Akwanhyia Ho Sikatua Nhyehyɛe a Ehia sɛ Obiara Yɛ Bi
SƐ WOTE baabi a wotua akwanhyia ho sika anaasɛ wote baabi a ebi nni no, emu biako bi wɔ hɔ a obiara betumi anya mu kyɛfa anaa ɛsɛ sɛ obiara nya mu kyɛfa. Esiane sɛ “akwanhyia ho sikatua” betumi akyerɛ “ɔkwan a obi fa so hwehwɛ ahobammɔ” nti, wobɛyɛ dɛn atumi anya ahobammɔ a ɛte saa?
Wubetumi ayɛ saa denam asiane pii a womfa wo ho ntom so. Bible ka sɛ “ɛbere ne asiane” to obiara. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Nanso, sɛ woyɛ obi a wommoapa mmu w’ani ngu asiane a ebetumi ato wo so a, wontaa mpira anaasɛ wonhwere nneɛma pii.
Susuw Daakye Ho
Nyansa a wobɛda no adi no yɛ ahobammɔ. Sɛ wunya sika a, wubetumi de bi asie ama daakye—bere a wo ho bɛkyere wo. Tete mmere mu no, ɔbarima Yosef a na osuro Nyankopɔn no daa ne ho adi sɛ “ɔbadwemma ne onyansafo” denam aduan a ɔde sie maa Misraim man no nyinaa bere a aduan pii bae no so. Bere a ɔkɔm sii asase no so akyiri yi no, ɛnyɛ Misrifo nko na nea Yosef yɛe no maa wonyaa aduan, na mmom n’ankasa abusuafo nso.—Genesis 41:33-36.
Nneɛma a yehia nkutoo a yɛbɛtɔ no nso betumi ayɛ ahobammɔ. Yebetumi asie sika na yɛatew adwennwen so denam nneɛma foforo a aba so anaa anigyede a yenni akyi daa so—adeyɛ a ɛmma yennya ahobammɔ ankasa. Nokwarem no, sɛnea yɛadi kan aka no, dodow a obi honam fam nneɛma dɔɔso no, dodow no ara na awifo betumi abewia no anaasɛ obetumi ahwere nneɛma.—Luka 12:15.
Ma Ahobammɔ a Wubenya Ho Nhia Wo
Yebetumi atew asetram asiane no pii so denam yɛn ho ban a yɛbɛbɔ so kɛkɛ. Sɛ obiara de ahwɛyiye ka kar na ontu mmirika pii a, anka kar akwanhyia a ɛyɛ hu dodow ahe na ebetumi asi? Susuw nkwa dodow a anka wɔbɛkora so nso ho bere a obiara nka kar bere a wabrɛ dodo anaasɛ wanom nsa no. Karka mu akwanhyia foforo nso wɔ hɔ a yɛn ankasa betumi adi so.
Sɛ nhwɛso no, wɔ aman pii mu no mmara no bara sɛ obi bɛkasa wɔ telefon so bere a ɔreka kar. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ telefon a wɔde di dwuma no tumi ma kar akwanhyia a esi no bu bɔ ho mpɛn anan. Ɛno te sɛ kar akwanhyia dodow a esi bere a alcohol a ɛwɔ obi mogya mu yɛ ɔha mu 0.1, a mmeae pii no sɛ obi nom nsa saa a, wobu no sɛ wanom nsa atra so sɛ ɔbɛka kar no.
Kar mu bɛlt a karkafo ne hyɛntiafo de bedi dwuma nso ma owu ho asiane so tew. Nanso mma ɛnnyɛ w’adwene da sɛ esiane sɛ wowɔ ahobammɔ nneɛma te sɛ kar mu bɛlt ne bag a mframa wom a karkafo de di dwuma anaa wutua sika to hɔ ma akwanhyia nti, wode nneɛma bedi agoru. Nhwehwɛmu da no adi sɛ nsusuwii a ɛte saa no ma akwanhyia pii sisi.
W’ahobammɔ a wobɛma ahia wo wɔ fie ne adwumam no nso yɛ nea ɛfata kɛse. So wo fie ne w’adwumam tew na biribiara nni hɔ a ebetumi ama asiane bi asi? Hwehwɛ hɔ yiye. So biribi nni ɔkwan a wode kɔ hɔ no mu a ebetumi ama nkurɔfo ahwe ase? So nnwinnade a ano yɛ nnam anaa nea ɛyɛ hyew—sutof, adwinnade a wɔde noa nsu anaa nea ɛma ɔhyew, nnade—bobɔ baabi a ebetumi apira nkurɔfo anaa ahyew wɔn? So nkrataa anaa nneɛma foforo a ogya betumi atɔ mu ano aboaboa gu hɔ? Yɛ ahwɛyiye titiriw wɔ nneɛma a ebetumi ama mmofra apira ho. Sɛ nhwɛso no, so mmosa ne nnuru biara sisi baabi a mmofra betumi akɔ hɔ?
Hwɛ W’akwahosan so Yiye
Sɛ woma w’akwahosan ho hia wo ankasa a, wontaa nyare. Wɔ eyi mu no, nimdeɛ betumi abɔ wo ho ban. Hwɛ yiye wɔ nneɛma a ebetumi ahaw w’akwahosan ho, na sɛ wuhu sɛ w’akwahosan ho reba asɛm a, hwehwɛ mmoa ntɛm. Nea ehia sen saa no, sua sɛnea wobɛhwɛ wo ne w’abusua akwahosan so yiye. Kae tete bɛ yi: “Mma mfõfõ nnnan wo kwae.”
Nyan! fi bere tenten de nsɛm a edi mu a ɛbɛma nkurɔfo de Bible nnyinasosɛm atra ase na wɔnam so akwati su ne asetra kwan a ebetumi de wɔn akwahosan ato asiane mu ama. Sɛ nhwɛso no, nsɛmti pii a wosusuw ho wɔ Nyan! mu no bi ne hia a ahotew, aduan pa, nna a ɛfata, ne apɔw-mu-teɛteɛ a wɔyɛ no daa ne adwennwen ne asetra kwan a ɛmfata a wɔbɛkwati no, ho hia.
Ahobammɔ a Ɛho Hia Paa Sɛ Yɛhwehwɛ
Wɔ wiase a nneɛma nkɔ so yiye yi mu no, akwanhyia ho sikatua betumi ayɛ nhyehyɛe a nyansa wom, nanso nhyehyɛe a ɛte saa biara nni hɔ a ebetumi abɔ yɛn ho ban koraa anaasɛ ɛbɛma yɛanya nea yɛahwere no. Nanso, wɔ nkurɔfo bi fam no, sɛ akwanhyia ho sikatua ho nhyehyɛe wɔ baabi a wɔte anaasɛ ebi nni hɔ no, wɔwɔ awerɛhyem sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ asiane si a, Yesu Kristo nokware akyidifo—wɔn a wɔsom N’agya, Yehowa Nyankopɔn no—yɛ nea wobetumi sɛ wobegyigye wɔn ho nnesoa asoa.—Dwom 83:18; Yakobo 2:15-17; 1 Yohane 3:16-18.
Bio nso, Yehowa ankasa hyɛ bɔ sɛ ɔrennyaw n’asomfo anokwafo da. Bible dwontofo bi kyerɛwee sɛ: “M’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Sɛ́ nkwa Mafo no, Yehowa betumi anyan wɔn a wɔawuwu no, na sɛnea Bible kyerɛ no, wama ne Ba, Yesu Kristo, tumi sɛ ɔmfa nnyan awufo. (Dwom 36:9; Yohane 6:40, 44) Nanso, Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ ɛnyɛ obiara na obenya owusɔre. (Yohane 17:12) Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ na ama Onyankopɔn akae yɛn wɔ owusɔre no mu?
Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔkaa ɔkwampa a yebetumi afa so anya ahobammɔ. Ɔkae sɛ: “Monnhyehyɛ ademude asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia. Na monhyehyɛ ademude ɔsoro, nea nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia; na nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.”—Mateo 6:19-21.
Mpɛn pii no, nkurɔfo te nka sɛ wɔbɛboaboa nneɛma pii ano agu hɔ, a anidaso ne sɛ ɛbɛma wɔanya asetra pa bere a wɔanyin no. Nanso, Yesu kyerɛɛ ɔkwan a ɛsen biara a yebetumi afa so anya ahobammɔ. Bo a ɛsom no nni ano, na enni huammɔ da! Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.
Sɛ yenya Onyankopɔn ne ne Ba no ho nimdeɛ na yɛde nea yesua no di dwuma wɔ yɛn asetram a, yebenya Onyankopɔn anim dom. (Hebrifo 6:10) Asomafo Petro ne Yohane, gyinaa gyidi a wɔwɔ wɔ wɔn Wura, Yesu Kristo, nkyerɛkyerɛ mu no so kae sɛ nnipa tumidi a ɛwɔ hɔ mprempren no bɛba awiei. Nanso, Yohane kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17; Mateo 24:3, 14; 2 Petro 3:7, 13.
Yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ yɛsom Nyankopɔn na sɛ yewu a, obenyan yɛn, na sɛ yɛtra ase kosi bere a ɔde nneɛma nhyehyɛe yi ba awiei nso a, ɔbɛkora yɛn so de yɛn ahyɛn ne trenee wiase foforo no mu. Nokwarem no, Onyankopɔn bɔhyɛ ne sɛ “ɔbɛpopa [yɛn] aniwam nusu nyinaa” na wayɛ “ade nyinaa foforo.” (Adiyisɛm 21:4, 5) Onyankopɔn a yɛbɛsom no na yɛanya ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi no ne ahobammɔ a ɛsen biara a yɛn nyinaa betumi anya. Na obiara betumi anya bi.
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Ahobammɔ ne akwahosan a yɛbɛma ahia yɛn no fata kɛse
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Onyankopɔn ho ade a yebesua na yɛayɛ n’apɛde no yɛ ɔkwampa a yebetumi afa so anya ahobammɔ daakye