛɛ wɔn awosu, na ɛma wobenyaa baabi a wobetumi atra ase akodu. Nea efi mu bae ne onyin, na awiei koraa no, wowui. Nea ɛka ho no, bere a wɔpam nnipa a wodi kan no fii wɔn Paradise fie a wɔde wɔn toe a na wɔfrɛ no Eden no, wohyiaa biribi foforo a enyaa wɔn asetra so tumi kɛse—asetra a akwanside wom wɔ Eden akyi. (Genesis 3:16-19, 23, 24) Saa awosu mu nkekae ne asetra a emu yɛ yaw yi kaa nnipa a wodi kan no ne wɔn mma a na wɔbɛwo wɔn akyiri yi no nso.
Atemmu ne Bɔhyɛ
Esiane sɛ saa nsakrae bɔne yi sii wɔ nnipa a wodi kan no asetram ansa na wɔrewo nti, na mma a wɔte sɛ wɔn ara nkutoo na wobetumi awo—mma a wɔnyɛ pɛ, abɔnefo, a na mpanyinyɛ benya wɔn so tumi. Bible ka sɛ: “Owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12; fa toto Dwom 51:5 ho.) The Body Machine—Your Health in Perspective nhoma no ka sɛ: “Yɛde yɛn ankasa wu ho afobu nam yɛn nkwammoaa so na ɛbae.”
Nanso, eyi nkyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ sɛ asetra a enni awiei bɛba—asetra a mpanyinyɛ ne owu nnim. Nea edi kan no, ntease wom sɛ yebegye adi sɛ Ɔbɔadeɛ a nyansa nyinaa wɔ no, a ɔbɔɔ nnipa nkwa ne nkwa afoforo wɔ akwan a ɛyɛ nwonwa so no betumi ayi awosu mu haw ahorow afi hɔ, na wama nnipa ahoɔden a ehia na ama wɔakɔ so atra nkwa mu daa. Nea ɛto so abien no, saa pɛpɛɛpɛ na Ɔbɔadeɛ no ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ. Bere a obuu nnipa a wodi kan no kumfɔ akyi no, Onyankopɔn daa no adi mpɛn pii sɛ n’atirimpɔw ma adesamma a ɛne sɛ wɔbɛtra ase daa no nsesae. Sɛ nhwɛso no, ɔde awerɛhyem yi ma sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Dɛn na ɛho hia sɛ woyɛ na ama woahu bɔhyɛ yi mmamu?
Sɛnea Wobɛto Wo Nkwa So—Atra Ase Daa
Anigyesɛm ne sɛ, bere a Ronald Kotulak a ɔkyerɛw nyansahu ho nsɛm no bisabisaa nnuruyɛ mu nhwehwɛmufo bɛboro 300 nsɛm akyi no, ɔkae sɛ: “Nyansahufo fi bere tenten ahu sɛ akatua a obi gye, n’adwuma, ne ne nimdeɛ yɛ nneɛma atitiriw a nnipa akwahosan ne mfe dodow a wɔde bɛtra ase no gyina so. . . . Nanso nimdeɛ ne nea ɛreda adi sɛ edi akoten wɔ onyinkyɛ mu.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea aduan a yedi ma yɛn nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa ahoɔden a ɛde bɛko atia ɔyare mmoawa a edi awu no, saa ara nso na nimdeɛ ma yɛkwati gyinaesi a enye.” Sɛnea nhwehwɛmufo bi kae no, “nimdeɛ boa wo ma wopɛɛpɛɛ w’asetra mu,” hu sɛnea “wubedi akwanside a emu yɛ den so.” Enti, sɛnea ɔkyerɛwfo Kotulak ka no, ɔkwan bi so no, nimdeɛ ne “nea ɛde akwahosan pa, ne onyinkyɛ ba.”
Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ obi nya ansa na wanya daa nkwa daakye nso ne nimdeɛ—Bible mu nimdeɛ. Yesu Kristo kae sɛ: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Yehowa Nyankopɔn, Ɔbɔadeɛ no, ne Yesu Kristo, ne agyede nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ no ho nimdeɛ a obi benya no nkutoo ne ntetee a ebesiesie no ma watu anammɔn a edi kan wɔ ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.—Mateo 20:28; Yohane 3:16.
Yehowa Adansefo yɛ Bible adesua ho nhyehyɛe a ebetumi aboa wo ma woanya saa Bible mu nimdeɛ a ɛma nkwa yi. Kɔ wɔn Ahenni Asa ahorow no bi so na sua saa nhyehyɛe a wontua hwee wɔ ho yi ho ade pii, anaasɛ frɛ wɔn na wɔmmɛsra wo bere a wopɛ. Wubehu sɛ Bible no wɔ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ bere a akwanside ahorow ne owu befi asetram no abɛn. Nokwarem no, owu adi tumi mfe mpempem pii, nanso ɛnkyɛ wobedi so nkonim akosi daa. Anidaso a ɛyɛ anigye ma mpanyin ne mmofra nyinaa bɛn ara ni!
[Ase hɔ asɛm]
a Mpanyinyɛ ho abenfo de nkyerɛkyerɛmu pii ama (ɛbɛboro 300!) de akyerɛ sɛnea mpanyinyɛ ba. Nanso saa nsɛm yi ntumi nkyerɛ nea enti a owu ba koraa.
[Kratafa 21 mfonini ahorow]
Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ obi nya na ama wanya daa nkwa ne Bible mu nimdeɛ