Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 11/8 kr. 8-11
  • Gyidihunu Dɛn Nti na Asiane Wom Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyidihunu Dɛn Nti na Asiane Wom Saa?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛm Bi a na Ɛyɛ Nokware
  • Efi Beae a Ɛyɛ Hu
  • “Akrayɛ” Asuman ne Abosonsom
  • Sɛnea Yebetumi Ahu Nea Ɛbɛba Daakye
  • Daakye a Ɛso Bi Nni a Onyankopɔn De Ahyɛ Bɔ
  • Gyidihunu Dɛn Nti na Agye Nhini Saa?
    Nyan!—1999
  • So Gyidihunu Ahorow Di W’asetra So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nokware Nyamesom Yi Ehu Fi Hɔ Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nkɔsɔnkɔnsɔn No Mu Tetew
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 11/8 kr. 8-11

Gyidihunu Dɛn Nti na Asiane Wom Saa?

SO GYIDIHUNU betumi apira wo? Ebia ebinom bebu wɔn ani agu adwene a ɛte sɛɛ so anaasɛ wobebu asiane a ɛwom no adewa. Nanso, Ɔbenfo Stuart A. Vyse bɔ kɔkɔ wɔ ne nhoma Believing in Magic—The Psychology of Superstition mu sɛ: “Gyidihunu betumi ama obi ayɛ basaa wɔ asetram, sɛ ɔbɔ ka pii wɔ ahonhonsɛmdi ne akɔmfosɛm mu, na ɔkɔ wɔn a wɔkenkan kratasin bi mu nsɛm de hu obi daakye hɔ, anaasɛ gyidihunu amanne ahorow nti obi de ne ho hyɛ kyakyatow a enye mu a.” Sɛ yɛma gyidihunu di yɛn asetra so a ebetumi de ɔhaw kɛse abrɛ yɛn.

Sɛnea yɛahu no, gyidihunu pii ma daakye ho suro a nkurɔfo wɔ no so tew. Nanso, ɛho hia sɛ yehu nsonsonoe a ɛda gyidihunu ne yɛn daakye ho nimdeɛ a ɛfata a yebenya no ntam. Susuw nhwɛso yi ho.

Asɛm Bi a na Ɛyɛ Nokware

Wɔ 1503 mu, bere a Christopher Columbus de asram dodow bi hwehwɛɛ Amerika Mfinimfini fam mpoano hɔ akyi no, otumi de ne hyɛn abien a na aka no baa po no ano baabi, faako a seesei wɔfrɛ hɔ Jamaica supɔw no. Mfiase no, na wɔn a wɔte supɔw no so no ma abɔrehufo a wɔn ho akam no aduan kwa. Nanso, bere kɔɔ so no, suban bɔne a abɔrehufo no daa no adi no maa supɔw no sofo no gyaee aduan a na wɔde ma wɔn no. Ná asɛm no haw adwene, esiane sɛ na ebegye nna kakra ansa na hyɛn foforo aba abɛfa wɔn afi hɔ nti.

Sɛnea asɛm no kyerɛ no, Columbus kɔhwɛɛ ne nhoma a ɛma wotumi hu nea wim tebea bɛyɛ mu hui sɛ ɔsram bɛkyere owia wɔ February 29, 1504 mu. Ogyinaa supɔw no sofo gyidihunu so bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wɔamma ne nkurɔfo no aduan a ɔsram no beduru sum. Supɔw no sofo no buu wɔn ani guu kɔkɔbɔ no so—kosi sɛ ɔsram no duruu sum! Afei, “wɔde agyaadwo ne abooboo fi tokuru biara mu de aduan bɛhyɛɛ ahyɛn no ma.” Wɔmaa abɔrehufo no aduan wɔn nna a na aka no nyinaa.

Supɔw no sofo no buu nea Columbus yɛe no sɛ nkonyaayi bi a edi mu. Nanso na wɔn nsusuwii no yɛ gyidihunu ara kɛkɛ. Nokwarem no, Columbus gyinaa sɛnea asase, ɔsram, ne owia di kyinhyia wɔ ɔkwan a ɛfata so no so na ‘ɔkaa n’asɛm no.’ Nsoromma ho animdefo betumi aka ɔsram a ɛkyere owia ho nsɛm a ɛtete saa pɛpɛɛpɛ bere tenten ansa na asi, na wɔada nsɛm a ɛte saa no adi wɔ kalenda ahorow so. Bio nso, sɛnea ɔsoro abɔde yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ no ma nsoromma ho animdefo tumi hu baabi pɔtee a emu biara wɔ bere biara. Enti, sɛ wɔka bere a ade kye ne bere a ade sa ho asɛm wɔ atesɛm krataa mu a, wugye tom sɛ ɛyɛ nokware.

Enti, Ɔbɔadeɛ Kɛse a ɔbɔɔ ɔsoro nneɛma nyinaa no, ne nea ɔma yehu nsɛm a wɔka fa bere a ɔsram kyere owia, adesae ne adekyee ho no. Nanso akɔmfosɛm, ahonhonsɛmdi, wɔn a wɔhwɛ ahwehwɛ anaa krataasin so ka obi daakye asɛm no fi baabi foforo koraa, efi obi a ɔsɔre tia Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no nkyɛn. Susuw nea yɛkyerɛ no ho.

Efi Beae a Ɛyɛ Hu

Kyerɛw Kronkron no bɔ amanneɛ wɔ Asomafo no Nnwuma 16:16-19 sɛ, “abaawa bi” a na ɔwɔ tete Filipi kurow mu a na ɔwɔ akɔm honhom “de nkɔmhyɛ” maa ne wuranom nyaa wɔn ho pii. Nanso, kyerɛwtohɔ no ka no pefee sɛ, na ne nkɔmhyɛ no mfi Ɔbɔadeɛ a ɔne ade nyinaa so tumfoɔ no, na mmom na efi “adaemone a ɛma wɔhyɛ abosonkɔm” hɔ. Saa nti, bere a ɔsomafo Paulo tuu adaemone no, tumi a na abaawa no de hyɛ nkɔm no fii ne nsa.

Sɛ yehu sɛ nkɔmhyɛ a ɛtete saa no fi adaemone nkyɛn a, ɛma yehu nea enti a Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no kae sɛ: “Mma wonnhu wo mu . . . ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni . . . efisɛ [Yehowa, NW] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa” no. (Deuteronomium 18:10-12) Nokwarem no, Mmara no kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔde ne ho hyɛ nneyɛe a ɛtete saa mu.—Leviticus 19:31; 20:6.

Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ adaemone tumi taa gyidihunu nneyɛe a ɛte sɛ nea empira no akyi. Nanso, Bible no ka sɛ Satan ‘dan ne ho sɛ hann bɔfo.’ (2 Korintofo 11:14) Satan ne n’adaemone a odi wɔn so no betumi ama nneyɛe a asɛm wɔ ho ayɛ te sɛ nea empira, na mfaso wɔ so mpo. Ɛtɔ mmere bi a, wobetumi ayɛ nsɛnkyerɛnne bi ama no abam, de adaadaa wɔn a wohu no ma wɔasusuw sɛ nsɛnkyerɛnne a ɛtete saa no fi Onyankopɔn. (Fa toto Mateo 7:21-23; 2 Tesalonikafo 2:9-12 ho.) Eyi na ɛma yehu nea enti a ɛtɔ mmere bi a wɔn a wɔka sɛ wɔwɔ tumi soronko no hyɛ nkɔm ma no ba mu no.

Nokwarem no, wɔn a wɔka sɛ wɔwɔ tumi soronko bi no mu pii yɛ atoro, ɛyɛ biribi a wɔde daadaa wɔn a wɔn ani nni wɔn ho so de gye wɔn sika kɛkɛ. Nanso, sɛ ɛyɛ atoro anaasɛ biribi foforo no, Satan de ne nyinaa di dwuma yiye na ama nnipa asɔre atia Yehowa, na wɔde fura wɔn ani wɔ “anuonyam asɛmpa” no ho.—2 Korintofo 4:3, 4.

“Akrayɛ” Asuman ne Abosonsom

Na “akrayɛ” asuman ne gyidihunu ahorow a nkurɔfo de bɔ wɔn ho ban na wɔde di nneɛma a esisi wɔ asetram so no nso ɛ? Ɛyɛ asiane a ɛyɛ hu. Nea edi kan no, ɛbɛkyerɛ sɛ tumi a aniwa nhu bi na ɛrekyerɛ nea ɔde ne ho ato gyidihunu so no kwan wɔ asetra mu. Ɛmma omfi nyansa mu nsusuw nneɛma ho, na ɔbɔ hu a mfaso biara nni so.

Nhoma kyerɛwfo bi ka asiane foforo a etumi ba nso ho asɛm. Ɔka sɛ: “Sɛ obi de ne ho to akrayɛ suman so sɛ ɛmmɔ ne ho ban na sɛ edi no huammɔ a, onii no bu afoforo fɔ wɔ nea ato no no ho, sen sɛ anka obegye asodi no ato ne ho so.” (Fa toto Galatifo 6:7 ho.) Anigyesɛm ne sɛ, sɛnkyerɛwfo Ralph Waldo Emerson kae bere bi sɛ: “Wɔn a wonni nimdeɛ pii no na wogye akrayɛ di . . . Wɔn a wɔwɔ nimdeɛ paa no gye di sɛ nea ebesi biara no wɔ nea efi.”

Mpɛn pii no, ɛyɛ nneɛma a ‘esisi a ɛwɔ nea efi no’ na ɛma asiane ba yɛn asetra mu—ɛno ne “bere ne asiane” a ɛto yɛn nyinaa no. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Asiane a esisi no nyɛ “akrayɛ” a enni nnyinaso biara no. Kristofo nim sɛ ɛnyɛ gyidihunu ne ntafoayi suman na ɛma asiane sisi. Sɛ nsɛm a ɛtete saa sisi a, ɛma yɛkae Bible mu nokware yi: “Munnim nea ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne dɛn? Efisɛ moyɛ huruhurow a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera.”—Yakobo 4:14.

Afei nso, nokware Kristofo nim sɛ nkurɔfo taa nya obu soronko ma akrayɛ asuman ne amanne ahorow a egyina gyidihunu so no. Ne saa nti, Kristofo bu nneyɛe a ɛtete saa nyinaa sɛ abosonsom, a Onyankopɔn Asɛm bra pefee.—Exodus 20:4, 5; 1 Yohane 5:21.

Sɛnea Yebetumi Ahu Nea Ɛbɛba Daakye

Eyi nkyerɛ sɛ nea ɛbɛba daakye biara mfa Kristofo ho. Mmom no, ntease wom na ɛho nso hia sɛ yebehu nea ɛbɛba daakye. Sɛ yedi kan hu nea ɛbɛba no a, yebetumi ayɛ ho biribi wɔ ɔkwan pa so, na aboa yɛne yɛn adɔfo nyinaa.

Nanso, ehia ankasa sɛ, yɛhwehwɛ nsɛm a ɛtete sɛɛ fi beae a ɛfata. Odiyifo Yesaia bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nkurɔfo bɛka akyerɛ mo sɛ mummisa asamanfrɛfo ne asumanfo . . . Monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Tie nea Awurade rekyerɛkyerɛ wo no,’ na ‘ntie asamanfrɛfo—nea wɔka no rensi wo yiye.’”—Yesaia 8:19, 20, Today’s English Version.

Onii a obetumi aka daakye ho nokwasɛm akyerɛ yɛn ne Bible no Kyerɛwfo no. (2 Petro 1:19-21) Nhoma a wofi honhom mu kyerɛwee yi kura adanse pii a ɛkyerɛ sɛ nkɔmhyɛ ahorow a efi ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa, hɔ no yɛ nokware—nokwarem no ɛyɛ nokware te sɛnea ɔsoro abɔde a edi akɔneaba a “wɔaka ho nsɛm” wɔ kalenda mu no yɛ nokware no ara pɛ. Sɛ yɛbɛyɛ sɛnea Bible nkɔmhyɛ yɛ nokware turodoo no ho mfatoho a, wo de susuw nhwɛso yi ho. Yɛmfa no sɛ obi a odi mu nnɛ aka nea ɛbɛba mfe 200 a ɛda yɛn anim a ebesi afe 2199 mu ho asɛm. Nea ɔkae no na edidi so yi:

◻ Ɔko kɛse bi bɛsɔre wɔ aman a wonnyaa tumi kɛse na wɔnyɛ atamfo no ntam, na ɛde nsakrae kɛse bɛba.

◻ Wɔde afiri a edi mu bedi dwuma de apae kwan foforo ama asubɔnten kɛse bi asen afa mu.

◻ Ɔbɔ nea obedi nkonim no din—wɔ mfe pii mu mpo ansa na wɔawo no.

◻ Ɔkyrerɛkyerɛ nea awiei koraa no ɛbɛto nea obedi nkogu no mu, na ɔka sɛ nkɔmhyɛ no benya ne mmamu mfehaha pii a ɛreba no mu.

Sɛ saa nkɔmhyɛ yi nyinaa bam a, so ɛremma nkurɔfo nsusuw nneɛma foforo a saa nipa yi aka sɛ ebesisi daakye no ho?

Nea yɛaka ho asɛm seesei no sii ankasa. Bɛyɛ mfe 200 ansa na Mediafo ne Persiafo retu Babilon agu no, Yehowa nam ne diyifo Yesaia so hyɛɛ nkɔm a edi hɔ yi:

◻ Ɔko kɛse bi bɛsɔre wɔ Media ne Persia ne Babilon ntam.—Yesaia 13:17, 19.

◻ Ɔkwan a na wɔbɛfa so ne sɛ wɔbɛma suka bi a ɛde ahobammɔ ma mu nsu ayow. Bio nso, na wɔbɛma apon a ɛdeda kurow no afasu a ɛyɛ den no ho ada mpan.—Yesaia 44:27–45:2.

◻ Nea obedi nkonim no, na wɔbɛfrɛ no Kores—wɔhyɛɛ eyi ho nkɔm bɛyɛ mfe 150 ansa na wɔrewo no.—Yesaia 45:1.

◻ Bere bi akyi no, na Babilon bɛyɛ amanfo pasaa.—Yesaia 13:17-22.

Nkɔmhyɛ yi nyinaa nyaa mmamu. So eyi mma wommɔ mmɔden sɛ wubesusuw nkɔmhyɛ afoforo a Yehowa ahyɛ wɔ N’asɛm mu no ho?

Daakye a Ɛso Bi Nni a Onyankopɔn De Ahyɛ Bɔ

Dɛn na Bible no ka ho asɛm? Bible no hyɛ bɔ sɛ wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no, obiara nni hɔ a obehu amane esiane daakye ho suro nti. Hyɛ nea Onyankopɔn de ahyɛ wɔn a wɔbɛtra ase saa bere no bɔ no nsow: “Obi renyi [me nkurɔfo] hu.”—Mika 4:4.

Bible no san hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn ‘bebue ne nsam ma ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee.’ (Dwom 145:16) So saa bɔhyɛ no mmamu wɔ akyirikyiri? Dabida! Bible no ka siee bere tenten sɛ tebea a yehu no asase so nnɛ no di adanse sɛ yɛwɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri” mu.—2 Timoteo 3:1-5.

Ɛrenkyɛ Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ dɔ no bɛma tebea bɔne yi aba awiei. Ɔbɛma akodi nyinaa, nea ɛde osuro ne amanehunu ba wiase nyinaa agyae. Afei nso, nitan, pɛsɛmenkominya, amumɔyɛ, ne basabasayɛ betwam koraa. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:10, 11.

Nea ɛka nhyira horow a nnipa benya wɔ wiase foforo yi mu ho ne akwahosan pa. Wobeyi owu ne awerɛhow a ɛde ba no mpo afi hɔ. Onyankopɔn ankasa ka sɛ: “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo.”—Adiyisɛm 21:4, 5.

Saa bere no asiane a esisi nnɛ na ɛma nkurɔfo pirapira anaasɛ ekunkum wɔn no biara befi hɔ. Wɔn a wobeyi wɔn hɔ nso ne adaemone ne Satan a wama gyidihunu ho suro ne atorodi aba no. Saa nokwasɛm a ɛyɛ anigye yi nyinaa wɔ Bible no mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

Gyidihunu ne ahonhomsɛmdi wɔ abusuabɔ kɛse

[Asɛm Fibea]

Ɔbea a ɔda ahwehwɛ bo mu mfonini no nkutoo na ɛnka ho: Les Wies/Tony Stone Mfonini

[Kratafa 10 mfonini]

Gyidihunu befi hɔ wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena