Nkɔsɔnkɔnsɔn No Mu Tetew
ƐKAME AYƐ sɛ asase so baabiara no gyidihunu di nnipa pii asetra so. Bere a Atɔefamfo pii gye di sɛ ɔpɔnkɔ mpaboa a wɔde dade yɛ anaasɛ adanko nan bɛbɔ wɔn ho ban no, Abibifo pii de nsɛbɛ toto wɔn kɔn mu na abɔ wɔn ho ban afi ahonhommɔne ho. Ade koro no ara nti, wɔde ahobammɔ hama kyekyere mmofra a wɔawo wɔn foforo nsa. Mmusua bi gye di sɛ kontromfi dompe a wɔde bɛsɛn saa hama yi so no bɛma abofra yi ayɛ kɛse na ne ho ayɛ den.
Wɔn a wɔtete nsu ho gye di sɛ biribi a wɔfrɛ no Mami Wata wɔ Central African Republic wɔ hɔ. Wɔkyerɛ sɛ eyinom wɔ ti nhwi kɔkɔɔ tenteenten, na wogye di sɛ wɔdaadaa nkurɔfo ma wɔbɛn nsu no ano sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi akyere wɔn de wɔn ahyɛ nsu no ase. Ebinom de saa gyidi yi di dwuma. Wɔde afɔrebɔde ahorow gu nsu no mu de hyɛ Mami Wata no nkuran sɛ ɔnkyere wɔn tamfo bere biara a ɔbɛba nsu no ano.
Obi a ne ho hia wɔ Abibifo gyidi horow mu ne ɔkɔmfo ne osumanni. Ɔkɔmfo anaa ɔbosomfo no tow serewa de hwɛ nea ɛbɛba daakye. Osumanni de ɔdɔ aduru ma de kanyan aware mu ɔhokafo dɔ a ano rebrɛ ase. Sɛ ɔsraman pae si baabi a ɛbɛn a, wosusuw sɛ ebia obi a wo ne no agye akyinnye na wabɔ osumanni bi paa sɛ ɔmmoa no mma onkum wo. Ebinom gye di sɛ asumanfo tumi ma mmarima dan mmea na mmea nso dan mmarima, na wotumi ma nnipa mpo dan mmoa!
Wɔn a wogye nneɛma hunu di no fam no, nneɛma a ɛyɛ akwanhyia ara kwa mpo yɛ ade a ɛyɛ hu. Sɛ ɔwɔ anaa ɔbosomaketew twam wɔ w’anim a, ɛsɛ sɛ wokɔ fie ntɛm ansa na asɛm bɔne bi asi. Sɛ anomaa bi tu bɛhyɛ wo dan mu a, ná obi rebewu wɔ hɔ. Sɛ akraman bobom mmoroso anadwo a, ná obi rebewu, anaasɛ obi awu saa bere no.
Wɔ nnipa a wɔasua nhoma wɔ Afrika ne wiase yi afã afoforo fam no, ebia gyidi a ɛtete saa bɛyɛ te sɛ nea nyansa nni mu. Na nnipa a wɔasua nhoma a wɔbɔ mmɔden kwati antweri ase a wɔbɛfa, a wotwa akwantu a ɛho nhia kɛse mu Fida a ɛyɛ bosome no da a ɛto so dumiɛnsa, wɔto nsa frɛ obi foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentra akongua a ɛto so dumiɛnsa no so wɔ adidi ase, anaasɛ wɔhwɛ nea wɔn nsoromma ka wɔ anɔpa atesɛm krataa mu no nso ɛ? So gyidihunu nkyekyeree wɔn nso anaa?
Nanso, dɛn ne gyidihunu? Na dɛn na ɛma etumi di nkurɔfo so?
Nea Wonnim Ho Hu
Wɔkyerɛ gyidihunu ase sɛ “gyidi anaasɛ adeyɛ a efi nimdeɛ a wonni, nea wonnim ho hu, nkonyaa anaasɛ nyankonne mu ahotoso mu.” Edi nkurɔfo so bere tenten a wonnim na wogye di no. Sɛ obi a ogye nneɛma a ɛtete saa di no nya nimdeɛ ankasa na ohu nyansa a enni ne gyidi horow no mu no a, tumi a gyidihunu wɔ wɔ ne so no fi hɔ. Nimdeɛ a etumi bɔ gyidihunu gu fibea a eye sen biara ne Bible.
Wawa huu eyi. Bere a ohuu sɛnea awufo tebea te ankasa no, suro a na osuro no fii hɔ. Ogyaee nneɛma a na gyidihunu hwehwɛ sɛ ɔyɛ no, na hwee anyɛ no. Mprempren onim sɛ na saa hu a egyina gyidihunu so no ho nhia.
Abibifo pii anya osuahu a ɛte saa ara. Bere a wɔkenkan fi Bible mu sɛ Onyankopɔn bɔɔ aboa biara “sɛnea ne su te” no, wohu sɛ ɛrentumi mma sɛ Mami Wata, a ne fã yɛ apataa na ne fã yɛ onipa, wɔ hɔ. (Genesis 1:20-27) Afei nso, ɔpofoni biara nyii abɔde bi a ɛte saa wɔ n’asawu mu mfa nkyerɛe. Saa ara nso na wohu sɛ osumanni rentumi mma onipa nnan ɔsebɔ anaasɛ ɔdɛnkyɛm, esiane sɛ ɛsono sɛnea wɔn mu biara “su te” nti
Bible no frɛ mmoa nso sɛ abɔde a “wonni adwene.” (2 Petro 2:12) Enti ɛbɛyɛ dɛn na anomaa anaa ɔkraman ahu sɛ obi rebewu? Anaa, ɛbɛyɛ dɛn na ɔwɔ anaa ɔbosomaketew (anaasɛ agyinamoa tuntum, wɔ Europa) de mmusu aba obi a ɔfa n’anim no so? Nokwarem no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔmfo atumi akyerɛ nea ɛbɛba daakye bere a Bible se Onyankopɔn nkutoo na onim nea ɛbɛba daakye? (Yesaia 44:6-8) Ntease ka kyerɛ yɛn sɛ wɔrentumi nyɛ saa, sɛnea nsoromma ne okyinsoromma ahorow, a wɔwɔ akyirikyiri akwansin ɔpepepem pii no rentumi nka wɔn a wogye nsoromma-mu-hwɛ di wɔ asase so ha no asetra no.
‘Nanso,’ ebia ebinom bɛka sɛ, ‘ɔwɔ twaam wɔ m’anim, na nnanu akyi no me nua panyin ba yaree!’ Ampa, ɛno betumi aba. Nanso, wɔn a wɔn mma yare nanso wonhu awɔ anaasɛ abosomaketew no nso ɛ? Na wɔn a wohu saa mmoa yi nanso asɛm biara nto wɔn bere tiaa bi akyi no nso ɛ? Ɛreka nneɛma ahorow a nnipa hyia ho asɛm no, Bible se: “Bere ne akwanhyia to wɔn nyinaa.” (Ɔsɛnkafo 9:11, Revised Standard Version) Yiw, nneɛma betumi aba mpofirim ara. Esiane sɛ obi wɔ beae bi wɔ bere bɔne bi mu nti, ebia obepira wɔ ahum mu. Nyarewa ne asiane ahorow nyɛ nea ɔtamfo bi dwumadi na ɛsɛ sɛ ɛde ba. Pii rehu eyi, na mprempren ehu a egyina gyidihunu so nyɛ nea edi wɔn asetra so bio
Nkonyaayi Mu Gyidi
Nanso, nneɛma hunu a wogye di fã bi wɔ hɔ a yentumi mmu ani ngu so. Ɛtɔ da bi a ɛte sɛ nea tumi bi a ano yɛ den wɔ mu—ebia ebinom bɛfrɛ no nkonyaa—ɛno kɔ akyiri sen akwanhyia anaasɛ biribi a ɛba mpofirim ara kwa. Wɔ Atɔefam no nkurɔfo nim sɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa tumi ba wɔ ahonhonsɛmdi guabɔ ase. Aberante bi kaa osuahu a onyae wɔ Ouija board ho. Ɔkae sɛ na ɔne ne nnamfonom te ho rehwɛ nea ɛbɛba, bere a biribi tow no fii agua a ɔte so no so de no kodwiraa fasu no wɔ dan no mu.
Wɔ Afrika no wɔbɔ nneɛma a ɛyɛ nwonwa ho amanneɛ nso. Nkurɔfo ka sɛ wɔahu ɔbea bi a ne fã yɛ apataa a ɔreto nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra nsu no mu. Anaasɛ wɔte amanneɛbɔ ahorow a ɛfa mmoa a wɔkasa na wɔka sɛ bere bi a atwam no na wɔyɛ nnipa ho asɛm. Anaasɛ ɛte sɛ nea nyarewa ahorow bi ba esiane osumanni bi nneyɛe nti. Yebetumi akyerɛkyerɛ eyi mu dɛn?
Nneɛma bi a ɛyɛ nwonwa sisi ampa, na Bible no ma yehu nea enti. Ɛha nso nimdeɛ ne ɔkwan a wɔnam so tetew gyidihunu nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu. Sɛnea Bible kyerɛ no, ahonhommɔne dɔm wɔ hɔ a wɔbɛpɛ sɛ wɔdaadaa yɛn. Nanso, wɔnyɛ awufo no ahonhom. Na obi betumi ako atia wɔn tumi no.
Nea edi kan koraa no, henanom anaasɛ dɛn ne saa ahonhom yi? Bible mu no wɔfrɛ wɔn adaemone, na wɔn mu titiriw ne Satan? Ɛnsɛ sɛ yedi wɔ a wɔwɔ hɔ no ho fɛw. Ná Yesu ankasa nim wɔn. Ɛhe na wofi bae? Bible da no adi sɛ na wɔyɛ Onyankopɔn abɔfo a wɔtew atua na wɔbɛyɛɛ asɔretiafo.—Mateo 12:26-28; 2 Petro 2:4.
Bible no ka nso sɛ Satan ‘redaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔde gyidihunu kyekyere nkurɔfo. So otumi yɛ anwonwade na ɔde adaadaa wɔn anaa? Yiw, otumi yɛ saa. Sɛ nhwɛso no, Bible no se ‘obi a onni mmara no ba nam Satan adwumayɛ so, atoro tumi ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiride nyinaa mu ne nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔreyera no mu.”—2 Tesalonikafo 2:9, 10.
Enti, sɛ ɛte sɛ nea anwonwade bi kɔ so a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛnam Satan ne n’adaemone no tumi so. Ampa, Satan wɔ tumi sen ɔdesani biara. Nanso yɛn ade nyɛ mmɔbɔ, efisɛ Onyankopɔn wɔ tumi kɛse sen Satan, na wayɛ sɛ ɔbɛboa yɛn, sɛ yɛpɛ a.
Bible kyerɛwfo Yakobo kae sɛ: “Momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase, munsiw Ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.” (Yakobo 4:7) Wawa ne nnipa afoforo pii agye saa ɔfrɛ yi so. Bere a wɔagye nokware a efi Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu no atom na wɔadi Onyankopɔn ahyɛde a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ho atom no, wohu sɛ Satan gyidihunu nni wɔn asetra so tumi. Wɔade wɔn ho afi kan nneɛma horow a anka wosuro no ho
Ne saa nti wɔayiyi nsɛbɛ a na anka egugu wɔn kɔn mu ne ahobammɔ nhama a na wɔde atoto wɔn mma nsa no na wɔahyew saa nneɛma yi. Wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ gyidihunu mu amanne horow a wɔyɛ sɛ wɔde rehyɛ awufo ahonhom anuonyam no mu; na wonsuro nea asumanfo yɛ nso. Wɔtwe wɔn ho fi nneɛma bɔne te sɛ ahohwibɔ ne basabasayɛ ho.
So saa nnipa yi ahu amane esiane saa akokoduru adeyɛ yi nti? Dabida! Yesu hyɛɛ n’asuafo bɔ sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yohane 8:31, 32) Bɔne nni saa nkurɔfo yi so tumi bio. Onyankopɔn bɔ wɔn ho ban fi adaemone dwumadi biara ho, na nimdeɛ foforo a wɔanya no da fata a nneɛma ahorow a na anka wogye di mfata no adi. Nokware abubu wɔn mpokyerɛ no!
Ahofadi a ɛte saa wɔ hɔ ma wɔn a wɔpɛ nyinaa. Sɛ wobɛpɛ sɛ wode wo ho fi ehu ho sɛnea Wawa ayɛ mprempren no a, Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo sɛnea wɔboaa no no.