Gyidihunu Nkɔnsɔnkɔnsɔn No
SO WUGYE nneɛma hunu di? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nkutoo. Obi a ɔyɛ nhwehwɛmu huu gyidihunu ahorow bɛboro mpem ahan wɔ wiase nyinaa. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ahɔhodan ahorow pii nni aborosan a ɛto so dumiɛnsa, anaasɛ nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wobekwati antweri ase nantew anaasɛ wɔremma agyinamoa tuntum mfa wɔn anim no da gyidihunu a ɛwɔ Atɔefam wiase no mu adi. Gyidihunu nkɛntɛnso bɔne koro no ara da adi wɔ Afrika, sɛnea osuahu a edi so yi kyerɛ no.
Bɛyɛ mfe aduonu a atwam ni no Wawa kunu wui bere a wayare bere tenteenten akyi no. Nnansa a edi ne wu no akyi no, Wawa daa fam wɔ ne wupa no anim sui na otwaa agyaadwo, bere a nnipa pii a na wɔn nso resu na wɔretwa agyaadwo, wɔresaw na wɔrenom nsa, ne no sii pɛ maa nea wawu no. Wɔn a wobegyam wɔn no pii de wɔn ho hyɛɛ ayiyɛ no mu araa ma wɔhweree nna ne adwuma. Dɛn ntia? Na wɔpɛ sɛ wɔma ɔbarima a wawu no honhom ne n’abusuafo hu sɛ wɔyɛ ne nnamfo.
Awufo Ho Hu A Wɔde Tra Ase
Da a ɛto so abiɛsa no wɔde amu no kɔɔ asiei, na obiara dii akyi. Wɔde adaka no sii amoa no mu na wototoo abo ne dɔte guu so. Dɛn ntia? Wawa se: “Na wɔne me kunu honhom redi nkra.” Afei, ansa na wɔrekata ɔdamoa no so no, Wawa kaa ntam wɔ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anim sɛ wadi ne kunu nokware bere nyinaa. Ɔkae sɛ: “Sɛ ɛnte saa a, ne honhom nkum me.” Efi saa bere yi rekɔ no na ne kunu a wawu no honhom ho hu na ebedi Wawa asetra so.
Ne kunu abusuafo kɔɔ so ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ biribi kirikiri [“basabasa,” wɔ Sango kasa mu] a, ne honhom bɛsan aba abekum wo.” Sɛnea ɛbɛyɛ na wada no adi sɛ na ɔdɔ ne kunu yiye no, wanhyɛ da anguare bɛyɛ asram abiɛsa, ofurafuraa ntama hunu bi ara kwa na ɔde kɛtɛ sɛɛ fam daa so. Wawa gye dii sɛ na ne kunu a wawu no rehwɛ biribiara a ɔyɛ. Ɛte sɛ nea ɔbarima a na anka ɔdɔ no no abɛyɛ ne tamfo kɛse.
Mmusua bi hwehwɛ sɛ okunafo no kura sekan bi bere nyinaa a ɔde bɛpam ne kunu a wawu no honhom. Sɛ ɔsɔ ogya a ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ mu esiane suro a osuro sɛ obehu no wɔ mu nti. Ɔsɔre anɔpa nnɔn abiɛsa anaa nnɔnnan biara su de kyerɛ sɛ ɔda so dɔ no. Na aduan biara a obedi no odi kan ma no bi denam tĩ a otĩ bi to fam no so.
Asram abiɛsa awiei no ɔbarima no abusuafo de Wawa kɔɔ asubɔnten a ɛbɛn hɔ no ho na wɔde no kɔtoo nsu no mu. Ná eyi kyerɛ sɛ, esiane sɛ wayɛ ayi no sɛnea ɛfata nti, wade ne ho afi ahonhommɔne biara ho. Ebinom se eyi kyerɛ nso sɛ onnim ne kunu wu no ho hwee.
Nanso Dɛn Nti Na Owui?
Wɔ nnipa pii a wɔwɔ wiase no fã yi adwene mu no, obiara nwu kwa. Obiara a obewu no yɛ nea ɔdesani anaa honhom bi na ekum no. Enti nsenom ammoa no wɔ n’amanehunu no mu. Ne kunu wu no akyi pɛɛ no, ne kunu nua kuma teɛɛm ka kyerɛɛ no sɛ: “Womaa no aduru sɛnea ɛbɛyɛ na wadɔ wo, nanso womaa emu yɛɛ den dodo na ekum no!” Afoforo ka kyerɛɛ no sɛ: “Wode wo bayie akum no.”
Bere a “woguaree no” ɔsram a ɛto so abiɛsa no akyi no, haw a wɔhaw no no kɔɔ anim. Wɔhyɛɛ no bere nyinaa sɛ ɔmma wɔn sika, aduan anaasɛ nsã. Wawa a n’ade yɛ mmɔbɔ no kaa no ne tirim sɛ: “Me mmom na ahia me. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so de saa nneɛma yi kɔma me kunu abusuafo?” Nanso, na ɔrentumi mpow, esiane suro a osuro ne kunu honhom nti.
Awiei koraa no, mfirihyia abien a na ehu ahyɛ mu ma akyi no, Wawa kunayɛ bere no baa awiei. Wɔde hokwan maa no sɛ ɔnware ne kunu nua panyin, ne afei ne nuanom nkumaa no mu biara a ɔpɛ. Bere a wampɛ sɛ ɔbɛware wɔn mu biara no, afei na ɔwɔ hokwan sɛ ɔsan kɔ n’ankasa n’abusuafo nkyɛn. Nanso, ɛno mpo, Wawa gye dii sɛ na ne kunu a wawu no rehwehwɛ biribi a ɔbɛfa so ahaw no.
Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ na nneɛma a Wawa suro no nyinaa yɛ nea enni nnyinaso ankasa. “Awufo honhom” biara nni hɔ a ɛbɛsan aba abɛhaw wɔn adɔfo. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ awufo no ‘sian kɔ kommyɛ mu.’ Nokwarem no, awufo de “wonnim biribiara, . . . Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw.”—Dwom 115:17; Ɔsɛnkafo 9:5, 6.
Nea ɛyɛ anigye no, Wawa abehu eyi. Afei de onim sɛ ne suro a emu yɛ den no yɛ nea ntease nni mu, ɛyɛ gyidihunu ne nea enni nnyinaso. Nanso nnipa ɔpepem pii da so wɔ osuro a ɛte saa. Dɛn ntia? Dɛn na ɛkyekyere nkurɔfo fam gyidihunu ho? So wobetumi atetew saa nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
Wawa kunu wui okyi no, ne nua kumaa teɛɛm ka kyerɛɛ no sɛ: “Womaa no aduru sɛnea ɛbɛyɛ na wadɔ wo, nanso womaa emu yɛɛ den dodo na ekum no!”
[Kratafa 4 adaka]
“Nnipa mma hyɛbea ne mmoa hyɛbea sɛ, na hyɛbea koro, da hɔ ma wɔn: sɛ oyi wu te no, sɛ oyi wu te ne no, na honhom biako na wɔn nyinaa wɔ, na ɔkyɛn a onipa bɛkyɛn aboa nni hɔ, na ne nyinaa yɛ ahuhude. Ade nyinaa kɔ faako, ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu.”—Ɔsɛnkafo 3:19, 20.