So Obu a Wɔwɔ Ma Nkwa no So Retew?
“Ɛyɛ wiase a wɔnkyerɛ obu mma nkwa. Wubetumi de sika pɔn kakraa bi abɔ obi paa ma wadi awu, na wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma no nyɛ nã.”—The Scotsman.
Wɔ April 1999 mu, ntua bi a ɛmaa wiase nyinaa ho dwiriw no mu no, mmofra baanu bi a wɔadu wɔn mpanyin afe so kɔyɛɛ basabasa wɔ Columbine Ntoaso Sukuu mu wɔ Littleton, Colorado, U.S.A., kunkum mmofra 15. Nhwehwɛmu daa no adi sɛ na ntuafo no biako wɔ dwumadibea bi wɔ Intanɛt so a wɔakyerɛw hɔ sɛ: “AWUFO NNYE AKYINNYE!” Nnipa a wɔkɔtow hyɛɛ afoforo so no nyinaa wuwui wɔ basabasayɛ no mu.
AWUDI abu so wɔ wiase nyinaa, na nnipa pii wu atɔfo wu da biara. Wɔ 1995 mu no, South Africa na na edi kan wɔ awudi mu wɔ wiase nyinaa denam nnipa 100,000 biara mu 75 a wokunkum wɔn no so. Amerika Kesee fam man bi yɛ nea wommu nkwa wom koraa, baabi a esiane amammuisɛm nti wokunkum nnipa bɛboro 6,000 wɔ 1997 mu no. Nkurɔfo a wɔbɔ wɔn paa ma wokum afoforo yɛ ade a ɛrekɔ so. Amanneɛbɔ bi a ɛfa saa man no ho ka sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ, mmofra a wokunkum wɔn no nso dodow akɔ soro: Wɔ 1996 no, wokunkum mmofra 4,322, nkɔanim ɔha mu 40 wɔ mfe abien pɛ mu.” Nanso, mmofra mpo redan awudifo—wɔrekunkum mmofra foforo ne wɔn ankasa awofo. Wommu nkwa ampa.
Dɛn Ne “Nnipakum Bebrebe” Yi?
Dɛn na nokwasɛm ahorow ne akontaabu yi kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ wommu nkwa koraa. Tumipɛfo ne sikapɛfo kunkum nkurɔfo a wɔn ahonim nhaw wɔn. Wɔn a wɔagye din wɔ nnubɔnetɔn mu hyɛ nkurɔfo ma wokum mmusua mũ nyinaa. Wɔboapa keka nsɛm te sɛ “bɔ no kɛse,” “kum no korakora,” “yi no fi hɔ,” anaasɛ “tɔre n’ase” bere a wɔrebekum obi no. Nea ama ɔhaw no ayɛ kɛse ne nea wɔfrɛ no mmusua asetɔre no, na ama onipa nkwa abɛyɛ biribi a wommu. Enti, nnipakum abɛyɛ biribi a wɔka ho asɛm da biara wɔ TV so kaseɛbɔ mu wɔ wiase nyinaa.
Sɛ yɛde basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi a wɔka ho asɛm daa wɔ television so ne sini ahorow mu no ka eyi ho a, ɛte sɛ nea nnipakum abɛyɛ yɛn asetra fa. Esiane eyi nti, Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Wɔ afeha a ɛto so 20 no awiei yi mu no, owu abɛyɛ ade a wɔka ho asɛm kɛse sen biara. Anwonwasɛm ne sɛ, ansa na saa bere no reba no, na wɔnka ho asɛm koraa wɔ nyansahu ne nyansapɛ mu.” Sɛnea Josep Fericgla, Cataloniasom ho ɔbenfo a ɔkyerɛ nnipa asetra ho ade kyerɛ no, “owu nyɛ akyide bio wɔ adesamma mu, ma enti abɛyɛ ade a nnipa susuw ho kɛse nnɛ.”
Ebia nea ama “nnipakum” adɔɔso kɛse no ne gyidi a nnipa pii kura sɛ tumi, korɔn a obi korɔn, sika, ne anigyede ho hia sen nnipa nkwa ne abrabɔ ho gyinapɛn no.
Ɔkwan bɛn so na wɔfa kunkum nnipa pii saa? Dɛn na awofo betumi ayɛ de ako atia nneyɛe bɔne a atwa wɔne wɔn mma ho ahyia yi? Eyinom ne nsɛmmisa bi a yebesusuw ho wɔ nsɛm a edi hɔ no mu.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4]
Nkwa Som Bo Dɛn?
◼ “Mmofra a wɔwɔ basabasayɛfo kuw mu [wɔ Mumbai, India] no ho kyere wɔn ankasa, sɛ wɔbɔ wɔn paa sɛ wonkum nnipa na wɔmma wɔn rupee 5,000 [$115] mpo a, wɔbɛyɛ.”—Far Eastern Economic Review.
◼ “Okum Obi a Ɔretwam a Wamma no Sigaret No.”—Asɛmti a ɛwɔ La Tercera, Santiago, Chile, mu.
◼ “Egye bɛyɛ dɔla 7000 na wɔabɔ obi paa ma wakum obi wɔ Russia [wɔ 1995 mu] . . . Nkurɔfo a wɔbɔ wɔn paa ma wokum afoforo no dodow anya nkɔanim ntɛmntɛm wɔ Russia a ɛnyɛ kɔmunist man bio a emu sikasɛm asɛe no mu.”—Moscow News a ɛba dapɛn biara, sɛnea Reuters kyerɛ no.
◼ “Wɔkyeree obi a ɔtɔ adan ne nsase tɔn wɔ Brooklyn . . . na wɔbɔɔ no sobo sɛ wama aberante bi dɔla 1,500 a ɔde abɔ no paa no mu bi sɛ onkum ɔno barima no yere a ɔyem ne ɔbea no maame.”—The New York Times.
◼ ‘Ɛbo a wotua wɔ nnipakum ho [wɔ England no] so retew . . . Bo a wotua de bɔ nkurɔfo paa ma wokum afoforo. . . no so atew fi pɔn 30,000 wɔ mfe anum a atwam no mu aba pɔn 5,000 kosi 10,000.’—The Guardian.
◼ ‘Balkan basabasayɛ kuw ama Mafia sum ase kuw no nsɛ hwee. Eyi yɛ nsɛmmɔnedifo kuw foforo a ɛsono ɔkwan a wɔfa so ne wɔn akode koraa. Wɔwɔ atopae ne atuo, na ɛmfa wɔn ho sɛ wɔbɛtow akum obi.’—The Guardian Weekly.