“Ɛnyɛ Obiara na Onya Mu Mfaso”
HUMAN Development Report 1998, a ɛyɛ afe afe amanneɛbɔ a UN Nkɔso-dwuma Asoɛe, anaa UNDP, de mae no, twee adwene sii sɛnea wosi tɔ ade wɔ wiase nyinaa a ebi mmae da no so. Ɛdaa no adi sɛ, wɔ wiase nyinaa no, ɛka a wɔbɔ wɔ aguadi a ehia ma ɔmanfo yiyedi ho no boro nea wɔbɔe wɔ 1950 mu no so mpɛn asia ne nea wɔbɔe wɔ 1975 mu mmɔho abien. Nanso ɛmfa ho ɛka kɛse a wɔbɔ wɔ aguade ho no, UNDP kwankyerɛfo panyin, James Gustave Speth, ka sɛ: “Ɛnyɛ obiara na onya mu mfaso.”
Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa mu ɔha mu 20 a ahia wɔn paa no biako nya apataa biako a, nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ɔha mu 20 a wɔanya wɔn ho paa no biako nya ason. Sɛ wiase nnipa ɔha mu 20 a ahia wɔn paa no biako nya mogyanam we a, ɔha mu 20 a wɔanya wɔn ho paa no biako nya mmɔho 11, sɛ ohiani nya anyinam ahoɔden so mfaso a, sikani nya no mmɔho 17, sɛ ohiani nya telefon a, sikani nya no mmɔho 49, sɛ ohiani nya krataa a, sikani nya no mmɔho 77, sɛ ohiani nya kar a, sikani nya no mmɔho 149.
Ɛreka eyinom ho asɛm no, UN Radio kae sɛ nea ɛbɛyɛ na wɔabrɛ asase mu nneɛma a ɛso retew no ase no, ɛsɛ sɛ aman a anya mfiridwuma mu nkɔanim no sesa akwan a wɔfa so bɔ nneɛma ho ka no. Bere koro no ara mu no, ɛsɛ sɛ aman a edi yiye no de wɔn ahonyade no pii boa wiase ahiafo na ama wɔn nso atumi anya asase mu nneɛma so mfaso. Mmoa ahe na ɛho behia?
Owura Speth bu akontaa sɛ, sɛ aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu bɛma mmoa a wɔde ma aman a wohia nkɔso no ayɛ kɛse—fi dɔla ɔpepepem 50 akɔ dɔla ɔpepepem 100 afe biara—a anka ahiafo a wɔwɔ wiase nyinaa benya aduan adi, anya akwahosan, nhomasua, ne dabere. Seesei de wohwɛ a wobɛka sɛ dɔla ɔpepepem 50 no dɔɔso. Nanso, Owura Speth ka sɛ: “Eyi ne sika a wɔsɛe no afe biara wɔ sigaret ho wɔ Europa, na ɛyɛ sika a US sɛe no wɔ mmosa ho nnɛ no fã.”
Enti, ɛda adi sɛ, mmɔden kɛse a yɛbɛbɔ akyɛ nneɛma a ɛwɔ okyinnsoromma yi so pɛpɛɛpɛ no bɛboa kɛse ma ohia buruburoo to atwa. Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi ayɛ yiye? UN panyin bi kae sɛ: “Ade a etwa to koraa a ebetumi ama eyi ayɛ yiye ne koma, adwene, ne suban a yɛbɛsakra no.” Nnipa pii gye eyi tom nanso wohu sɛ ɛmfa ho adwempa a ahyehyɛde ahorow a wɔhyehyɛ mmara nnɛ kura no, wontumi mma nsakrae a ɛtete saa mpo mma, na kampɛsɛ wɔatu su bi te sɛ adifudepɛ ase.
Nanso, wɔ nnipa a adesamma abusua daakye ne yɛn okyinnsoromma yi ho asɛm hia wɔn no fam de, anidaso wɔ hɔ. Ɛyɛ akomatɔyam sɛ wubehu sɛ asase yi Bɔfo no ahyɛ bɔ sɛ obedi onipa haw ahorow ho dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Odwontofo no hyɛɛ nkɔm sɛ: “Asase abɔ n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn. Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow.” (Dwom 67:6; 72:16) Yiw, afei wɔn a wɔte asase so nyinaa benya “mu mfaso”!