Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 10/1 kr. 19-23
  • Amammerɛ ne Kristofo Nnyinasosɛm Ahorow—So Ehyia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amammerɛ ne Kristofo Nnyinasosɛm Ahorow—So Ehyia?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmeae a Nneɛma Mu Da Hɔ Pefee
  • Na Amammerɛ Ahorow a Ɛnsɛe Hwee Nso Ɛ?
  • Bere a Amammerɛ no Siw Honhom Fam Nkɔso Kwan
  • Nea Ɔmamfo Pɛ a Yebesusuw Ho
  • Hwɛ Yiye na Woanyɛ Ade Antra So!
  • Amammerɛ Wɔ N’afã
  • Amanne Ahorow a Agye Din Ho Adwene a Ɛkari Pɛ
    Nyan!—2000
  • Hwɛ Yiye Wɔ Amanne a Ɛnsɔ Onyankopɔn Ani Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • So Asaw Nyɛ Anigyede Ara Kwa A Mfomso Biara Nni Ho?
    Nyan!—1984
  • Mmeae a Mmabun Kɔsaw Nso Ɛ?
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 10/1 kr. 19-23

Amammerɛ ne Kristofo Nnyinasosɛm Ahorow—So Ehyia?

WƆMAA Stephen, Ɔdansefo bi a ofi Europa Atifi fam no dwumadi wɔ Afrika man bi mu sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Bere bi a ɔne onua bi a ofi kurom hɔ retu mpase wɔ abɔnten so no, ne ho dwiriw no sɛ onua no soo ne nsa.

Ná Stephen ntee bi da sɛ mmarima baanu nam nnipa pii mu wɔ abɔnten so na wɔasuso wɔn nsa. Wɔ ne man mu no, sɛ mmarima bi yɛ saa a, wosusuw sɛ wɔne wɔn ho da. (Romafo 1:27) Nanso, wɔ yɛn nua Afrikani no fam no, so a osoo ne nsa no kyerɛ sɛ wɔyɛ nnamfo pa. Sɛ ogye ne nsa a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔmpɛ no adamfo.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amammerɛ mu nsonsonoe yɛ yɛn asɛnhia? Nea edi kan koraa a enti ɛte saa ne sɛ Yehowa nkurɔfo ayɛ krado sɛ wobedi wɔn soro ahyɛde a ese ‘wɔnyɛ amanaman nyinaa asuafo’ no so. (Mateo 28:19) Nea ɛbɛma ebinom atumi ayɛ saa adwuma yi no, wɔatu akɔtra baabi a wohia asomfo pii akɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Sɛ ebesi wɔn yiye wɔ wɔn atrae foforo no a, ɛsɛ sɛ wɔte amammerɛ soronko a wɔkɔto no ase na wɔyɛ wɔn ade ma ɛne no hyia. Ɛno bɛma wɔatumi ne wɔn nuanom mmarima ne mmea abom de biakoyɛ ayɛ adwuma, na bere koro no ara nso wɔatu mpɔn kɛse wɔ baguam som adwuma no mu.

Afei nso, wɔ basabasayɛ wiase yi mu no, amammuisɛm ne sikasɛm ama nnipa pii aguan afi wɔn man a basabasayɛ wom mu akɔtra aman foforo mu. Enti nea ebetumi aba ne sɛ bere a yɛreka asɛm no kyerɛ yɛn afipamfo foforo yi no, amammerɛ afoforo ba yɛn akwan mu. (Mateo 22:39) Sɛ yɛkɔ baabi a wɔfa akwan soronko so yɛ wɔn ade foforo a, amammerɛ foforo no betumi ama yɛn adwene atu afra.

Mmeae a Nneɛma Mu Da Hɔ Pefee

Nnipa asetra nkɔ nnya amammerɛ hɔ. Enti hwɛ ɔbrɛgu ara a ɛbɛyɛ sɛ obi bɛyɛ ne ho “ɔtreneeni bebrebe,” ahwehwɛ amammerɛ ketewa biara mu ahwɛ sɛ ebia ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia anaa!—Ɔsɛnkafo 7:16.

Nanso ɛho hia sɛ yehu amammerɛ ahorow a ɛda adi pefee sɛ ɛne Nyankopɔn nnyinasosɛm ahorow nhyia no. Eyi yɛ ntaa nyɛ den, efisɛ yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no wɔ hɔ a yebetumi de ‘ateɛteɛ nneɛma.’ (2 Timoteo 3:16) Sɛ nhwɛso no, amammerɛ bi ma ɔyerenom dodow aware hokwan, nanso Kyerɛwnsɛm mu gyinapɛn a ɛwɔ hɔ ma nokware Kristofo ne sɛ ɔbarima benya ɔyere biako pɛ a ɔte ase.—Genesis 2:24; 1 Timoteo 3:2.

Saa ara nso na ayi ase amanne ahorow a wɔyɛ de pam ahonhommɔne, anaa egyina ɔkra a enwu da ho gyidi so no bɛyɛ nea ɛmfata nokware Kristofo. Ebinom hyew aduhuam anaa wɔbɔ mpae ma awufo sɛ wɔde repam ahonhommɔne. Afoforo nso si pɛ anaa wɔyɛ obi ayi a ɛto so abien a adwene no ne sɛ wɔreboa nea wawu no ma wasiesie ne ho ama asetra wɔ ‘wiase a ɔrekɔ mu no mu.’ Nanso, Bible no kyerɛkyerɛ sɛ sɛ nnipa wu a “wonnim biribiara,” ma enti wontumi nyɛ obiara papa anaa bɔne.—Ɔsɛnkafo 9:5; Dwom 146:4.

Nokwarem no, amammerɛ pii ne Onyankopɔn Asɛm hyia. Hwɛ sɛnea ɛma abotɔyam sɛ wobɛkɔ aman a ahɔhoyɛ su da so ara da adi wɔ hɔ, baabi a amammerɛ hwehwɛ sɛ wokyia obi a wonnim no mpo ma ɛyɛ fɛ, na sɛ ɛho behia a, wogye no ba wɔn afie mu! Sɛ wɔne w’ankasa di wɔ saa kwan yi so a, ɛnka wo mma wunsuasua nhwɛso yi? Sɛ ɛba saa a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛma wo Kristofo nipasu atu mpɔn.—Hebrifo 13:1, 2.

Yɛn mu hena na n’ani begye ho sɛ obi bɛma watwɛn akyɛ? Wɔ nsase bi so no, ɛntaa mma saa efisɛ wobu bere sodi sɛ ɛho hia. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa yɛ nhyehyɛe Nyankopɔn. (1 Korintofo 14:33, NW) Ne saa nti, wahyɛ “da no ne dɔn” a ɔde beyi amumɔyɛ afi hɔ, na ɔma yɛn awerɛhyem sɛ ɛyɛ adeyɛ a “ɛrenka akyiri.” (Mateo 24:36; Habakuk 2:3) Aman a wodi bere so sɛnea ɛfata no boa yɛn ma yɛyɛ yɛn ade wɔano wɔano, na yɛkyerɛ obu ma afoforo ne wɔn bere, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow hyia.—1 Korintofo 14:40; Filipifo 2:4.

Na Amammerɛ Ahorow a Ɛnsɛe Hwee Nso Ɛ?

Bere a ɛda adi sɛ amammerɛ ahorow bi ne Kristofo asetra kwan hyia no, afoforo ne no nhyia. Na amammerɛ ahorow a yentumi nka sɛ eye anaa enye no nso ɛ? Amammerɛ pii nsɛe hwee anaa ɛho nni asɛm, na sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ho no betumi akyerɛ sɛ yɛkari pɛ wɔ honhom mu.

Sɛ nhwɛso no, nkyia gu ahorow pii—nsam a wokyia, obi mu ase a ɔbɔ, mfewano, anaa mpo atuu. Saa ara nso na yɛwɔ adidi ho amanne pii. Wɔ aman bi so no, nkurɔfo de wɔn nsa to asanka koro mu didi. Sɛ obi kesu a, wobu no sɛ biribi a mfomso biara nnim—na ɛyɛ fɛ mpo—a wɔde kyerɛ anisɔ wɔ aman bi so, nanso wɔ mmeae foforo no, wommu no adepa, na wobebu no sɛ ɛnkyerɛ ɔpɔw koraa.

Sɛ́ anka wubeyi amammerɛ ahorow a asɛm nni ho yi mu nea wopɛ anaa wompɛ no, fa yɛ wo botae sɛ wubenya ho adwempa. Bible mu afotu a entwam da no hyɛ nyansa sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yedwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom yɛmfa ahobrɛase adwene mmu yɛn yɔnkonom nkyɛn yɛn ankasa ho.’ (Filipifo 2:3) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Eleanor Boykin ka wɔ ne nhoma This Way, Please—A Book of Manners mu sɛ: “Ade a edi kan a wuhia ne ayamye a efi komam.”

Ahobrɛase kwan yi bɛma yɛakwati sɛ yebebu afoforo amammerɛ ahorow animtiaa. Ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayere yɛn ho asua afoforo asetra, adi wɔn amammerɛ akyi, na yɛaka wɔn nnuan ahwɛ, sen sɛ yɛbɛtwetwe yɛn ho anaa yebenya biribiara a ɛyɛ yɛn foforo biara ho adwemmɔne. Sɛ yɛanto yɛn adwenem na sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsɔ nneɛma foforo ahwɛ a, ɛbɛkyerɛ obu ama wɔn a wɔsom yɛn hɔho anaa ananafo a yɛte wɔn mu no. Yɛn ankasa nso nya mfaso bere a ‘yɛtrɛw’ yɛn koma ne yɛn suahu mu no.—2 Korintofo 6:13.

Bere a Amammerɛ no Siw Honhom Fam Nkɔso Kwan

Na sɛ yehyia amammerɛ ahorow bi a ɛnhyɛ da ntia Kyerɛwnsɛm no, nanso ɛmmoa honhom fam nkɔso nso ɛ? Wɔ nsase bi so sɛ nhwɛso no, nkurɔfo taa yɛ mmɔtohɔ. Asetra a ahopere nnim saa no tumi brɛ adwennwene ase, nanso ebetumi ama ayɛ den sɛ yebewie yɛn som adwuma no “koraa.”—2 Timoteo 4:5.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛ afoforo nkuran ma wɔakwati sɛ wobetutu nneɛma a ɛho hia ahyɛ da? Kae sɛ “ade a edi kan a wuhia ne ayamye a efi komam.” Bere a ɔdɔ kanyan yɛn no, yebetumi ayɛ nhwɛso pa na yɛafi ayamye mu akyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛrentutu nneɛma a ɛsɛ sɛ yegyina so yɛ nhyɛ da. (Ɔsɛnkafo 11:4) Bere koro no ara nso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na nneɛma a yɛbɛtoto no yiye nti, yɛansɛe awerɛhyem ne ahotoso a yɛwɔ wɔ yɛn ho yɛn ho mu no. Sɛ afoforo annye yɛn nyansahyɛ ahorow antom ntɛm ara a, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn so anaa yɛma yɛn ani bere wɔn so. Bere nyinaa ɛsɛ sɛ ɔdɔ bunkam nneɛma a ɛbɛkɔ wɔano wɔano so.—1 Petro 4:8; 5:3.

Nea Ɔmamfo Pɛ a Yebesusuw Ho

Ehia sɛ yɛhwɛ hu sɛ bere biara a yɛbɛkyerɛ yɛn adwene no, na ɛyɛ ntease pa bi ntia, na ɛnyɛ sɛ yɛrebɔ mmɔden de nea yɛn ankasa pɛ apuapua afoforo. Sɛ nhwɛso no, ntadehyɛ gu ahorow pii. Wɔ mmeae pii no, ɛyɛ papa sɛ ɔbarima a ɔreka asɛmpa no bɛbɔ abɔkɔn, nanso wɔ aman a ɔhyew wɔ hɔ mu no, ebia wobebu no sɛ ɛyɛ kyenkyenee dodo. Susuw a obi besusuw nea kurom hɔfo gye tom sɛ ɛyɛ ahosiesie a ɛfata odwumayɛni a ɔne ɔmamfo di nsɛm ho no betumi aboa mpɛn pii. Sɛ yɛreka ntadehyɛ ho asɛm a, “adwenemtew” ho hia.—1 Timoteo 2:9, 10.

Na sɛ yɛn ani nnye amammerɛ bi ho nso ɛ? So ɛsɛ sɛ yɛpo wɔ hɔ ara? Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Adeyɛ a ɛne sɛ mmarima besuso wɔn nsa a yɛaka ho asɛm dedaw no yɛ biribi a na asɛm biara nni ho wɔ saa Afrika man no mu. Bere a ɔsɛmpatrɛwfo no hui sɛ mmarima foforo kurakura wɔn nsa nenam hɔ no, anhaw no bio.

