Ɔkwan Bɛn So na Wɔhyɛ “Nnipakum Bebrebe” no Ho Nkuran?
“Kilomita mpempem pii na ɛda mmofra aguanfo a wɔrehu amane a wofi Kosovo ne Amerika mmofra a wohu basabasayɛ ne ayayade foforo no ntam, nanso nsonsonoe ahe biara nni nkate fam yaw a wodi no mu.”—Marc Kaufman, The Washington Post.
Sɛ́ yɛpɛ anaa yɛmpɛ no, owu tumi ba yɛn ankasa anaa yɛn ho nipa bi so. Eyi te saa ɛmfa ho baabi a yɛte—sɛ́ yɛte ɔman a basabasayɛ wom mu anaa nea asomdwoe kakra wom mu no.
NEA ɛma “nnipakum bebrebe” no ba ne adwenemhaw, yawdi, nnubɔnenom, nyinsɛn a wotu gu, ahohwibra, ahodɔmdi, ne okunkɛse a yehu nnɛ no. Ɔbenfo Michael Kearl, a ɔwɔ Nnipa Ntam Abusuabɔ ne Nnipa Asetra Ho Nimdeɛ Asoɛe wɔ Trinity Sukuupɔn a ɛwɔ San Antonio, Texas, U.S.A. no kyerɛkyerɛ sɛnea owu ho nsɛm agye nnipa adwene no mu sɛ: “Yehu wɔ yɛn afeha a ɛto so aduonu yi awiei [1999] sɛ . . . owu rebɛyɛ biribi titiriw a wogyina so susuw nkwa, ahoɔden, ne asetra mu nhyehyɛe biara ho. Owu wɔ nkɛntɛnso wɔ yɛn nyamesom, nyansapɛ, amammuisɛm mu nsusuwii, mfoniniyɛ ne aduruyɛ mu nimdeɛ so. Ɛma nnipa pii tɔ atesɛm krataa, yɛ insurance ho nhyehyɛe, gyina so paw television so dwumadi . . . ɛno na ɛma yɛn mfiridwuma no mpo nya nkɔso.” Momma yensusuw nneɛma ahorow bi a ɛhyɛ nea wɔfrɛ no nnipakum bebrebe ho nkuran wɔ yɛn mmere yi mu no bi ho.
Akode a Wɔtɔn
Akode a wɔtɔn hyɛ “nnipakum bebrebe” ho nkuran daa. Wɔde akode di dwuma kunkum asraafo, nanso mpɛn pii no, ekunkum ɔmanfo, a mmea ne mmofra a wɔn ho nni asɛm ka ho. Wommu nkwa koraa wɔ akodi mu, sɛ́ ɛyɛ ɔmanko anaa ɔko foforo bi no. Bo ahe mpo na wɔde tuo aboba a wɔde di awu no gye?
Atuo a obiara tumi nya bi wɔ aman bi mu no ama nnipakum anya nkɔanim wɔ ɔkwan a ɛyɛ ahodwiriw so. Bere a mmofra bi kunkum afoforo wɔ Littleton, Colorado no, wɔsɔre tiaa atuo a abu so wɔ baabiara, a ama ayɛ mmerɛw sɛ mmofra benya bi no. Mmofra dodow a wokum wɔn wɔ basabasayɛ mu wɔ United States no yɛ ahodwiriw—sɛnea Newsweek nsɛmma nhoma kyerɛ no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mmofra 40 na wokum wɔn dapɛn biara. Eyinom mu bɛyɛ ɔha mu 90 na wɔtow wɔn tuo. Eyi te sɛ nnipa bɛyɛ 150 a wokunkum wɔn wɔ Littleton afe biara no!
Anigyede Mu
Sini hyɛ nnipakum ho nkuran. Sɛ nhwɛso no, ebia sini bi a woyi kyerɛ betumi ama nkurɔfo akyerɛ ɔbrasɛe, basabasayɛ, nnuru a wɔtɔn no sum ase, anaa nsɛmmɔnedi ho anigye, na wɔnam so abrɛ bo a nkwa som ne abrabɔ ho nnyinasosɛm ase. Wɔka owu ho asɛm ma ɛyɛ anigye wɔ sini ahorow bi mu—na wɔka owu akyi asetra ne awufo binom a wotumi bɛsra ateasefo ho asɛm—na ɛma owu bɛyɛ biribi a ɛnyɛ hu.
Saa ara na ɛte wɔ television so dwumadi ne dwom ahorow bi mu. Sɛnea kaseɛbɔ bi a wɔde too gua kyerɛ no, na mmofra a wokunkum afoforo wɔ Littleton no kyerɛ rock dwontofo bi a na wagye din sɛ otumi siesie “ne ho te sɛ ɔbaa, di abayisɛm,” to nnwom a “ɛfa atuatew ne owu ho” no ho anigye kɛse.
Wɔ United States no, wɔkyerɛ nnipa ko a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ television so dwumadi pɔtee bi sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra ntumi nkɔhwɛ nneɛma a ebenya wɔn so nkɛntɛnso bɔne. Nanso biribi pa biara mfii mu mmae. Jonathan Alter kyerɛw kɔɔ Newsweek mu sɛ eyi “betumi ama mmofra ani agye ɔbrasɛe ho kɛse.” Ɔde kaa ho sɛ nea ɛbɛyɛ na wɔagu wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no anim ase abrɛ wɔn ase na ama wɔatew television so basabasayɛ so no, anka ɛsɛ sɛ Ɔmampanyin Clinton “bobɔ nnwumakuw akɛse (ne wɔn Mpanyimfo)” a ɛnyɛ sini a wɔtwetwe afoforo so sekan ne ‘rap nnwom’ mpaawa nko na wɔyɛ, na mmom wɔhyehyɛ kɔmputa so dwumadi a ɛma mmofra “kunkum nkurɔfo” nso no “din wɔ baguam.”
Nnipakum a Ɛkɔ So Wɔ Kɔmputa ne Intanɛt So
Wɔ ne nhoma The Deathmatch Manifesto mu no, Robert Waring ka sɛnea mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so kyerɛ nnipakum ho agodie ho anigye kɛse no ho asɛm.a Owura Waring ka sɛ sum ase kuw bi na wɔhyɛ agodie yi akyi. Nokwarem no, saa agodie yi nkyerɛ mmofra no adepa biara, na mmom, ɛkyerɛ wɔn sɛnea wokum nnipa. Waring ka sɛ: “Wo tamfo bi a wo ne no besi akan wɔ wiase yi mu baabiara, na woakyerɛ sɛ wo ho yɛ den sen no no ma w’ani gye kɛse. Ɛnyɛ den koraa sɛ obi benya adwene a ɛte saa.” Nnipa a wɔrekunkum wɔn ho ho mfonini a wɔayɛ no nya mmofra so nkɛntɛnso. Sɛ wɔantumi annya agodie yi wɔ Intanɛt so mpo a, ebinom tɔ kɔmputa so agodie a wɔakyere agu kasɛt so na wɔhwɛ wɔ television so wɔ fie. Afoforo nso hyɛ da kɔ mmeae a wɔtɔn kasɛt a agodie no wɔ so, na wɔnam so ne atamfo no ko kunkum wɔn ho ‘ankasa.’
Ɛwom sɛ wɔakyerɛ mfe dodow bi a ɛsɛ sɛ obi di ne “nnipakum ho agodie” ko a ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyem de, nanso nokwasɛm no ne sɛ eyi ntumi mmoa ahe biara. Eddie a wadi mfe dunnan a ofi United States no kae sɛ: “Mpɛn pii no, nkurɔfo ka kyerɛ wo sɛ wunnyinii, nanso wɔmma wo nnyae [agoru] no tɔ.” N’ani gye agodie biako bi a wɔtotow atuo wom no ho. Ɛwom sɛ n’awofo nim na wɔn ani nnye ho de, nanso wɔntaa nhwɛ sɛ ebia ɔredi saa agoru no anaa. Abofra bi a wadu ne mpanyin afe so kaa saa asɛm yi: “Yɛn awo ntoatoaso yi adu akyiri wɔ basabasayɛ mu sen awo ntoatoaso foforo biara. Ɛnnɛ, TV tete mmofra sen wɔn awofo, na television na ɛma mmofra kyerɛ basabasayɛ ho anigye.” John Leland kyerɛw kɔɔ Newsweek mu sɛ: “Esiane sɛ mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so ɔpepem 11 na wɔde Intanɛt di dwuma [wɔ United States] nti, ɛma ɛda adi sɛ mmofra pii na wonya wɔn asetra ho akwankyerɛ fi beae bi a wɔn awofo nnim hɔ asɛm.”
Asetra Kwan a Ɛde Owu Ba
Na nneyɛe a ɛmfa “nnipakum ho agodie” ho a ɛkɔ so wɔ sini a basabasayɛ wom mu nso ɛ? Ɛwom sɛ wɔ asetra ankasa mu no, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ nneyɛe a ebetumi ama yɛawu mu de, nanso nnipa pii bu ahohwibra. Sɛ nhwɛso no, ɛmfa ho abusua nkɛntɛnso, ayaresabea ahorow, ne kɔkɔbɔ a atumfoɔ afoforo de ma fa asiane a ɛwɔ sigaretnom ne nnubɔnenom mu ho no, nkɔanim ara na saa nneyɛe yi renya. Mpɛn pii no, eyi kowie ɔpatuwu mu. Nea ɛbɛyɛ na nnwumakuw akɛse no ne wɔn a wɔtɔn nnubɔne no anya mfaso pii no, wɔkɔ so tɔn nnuru ma wɔn a dadwen ahyɛ wɔn so na wonni anidaso biara anaa wonni honhom fam nimdeɛ biara no.
Hena na Ɔhyɛ Eyinom Nyinaa Akyi?
So Bible no ka owu ho asɛm sɛ ade pa a ɛsɛ sɛ wɔde gye wɔn ani? So ɛka asetra kwan a ekowie owu mu ho asɛmpa? Dabi. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, nokware Kristofo nim sɛ owu yɛ “ɔtamfo.” (1 Korintofo 15:26) Kristofo mmu owu sɛ biribi a eye anaa ɛyɛ anigye, na mmom, biribi a wɔammɔ anka onipa ho, asotwe a efi bɔne ne Onyankopɔn a wɔtew ne so atua mu bae tẽẽ. (Romafo 5:12; 6:23) Ná owu nka Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma nnipa no ho.
Wɔka Satan ho asɛm sɛ “nea ɔwɔ owu tumi.” Wɔfrɛ no “owudifo,” a ɛnyɛ sɛ ɔno na okum obi tẽẽ nti, na mmom, esiane sɛ ɔyɛ saa denam atorodi, nkurɔfo a ɔdaadaa wɔn ma wɔyɛ bɔne, nneyɛe bɔne a ɛkowie owu mu a ɔhyɛ ho nkuran, ne awudi ho nsusuwii a ɔde hyɛ mmarima, mmea, ne mmofra mpo adwenem no so nti. (Hebrifo 2:14, 15; Yohane 8:44; 2 Korintofo 11:3; Yakobo 4:1, 2) Nanso, dɛn nti na mmofra titiriw na wɔde ani asi wɔn so? Dɛn na yebetumi ayɛ aboa wɔn?
[Ase hɔ asɛm]
a Nhwehwɛmu yi ka sɛ: “Wɔ nnipakum ho agodie yi mu no, agodifo no mu biara wɔ n’afa a ogyina na wofi ase kunkum wɔn ho.”
[Mfonini wɔ kratafa 7]
“Yɛn awo ntoatoaso yi adu akyiri wɔ basabasayɛ mu sen awo ntoatoaso foforo biara”