“Element” Ahorow No Ankasa na Ɛbae?
THE Encyclopedia of Stars & Atoms kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Atɔm ahorow na ɛka bom yɛ biribiara a ɛwɔ Amansan no mu, a nsoromma a ɛwɔ akyirikyiri mpo ka ho.” Atɔm ahorow no susua koraa sɛ yebehu, nanso sɛ ne nyinaa boa ano a, ɛbɛdan element ahorow. Yetumi hu element ahorow yi bi; afoforo nso yɛ mframa a aniwa nhu. So yebetumi aka sɛ element ahorow yi nyinaa ankasa na ɛbae?
Element 1 Kosi 92
Ɛwom sɛ hydrogen na enni mu koraa wɔ atɔm ahorow mu de, nanso ɛno na ɛma nsoromma te sɛ owia no tumi yɛ hyew, na ɛho hia ma nkwa nso. Hydrogen atɔm biara wɔ proton biako ne electron biako a etwa nucleus a ehyem no ho hyia. Wɔde atɔm a electron pii wom a etwa nucleus a proton ne neutron pii wom ho hyia na ayɛ nneɛma foforo te sɛ carbon, oxygen, Gold, ne mercury.
Bɛyɛ mfirihyia 450 a atwam no, na element 12 pɛ na wonim. Bere a wohuu pii kaa ho no, nyansahufo hui sɛ wɔyɛɛ no nnidiso nnidiso. Na bere a nyansahufo hyehyɛɛ element ahorow no nnidiso nnidiso no, wohui sɛ element ahorow a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ no kura su koro. Nanso wogyaw akwan wɔ sɛnea wɔahyehyɛ no no ntam de gyinaa hɔ maa element ahorow a wonhui no. Eyi maa Russia nyansahufo Dmitry Mendeleyev kae sɛ element bi a wɔfrɛ no germanium a ekura atɔm akontaahyɛde 32 wɔ hɔ, na ɔkyerɛɛ ne kɔla, emu duru, ne kɛse, ne ɔhyew a ebetumi ama anan no. Nyansahu nhoma Chemistry a wɔyɛe wɔ 1995 mu no ka sɛ Mendeleyev “asɛm a ɛfa element afoforo a na wonnya nhui—gallum ne scandium—ho no nso baam pɛpɛɛpɛ.
Bere bi akyi no, nyansahufo kaa element afoforo a wonnim ne su horow ho asɛm siei. Awiei koraa no, wohuu element ahorow a na wonhu no nyinaa. Seesei ɔkwan biara nni hɔ a wɔagya wɔ sɛnea wɔahyehyɛ element no mu bio. Sɛnea element ahorow no ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ no gyina protons ne nucleus dodow a ɛwɔ atɔm no mu so, na ɛde element a edi kan, hydrogen, na efi ase, na ɛtoa so kosi element a etwa to wɔ asase so, nea ɛto so 92, uranium, no so. So eyi bae ara kwa?
Susuw element a egu ahorow pii no nso ho hwɛ. Gold ne mercury yɛ element ahorow a ɛsono emu biara kɔla. Biako yɛ den na biako nso yɛ nsunsu. Nanso biako na edi biako akyi sɛ nea ɛto so 79 ne 80. Atɔm a ɛwɔ Gold mu no wɔ electron 79, proton 79, ne neutron 118. Nanso, atɔm a ɛwɔ mercury mu no electron ne proton nyinaa boro sika kɔkɔɔ de so biako, na neutron a ɛwɔ n’abien nyinaa mu reyɛ ayɛ pɛ.
So ɛbae ara kwa sɛ nsakrae kakraa bi a ɛte saa ba element a wɔahyehyɛ a ɛsono emu biara no mu no? Na tumi a ɛka atɔm mu nneɛma no bom no nso ɛ? The Encyclopedia of Stars & Atoms kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Efi Amansan no mu ade a esua koraa so kosi nsorommakuw a ɛsõ sen biara so no, wɔnam mmara a ɛfa abɔde a aniwa hu ho so na ahyehyɛ biribiara a ɛwom no.” Susuw nea anka ɛbɛba no ho sɛ eyinom mu biako mpo sakrae a. Sɛ nhwɛso no, sɛ anka tumi a ɛma electron twa nucleus ho hyia no sesae kakra a, anka dɛn na ɛbɛba?
Tumi a Edi Dwuma Pɛpɛɛpɛ
Susuw nea anka ɛbɛba no ho sɛ tumi a ɛtwe ade no ano yɛɛ mmerɛw a. Ɔbenfo David Block ka wɔ ne nhoma Star Watch mu sɛ: “Anka electron rentumi mfam atɔm ho bio.” Dɛn koraa na anka ɛno bɛkyerɛ? Ɔde ka ho sɛ: “Anka amansan no bɛyɛ beae a nnuru mu nsakrae biara ntumi nkɔ so!” Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ mmara a ɛwɔ hɔ na ama nnuru mu nsakrae akɔ so no! Sɛ nhwɛso no, hydrogen atɔm abien ne oxygen atɔm biako ka bom ma yenya nsu mu molecule a ɛsom bo no.
Nuklea tumi a ano yɛ den a ɛka atɔm mu nneɛma titiriw bom no sen tumi a ɛwɔ twebo mu no mpɛn 100. Sɛ nsonsonoe a ɛte saa no nni hɔ a, anka dɛn na ɛbɛba? Nyansahufo John Barrow ne Frank Tipler kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ nsakrae kakraa bi ba nuklea ahoɔden ne tumi a ɛwɔ twebo mu no mu a, anka yɛrennya carbon mu atɔm.” Sɛ carbon nni hɔ a, anka nkwa to betwa. Carbon atɔm a ɛwɔ abɔde a nkwa wom mu no yɛ ɔha mu 20.
Nea ɛho hia titiriw nso ne nsonsonoe a ɛda tumi a ɛwɔ twebo mu ne tumi a ɛtwe ade ba fam mu no. New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nsakrae kakraa bi a ɛbɛba tumi a ɛtwe ade ba fam ne tumi a ɛwɔ twebo mu no mu bɛma nsoromma te sɛ Owia ayɛ hyew araa ma nkwa ntumi ntra asase so anaasɛ ne hyew ano bɛbrɛ ase araa ma entumi nkora nkwa so.”
Tumi foforo a ɛyɛ nuklea tumi a ano yɛ mmerɛw no na ɛkyerɛ ahoɔhare a owia tumi de di dwuma. Abɔde mu nneɛma ho nimdefo Freeman Dyson kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ano yɛ mmerɛw araa ma enti ɛma hydrogen a ɛwɔ owia mu no hyew nkakrankakra.” Yebetumi de nhwɛso foforo pii ama de akyerɛ sɛnea yɛn nkwa gyina mmara a ɛkari pɛ na ɛyɛ nwonwa ne nsakrae ahorow a ɛkɔ so wɔ amansan no mu no so. Ɔbenfo Paul Davies a ɔyɛ nyansahu ho sɛnkyerɛwfo no de amansan ho mmara ne tebea horow no totoo nnwinnade nkuruwankuruwa bi a wokyinkyim no ho, na ɔkae sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ nnwinnade nkuruwankuruwa a wokyinkyim no no pɛpɛɛpɛ na ama nkwa atumi akɔ so wɔ amansan yi mu.”
Bere tenten ansa na Sir Isaac Newton rehu tumi a ɛtwe ade ba fam no, na Bible no aka mmara a ɛte saa a wɔahyehyɛ ho asɛm. Wobisaa ɔbarima Hiob sɛ: “So wo na wohyehyɛɛ mmara a edi ɔsoro so no, anaasɛ wo na wohyehyɛɛ mmara a edi asase so no?” (Hiob 38:33, The New English Bible) Nsɛmmisa foforo a ɛfata nso ne, “Ɛhe na wowɔ, bere a mehyɛɛ asase ase no?” ne, “Hena na ɔde ne nsusuwii too hɔ, wunim anaa?”—Hiob 38:4, 5.
[Adaka wɔ kratafa 6]
NNEƐMA A ƐHO HIA NO
Yɛn nipadua mu atɔm ɔha mu 98 yɛ hydrogen, oxygen, ne carbon. Ɔha mu nkyem 1.4 foforo nso yɛ nitrogen. Afoforo a aka no nnɔɔso pii, nanso ɛho hia ma nkwa.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 6, 7]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Bere a na wɔretintim nsɛmma nhoma yi no, na nyansahufo ahu “element” ahorow 93 kosi 118. Yebetumi aka sɛ saa “element” ahorow yi da so ara wɔ akontaabu pon no so.
[Asɛm Fibea]
Fibea: Los Alamos National Laboratory
Element no din Agyiraehyɛde Atɔm nɔma (proton dodow)
hydrogen H 1
helium He 2
lithium Li 3
beryllium Be 4
boron B 5
carbon C 6
nitrogen N 7
oxygen O 8
fluorine F 9
neon Ne 10
sodium Na 11
magnesium Mg 12
aluminum Al 13
silicon Si 14
phosphorus P 15
sulfur S 16
chlorine Cl 17
argon Ar 18
potassium K 19
calcium Ca 20
scandium Sc 21
titanium Ti 22
vanadium V 23
chromium Cr 24
manganese Mn 25
iron Fe 26
cobalt Co 27
nickel Ni 28
copper Cu 29
zinc Zn 30
gallium Ga 31
germanium Ge 32
arsenic As 33
selenium Se 34
bromine Br 35
krypton Kr 36
rubidium Rb 37
strontium Sr 38
yttrium Y 39
zirconium Zr 40
niobium Nb 41
molybdenum Mo 42
technetium Tc 43
ruthenium Ru 44
rhodium Rh 45
palladium Pd 46
silver Ag 47
cadmium Cd 48
indium In 49
tin Sn 50
antimony Sb 51
tellurium Te 52
iodine I 53
xenon Xe 54
cesium Cs 55
barium Ba 56
lanthanum La 57
cerium Ce 58
praseodymium Pr 59
neodymium Nd 60
promethium Pm 61
samarium Sm 62
europium Eu 63
gadolinium Gd 64
terbium Tb 65
dysprosium Dy 66
holmium Ho 67
erbium Er 68
thulium Tm 69
ytterbium Yb 70
lutetium Lu 71
hafnium Hf 72
tantalum Ta 73
tungsten W 74
rhenium Re 75
osmium Os 76
iridium Ir 77
platinum Pt 78
gold Au 79
mercury Hg 80
thallium Tl 81
lead Pb 82
bismuth Bi 83
polonium Po 84
astatine At 85
radon Rn 86
francium Fr 87
radium Ra 88
actinium Ac 89
thorium Th 90
protactinium Pa 91
uranium U 92
neptunium Np 93
plutonium Pu 94
americium Am 95
curium Cm 96
berkelium Bk 97
californium Cf 98
einsteinium Es 99
fermium Fm 100
mendelevium Md 101
nobelium No 102
lawrencium Lr 103
rutherfordium Rf 104
dubnium Db 105
seaborgium Sg 106
bohrium Bh 107
hassium Hs 108
meitnerium Mt 109
110
111
112
114
116
118
[Nsɛm a wɔahyehyɛ]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
So “element” ahorow a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ no ankasa na ɛbae anaasɛ onyansafo bi na ɔhyehyɛe?
Helium atom
Electron
Proton
Neutron
[Asɛm a Wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 7]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Dɛn na ɛma tumi anan no di dwuma ma ɛfata?
TUMI A ƐWƆ TWEBO MU
NUKLEA TUMI A ANO YƐ DEN
TUMI A ƐTWE ADE BA FAM
NUKLEA TUMI A ANO NYƐ DEN
Nsu mu abɔde mu nneɛma nketenkete
Atɔm mu ade titiriw
Owia a ɛbɔ kɛse
Owia a ɛmmɔ kɛse
Owia