Wɔ ɔsomafo Paulo asɛmpatrɛw akwantu ahorow a ɛde no kɔɔ akyirikyiri no mu no, ɔkɔsrasraa asafo ahorow a na emufo fi mmeaemmeae. Akyinnye biara nni ho sɛ na amammerɛ pii di asi. Enti, Paulo dii amammerɛ biara a obetumi so, na bere koro no ara nso ɔbataa Bible nnyinasosɛm ahorow ho. Ɔkae sɛ: “Mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ dɛn ara a, magye ebinom nkwa.”—1 Korintofo 9:22, 23; Asomafo no Nnwuma 16:3.

Nsɛmmisa kakraa bi a ɛho hia betumi aboa yɛn ma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ amammerɛ afoforo ho. Sɛ yedi amammerɛ bi akyi—anaa yenni akyi—a, adwene bɛn na yɛma wɔn a wɔwɔ nkyɛn no nya? So ɛbɛma wɔanya Ahenni asɛm no ho akɔnnɔ esiane sɛ wotumi hu sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedi wɔn amammerɛ so nti? Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ yedi mpɔtam bi amammerɛ bi so a, so ɛbɛma ‘wɔanunu yɛn som’ no?—2 Korintofo 6:3.

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ ‘ade nyinaa ma nnipa nyinaa’ a, ebia ɛbɛhwehwɛ sɛ yɛsesa nea ɛfata ne nea ɛmfata ho adwene a agye ntini wɔ yɛn mu no. Mpɛn pii no, baabi a yɛte na ɛkyerɛ sɛ ade bi yɛ nea “ɛfata” anaa nea “ɛmfata.” Enti, wɔ ɔman bi so no, ebia mmarima a wobesuso wɔn nsa no bɛkyerɛ adamfofa, nanso wɔ aman foforo pii so no, ɛda adi sɛ ɛremfata Ahenni asɛm no.

Nanso amammerɛ ahorow bi wɔ hɔ a wogye tom wɔ mmeae pii, a ebi mpo a mfomso nni ho sɛ Kristofo bedi akyiri; nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ ho.

Hwɛ Yiye na Woanyɛ Ade Antra So!

Yesu Kristo kae sɛ ɛwom sɛ wontumi nyi n’asuafo mfi wiase de, nanso ɛsɛ sɛ wɔkɔ so kyerɛ sɛ “womfi wiase.” (Yohane 17:15, 16) Nanso, ɛtɔ mmere bi a ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebehu nsonsonoe a ɛda adeyɛ bi a ɛda Satan wiase no su adi pefee ne nea ɛyɛ amammerɛ ara kwa ntam. Sɛ nhwɛso no, ɛkame ayɛ sɛ nnwom ne asaw kɔ so wɔ ɔman biara mu, ɛwom sɛ ɛho hia kɛse wɔ aman bi so de.

Anhwɛ a, yebesi gyinae ntɛm—a egyina baabi a yefi so mmom sen sɛ ebegyina Kyerɛwnsɛm mu ntease a emu da hɔ so. Wɔmaa Alex, onua bi a ofi Germany, dwumadi wɔ Spain. Baabi a ofi no, na wɔntaa nsaw, nanso wɔ Spain no, ɛka wɔn amammerɛ ho. Bere a edi kan a ohui sɛ onua bi ne onuawa bi resaw ɛhɔ asaw no bi denneennen no, n’adwene yɛɛ no bebree. So na saa asaw no yɛ bɔne, anaa ɛda wiase su adi? Sɛ ɔno nso di amammerɛ yi akyi a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔrebrɛ ne gyinapɛn ase anaa? Alex behui sɛ ɛwom sɛ nnwom no ne asaw no yɛ soronko de, nanso ntease biara nnim sɛ ɔbɛka sɛ ne nuanom mmarima ne mmea a wofi Spain no rebrɛ wɔn Kristofo gyinapɛn ase. Amammerɛ mu nsonsonoe na ɛmaa n’adwene yɛɛ no bebree.

