Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 4/8 kr. 28-29
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkokoaa ne TV
  • Ɔhaw a Wohyia Wɔ Adwuma Mu
  • Nnwonto De Anigye Ba
  • Nnɔbae a Wowia
  • Wɔn a Wɔka Wɔn Ho Kɔ Nnipa Mu no Betumi Atra Ase Akyɛ
  • Ahyɛn a Edii Kan Memee
  • Ade a Edi Kan a Ɛma Nkurɔfo Nya Ahomeka
  • Ohia—Wiase Nyinaa Haw
  • Sɛ Wo Tirim Ntene Wo a, Tow Kyene
  • Ɔkwampa a Ɛsɛ sɛ Wɔfa So How Nam
  • Afã a Nnwom Wɔ Wɔ Nnɛyi Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • So Television Asakra Wo?
    Nyan!—1991
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyae TV a Mehwɛ No Pii Dodo No?
    Nyan!—1985
  • Fa Anigye To Dwom!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 4/8 kr. 28-29

Wiase Nsɛm

Nkokoaa ne TV

The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ America Abayɛn Ho Adesuakuw no de nyansahyɛ ma sɛ ɛnyɛ papa sɛ mmofra a wonnya nnii mfe abien bɛhwɛ television. Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ amemene a ɛrenyin mu kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ awofo ne abagyegyefo afoforo ankasa ne nkokoaa nya nkitahodi. TV a wɔbɛhwɛ no “ntumi mma wɔn ho nkokwaw wɔ sɛnea wɔne afoforo di wɔ asetram ne sɛnea wobesusuw nsɛm ho yiye mu.” Nanso, ɛnyɛ animdefo nyinaa na wogye eyi tom. Sɛ nhwɛso no, Canada Abayɛn Ho Adesuakuw no ka sɛ TV so dwumadi a ɛfata a awofo ne wɔn mma bɛbom ahwɛ no daa simma 30 no ma “ɔwofo bi tumi kyerɛkyerɛ” ne ba. Nanso, adesuakuw abien yi nyinaa gye tom sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde television anaa kɔmputa si mmofra dan mu na ɛnsɛ sɛ wɔma abofra tra TV ho hwɛ bere a n’awofo nni fie. Esiane sɛ TV a abofra bɛhwɛ betumi ahaw n’akwahosan nti, wɔde nyansahyɛ ma sɛ “ɛsɛ sɛ wɔma mmofra pue kodi agoru, kenkan nhoma ahorow anaasɛ wɔhyehyɛ agodie afiri bi.”

Ɔhaw a Wohyia Wɔ Adwuma Mu

Dɛn nti na nnipa binom bo fuw anaa wɔyɛ basabasa mpo wɔ adwumam? Sɛnea adwene ne nneyɛe ho nimdefo, Sam Klarreich, a ɔwɔ Toronto kyerɛ no, ɛnyɛ abasamtu ara kɛkɛ na ɛma wɔyɛ saa na mmom ɛyɛ abufuw a ɛhyɛ wɔn so nkakrankakra no nti. Nea enti a ɔka saa ne sɛ adwumayɛfo binom te nka sɛ sɛnea Globe and Mail atesɛm krataa no bɔ amanneɛ no, “wɔma wɔyɛ adwumaden a ɛboro wɔn akatua so koraa.” Klarreich bɔ kɔkɔ sɛ abufuw a obi ma ɛhyɛ ne so no yɛ “nkate bɔne” a ebetumi ama obi anya mmubui anaa akomayare. Ɔhyɛ adwumayɛfo nkuran sɛ wonhu sɛnea wobedi abufuw so na wɔmfa ntoboaseɛ nkyerɛ wɔn adwumawuranom adwuma pɔtee a wobetumi ayɛ. Klarreich tu adwumawuranom nso fo sɛ wɔmma wɔn ani nku adwumayɛfo a wɔabotow no ho na wɔmmoa wɔn, wɔmmma wɔnnyɛ adwuma a ɛboro wɔn ahoɔden so, na ɔhyɛ nyansa sɛ wɔmma wɔmfa da koro nnye wɔn ahome.

Nnwonto De Anigye Ba

Germanfo atesɛm krataa Stuttgarter Nachrichten bɔ amanneɛ sɛ nyansahufo ahu sɛ sɛ obi to dwom a, ɛma aduannuru bi kɔ n’amemene no mu na ɛma onya ahotɔ ne anigye. Nhwehwɛmufo ka sɛ nnwonto ne sɛnea amemene no ma “yɛte nka wɔ biribi ho” no wɔ abusuabɔ. Enti, amanneɛbɔ no ka sɛ, “ɛnyɛ biribi ho atenka nko na nnwonto ma yenya na mmom ɛwɔ amemene no so tumi nso.” Nnwonto ho akyerɛkyerɛfo ka sɛ nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no te nka sɛ nnwom a wɔbɛto no yɛ “atetekwaasɛm” anaasɛ wɔka sɛ wɔn nne nye, ma enti radio so nnwom nkutoo na wotie. Nanso, nhwehwɛmu a wɔyɛe yi kyerɛ sɛ sɛ nkurɔfo ankasa to nnwom a, wonya so mfaso.

Nnɔbae a Wowia

Siegener Zeitung bɔ amanneɛ sɛ akuafo a wɔwɔ Germany nkurow pii mu reka sɛ wia ara na wɔrewia wɔn nnɔbae. Akorɔmfo hyehyɛ ɛferɛ a wɔawia no gu bokiti mu na wɔde nkontommire a wɔawia no nso gu kar ketewa bi mu. Bere bi mpo de wowiaa asãã nnua 7,000. Ɛwom sɛ ohia na ɛma ebinom bɔ korɔn de, nanso afoforo de korɔnbɔ gyigye wɔn ani ara kɛkɛ. Akuafo no bɔ amanneɛ sɛ wohu “kar ahorow nyinaa bi” wɔ wɔn mfuw mu. Mpɛn pii no, mmeae a akuafo yi te ne faako a wɔdɔw no mu twe, na sɛ akorɔmfo no kɔ afuw no mu a, wɔmmɔ hu biara. Ɔfotufo bi de nyansahyɛ yi mae sɛ, ɛsɛ sɛ akuafo no de mmoa tiafi gugu nnɔbae no ho na amma wɔanwia.

Wɔn a Wɔka Wɔn Ho Kɔ Nnipa Mu no Betumi Atra Ase Akyɛ

Sɛnea nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Harvard Sukuupɔn mu kyerɛ no, mpanyimfo a wɔka wɔn ho kɔ nnipa mu, te sɛ kɔ a wɔbɛkɔ asɔre, adidibea, agodibea na wɔkɔhwɛ video, no, tumi di mfe abien ka wɔn mfe ho sen wɔn a wɔnka wɔn ho nkɔ nnipa mu no. Thomas Glass a odii nhwehwɛmufo a wofi Harvard no anim no kae sɛ wɔaka no bere tenteenten ni sɛ di a nkurɔfo di akɔneaba wɔ mmeae a ɛtete saa no na ɛma wɔn ho yɛ den. Nanso ɔkae sɛ nhwehwɛmu yi na “ebetumi aba sɛ ɛyɛ adanse a edi mu a yɛanya sɛ sɛ obi de ne ho hyɛ anigyede a mfaso wom mu ne mpanyin mfe mu a, ɛma no nyin kyɛ.” Glass kaa sɛ biribiara a wobɛyɛ no, pii a wobɛyɛ no mmom na ɛma wonyin kyɛ.

Ahyɛn a Edii Kan Memee

Fransefo nsɛmma nhoma Sciences et avenir bɔ amanneɛ sɛ ɛpo ho animdefo ahu Foinikefo ahyɛn abien bi a ɛmemmem ɛpo mu bɛyɛ afe 750 A.Y.B. Ahyɛn yi a emu biako tenten yɛ mita 15 na biako nso yɛ mita 18 a ɛmemmem kɔɔ Israel po no ase bɛyɛ mita 500 no ne ahyɛn a akyɛ sen biara a wɔahu wɔ po mu pɛn. Ebetumi aba sɛ na wɔde ahina a nsa wom a ɛwɔ nhyɛmma no mu no fi Tiro ahyɛn gyinabea rekɔ Misraim anaa Afrika Atifi fam kurow Carthage mu. Sɛnea International Herald Tribune kyerɛ no, Robert Ballard a okohuu ahyɛn no kae sɛ: “Ɛpo bun a emu dɔ a owia nkɔ hɔ no tumi kora nneɛma so kyɛ sen sɛnea yesusuw.” Nhwehwɛmufo no kae sɛ nea wɔahu yi “betumi aboa ma wɔahu sɛnea na nneɛma a ɛwɔ po a akyɛ yi mu no te.”

Ade a Edi Kan a Ɛma Nkurɔfo Nya Ahomeka

Wɔ nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, wɔmaa nnipa 1,000 a wofi aman 30 so kyerɛɛ nneɛma a etumi ma wonya ahomeka. Reuters amanneɛbɔ adwumayɛkuw no ka sɛ, wɔ wiase nyinaa no wɔn a wobisaa wɔn nsɛm no ɔha mu 56 kyerɛe sɛ nnwom ne nea edi kan. Wɔ North America no nnipa ɔha mu 64 na wɔde nnwom dii kan, na ɔha mu 46 nso yɛɛ saa ara wɔ Asia aman a anya nkɔanim no mu. Ne nyinaa mu no, wɔkyerɛe sɛ nea edi nnwom akyi ne TV a wɔhwɛ, ansa na aguare nso adi hɔ. Tom Miller, ɔpanyin a ɔhwɛ Roper Starch Worldwide nhwehwɛmufo so no kae sɛ: “Sɛ wususuw nnwom bo ne sɛnea wotumi tie wɔ radio, TV, CD, Intanɛt, dwumadibea afoforo so no ho a, ɛnyɛ nwonwa sɛ wiase nnipa fa dodow no ara tie nnwom bere a wɔregye wɔn ahome no.”

Ohia—Wiase Nyinaa Haw

James D. Wolfensohn, a ɔyɛ Wiase Nyinaa Sikakorabea titrani no kaa hia a ɛrehia nnipa pii no ho asɛm nnansa yi. Sɛnea Mexico City atesɛm krataa La Jornada kyerɛ no, Wolfensohn kae sɛ ahia nnipa ɔpepepem asia a wɔwɔ wiase no mu nkyem abiɛsa buruburoo. Ɔkae nso sɛ, wiase nnipa mu nkyem abien ntumi nnya dɔla abien da biara; na nnipa ɔpepepem ntumi nnya dɔla biako da biara. Ɛwom sɛ Wolfensohn ani gye nea Wiase Nyinaa Sikakorabea no atumi ayɛ wɔ ohia ho no ho de, nanso akontaabu a ɔdaa no adi no kyerɛ sɛ nnipa pii da so ara di hia na nea wɔatumi ayɛ wɔ ho no sua koraa. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yehu sɛ ohia yɛ wiase nyinaa haw.”

Sɛ Wo Tirim Ntene Wo a, Tow Kyene

Nneɛma bi te sɛ kyiis a afu mmire nni awu. Nanso, sɛnea UC Berkeley Wellness Letter kyerɛ no, afoforo betumi ayɛ nea edi awu, ɛnkanka wɔ wɔn a wonni ahoɔden no fam. Paanoo ne aburow aduan a abɔ ntuw no ka nnuan a etumi di awu paa no ho. Aduan a abɔ ntuw paa no taa yiyi ntini a edidi kɔ aduan no mu. Afei nso, awuduru no betumi akɔ so atra aduan no mu bere a wɔanoa no mpo. Wellness Letter no de nyansahyɛ yi ma:

◼ Sɛ ebɛyɛ yiye a, fa aduan biara hyɛ friigi mu na mma no mmmɔ ntuw ansa na woadi.

◼ Tow nnuaba nketewa te sɛ asãã ne bobe aba, a afu mmire no gu. Twɛn kosi bere a worebedi aduaba bi ansa na woahohoro ho, efisɛ nsu tumi ma aduan fuw mmire.

◼ Wubetumi atwa nnuaba ne mfunne a ɛsoso te sɛ aprɛ, ntɔmmɔ, kabege, anaa gyeene, no fa a afu mmire no atwene. Ɛsɛ sɛ wotow nnuaba a ɛyɛ mmerɛw te sɛ asãã ne ɛferɛ biara twene.

◼ Wubetumi atwitwa kyiis a ɛyɛ den no fa a afu mmire no atwene, anyɛ yiye koraa no bɛyɛ sɛ nsateakwaa biako. Nanso ɛsɛ sɛ wotow kyiis ne yogɔt, paanoo, ɛnam, nnuan a wadi ma aka, nkate, nkate a wɔayam, anonne, ne nnuan biara a wode asi hɔ, no gu.

Ɔkwampa a Ɛsɛ sɛ Wɔfa So How Nam

Canada National Post atesɛm krataa no ka sɛ: “Nam a wɔmma ɛmmen pii ho asɛm ahaw nnipa bere tenteenten ni, nanso wɔahu nnansa yi sɛ nam a wɔhow no pii—ɛnkanka nantwinam, akokɔnam, ne apataa a wɔma ɛben tra so no—tumi ma afoforo akwahosan ho ba asɛm kɛse.” Sɛ wɔnoa nam ma no ben dodo a, awuduru a ɛma wotumi nya kokoram, a wɔfrɛ no heterocyclic amines (HCAs) tumi ba mu. Amanneɛbɔ no de nyansahyɛ yi ma sɛ ɛyɛ papa sɛ sɛ wɔrehow nam a, wɔde nnuru a ɛyɛ “nyinyanyinya te sɛ ankaadwoaa, ankaa anaa vinegar” yɛ ho. America Kokoram Ho Adesuakuw no de bere tenten yɛɛ nhwehwɛmu ahorow na “wohui sɛ nam a wɔde nnuru nyinyanyinya yɛ ho no mu ɔha mu 92 kosi 99 na awuduru HCAs kakraa bi tumi bam bere a na ɛnte saa wɔ nea wɔamfa bi anyɛ ho mu no—wohui sɛ sɛ wɔde nnuru yi yɛ nam no ho ma no di simma 40 anaa nnanu koraa a ɛnsɛe hwee.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena