Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 2/8 kr. 3
  • Mmusua a Agyanom Nnim—Ade a Abu So Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmusua a Agyanom Nnim—Ade a Abu So Nnɛ
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmusua a Agyanom Nnim—Ɔhaw No a Yebesiw Ano
    Nyan!—2000
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2000
  • Agyanom—Nea Enti a Wɔn Ho Ayɛ Na
    Nyan!—2000
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 2/8 kr. 3

Mmusua a Agyanom Nnim—Ade a Abu So Nnɛ

DƐN na wobɛka sɛ ɛne asetra mu haw titiriw nnɛ? Nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ Gallup nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. no mu bɛyɛ ɔha mu 80 gye di sɛ ɛno ne “agya a wonhu no wɔ fie.” Sɛnea Gallup kyerɛ no, mmofra bɛboro ɔpepem 27 na wɔwɔ United States a wɔne wɔn agyanom ankasa nte, na kɔ ara na wɔn dodow no rekɔ anim. Amanneɛbɔ bi a Amanaman Nkabom Mmofra Foto de too gua kyerɛ sɛ, mmofra a wɔyɛ aborɔfo a wɔwoo wɔn United States fi 1980 reba no fã “de wɔn mmofraberem mfe kakra bɛtra nkurɔfo a wɔnyɛ wɔn awofo ankasa nkyɛn. Wɔ mmofra a wɔyɛ abibifo fam no, dodow no yɛ ɔha mu 80.” Enti USA Today ka sɛ United States yɛ “ɔman a mmusua a agyanom nnim pii wom sen baabiara.”

Nanso, asɛm bi a ɛwɔ The Atlantic Monthly mu ka sɛ: “Ɛnyɛ America nkutoo na abusua mu mpaapaemu rekɔ so. Ɛkame ayɛ sɛ ɔhaw yi kɔ so wɔ aman a anya nkɔanim nyinaa, a Japan nso ka ho, mu.” Na bere a ɛyɛ den sɛ yebebu eyi ho akontaa wɔ aman pii a wonnyaa nkɔso pii mu no, ɛda adi sɛ wɔn nso rehyia nsɛnnennen a ɛte saa ara. Sɛnea World Watch nsɛmma nhoma no kyerɛ no, “esiane sikasɛm mu ahokyere nti, mmarima a wɔwɔ [aman a wodi hia] mu no taa to wɔn yerenom ne wɔn mma asaworam.” Nokwarem no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Caribbean man bi mu daa no adi sɛ agyanom a wɔn mma adi mfe awotwe no mu ɔha mu 22 pɛ na wɔne wɔn te.

Wɔ Bible mmere mu mpo no, na mmofra a agyanom nka wɔn ho nyɛ na. (Deuteronomium 27:19; Dwom 94:6) Nanso, saa bere no, agyanom a wowu titiriw na na ɛma mmofra nni agyanom. Nhoma kyerɛwfo David Blankenhorn ka sɛ: “Ɛnnɛ de, agyanom ankasa na wɔboapa to wɔn mma asaworam.” Nokwarem no, sɛnea yebehu no, mmofra a wonni agyanom a wɔredɔɔso no di adanse sɛ nnipa pii ‘nni dɔ’ nnɛ. Sɛnea Bible kyerɛ no, eyi nso yɛ adanse biako a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri” mu.—2 Timoteo 3:1-3.

Nanso, wɔ mmofra fam no, agyanom a wonni no yɛ wɔn haw titiriw. Ɛde yaw ne ɔhaw a ebetumi atra hɔ daa na ɛba. Enti, wɔ nsɛm a edidi so yi mu no, yebesusuw ɔhaw ahorow yi ho, a ɛnyɛ sɛ yɛde retu akenkanfo koma, na mmom sɛ yɛbɛma wɔahu ɔkwan a mmusua bɛfa so asiw ɔhaw a ɛrekɔ so yi ano.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena