Ɛhe na Wubetumi Anya Nhomasua a Edi Mu?
“Sɛnea wotumi de ɔbo yɛ adwinni a ɛyɛ fɛ no, saa ara na nhomasua tumi ma esi ɔkra yiye.”—Joseph Addison, 1711.
WOAKƆ sukuu pɛn? Nnipa pii betumi abua sɛ yiw—nanso ɛnyɛ obiara na obetumi abua saa. Bere a yɛahyɛn afeha 21 mu mpo no, mmofra ɔpepem pii na wɔnkɔ sukuu. Eyi akɔ so bere tenten ni, ma enti ɛnnɛ, mpanyimfo bɛyɛ ɔpepem biako na wonnim nhoma.
Nanso, nhomasua a ɛfata ho hia obiara. Sɛ anka yebebu no sɛ biribi a ne nya yɛ den no, nnipa pii hu sɛ ɛyɛ hokwan a ɛsɛ sɛ mmofra ne mpanyin nyinaa nya. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn anya nhomasua a ɛfata bere a nneɛma a ɛma nhomasua kɔ so nni hɔ no? Na sɛ nhoma a ɛsɛ, akyerɛkyerɛfo a wɔfata, ne sukuu pii, nni hɔ nso ɛ?
Nokwarem no, ɛhe na nkurɔfo betumi anya nhomasua a ɛyɛ anigye, ɛbɛma wɔahu sɛnea wiase no te, na ama wɔanya honhom fam nneɛma a ebetumi asakra wɔn asetra? Nhomasua bɛn na ɛboa ma obi bu bra pa, nya asetra pa, na ɛma onya daakye ho anidaso pa? So obiara betumi anya nhomasua a ɛte saa?
Nea Ɛma Yenya Nhomasua a Edi Mu
Ɛmfa ho sɛ eyi betumi ayɛ ebinom nwonwa no, yebetumi aka no pen sɛ obiara betumi anya nhomasua a ɛfata. Eyi te saa efisɛ yɛwɔ adwinnade a edi mu a ebetumi ama yɛanya saa nhomasua no. Ɛyɛ “nhoma” a edi mu a wɔakyerɛ ne nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛboro 2,200 mu wɔ wiase nyinaa. Ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ asase so tumi nya bi wɔ n’ankasa kasa mu. Eyi yɛ nhoma bɛn?
Ɛyɛ Bible, nhoma a nnipa pii agye atom sɛ mfaso wɔ so sen nhoma biara a wɔakyerɛw pɛn no. Ɔbenfo William Lyon Phelps a ɔtraa ase afeha 20 no mfiase no kae sɛ: “Yebetumi aka sɛ obiara a ɔwɔ Bible ho nimdeɛ a edi mu yɛ nhomanimfo. Nhomasua ne nimdeɛ biara a agye din sɛ dɛn mpo . . . ne no nsɛ.”
Bible no yɛ nhoma ahorow a wɔaka abom a ne kyerɛw gyee mfe bɛyɛ 1,600. Phelps san ka faa saa nhoma titiriw yi ho sɛ: “Yɛn nsusuwii, nyansa, nyansapɛ, nhoma, mfonini, ne yɛn botae nyinaa gyina Bible no so kɛse sen nhoma foforo biara. . . . Migye di sɛ mfaso wɔ so kɛse sɛ obi benya Bible mu nimdeɛ bere a wankɔ sukuu sen sɛ ɔbɛkɔ sukuu na onni Bible mu nimdeɛ.”
Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo Kristofo reyɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a egyina Bible so wɔ wiase nyinaa. Saa nhomasua no kɔ akyiri sen akenkan ne akyerɛw a obi behu ara kɛkɛ. Ɛma nkurɔfo hu nyansa na ɛma wobu bra pa. Ɛboa nkurɔfo ma wonya daakye ho anidaso pa, na ɛma wonya nea ɛbɛba no mu ahotoso kɛse sen nea atwam no.
Yɛsrɛ wo, kenkan saa nhomasua a esiesie asetra yi ho ade wɔ asɛm a edi hɔ no mu.