Nanso, Emilio, onua bi a n’ani gye Spainfo asaw ho no, gye tom sɛ asiane bi wom. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mihu sɛ asaw no pii hwehwɛ sɛ nnipa baanu no bɛn ho paa. Sɛ́ osigyani no, mihu sɛ anyɛ yiye koraa no, eyi betumi anya nnipa baanu no mu biako nkate so nkɛntɛnso. Ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo tumi de asaw yɛ hokwan de da ɔdɔ adi kyerɛ obi a wɔn ani gye ne ho. Sɛ wɔhwɛ hu sɛ nnwom no fata, na wɔamfa wɔn ho antwitwiw wɔn ho a, ebetumi ayɛ ahobammɔ. Nanso, ɛsɛ sɛ migye tom sɛ sɛ anuanom mmerante ne mmabaa asigyafo hyiam sɛ wɔrebom asaw a, ɛyɛ den paa sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ wɔn ade wɔ teokrase kwan so.”

Akyinnye biara nni ho sɛ ɛrenyɛ papa sɛ yɛde yɛn amammerɛ bɛkata yɛn anim de yɛn ho ahyɛ wiase nneyɛe mu. Ná nnwonto ne asaw ka Israelfo amammerɛ ho, na bere a wogyee Israelfo no fii Misraim wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no, na nnwonto ne asaw ka akwan a wɔfaa so dii ahurusi no ho. (Exodus 15:1, 20) Nanso, na wɔn nnwonto ne wɔn asaw nte sɛ abosonsomfo a na atwa wɔn ho ahyia no de.

Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a na Israelfo no retwɛn ma Mose afi Bepɔw Sinai so aba no, wɔpaa abaw, na wɔde sika yɛɛ nantwi ba, na bere a wodidii na wɔnomee akyi no, “wɔsɔre gorui.” (Exodus 32:1-6) Bere a Mose ne Yosua tee wɔn nnwonto no, ɛhaw wɔn ntɛm ara. (Exodus 32:17, 18) Ná Israelfo no ayɛ ade “atra” so, na afei de na wɔn nnwonto ne wɔn asaw ayɛ sɛ abosonsomfo a wɔte bɛn wɔn no de.

Saa ara na nnɛ nso, ebia na wogye nnwom ne asaw tom wɔ baabi a yɛte ma enti ɛnhaw afoforo ahonim. Nanso sɛ wɔdwom nkanea, de nkanea a ɛsɔ na adum ka ho, anaa wɔbɔ nnwom a ne nnyigyei yɛ soronko a, biribi a na anka asɛm nni ho no betumi abɛyɛ biribi a ɛda wiase honhom adi. Ebia yebeyi ano sɛ, “Ɛyɛ yɛn amammerɛ kɛkɛ.” Aaron de anoyi a ɛte saa ara dii dwuma bere a ɔpenee anigyede ne ɔsom a na efi abosonsom mu so, na odii mfomso kaa ho asɛm sɛ ‘Yehowa afahyɛ’ no. Ná saa anoyi hunu yi mfata. Hwɛ, wɔn bra no yɛɛ ‘adapaade wɔ wɔn a wɔsɔre hyɛ wɔn no anim.’—Exodus 32:5, 25.

Amammerɛ Wɔ N’afã

Amammerɛ a yenhuu bi da betumi ama yɛn ho adwiriw yɛn mfiase, nanso ɛnkyerɛ ankasa sɛ ne nyinaa mfata. Sɛ yɛn “nkatede akokwaw” a, yebetumi ahu amammerɛ a ɛne Kristofo nnyinasosɛm ahorow hyia ne nea ɛne no nhyia. (Hebrifo 5:14) Sɛ yɛda ayamye a efi komam ne ɔdɔ pii adi kyerɛ yɛn mfɛfo a, yɛbɛyɛ yɛn ade ɔkwan a ɛfata so bere a yehyia amammerɛ ahorow a ɛnsɛe hwee no.

Bere a yɛka Ahenni ho asɛmpa kyerɛ nkurɔfo wɔ baabi a yefi anaa akyirikyiri baabi no, kari a yɛbɛkari pɛ wɔ amammerɛ ahorow ahorow ho no bɛboa yɛn ma yɛayɛ ‘ade nyinaa ama nnipa nyinaa.’ Na akyinnye biara nni ho sɛ bere a yegye amammerɛ a egu ahorow no tom no, ɛbɛma yɛanya asetra a ɛyɛ anigye ne anika a ahomeka wom.

[Kratafa 20 mfonini]

Kristofo betumi afa akwampa pii so akyia

[Kratafa 23 mfonini]

Amammerɛ a egu ahorow ho adwene a ɛkari pɛ betumi ama asetra ayɛ anigye, ne anika

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena