Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Sɛ obi wu a, so ɛfata sɛ Kristofo de nhwiren bɛma n’abusua no anaasɛ wɔde nhwiren bɛkɔ ofi a wɔyɛ ayi no wom no mu?
Aman bi mu no, ɛyɛ amanne sɛ wɔbɛyɛ saa. Nanso ɛtɔ bere bi a, nhwiren a wɔde di dwuma wɔ ayi ase no kura ɔsom mu ntease bi. Enti ma yɛnhwehwɛ asɛm no mu nkɔ akyiri, ne titiriw no, esiane sɛ amanne afoforo wɔ hɔ a ebia ɛne atoro som wɔ abusuabɔ saa ara nti. Hyɛ The Encyclopedia of Religion (1987) no mu nsɛm yi nsow:
“Wɔde nhwiren bata akronkronne ho denam anyame ne anyamewa ho a wɔde bata no so. Flora, Romafo fefɛw bere ne nhwiren onyamewa no de ahoɔfɛ ne huam ba . . . Wobetumi apata anyame na wɔasom wɔn . . . denam aduan ne nhwiren a wɔde ma wɔn no so.
Nhwiren a wɔde di dwuma wɔ owu ho amanne mu yɛ ade a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa. Na Helafo ne Romafo de nhwiren gugu awufo ne wɔn adamoa so. Wɔde Japan Budhafo a wɔrewu akra da nsɔe dua so ma ɛde wɔn kɔ soro, na ebia wɔde amusiei adamoa mu abo gu nsɔe nnua a wɔasen so . . . Tahitifo gyaw nhwiren a wɔatwa a ɛhyɛ tumetume mu gu amu no ho wɔ owu akyi, na afei wohwie anowatere a wode nhwiren na ayɛ gu funu no so na ayɛ mmerɛw sɛ obetwam akɔ owu akyi asetra kronkron no mu . . . Wobetumi de nhwiren ama wɔ mmere kronkron mu sɛ aduhuam ne anowatere.”
Esiane sɛ wonim sɛ wɔde nhwiren adi dwuma wɔ atoro som mu nti, Kristofo binom ate nka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde nhwiren ma anaasɛ wɔde kɔ ayi ase. Ebia sɛnea wɔte nka no nso da ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛkwati wiasefo amanne adi, efisɛ ɛnsɛ sɛ Yesu akyidifo yɛ “wiase no fa.” (Yohane 15:19, New World Translation) Nanso Bible mu kyerɛw nsɛm a ɛka ho asɛm ne obi mpɔtam hɔfo nkate nso fa asɛm no ho.
Nhwiren yɛ Onyankopɔn akyɛde pa a ɔde ama ateasefo sɛ wonnya mu anigye no fa. (Asomafo no Nnwuma 14:15-17, Yakobo 1:17) Wɔde ne nhwiren fɛfɛ a ɔbɔe no adi dwuma wɔ nokware som mu. Wɔde “nhwiren nkuramu . . . ne nhwiren” hyehyɛɛ ntamadan no mu kaneadua no ho. (Exodus 25:31-34) Na nhwiren a wɔakyekye ne mmɛ ka asɔrefi no mu adwini ho. (1 Ahene 6:18, 29, 32) Ɛda adi sɛ nhwiren ne nhwiren a wɔakyekye a abosonsomfo de di dwuma no nkyerɛ sɛ bere nyinaa ɛsɛ sɛ nokware asomfo kwati sɛ wɔde bedi dwuma.—Asomafo no Nnwuma 14:13.
Nanso, amanne ho asɛm a ɛkɔ akyiri te sɛ ayiyɛ amanne a wɔbɛyɛ nso ɛ? Bible no ka amanne pii ho asɛm, ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ binom, afoforo nso Onyankopɔn nkurɔfo yɛ. Ahene Nhoma a Edi Kan 18:28 ka Baal asomfo “amanne” a ɛne ‘nne kɛse a wɔde teɛteɛɛm ne nkrante ne mpeaw a wɔde bobɔɔ wɔn ho akam’ ho asɛm—amanne a nokware asomfo renyɛ. Nanso, Rut 4:7 nkyerɛ sɛ “ogye ne nsesa ho amanne a kan no ɛwɔ Israel [ɔkwan a wɔfa so de hokwan san tɔ biribi]” no nye.
Amanne a Onyankopɔn gye tom mpo ho asɛm betumi asɔre wɔ ɔsom ho nsɛm a ɛyɛ katee mu. Bere a Onyankopɔn kaa Twam afahyɛ no ho asɛm no, wanka bobesa a wɔde bedi dwuma ho asɛm, nanso wɔ afeha a edi kan no mu no, na ɛyɛ amanne sɛ wɔde bobesa nkuruwa mama bedi dwuma. Yesu ne n’asomafo no ampow saa ɔsom mu amanne yi. Wohui sɛ eye na wɔyɛɛ bi.—Exodus 12:6-18; Luka 22:15-18; 1 Korintofo 11:25.
Saa na ayiyɛ ho amanne binom te. Na Misrifo taa hyɛ awufo aduru. Tete agya Yosef anka ho asɛm ntɛm ara sɛ, ‘Eyi yɛ abosonsomfo amanne, enti ɛsɛ sɛ yɛn Hebrifo no kwati.’ Mmom no, ‘ɔhyɛɛ ne nkoa aduyɛfo sɛ wɔnhyɛ n’agya amu aduru,’ ɛda adi sɛ na ɛno bɛma wɔatumi akosie Yakob wɔ Bɔhyɛ Asase no so, (Genesis 49:29-50:3) Akyiri yi Yudafo no nyaa ayiyɛ ho amanne ahorow, te sɛ amu no a woguare no, na wosie da no ara a onipa no wui no. Kristofo a wodi kan no gyee Yudafo amanne a ɛte sɛɛ no toom.—Asomafo no Nnwuma 9:37.
Nanso, sɛ wobu ayiyɛ ho amanne bi sɛ ɛkyerɛ biribi a egyina ɔsom mu mfomso so, te sɛ ɔkra a enwu da mu gyidi nso ɛ? Kae encyclopedia no mu nsɛm a ese ebinom “gyaw nhwiren a wɔatwa a ɛhyɛ tumetume mu gu amu no ho wɔ owu akyi, na afei wohwie anowatere a wɔde nhwiren na ayɛ gu funu no so na ayɛ mmerɛw sɛ obetwam akɔ owu akyi asetra kronkron no mu” no. Wɔ a ebia amanne a ɛte sɛɛ wɔ hɔ no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkoa kwati biribi a ɛte saa. Ɛwom sɛ na Yudafo no nnye ‘twa a wotwam kɔ owu akyi asetra kronkron mu’ no nni de, nanso Bible no ka sɛ: “Wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuru kyekyeree ne ho, sɛnea Yudafo amusie te no.”—Yohane 12:2-8; 19:40.
Ɛsɛ sɛ Kristofo kwati nneyɛe a ɛne Bible mu nokware bɔ abira. (2 Korintofo 6:14-18) Bio nso, wɔakyerɛ nneɛma, adwini, ne nneyɛe ase ɔkwan a ɛnteɛ so anaasɛ wɔde abata nkyerɛkyerɛ a ennyina kyerɛwsɛm so wɔ bere bi mu anaasɛ beae bi. Wɔasom nnua, wɔabu koma no nsɛso sɛ ɛyɛ kronkron, na wɔde aduhuam adi dwuma wɔ abosonsomfo guasodeyɛ ahorow mu. So eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni de aduhuam di dwuma da, ɔde nnua hyehyɛ asiesie ade mu, anaasɛ wɔhyɛ agude a wɔayɛ no te sɛ koma?a Ɛno nyɛ adwene a ɛteɛ.
Ɛsɛ sɛ nokware Kristoni susuw eyinom ho: So amanne bi a mɛyɛ no bɛma afoforo ahu sɛ migye gyidi ne nneyɛe a ennyina kyerɛwsɛm so tom? Bere ko ne beae no na ebetumi ama woahu mmuae no. Ebia na amanne (anaasɛ adwini bi) kyerɛ biribi wɔ atoro som mu wɔ mfe mpempem pii a atwam no mu, anaasɛ ebia ɛkyerɛ ade koro no ara nnɛ wɔ ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri mu. Nanso bere a wonyɛɛ nhwehwɛmu a egye bere pii no, bisa wo ho sɛ: ‘Adwene bɛn na nnipa dodow no ara kura wɔ faako a mete no?’—Fa toto 1 Korintofo 10:25-29 ho.
Sɛ wonim yiye sɛ amanne (anaasɛ adwini bi te sɛ mmeamudua no) kyerɛ biribi wɔ atoro som mu a, kwati. Enti Kristofo remfa nhwiren a wɔayɛ no te sɛ mmeamudua, anaasɛ koma kɔkɔɔ nkɔ, sɛ wobu no sɛ ɛkyerɛ biribi wɔ ɔsom mu a. Anaasɛ ebia ɔkwan pɔtee bi wɔ hɔ a wɔfa so de nhwiren di dwuma wɔ ayi ase anaa amusiei a ɛkyerɛ biribi wɔ ɔsom mu wɔ wo mpɔtam hɔ. Ɛsɛ sɛ Kristoni kwati eyi nso. Nanso, ɛnkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wubu nhwiren a wode bɛma wɔ ayi ase anaasɛ w’adamfo bi wɔ ayaresabea ara kwa no sɛ ɔsom mu adeyɛ a ɛsɛ sɛ wokwati.b
Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔ aman pii mu no, amanne a ɛne nhwiren a wɔde ma no abu so kɛse, na wobu no sɛ ayamye a ɛfata. Nhwiren betumi ama biribi ayɛ fɛ, na awerɛhow bere ayɛ anigye kɛse. Ebetumi ayɛ ayamhyehye ne afoforo ho a wodwen ho sɛnkyerɛnne nso. Mmeae afoforo no, ebia amanne no ne sɛ wɔbɛda saa su horow no adi denam ayamye, te sɛ aduan a wɔnoa ma ɔyarefo anaa wɔn a wodi awerɛhow no so. (Kae ɔdɔ a wonya maa Dorka esiane sɛ ɔkyerɛɛ afoforo ho anigye na odwen wɔn ho nti no. [Asomafo no Nnwuma 9:36-39]) Sɛ saa a wɔbɛyɛ no nyɛ nea wɔde bata atoro gyidi ho pefee a, Yehowa Adansefo binom taa de nhwiren a ɛyɛ fɛ ma wɔn nnamfo a wɔda ayaresabea anaasɛ bere a obi awu no. Na sɛ ankorankoro no, ebia wɔnam nneyɛe pa so bɛda wɔn anigye ne wɔn nkate adi.—Yakobo 1:27; 2:14-17.
[Ase hɔ asɛm]
a Abosonsomfo fi bere tenten de aduhuam a wɔde nhwiren na ayɛ adi dwuma wɔ wɔn guasodeyɛ ahorow mu, nanso na ɛnyɛ mfomso sɛ Onyankopɔn nkurɔfo de aduhuam bedi dwuma wɔ nokware som mu. (Exodus 30:1, 7, 8; 37:29; Adiyisɛm 5:8) Hwɛ “So Ɛyɛ Abosonsom mu Ahokekade?” wɔ December 22, 1976, Awake! mu.
b Ɛsɛ sɛ wosusuw nea abusua no pɛ ho, efisɛ ebinom da no adi sɛ ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔde nhwiren brɛ wɔn no yi ntoboa ma asafo no anaasɛ adɔe ahyehyɛde bi mmom.