Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 1/8 kr. 28-29
  • Amanne Ahorow a Agye Din Ho Adwene a Ɛkari Pɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amanne Ahorow a Agye Din Ho Adwene a Ɛkari Pɛ
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Amanne?
  • Kristofo Adwene Wɔ Amanne Ahorow Ho
  • Susuw Adwene a Afoforo Kura Ho
  • Amammerɛ ne Kristofo Nnyinasosɛm Ahorow—So Ehyia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Hwɛ Yiye Wɔ Amanne a Ɛnsɔ Onyankopɔn Ani Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ko Tia Amammerɛ Bɔne!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 1/8 kr. 28-29

Bible No Adwene

Amanne Ahorow a Agye Din Ho Adwene a Ɛkari Pɛ

“BIRIBIARA A WOBƐYƐ NO WƆBƐKA HO ASƐM, NA ƐTƆ DA NSO A WOBEBU NO SƐ ƐFATA.”

ASƐM a ɛte saa na Irelandni abakɔsɛm kyerɛwfo William Lecky ka de kyerɛɛ sɛ nnipa nni nneɛma ho adwene a ɛkari pɛ. Yebetumi aka sɛ nea ɔkae no nso fa amanne ne amammerɛ ahorow a akɔ so bere tenteenten no ho. Nokwarem no, nneyɛe horow bi a na anka wobu no sɛ ɛho hia wɔ asetra mu no yɛ nea akyiri yi wɔkasa tiae. Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ sɛnea Kristoni ɔsomafo Paulo kae no, “wiase su resakra.”—1 Korintofo 7:31, NW.

Yiw, adesamma abusua no nhu nea wɔnyɛ koraa. Eyi da adi kɛse wɔ abrabɔ ne nneyɛe a ɛsakra ntɛmntɛm no mu. Ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ ‘wiase yi fã’—kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi adesamma abusua a awae afi Onyankopɔn ho no ho. Nanso, Bible no gye tom sɛ Kristofo te ‘wiase no mu,’ na ɛnhwehwɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi nnipa mu. Ɛno nti, ɛho hia sɛ yenya adwene a ɛkari pɛ wɔ amanne ahorow ho.—Yohane 17:11,14-16; 2 Korintofo 6:14-17; Efesofo 4:17-19; 2 Petro 2:20.

Dɛn Ne Amanne?

Amanne yɛ asetram nneyɛe pɔtee bi a nnipakuw bi de wɔn ho hyem. Ebetumi aba sɛ nea enti a wonyaa amanne ahorow te sɛ adidi ho akwankyerɛ ne sɛ ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade sɛnea ɛsɛ wɔ obu mu bere a wɔwɔ nnipa mu no. Ɛha yi no, yebetumi de su a ɛtete saa no atoto ngo a wɔde gugu afiri mu ho, efisɛ etumi ma nnipa ntam abusuabɔ yɛ papa.

Nyamesom anya amanne ahorow so nkɛntɛnso kɛse. Nokwarem no, amanne yi mu pii fi tete gyidihunu ne nyamesom nkyerɛkyerɛ a ennyina Bible so mu. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ nhwiren a wɔde ma wɔn a wɔn nipa bi awu a wɔredi awerɛhow no fi nyamesom gyidihunu mu.a Bio nso, wɔkyerɛ sɛ adwene a ɛwɔ kɔla bruu—a na wɔtaa de gyina hɔ ma mmabarima no—akyi ne sɛ ɛbɛpam adaemone. Na nkurɔfo keka wɔn ani ntɔn ne wɔn ani ase na wɔde abɔ wɔn ho ban afi mmusu ho, na na mmea keka wɔn ano sɛnea ɛbɛyɛ a adaemone ntumi mfa wɔn anum nkɔhyɛn wɔn mu. Saa ara nso na ebetumi aba sɛ adeyɛ a mfomso biara nni ho a ɛne obi ano a ɔkata bere a ɔrehram no fi adwene a ɛne sɛ sɛ wankata n’ano a ne kra bɛfa n’ano a wabue no mu afi no. Nanso, abusuabɔ a ɛne nyamesom wɔ no afi hɔ dedaada, ma nnɛ nneyɛe ne amanne ahorow yi nni nyamesom mu nnyinaso biara.

Kristofo Adwene Wɔ Amanne Ahorow Ho

Sɛ ɛho behia sɛ Kristoni bi si gyinae sɛ obedi amanne bi so a, ade titiriw a ɛsɛ sɛ osusuw ho ne eyi, Dɛn ne Onyankopɔn adwene a wɔada no adi wɔ Bible no mu? Bere bi a atwam no, Onyankopɔn kasa tiaa nneyɛe ahorow bi a na aman bi yɛ no. Eyinom mu bi ne mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre, mogya a wɔde di dwuma wɔ kwammɔne so, ne nna mu nneyɛe ahorow. (Leviticus 17:13, 14; 18:1-30; Deuteronomium 18:10) Saa ara nso na ɛda adi sɛ, amanne ahorow a abu so nnɛ no binom ne Bible nnyinasosɛm ahorow nhyia. Eyinom mu bi ne nyamesom nnapɔnna a ennyina Bible so te sɛ Buronya ne Easter anaa gyidihunu ahorow a egyina ahonhonsɛmdi so no.

Na amanne ahorow a na anka asɛm wɔ ho nanso ɛnnɛ wobu no sɛ asetram adeyɛ no nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ ayeforohyia ho amanne ahorow pii a agye din—a pɛtea a awarefo no de hyehyɛ wɔn mu biara nsa ne ayeforohyia keeki ka ho—fi abosonsom mu. Eyi kyerɛ sɛ Kristofo nni ho kwan sɛ wodi amanne a ɛtete saa so? So ɛsɛ sɛ Kristofo hwehwɛ ɔman a wɔte mu no amanne biara mu pɛpɛɛpɛ hu sɛ ebia bere bi a atwam no na amanne a ɛtete saa no gyina abosonsom so?

Paulo da no adi pefee sɛ “nea [Yehowa, NW] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17; Yakobo 1:25) Onyankopɔn mpɛ sɛ yɛde ahofadi yi bedi dwuma wɔ ɔkwan a yɛn ankasa pɛ so, na mmom sɛ yɛbɛda nhumu adi na yɛatumi ahu papa ne bɔne. (Galatifo 5:13; Hebrifo 5:14; 1 Petro 2:16) Enti, Yehowa Adansefo nhyɛ mmara katee wɔ nsɛm a ɛnto Bible nnyinasosɛm biara ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ Kristoni biara susuw tebea bi a wakɔ mu ho yiye na ɔno ankasa si ho gyinae.

Susuw Adwene a Afoforo Kura Ho

So eyi kyerɛ sɛ ɛyɛ papa bere biara sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ amanne ahorow mu bere dodow a ɛne Bible nkyerɛkyerɛ mmɔ abira no? Dabi. (Galatifo 5:13) Paulo kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni hwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de ‘na mmom nea eye ma nnipa pii.’ Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ‘biribiara de hyɛ Onyankopɔn anuonyam’ na ɛnsɛ sɛ ɔto afoforo hintidua. (1 Korintofo 10:31-33) Enti ɛsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ onya Onyankopɔn anim dom no bisa ne ho sɛ: ‘Afoforo bu amanne yi dɛn? So ɔmanfo no de ntease bi a ɛmfata abata ho? So me ho a mede hyem no kyerɛ sɛ mepene nneyɛe anaa adwene a Onyankopɔn ani nnye ho so?’—1 Korintofo 9:19, 23; 10:23, 24.

Ɛwom sɛ ebia amanne ahorow bi a wodi akyi wɔ mo mpɔtam hɔ ho nni asɛm de nanso wobetumi de adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia so. Sɛ nhwɛso no, ɛtɔ mmere bi a, nhwiren a wɔde ma no betumi akyerɛ biribi pɔtee a ɛne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni bi ma ɛho hia no kɛse? Ɛwom sɛ ebia ntease wom sɛ yɛbɛhwehwɛ baabi a amanne pɔtee bi fi de, nanso ɛtɔ da a, ɛho behia kɛse sɛ yesusuw sɛnea amanne no kyerɛ ma nkurɔfo saa bere no ne sɛnea ɛkyerɛ wɔ faako a yɛte mprempren no ho. Sɛ amanne bi ne Kyerɛwnsɛm no nhyia anaasɛ adwene a wokura wɔ ho nteɛ wɔ bere pɔtee bi anaa tebea horow bi mu a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ Kristofo mfa wɔn ho nhyem saa bere no.

Paulo bɔɔ mpae srɛe sɛ Kristofo bɛma wɔn dɔ akɔ so aboro so ara wɔ nimdeɛ ne ntease nyinaa mu. Ɛdenam adwene a ɛkari pɛ a Kristofo benya wɔ amanne horow a agye din ho so no, wɔkyerɛ sɛ ‘wɔaso nneɛma a eye koraa no ahwɛ na wɔayɛ kurennyenn ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu.’ (Filipifo 1:9, 10) Bere koro no ara mu no, wɔma ‘nnipa nyinaa hunu wɔn dwo.’—Filipifo 4:5.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛnea nnipa asetra ho animdefo bi kyerɛ no, ɛtɔ mmere bi a, na wɔde nhwiren a wɔde ma no pata awufo na amma wɔanhaw ateasefo.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]

Adwene a na wokura wɔ tete amanne ahorow bi ho te sɛ obi ano a ɔkata bere a ɔrehram ne nhwiren a wɔde ma obi a ne biribi awu no nte saa bio

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena