Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 2/8 kr. 15-16
  • Wiase a Adagyew Nnim Koraa Yi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase a Adagyew Nnim Koraa Yi
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Prɛko Pɛ, Bere a Wɔde Yɛ Adwuma no Bɛyɛɛ Pii
  • Asetra Resakra Ntɛmntɛm
  • Dɛn Nti Na Asetra Ano Yɛ Agyaw Saa?
    Nyan!—1987
  • Yɛabrɛ Nanso Yɛmpaa Abaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Asiane a Ɛwɔ Nnwuma Pii a Nkurɔfo Yɛ no Mu
    Nyan!—2001
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 2/8 kr. 15-16

Wiase a Adagyew Nnim Koraa Yi

SO ƐTƆ DA A, WUHU SƐ WUNNI ADAGYEW KORAA WƆ ASETRAM? SO ƐNO MA WOHAW, WOBRƐ, NA WUNTUMI NNI NNEƐMA HO DWUMA NWIE? SƐ SAA A, ƐNYƐ WO NKO NA ƐTE SAA WƆ WO FAM.

NNIPA mpempem pii, ɛnkanka wɔn a wɔtete nkurow akɛse mu no, te nka sɛ asetra abɛyɛ apereperedi ne nhyɛso. Eyi te saa titiriw wɔ Atɔe fam nsase so. Wɔ asɔre bi a wɔyɛe wɔ United States nnansa yi ase no, ɔsɔfo no kae sɛ wɔn a wɔtaa te nka sɛ wɔabrɛ no mpagya wɔn nsa. Amonom hɔ ara, nnipa pii pagyaa wɔn nsa.

Why Am I So Tired? nhoma no ka sɛ: “Ahoyeraw kɛse ahyɛ wiase no ma nnɛ—wimhyɛn a nnipa repɛ ntɛm akɔforo, nneɛma ho dwuma a ɛsɛ sɛ wodi wɔ bere ano, mmofra a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn kɔ sukuu na wɔkɔfa wɔn ba bere ano—nsɛnnennen no nni ano.” Edi sɛ wɔka sɛ ɔbrɛ yɛ nnome wɔ nnɛ wiase yi mu no.a

Mfe a atwam no, na asetra nyɛ den na na nkurɔfo mpere wɔn ho wɔ asetram. Na nkurɔfo yɛ wɔn ade ma ɛne sɛnea nneɛma te ankasa hyia—ade kye a, wɔyɛ adwuma na sɛ ade sa a wɔne wɔn mmusua bɔ nkɔmmɔ anaasɛ wɔda. Ɛnnɛ, nneɛma pii na ɛma nkurɔfo te ɔbrɛ nka bere nyinaa.

Prɛko Pɛ, Bere a Wɔde Yɛ Adwuma no Bɛyɛɛ Pii

Ebetumi aba sɛ ade biako a ɛma nnipa brɛ no ne da a wɔnna sɛnea ɛsɛ no. Na ade biako nso a ɛmma nnipa nna ntɛm ne anyinam kanea a ɛbae no. Sɛ nkurɔfo sɔ kanea no ara pɛ a, ɛma ‘ɛkyɛ ansa na ade asa’ ama wɔn na ɛmma wɔnna ntɛm. Nokwarem no, na nnipa pii ntumi nyɛ eyi ho hwee efisɛ na nnwumakuw ahorow ne adetɔnbea ahorow no de bere tenten na ɛyɛ adwuma. Nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ: “Yɛhyɛnee bere a wɔde nnɔnhwerew aduonu anan no nyinaa yɛ adwuma mu.”

Mfiridwuma mu nkɔso foforo a wɔnam so anya biribi te sɛ radio, TV, ne kɔmputa, nso mma nnipa nna sɛnea ɛsɛ. Wɔ aman pii mu no, wɔde nnɔnhwerew 24 no nyinaa yi TV. Ɛtaa ba sɛ wɔn a wɔtaa hwɛ sini ne agumadi no bɛkɔ adwuma no na wɔn ani kum anaasɛ wɔabrɛ esiane sɛ adeyɛ a ɛte saa no gyee wɔn bere pii nti. Kɔmputa a wɔde di dwuma kɛse wɔ fie no nso mma nnipa ɔpepem pii nna ntɛm. Nokwarem no, mfomso biara nni nneɛma a ɛtete saa ho; nanso ɛmma nkurɔfo a wɔmfa nni dwuma yiye no ntumi nnya bere mfa nhome.

Asetra Resakra Ntɛmntɛm

Ɛnyɛ bere pii nko na yɛde yɛ adwuma, na mmom asetra nso resakra ntɛmntɛm—eyi te saa esiane mfiridwuma mu nimdeɛ a aba no nti. Nsonsonoe kɛse da apɔnkɔ ne nteaseɛnam a na wɔde di dwuma mfe ɔha a atwam ni no ne kar, keteke, ne wimhyɛn, a yɛde di dwuma nnɛ no ntɛm. Nokwarem no, oguadini a ɔwɔ hɔ nnɛ, a na ne nana nantew, anaa ɔtra pɔnkɔ anaa sakre so, kɔ adwuma no betumi atra wimhyɛn mu awia na obetumi akodu ɛpo agya anwummere!

Nsakrae kɛse nso aba adwumayɛdan mu esiane nneɛma a wotumi yɛ no ntɛmntɛm no nti. Kɔmputa, fax, ne E-mail abesi typewriter ananmu. Kɔmputa nketewa, telefon a wotumi kita kɔ baabiara, ne mfiri a wɔde kyere kasa, no ma ofie ne adwumam ntam kwan no yɛ tiaa.

Nokwarem no, yɛn mu biara ntumi nsiw sɛnea wiase no resakra ntɛmntɛm no ano. Nanso, ankorankoro biara betumi ayɛ nsakrae na ama wayɛ n’ade sɛnea ɛsɛ wɔ asetram a ɔrempere ne ho. Nanso, ansa na yebesusuw eyi ho no, momma yensusuw sɛnea wiase a adagyew nnim koraa yi betumi anya yɛn nyinaa so nkɛntɛnso no ho nhwɛ.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ yɛde da biara dadwen to nkyɛn a, nneɛma afoforo nso tumi de ɔbrɛ ba. Yare, aduan a ahoɔden nnim, nnuru, mframabɔne, adwenemhaw, onyin, ne nneɛma a ɛtete saa, tumi ma obi brɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena