Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 8/8 kr. 23-25
  • Dɛn Nti na Maame Yare Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Maame Yare Saa?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Me Maame anaa Me Papa Yare?
  • Ɛyawdi
  • Nea Wubetumi Ayɛ
  • Kari a Wobɛkari Pɛ Wɔ Honhom Mu
  • Na sɛ Me Wofo Tɔ Sin Nso Ɛ?
    Nyan!—1995
  • Abusua Mu Ɔhaw Ahorow a Wosiesie Denam Bible Afotu So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Na sɛ M’awofo Sɔre Tia M’aware Nso Ɛ?
    Nyan!—1998
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 8/8 kr. 23-25

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti na Maame Yare Saa?

Kokoram na ekum Al papa.a Esiane owusɔre ho bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu a na wɔde akyerɛkyerɛ no nti, Al tumi gyinaa nea na wahwere no ano kakra. Nanso bere a nnuruyɛfo kae sɛ ne maame anya kokoram no, ehu fii ase kaa no bio. Sɛ Al dwen ho sɛ ɔrebɛhwere ne maame nso a, na ne bo atu. Ná ɔde awerɛhow bisa ne ho sɛ, ‘Dɛn nti na me maame na ɛsɛ sɛ ɔyare?’

SƐNEA Oduruyɛfo Leonard Felder kyerɛ no, “Amerikafo bɛboro ɔpepem aduosia na wɔn . . . dɔfo bi yare anaa wadi dɛm.” Felder de ka ho sɛ: “Da biara da no, Amerikafo adwumayɛfo bɛyɛ anan biara mu biako nya asɛyɛde foforo ka n’adwuma ho sɛ ɔbɛhwɛ ne maame anaa ne papa bi a ɔyare” anaa ne dɔfo foforo. Sɛ wowɔ tebea a ɛte saa mu a, ɛnkaa wo nko. Nanso, sɛ obi a wodɔ no yare a, akomatu wom na ɛyɛ yaw. Wobɛyɛ dɛn atumi agyina ano?

Dɛn Nti na Me Maame anaa Me Papa Yare?

Mmebusɛm 15:13 ka sɛ: “Komam awerɛhow bubu honhom.” Ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ sɛ wo maame anaa wo papa yare a wubenya atenka soronko bi. Sɛ nhwɛso no, ebia wobɛte afobu nka wɔ ne tebea no ho. Ebia na wo ne ne ntam nwo. Ebia na akasakasa a emu yɛ den bi asɔre mo ntam pɛnkoro anaa nea ɛboro saa pɛn. Enti seesei a ɔyare no, ebia wobɛte nka wɔ ɔkwan bi so sɛ mfomso no fi wo. Nanso ɛmfa ho sɛ abusua mu akasakasa betumi de adwennwene aba no, ɛnyɛ ɛno na ɛtaa de ɔyare a emu yɛ den ba. Akameakame ne akyinnyegye nketenkete betumi asɔre wɔ Kristofo mmusua a ɔdɔ wom mpo mu. Enti enhia sɛ wubu wo ho fɔ denneenen, te sɛ nea wo maame anaa wo papa yare no fi wo.

Ne nyinaa ne sɛ, wo maame ne wo papa yare esiane yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa bɔne nti. (Romafo 5:12) Esiane saa bɔne a edi kan no nti, “abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ.”—Romafo 8:22.

Ɛyawdi

Ne nyinaa akyi no, wubetumi ahaw na woadwennwen. Terri maame yare asabo mu yare, yare bi a ɛsɛe nipadua a ɛma ne honam bɔ mpeperewa. Terri ka sɛ: “Sɛ minni fie a, ɛyɛ a me ho ntɔ me, mintumi nhu sɛ ebia Maame ho ye a. Ɛyɛ a na ɛyɛ den ma me sɛ mede m’adwene besi biribi so. Mintumi mfa m’adwene nsi biribiara so. Nanso, esiane sɛ mempɛ sɛ ɔbɛteetee nti, mede hyɛ me ho.”

Mmebusɛm 12:25 ka sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no.” Mmofra taa nya adwenemhaw wɔ saa tebea yi mu. Terri ka sɛ na ɛyɛ awerɛhosɛm bere a ohui sɛ ne maame ntumi nyɛ hwee no. Nea ɛma adwennwene no yɛ kɛse ne sɛ ɛde asɛyɛde foforo bɛto mmerante ne mmabaa so—titiriw mmeawa—bere a wɔnhwɛ kwan. Sɛnea Ɔbenfo Bruce Compas kyerɛ no, “mmeawa benya abusua mu asɛyɛde a emu yɛ duru te sɛ afisiesie ne anuanom nkumaa hwɛ, a ɛboro wɔn ahoɔden so na ɛmma wɔn asetra ntumi ntu mpɔn.” Ɛma mmofra a wɔadu mpanyin afe so binom tew wɔn ho fi afoforo ho koraa na wotie nnwom a ɛde awerɛhow ne adwenemhaw ba.—Mmebusɛm 18:1.

Osuro a ebinom wɔ sɛ wɔn wofo bewu no nso abu so. Wodi Terri ba koro, na ne maame nso nni kunu. Ná Terri te nisuo bere biara a ne maame bɛkɔ ayaresabea no, efisɛ na osuro sɛ ɔrensan mma bio. Terri ka sɛ: “Ná aka yɛn baanu nkutoo. Ná mempɛ sɛ mɛhwere me yɔnko a medɔ no sen biara no.” Abeawa bi a wɔfrɛ no Martha gye toom saa ara sɛ: “Madi mfe dunwɔtwe de, nanso meda so ara suro sɛ mɛhwere m’awofo. Ɛbɛma mayɛ ankonam dodo.” Ɔhaw afoforo a awofo yare de ba nso ne nnakorokoro, adaeso basabasa, ne sɛ w’anom bɛto.

Nea Wubetumi Ayɛ

Ɛmfa ho sɛnea ebia nneɛma mu yɛ den seesei no, wubetumi agyina ano! Fi ase ne w’awofo nsusuw ehu ne dadwen a wowɔ no ho. Sɛn na wo maame anaa wo papa tebea no mu yɛ den fa? Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ne ho bɛtɔ no? Sɛ ɛkɔba sɛ ne ho antɔ no a, dɛn nhyehyɛe na woayɛ sɛ wode bɛhwɛ no? So biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ daakye wo nso wobɛkɔ tebea a ɛte saa mu wɔ w’asetra mu? Ɛwom sɛ ɛyɛ den ma awofo sɛ wɔbɛka nneɛma a ɛte saa ho asɛm de, nanso sɛ wufi odwo ne obu mu bisa wɔn hɔ mmoa a, wɔbɛyɛ nea wobetumi biara de aboa wo na wɔataa w’akyi.

Ka nkuranhyɛ nsɛm nso. Al kae sɛ wanyɛ saa bere a ohui sɛ kokoram rekum ne maame no. Ɔka sɛ: “Manka sɛnea na medɔ no no ankyerɛ no. Minim sɛ na ɔpɛ sɛ ɔte fi m’ano, nanso sɛ abofra ketewa no, na mefɛre sɛ mɛda nkate a ɛte saa adi akyerɛ no. Bere tiaa bi akyi no owui, na mete afobu nka seesei efisɛ bere a minyaa hokwan no mamfa anni dwuma. Midi eyi ho yaw efisɛ na ɔno ne onipa a ɔsom bo ma me paa.” Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛma w’awofo ahu sɛnea wodɔ wɔn no.

Sɛ ebetumi a, sua wo maame anaa wo papa yare no ho biribi. (Mmebusɛm 18:15) Ebia oduruyɛfo a ɔhwɛ mo abusua no betumi aboa wo wɔ eyi yɛ mu. Ɛho nimdeɛ pii a wubenya no bɛboa wo ma woanya tema, boasetɔ, ne ntease pii. Na ebetumi asiesie wo ama nipaduam nsakrae biara a ebetumi aba wo maame anaa wo papa so te sɛ, atwã, ne ti ho a ebekuku, anaa mmerɛwyɛ.

Wo maame anaa wo papa da ayaresabea anaa? Ɛnde ma wo nsrahwɛ nyɛ nea ɛma anigye ne denhyɛ. Ma wo nkɔmmɔbɔ nyɛ nea anigye wom sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Ɛne no mmɔ wo sukuu dwumadi ne wo Kristofo dwumadi horow ho nkɔmmɔ. (Fa toto Mmebusɛm 25:25 ho.) Sɛ wote baabi a ɛyɛ abusuafo asɛyɛde sɛ wɔma ɔyarefo no aduan yɛ nneɛma foforo ma no a, yɛ wo fam de a wunnwiinwii. Wo ho a wubesiesie no kama no bɛma wo maame anaa wo papa no ani agye na asan ama ayaresabea hɔ adwumayɛfo ne nnuruyɛfo no anya wo ho adwempa. Eyi betumi ama wɔahwɛ no yiye.b

So wo maame anaa wo papa yare da fie? Ɛnde yɛ nea wubetumi biara fa boa wɔ ne hwɛ mu. Tu wo ho si hɔ na nya kyɛfa kɛse wɔ ofie nnwuma mu. Bɔ mmɔden sɛ wubesuasua Yehowa denam wo ho a wode bɛma wɔ ‘ayamye mu a ahohorabɔ biara nnim’ so. (Yakobo 1:5) Bɔ mmɔden biara a wubetumi kwati anwiinwii na nya adwempa.

Ɛda adi sɛ, woda so ara wɔ sukuu dwumadi. Bɔ mmɔden nya bere ma ɛno nso, esiane sɛ wo nhomasua no nso ho da so ara hia nti. Sɛ ebetumi a, nya bere fa gye w’ahome. (Ɔsɛnkafo 4:6) Eyi bɛma woanya ahoɔden foforo na ama woatumi aboa wo maame anaa wo papa yiye. Awiei koraa no, kwati sɛ wobɛtew wo ho. Fa wo ho to mmoa a mfɛfo Kristofo de ma so. (Galatifo 6:2) Terri ka sɛ: “Asafo no bɛyɛɛ m’abusua. Ná mpanyimfo no asiesie wɔn ho bere nyinaa sɛ wɔne me bɛkasa na wɔahyɛ me nkuran. Me werɛ remfi ɛno da.”

Kari a Wobɛkari Pɛ Wɔ Honhom Mu

Nea ɛsen ne nyinaa ne kari a wobɛkari pɛ wɔ honhom mu. Ma w’ani nku honhom fam dwumadi horow te sɛ, Bible adesua, nhyiamkɔ, ne afoforo a wobɛka asɛm no akyerɛ wɔn no ho. (1 Korintofo 15:58) Sɛ eduru akwamma bere a, ná Terri yɛ asɛnka adwuma no kɛse sɛ ɔkwampaefo boafo. Ɔde ka ho sɛ: “Maame hyɛɛ me nkuran bere nyinaa sɛ minsiesie me ho mma nhyiam horow no na menkɔ Ahenni Asa so. Ɛno yɛɛ mfaso maa yɛn baanu nyinaa. Esiane sɛ na ontumi nkɔ nhyiam biara sɛnea ɔpɛ nti, na mewɛn m’aso paa tie nea ɛbɛkɔ so no sɛnea ɛbɛyɛ a metumi aka akyerɛ no akyiri yi. Ná ɔdan me sɛ mɛma no honhom fam aduan sɛ wantumi ankɔ nhyiam a.”

Asɛm bi a ɛwɔ The New York Times mu bɔɔ nsɛm yi mua ma ɛfatae bere a na ɛreka yiyedi ho dwumayɛni bi a “sɛnea mmofra tumi nyin na wodi yiye mpo wɔ akomatu a wɔn awofo yare de ba nyinaa akyi no yɛɛ no nwonwa bere nyinaa” no ho asɛm no. Ɔka sɛ: “Wobenya nimdeɛ bi a na wonnim sɛ wɔwɔ . . . Sɛ wotumi fa eyi mu a, wotumi fa tebea pii mu.”

Wo nso wubetumi afa tebea a ɛyɛ den yi mu. Sɛ nhwɛso no, Terri maame ho ayɛ no den sɛnea ɛsɛ, a seesei otumi hwɛ ne ho. Ebia, bere rekɔ so no, wo maame anaa wo papa nso ho bɛyɛ no den. Nanso mprempren de, mma wo werɛ mmfi sɛ W’adamfo Yehowa a ɔwɔ soro no gyina w’akyi. Ɔno ne “Mpaebɔ tiefo” na obetie wo sufrɛ. (Dwom 65:2) Ɔbɛma wo—ne wo maame anaa wo papa a osuro Nyankopɔn no—“tumi a ɛboro so” na ama moatumi agyina.—2 Korintofo 4:7; Dwom 41:3.

[Ase hɔ nsɛm]

a “Ɔyarefo a Wɔkɔsra No—Ɔkwan a Wobɛfa So Aboa,” a ɛwɔ March 8, 1991, Nyan!, Engiresi de no mu de nyansahyɛ a mfaso wɔ so pii ma.

b Wɔasesa edin no bi.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]

“Sɛ minni fie a, ɛyɛ a me ho ntɔ me, mintumi nhu sɛ ebia Maame ho ye a”

[Kratafa 25 mfonini ahorow]

Wo maame yare no ho ade a wubesua no betumi asiesie wo yiye ma woayɛ boafo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena