Me Gyidi a Wɔsɔ Hwɛe Wɔ Poland
SƐNEA JAN FERENC KA KYERƐE
BERE a Wiase Ko II rekɔ so no, na misua koraa. Mekae me papa nua bi a na ɔyɛ Yehowa Dansefo no yiye. Ná ɔba yɛn fie bɛkenkan Bible kyerɛ yɛn. Ná m’awofo ani nnye ho, nanso na me ne me nua barima Józef, ne me nuabea Janina ani gye ho paa. Ankyɛ na yɛn mu biara de nsu mu asubɔ yɛɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Bere a wɔrebɔ me asu no, na madi mfe 14 pɛ.
Bere a yɛn awofo huu nkɛntɛnso pa a Bible no sua anya wɔ yɛn so no, wofii ase tiei. Bere a me papa hui sɛ Bible kasa tia ahonisom no, ɔkae sɛ: “Sɛ sɛɛ na Onyankopɔn Asɛm ka a, ɛnde na asɔfo no adaadaa yɛn. Me ba, tete ahoni a ɛwɔ fasu no ho nyinaa tow gu!” Bɛyɛ mfe abien akyi no, wɔbɔɔ m’awofo asu. Wɔsom Yehowa nokwaredi mu kosii owu mu.
Ɔhaw a Yehyiae
Yehowa Adansefo hyiaa nsɛnnennen pii wɔ ɔko no akyi. Sɛ nhwɛso no, Asraafo bɛtow hyɛɛ dwumadibea a ɛwɔ Lodz no so, na wɔkyekyee ɛhɔ adwumayɛfo no. Wɔ Poland apuei fam no, Katolek asɔfo no piapiaa Ɔman Asraafo Dɔm mu akofofo no ma wɔkɔtow hyɛɛ Yehowa Adansefo so yɛɛ wɔn ayayade pii.a
Saa bere yi ara nso na Kɔmunis atumfoɔ no twaa hokwan a wɔde maa yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn nhyiam ahorow no mu, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe nhyiam ahorow a na yɛafi ase dedaw no. Nanso, ɔsɔretia a na emu reyɛ den no maa yenyaa akokoduru kɛse mpo de kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Wɔ 1949 mu no, yɛbɔɔ Adansefo bɛboro 14,000 ho amanneɛ wɔ Poland.
Ankyɛ koraa na mebɛyɛɛ ɔkwampaefo, Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo. Mfiase no, na metwa kwan kilomita 500 na ɛkɔka asɛm no. Nanso, bere bi akyi no, wɔpaw me sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ Lublin apuei fam, a na efi hɔ rekɔ baabi a m’awofo te no nware koraa.
Wɔkyeree Me Yɛɛ Me Ayayade
Wɔ June 1950 mu no, Kɔmunis polisifo no kyeree me bɔɔ me sobo sɛ United States kwansrafo. Wɔde me too afiase dan bi a emu yɛ hyew mu. Ade sae no, polisini a ɔyɛ nhwehwɛmu no yii me bisabisaa me nsɛm. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɔsom a wowom no yɛ sum ase kuw na ɛyɛ yɛn Man no tamfo. Mo adwumayɛbea no yɛ adwuma sɛ Amerika kwansrafo. Yɛwɔ ho adanse! Wo nuanom agye atom sɛ wɔkɔɔ ɔman no mu nyinaa kogyee nsɛm a ɛrekɔ so wɔ asraafo atrae ne nnwinnan ahorow mu.”
Nokwarem no, na saa sobo yi yɛ atoro koraa. Nanso, polisini no tuu me fo sɛ memfa me nsa nhyɛ asɛm bi ase mfa nkyerɛ sɛ “yɛn ahyehyɛde no yɛ ahyehyɛde a n’anim agu ase.” Ɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ ɔbɛma mede me nsa ahyɛ ase. Ɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ ɔbɛma makyerɛw Adansefo a minim wɔn no nyinaa din ne wɔn address ne baabi a yɛn nhoma ahorow no fi ba. Nanso manyɛ emu biara.
Ɛno akyi no, polisifo no hwee me kosi sɛ metɔɔ mum. Afei, wɔbɔɔ me nsu maa m’ani so tetew me, na afei wɔsan bisabisaa me nsɛm. Anadwo a edi hɔ no, wɔboroo me yiye. Mesrɛɛ Onyankopɔn denneennen sɛ ɔmma me ahoɔden mfa nnyina ano. Mete nka sɛ ɔmaa minyaa ahoɔden. Nsɛm a na wobisa me anadwo biara no kɔɔ so bɛyɛ afe biako.
Woyii me fii afiase wɔ April 1951 mu, nanso na Adansefo pii da so gu afiase. Mekɔɔ Ɔdansefo panyin bi nkyɛn sɛ ɔmma me dwumadi foforo. Obisaa me sɛ: “Wunsuro sɛ wɔbɛkyere wo bio?” Mibuae sɛ: “Masi me bo kɛse mpo sɛ mɛyɛ adwuma wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse.” Mesan fii ɔhwɛfo kwantufo dwumadi no ase, na akyiri yi, wɔmaa mekodii nhomatintim ne ne kyekyɛ anim wɔ Poland.
Saa bere no, na mfiri dedaw bi na yɛde tintim Ɔwɛn-Aban no bi. Ná nsɛmma nhoma a yetintim no nyɛ fɛ, na na krataa nso bo yɛ den esiane sɛ na ɛho ayɛ na saa bere no nti. Ná ɛsɛ sɛ yetintim nhoma no wɔ mmeae a atew ne ho, te sɛ aborosan ne adan foforo ase. Sɛ wɔkyere obi a, na wɔde no to afiase.
Mekae abura bi a na awe a yetintim bi wom no. Ná ɔkwan ketewa bi da abura a emu tenten yɛ anammɔn 35 yi ase kɔ ɔdan ketewaa bi mu, baabi a na yetintim nsɛmma nhoma no. Sɛ yɛrekɔ hɔ a, na wɔde yɛn fa hama ho. Da bi, a wɔde me too dua bokiti kɛse bi mu faa hama ho a wɔde me rekɔ mu no, hama no tee mpofirim. Mekɔhwee abura no ase maa me nan mu bui. Bere a mifi ayaresabea bae no, mesan kodii nhomatintim afiri no ho dwuma bio.
Saa bere yi mu na mihyiaa Danuta, ɔkwampaefo mmɔdenbɔfo bi. Wɔ 1956 mu no, yɛwaree, na mfe anan a edi hɔ no, yɛboom yɛɛ ɔsom adwuma no wɔ Poland mfinimfini fam. Eduu 1960 no, na yɛawo abien, na yesii gyinae sɛ Danuta nnyae bere nyinaa som adwuma no nkɔhwɛ mmofra no. Ankyɛ koraa na wɔsan kyeree me, na saa bere yi de, wɔde me too afiase dan bi a nkura ayɛ hɔ ma mu. Asram ason akyi no, wɔde me too afiase mfe abien.
Afiasenna ne Afiasefi
Ná nneduafo bɛboro 300 na wogu Bydgoszcz afiase hɔ, na mebɔɔ Yehowa mpae sɛ metumi aka Ahenni ho asɛm akyerɛ komapafo a wɔwom no. Me ne afiase hɔ panyin no kasae sɛ ɔmma minyi afiase hɔfo ti. Ogyee pene maa me ho dwiriw me. Ankyɛ koraa na mifii ase yii nneduafo no, na midii wɔn a wɔwɔ komapa no adanse.
Ankyɛ na deduani a ɔka me ho ma yeyi ti no yɛɛ yɛn nkɔmmɔbɔ no ho biribi. Ofii ase kaa nneɛma a wasua afi Bible mu no ho asɛm kyerɛɛ afoforo mpo. Ankyɛ na afiase panyin no hyɛɛ yɛn sɛ yennyae nea ɔfrɛ no “nnaadaasɛm a ɛtoto ɔman ase” no ho asɛm ka. Me yɔnko a na ɔka me ho ma yeyi ti no gyinaa pintinn. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná miwia ade, nanso seesei minwia ade bio. Bere bi na menom sigaret, nanso magyae nom. Manya atirimpɔw wɔ m’asetram, na mepɛ sɛ meyɛ Yehowa Dansefo.”
Bere a woyii me fii afiase no, wɔde me kɔɔ Poznan sɛ menkɔhwɛ “abodootobea,” sɛnea na yɛfrɛ mmeae a yetintim yɛn nhoma kokoam, no so. Eduu 1950 mfe no awiei no, na yɛn nhomatintim no atu mpɔn kɛse. Yesuaa sɛnea yɛbɛtew yɛn nkrataa no akɛse so na yɛahu nkyerɛwee no nso yiye na yɛde Mfiri a wɔde tintim ade nnɛ no bi atintim yɛn nhoma no—nkɔanim a yenyae wɔ yɛn mfiridwuma mu. Wɔ 1960 mu no, yefii ase tintim nhoma akɛse nso.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, ofipamfo bi kɔkaa yɛn dwumadi no ho asɛm, na wɔkyeree me bio. Bere a woyii me wɔ 1962 mu no, wɔmaa me ne afoforo pii dwumadi ma yɛkɔsom wɔ Szczecin. Nanso ansa na yɛrebefi hɔ no, yɛn nsa kaa akwankyerɛ bi a na yenim sɛ efi Kristofo anokwafo hɔ a ɛrekyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Kielce mmom. Ɛhɔ nso, wɔkyeree yɛn, na wɔsan de me too afiase afe ne fã. Na akwankyerɛ no fi nnaadaafo bi a wɔwɔ yɛn mu hɔ. Bere kɔɔ so no, yehuu wɔn, na yeyii wɔn fii yɛn mu.
Bere a awiei koraa woyii me fii afiase no, wɔpaw me sɛ menhwɛ nhomatintim adwuma a yɛyɛ wɔ Poland no nyinaa so. Wɔ 1974 mu, mfe du akyi a na wonhuu dwuma a yɛredi no, wohuu me akyiri yi kyeree me wɔ Opole. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔde me kɔtoo afiase wɔ Zabrze. Afiase panyin no ka kyerɛɛ me sɛ: “W’asɔfodwuma no aba awiei. Sɛ wokɔ so trɛw wo nnaadaasɛm no mu a, yɛde wo nkutoo bɛkɔ akɔto afiase dan bi mu.”
Mekaa Asɛm no Wɔ Afiase
Nanso, me som adwuma no amma awiei. Nokwarem no, me ne mfɛfo nneduafo baanu fii Bible adesua ase. Akyiri yi, wonyaa nkɔanim ma enti mebɔɔ wɔn asu wɔ aguasɛn kɛse bi mu wɔ afiase hɔ.
Nneduafo foforo nso yɛɛ yɛn asɛnka no ho biribi, na wɔ April 1977 mu no, yehyia dii Kristo wu Nkaedi no. (Luka 22:19) Asram abien akyi, wɔ June 1977 mu no, woyii me, na wɔankyere me bio.
Saa bere yi de, na atumfoɔ no akyerɛ yɛn adwuma no ho anigye kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo a wɔbɛsraa hɔ no boae kɛse. Wɔ 1977 mu no, wɔn mu baasa ne ahwɛfo, akwampaefo, ne Adansefo a wɔde mfe pii asom no kasae wɔ nkurow ahorow mu. Afe a edi hɔ no, wɔn mu baanu kɔɔ Dwumadibea a Ɛhwɛ Ɔsom Ho Nsɛm So hɔ ne wɔn kɔkasae. Wɔ 1989 mu ansa na wɔreyi anohyeto no afi hɔ. Mprempren, Adansefo bɛyɛ 124,000 na wɔwɔ Poland.
Esiane yare nti, Danuta ntumi nni m’akyi nnansa yi, nanso ɔhyɛ me nkuran na ɔwɔ ɔpɛ sɛ mɛkɔ so asrasra asafo ahorow no. Mɛkyerɛ ne mmoa a ɛhyɛɛ me den wɔ m’afiase nna no nyinaa mu ho anisɔ daa.
Ɛda adi sɛ, gyinae a misii sɛ mɛsom Yehowa Nyankopɔn mfe 50 a atwam ni no yɛ gyinaesi pa. Manya anigye kɛse sɛ mifi koma nyinaa mu som no. Me ne me yere ahu nokware a nsɛm a ɛwɔ Yesaia 40:29 yɛ no sɛ: “Ɔno [Yehowa] na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso.”
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ 1994 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, nkratafa 213-22.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 29]
Ná yɛde afiri dedaw bi na etintim nhoma ahorow no, na akyiri yi, yɛde mfiri a wɔde tintim ade nnɛ no bi na etintimii
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]
Me ne me yere Danuta