Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 9/8 kr. 31
  • So Mogya a Wɔde Ma Ho Hia Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Mogya a Wɔde Ma Ho Hia Ankasa?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Ɛfata Asiane No?
    Nyan!—1988
  • Dɛn ne Aduruyɛ a Edi Mũ Paa?
    Yɛn Ahenni Som—2007
Nyan!—1999
g99 9/8 kr. 31

So Mogya a Wɔde Ma Ho Hia Ankasa?

ODUYƐFO Ciril Godec a ɔyɛ dwensɔtwaa mu ayaresa ho titrani wɔ Long Island Ayaresabea Kɔlege a ɛwɔ Brooklyn, New York no na obisaa atifi hɔ asɛm no wɔ atesɛm krataa bi mu, November afe a etwaam no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnnɛ, ebia wɔremma kwan sɛ wɔmfa mogya nni dwuma sɛ aduru, efisɛ ɛrennu gyinapɛn a Aduan ne Nnuru Sohwɛ fekuw de asi hɔ no ho. Mogya yɛ nipadua no akwaa, ma enti sɛ wɔma obi mogya a, ɛte sɛ nea wɔama no akwaa foforo pɛpɛɛpɛ.”

Oduyɛfo Godec kae sɛ: “Ansa na wɔde akwaa foforo besi ɔyarefo bi akwaa ananmu no, na wonni hwee a wobetumi ayɛ wɔ ho bio. Esiane sɛ ɔhaw a ɛyɛ hu tumi fi mu ba nti, wodi kan ne ayarefo susuw akwan afoforo a wobetumi afa so asa wɔn yare no nyinaa ho yiye ansa na wɔde akwaa bi asi akwaa ananmu.” Ɛdefa mogya a wɔde ma ho no, ɔde baa awiei sɛ: “Ɛso mfaso sua araa ma enti aduruyɛfo a wɔyɛ oprehyɛn pii apaw sɛ ‘wɔmma mogya,’ a ɛnyɛ sɛ enye mma ayaresa nko, na mmom asɛm a ɛwɔ ho wɔ mmara mu nso nti.”

Ade titiriw a ɛhaw adwene wɔ mogya a wɔde ma ho ne sɛ ama nnipa mpempem pii anya nsanyare a ɛyɛ hu, a AIDS ka ho. Ɛwom sɛ akwan a wɔfa so hwehwɛ mogya mu no atu mpɔn wɔ mmeae pii de, nanso Oduyɛfo Godec kae sɛ: “Asiane betumi afi mogya a ankorankoro a wɔde mogya ma a ɔyare mmoawa wɔ mu nanso wonnya nnuu baabi a wobetumi ahu wɔn no mu aba.”

Oduyɛfo Godec de n’asɛm no reba awiei no, ɔkaa atifi hɔ asɛmti no ho asɛm sɛ: “Bere a nnuruyɛfo ne wɔn a wɔyɛ oprehyɛn te sɛnea mframa a yɛtwe kɔ yɛn mu yɛ adwuma no ase, na wohu sɛ enhia sɛ mogya nkwammoaa dɔɔso sɛnea na wosusuw kan no, ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa wotumi nya biribi a wɔde besi mogya a wɔde ma ananmu. Bɛyɛ afe biako pɛ ni no, na wɔtaa hwere mogya pii wɔ koma ne berɛbo ho oprehyɛn a wɔyɛ de foforo si ananmu no mu araa ma enti na bere nyinaa wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ wonya mogya pii de si ananmu. Ɛnnɛ, wotumi yɛ ne nyinaa a wɔmfa mogya nni dwuma.

“Ebetumi aba sɛ, ɛrenkyɛ biara, wobegyae mogya a wɔde ma koraa. . . . Ɛnyɛ sɛ mogya a wɔde ma bɔ ka na ɛyɛ hu nko; ɛmma ayarefo nnya ayaresa a etu mpɔn a ɛsɛ sɛ wonya no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena