Asiane a Ɛwɔ Nnwuma Pii a Nkurɔfo Yɛ no Mu
ƐNNƐYI ATƆE FAM WIASE NO TUMI YƐ WƆN ADE NTƐMNTƐM NE ƆKWAN A AHOTƆ NSO WOM SO.
NKURƆFO mfa bere pii nhohoro nkuku mu bio wɔ gyaade. Saa ara nso na mfiri a wɔde si nneɛma mma nkurɔfo mfa bere pii nsi nneɛma bio. Nnipa ɔpepem pii mpo nhaw wɔn ho sɛ wɔbɛkɔ akodi gua anaa wɔbɛkɔ akoyi sika wɔ sikakorabea—ɛno ara ne sɛ wɔbɛsɔ wɔn kɔmputa na wɔde Intanɛt a ɛwɔ so no adi dwuma.
Yiw, ɛkame ayɛ sɛ wiase no fa bi atumi ayɛ mfiri pii a ɛtew bere ne nnipa a wɔde yɛ nnwuma ahorow no so. Enti, ebia wubesusuw sɛ nkurɔfo benya bere pii ama wɔn mmusua na wɔanya bere de ahome. Nanso, mpɛn pii no, nnipa pii ka sɛ wɔabrɛ na wɔn ho yeraw wɔn sen bere biara. Nneɛma a ɛma ɛba saa no gu ahorow na emu dɔ nso.
Sikasɛm mu ahokyere yɛ ɔhaw no mu biako. Australia Adwumayɛ Ho Nhwehwɛmu ne Ntetee Asoɛe no yɛɛ nhwehwɛmu bi faa nnɔnhwerew dodow a nkurɔfo de yɛ adwuma wɔ ɔman no mu ho na wohui sɛ “nnipa dodow no ara de bɛboro nnɔnhwerew 49 na ɛyɛ adwuma nnawɔtwe biara” na ɛda adi sɛ “nnɔnhwerew dodow yi betumi anya mmusua ne ɔman no asetra so nkɛntɛnso bɔne.” Adwumayɛfo pii tu kɔ mmeae a atew ne ho a nnwuma wɔ hɔ no. Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nnɔnhwerew pii tra keteke ne bɔs mu anaa wɔfa akwan a kar kyere so so—dapɛn biara—anaa da biara mpo. Enti, eyi ma nnɔnhwerew a wɔde yɛ adwuma no dɔɔso na ɛma wɔn ho yeraw wɔn.
So Wode Nna Ho Ka?
Nnansa yi, nnipa pii na wontumi nna ma enti wɔabuebue nna ho ayaresabea wɔ wiase mmeae pii. Nhwehwɛmufo ahu sɛ mpɛn pii no, sɛ nkurɔfo ntumi nna sɛnea ɛsɛ a, ɛma wɔbɛde nna ho ka. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn nipadua no nya ɔpɛ sɛ obetua saa ka yi ma enti ɛma wɔte brɛ nka. Nanso, esiane sɛ nnɛ, nnipa nni adagyew a wɔde da nti, ɛma wɔn mu pii brɛ da biara.
Wɔ Atɔe fam man bi mu no, mmere a wɔde da so atew ɔha mu 20 wɔ mfe ɔha a atwam no mu, fi nnɔnhwerew akron anadwo biara kɔ nnɔnhwerew ason. Nhwehwɛmufo wɔ adanse bebree a ɛkyerɛ sɛ sɛ obi ntumi nna a, ontumi nkae nneɛma a osua, ne ho tutu no bere nyinaa, na ne nipadua ntumi nko ntia nyarewa. Yɛn mu pii nim sɛ sɛ adwene no brɛ a, ɛma yedi mfomso pii. Awerɛhosɛm ne sɛ, saa mfomso no betumi ayɛ nea anibere ne asiane wom.
Asiane Kɛse a Ɔbrɛ De Ba
Wɔka sɛ asiane akɛse a esisii afeha 20 awiei mu no fi ɔbrɛ esiane sɛ woyii adwumayɛfo no bi adi na wɔde nnɔnhwerew pii yɛɛ adwuma no nti. Emu bi ne asiane a esii wɔ Chernobyl, Ukraine; Challenger wimhyɛn a ogya tɔɔ mu; po so hyɛn kɛse Exxon Valdez a ɛkɔbɔɔ Prince William Sound botan a ɛwɔ Alaska no mu a fango a ɛwom nwini gui no.
Ogya a ɛtɔɔ Chernobyl no sii bere a na wɔresɔ nuklea tumi a ɛwɔ adwumayɛbea hɔ ahwɛ no. Martin Moore-Ede ka wɔ ne nhoma The 24-Hour Society mu sɛ, na wɔn a wɔreyɛ nhwehwɛmu no yɛ “animdefo a wɔn ho akokwaw anyinam dwumadi mu a wɔabrɛ, na anyɛ yiye koraa no na wɔadi nnɔnhwerew dumiɛnsa anaa nea ɛboro saa wɔ hɔ esiane sɛ ɛkaa akyi nnɔnhwerew du ansa na wɔrema wɔn kwan ma wɔafi dwumadi no ase nti.” Sɛnea ɛte biara no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi ada no adi sɛ ɔhaw biako a awuduru a efi mu bae no de aba ne menewam kokoram a efi 1986 no akɔ soro bɛyɛ mpɛn du a mmofra a wɔwɔ Ukrain anya no.
Bere a wɔyɛɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyi wɔ nea enti a ogya tɔɔ Challenger wimhyɛn no mu akyi no, aban adwumayɛfo bi bɔɔ amanneɛ sɛ nkurɔfo bi yɛɛ adwuma boroo nnɔnhwerew 20 a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma no mpɛn 480 na afoforo nso yɛɛ adwuma boroo saa mpɛn 2,512. Amanneɛbɔ no toa so sɛ, brɛ a na mpanyimfo no abrɛbrɛ esiane sɛ “na wɔayɛ adwuma akyɛ na wonnya kwan nna” nti, wɔantumi amfa akwankyerɛ pa amma nea ɔreka wimhyɛn no na watumi atu. Amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ “sɛ odwumayeni de bere pii yɛ adwuma a, ɛma ne mmɔdenbɔ brɛ ase na otumi di mfomso pii.”
Sɛnea mpanyimfo a wɔhwɛ po so adwumayɛ so kyerɛ no, nea ɛbɛyɛ na wɔammɔ ka pii no, woyii adwumayɛfo no bi adi, na na ɛsɛ sɛ adwumayɛfo a wɔaka hyɛn kɛse Exxon Valdez mu no de nnɔnhwerew pii yɛ wɔn adwuma ne nnwuma afoforo. Asiane no ho amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ hyɛn no mu panyin abadiakyiri a ɔtɔ so abiɛsa no kɔɔ adwumam ahemadakye na ɔyɛɛ adwuma kosii bere a hyɛn no hyiaa akwanhyia wɔ ɔdasum no. Fango bɛyɛ galɔn ɔpepem 11 na ehwie gui—ɛno ne fango pii a ahwie agu pɛn wɔ U.S. abakɔsɛm mu—na ɛsɛee mpoano hɔ na mmoa a wɔwɔ hɔ pii wuwui na egyee dɔla ɔpepepem 2 ansa na wotumi siesiee hɔ.
Asiane Kɛse Paa a Ɔbrɛ De Ba
Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ ɔbrɛ ma wiase no bɔ ka dɔla ɔpepepem 377 afe biara! Nanso, sika fam ahokyere biara nni hɔ a ebetumi ne nnipa nkwa ne wɔn akwahosan a mpɛn pii no ɛho ba asɛm no ayɛ pɛ. Sɛ nhwɛso no, susuw kar akwanhyia ho hwɛ. Sɛnea ayaresabea a ɛhwɛ nna ho haw wɔ Sydney, Australia, kyerɛ no, kar akwanhyia a esisi saa man no mu no mu ɔha mu 20 kosi 30 fi karkafo a wɔda no. Akontaabu kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, kar akwanhyia a esisi wɔ United States no mu 100,000 fi anikum.
Nanso, ebia ɔhaw a efi ɔbrɛ mu ba no nso hɔ ara. Obi a wanya kar akwanhyia a wɔyɛ ntɛm de no kɔ ayaresabea kɔyɛ no oprehyɛn no te nka sɛ oduruyɛfo no ani wɔ ne ho so. Nanso, esiane sɛ onni adagyew na wayɛ adwuma nnɔnhwerew pii nti, ebetumi aba sɛ wabrɛ! Akontaabu bi a efi Australia Asuae a Ɛhwɛ Akwahosan ne Yiyedi So hɔ kyerɛe sɛ nnɔnhwerew a nnuruyɛfo bɛyɛ ɔha mu 10 de yɛɛ adwuma no boroo so 65 dapɛn biara, nnuruyɛfo ɔha mu 17 yɛɛ adwuma boroo saa, na “nnuruyɛfo nkumaa” bɛyɛ ɔha mu 5 yɛɛ adwuma boro nnɔnhwerew 80 dapɛn biara!
Martin Moore-Ede ka sɛ: “Wɔayɛ nhoma, kɔkɔbɔ nkrataa ne ntetee ho nhyehyɛe, a wɔde bɔ mfiri ho ban. Wɔbɔɔ nnipa guu asase yi so a wonni saa ahobammɔ no. . . . Awerɛhosɛm ne sɛ yenni nnipa awosu ho nimdeɛ pii te sɛ nea yɛwɔ wɔ mfiri ne kɔmputa a nnipa ayɛ ho no.”
Yenni kɔkɔbɔ kanea biara wɔ yɛn nipadua mu a ɛkyerɛ yɛn sɛ yennyina anaasɛ yɛnto yɛn bo ase. Nanso, ɛbɔ yɛn nkae. Nkae yi bi ne te a yɛte nka daa sɛ yɛabrɛ, yɛn ahokeka a ɛsesa, adwennwen, ne nyarewa a etumi bɔ yɛn ntɛmntɛm no. Sɛ woahu nsɛnkyerɛnne a ɛtete saa bi wɔ wo ho—na sɛ nokwarem no, wunni yare biara—a, ebetumi aba sɛ saa bere no na ɛsɛ sɛ woyɛ w’asetra kwan mu nhwehwɛmu.
Sɛnea Adagyew a Yenni Ka Yɛne Afoforo Ntam Abusuabɔ
Adwennwene ne bere a wonnya mfa nna nso tumi sɛe adesamma abusuabɔ kɛse. Susuw John ne Maria a wɔaware foforo no ho hwɛ.a Na wɔpɛ sɛ wonya nneɛma a ayeforo biara hwehwɛ no bi—ofie a edi mu ne sika fam yiyedi. Enti wɔn baanu de wɔn bere nyinaa yɛɛ adwuma. Nanso, esiane sɛ na bere a wɔde kɔ adwuma no nyɛ biako nti, na wɔntaa nnya bere mma wɔn ho. Ankyɛ na ɔhaw fii ase baa wɔn aware no mu. Nanso, wobuu wɔn ani guu nkaede no so, na wɔkɔɔ so yɛɛ wɔn adwuma no kosii sɛ wɔn aware a na agyigya no sɛee koraa.
The 24-Hour Society nhoma no ka sɛ: “Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ sɛnea awarefo a ɛsono bere a wɔn mu biara de kɔ adwuma no aware gu no kyɛn awarefo a wɔn adwuma bere yɛ biako no de ɔha mu 60.” Nanso, sɛ wɔn nyinaa adwuma bere yɛ biako anaasɛ ɛnte saa no, awarefo pii taa hwehwɛ asetram nneɛma pii araa ma wonnya bere mfa nsiesie wɔn aware. Wɔ afoforo fam no, adwennwene ne ɔbrɛ ma wɔnom nnubɔne ne nsa na wonnya bere nnidi—nneɛma a ɛma wɔbrɛ pii san de ɔhaw foforo bɛka nea wɔwɔ no ho ma ɛtɔ da a wɔyɛ wɔn mma mpo basabasa.
Sɛnea ɛbɛyɛ na awofo atumi anya bere ayɛ wɔn nnwuma no, wɔatete mmotafowa sukuu bebree, a ebinom yɛ adwuma nnɔnhwerew 24 no nyinaa. Nanso, wɔ mmofra pii fam no, TV ne ade titiriw a wɔde gyigye wɔn ani bere nyinaa. Nokwarem no, sɛ mmofra betumi anyin ayɛ mpanyimfo a wɔn ani ku asɛyɛde ho na wotumi gyina ɔhaw ano a, ɛsɛ sɛ wɔn awofo nya bere pii ma wɔn. Enti, ɛsɛ sɛ awofo a wɔde bere pii yɛ adwuma de hwehwɛ asetra a ɛkorɔn ma enti wonnya bere mma wɔn mma no susuw asɛm no ho yiye—na ɛso ba mfaso ma wɔne wɔn mma.
Wɔ nnɛ wiase a nyansahu mu nkɔso ba ntɛmntɛm mu no, nkwakoraa ne mmerewa nso ho kyere wɔn. Sɛnea nsakrae ba ntɛmntɛm ne mfiri afoforo a wɔyɛ tɔn no ma wɔn adwenem yɛ wɔn nãã, wonnya ahobammɔ, wɔbɔ hu, anaa wɔte nka sɛ wɔn bere atwam. Enti ebesi wɔn dɛn daakye?
So wiase a ɛresakra ntɛmntɛm yi betumi anya yɛn nyinaa—mmofra ne mpanyin—so nkɛntɛnso? Anaa so nneɛma bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ ma yɛatumi adi nneɛma ho dwuma na ama yɛn asetra atu mpɔn? Anigyesɛm ne sɛ, biribi saa wɔ hɔ, sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi hɔ mu no.
[Ase hɔ asɛm]
a Yɛasesa din ahorow no.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]
Ebetumi aba sɛ ɔbrɛ na ɛmaa nuklea asiane sii wɔ Chernobyl, ogya tɔɔ “Challenger” wimhyɛn mu, na “Exxon Valdez” hyiaa akwanhyia maa fango hwie gui, no
[Nsɛm Fibea]
Courtesy U.S. Department of Energy’s International Nuclear Safety Program
NASA photo
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 19]
Adagyew a enni wiase koraa no betumi ama nkurɔfo aware asɛe
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Ebinom de wɔn ho hyɛ asanom mu na ama wɔatumi agyina wɔn haw ano