Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 2/8 kr. 31
  • Ohia—‘Tebea a Egye Ntɛmpɛ a Wɔmmɔ So’ No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ohia—‘Tebea a Egye Ntɛmpɛ a Wɔmmɔ So’ No
  • Nyan!—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa a Ohia Afa Wɔn Nnommum
    Nyan!—1998
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Ohia Awiei Abɛn
    Nyan!—1998
  • Ɛnkyɛ, Obiara Renni Hia!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 2/8 kr. 31

Ohia—‘Tebea a Egye Ntɛmpɛ a Wɔmmɔ So’ No

ASƐM bi a Amanaman Nkabom no fotufo, Ɔbenfo Mahbub Ul-Haq, kae ne sɛ: “Yɛte tebea a egye ntɛmpɛ a wɔbɔ ho dawuru kɛse te sɛ asase so hyew a ɛreyɛ ne mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a ɛresɛe, ne po a wɔresɛe no ho asɛm pii,” nanso ɔde kaa ho sɛ: “Asase so hyew a ɛreyɛ ne nneɛma foforo a egye ntɛmpɛ a wɔbɔ ho dawuru kɛse nnya nkum obiara [bere a] nneɛma a egye ntɛmpɛ a wɔmmɔ so no rema nnipa pii hwere wɔn nkwa wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu da biara da no.” Ɔbenfo Ul-Haq kaa saa nneɛma a egye ntɛmpɛ a wɔmmɔ so no biako ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ, ohia ne ade a edi awu sen biara.” Ɔkwan bɛn so?

Wɔ nnipa ɔpepepem 1.3 a sika a wodi da biara no yɛ dɔla biako anaa nea ennu saa no fam no, ohia bɛyɛ ade a edi awu kɛse. UN Chronicle nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ afe biara “nneɛma a ohia de ba” kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 18. Dodow yi yɛ hu! Sɛ́ nhwɛso no, susuw “dawuru” a anka wɔbɛbɔ wɔ atesɛm nkrataa mu, bere a ɔkɔm akunkum Australia nnipa bɛyɛ ɔpepem 18 no nyinaa wɔ afe biako mu no ho! Nanso, UN Radio amanneɛbɔ bi kae sɛ wuwu a saa ahiafo ɔpepem pii yi wuwu no yɛ nea “wɔnka ho asɛm ahe biara.” Nokwarem no, eyi yɛ ‘asiane a wɔmmɔ so.’

Nea ɛbɛyɛ na wɔaka ho asɛm no, ananmusifo a wofi aman 117 mu a wɔkɔɔ Wiase Asetram Nkɔso Nhyiam a edi kan koraa a wɔayɛ pɛn no bɔɔ nkɔmmɔ faa akwan a wɔbɛfa so adi wiase haw a ɛne ohia no ho dwuma ho. James Gustave Speth, Amanaman Nkabom Nkɔso Dwumadi no so panyin, no bɔɔ nkae sɛ: “Mfe ɔha aduonum a atwam ni no, wiase tuu nkoayɛ so sa. Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ yetu ɔdodow-hia so sa wɔ wiase nyinaa.” Dɛn nti na n’ani abere ho saa? Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ ohia de “abasamtu ne basabasayɛ reba, na [ɛde] yɛn wiase yi reto asiane mu.”

Nanso, bere a na nhyiamfo no resusuw akwan a wɔbɛfa so ayi ohia afi hɔ ho mpo no, ‘ohia ho dɔn’ bi a na ɛrebu nkokoaa dodow a wɔwo wɔn gu ahiafo mmusua mu da biara da ano no kyerɛe sɛ wiase nyinaa ohia tebea no resɛe koraa. Ɛdɔn a wɔde bɔɔ nhyiambea hɔ no daa no adi sɛ wɔ dapɛn biako a wɔde yɛɛ nhyiam no mu no, bɛyɛ mmofra foforo 600,000 na wɔwoo wɔn kaa ahiafo a wɔn dodow rekɔ soro daa no ho. Bere a nhyiam no baa awiei wɔ da a etwa to no, wodum dɔn no; nanso nokwasɛm ne sɛ, sɛnea Speth kae no, “dɔn no da so yɛ adwuma.” Asɛmmisa a ɛwɔ hɔ seesei ne sɛ, Wɔbɛhwɛ aka ho asɛm?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena