So Ɛsɛ sɛ Wutua Akwanhyia Ho Sika?
WƆ NSASE bi so no, akwanhyia ho sika bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ obiara tua. Wɔ aman foforo so no, ɛkame ayɛ sɛ wonnim dodow no ara ho hwee. Bio nso, ɛsono sika a wotua ne akwanhyia ko a wotua ho sika wɔ ɔman biara mu. Nanso nea enti a wotua akwanhyia ho sika—mmoa a wɔde ma afoforo—no yɛ ade koro wɔ baabiara.
Nokwarem no, dodow a obi agyapade dɔɔso no, dodow no ara na obetumi ahwere ade. Ɔkwan koro no ara so no, dodow a obi abusua asɛyɛde dɔɔso no, dodow no ara na ɔhaw a ɛba no dɔɔso bere a owu anaasɛ odi dɛm no. Akwanhyia ho sika a obi tua no remfa dadwen pii mmrɛ no bere a wahwere agyapade anaa wadi dɛm no.
Na so nyansa wom sɛ wubetua akwanhyia ho sika bere a ebia wunhyia akwanhyia mma wontua sika bi mma wo no? Wiɛ, so ɛyɛ mfomso sɛ wode kɔba bɛto wo kar mu bere a ebia ɛho remma wo mfaso mpo no? Ahobammɔ a ofirikafo no hwehwɛ no remma ɛka a ɔbɛbɔ wɔ kɔba foforo ho no nhaw no. Ɛwom sɛ sika a wobetua ama wo no ntumi nni wo haw binom ho dwuma de, nanso ebetumi adi afoforo ho dwuma.
Akwanhyia bɛn na wotua ho sika?
Akwanhyia Ahorow a Wotua Ho Sika
Akwanhyia a wotua ho sika no bi fa agyapade, ɛka, akwahosan, dɛmdi, ne owu, ho.
Agyapade Ho Sika a Wotua: Agyapade—ofie, adwuma, kar, anaa agyapade foforo—a ebetumi afi obi nsa no, ka nneɛma atitiriw a ɛsɛ sɛ wotua ho sika no ho. Akwanhyia ho nhyehyɛe te sɛ eyinom na John a yɛbɔɔ ne din wɔ asɛm a edi eyi anim mu no yɛe sɛ ɔnyɛ mfa mmɔ ne duadwumfo adwinnan ne emu nnwinnade ho ban no.
Wotumi tua sika de bɔ ofie bi ne emu nneɛma nyinaa ho ban. Sɛ eyi ne nea woretua ho sika a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkyerɛ biribiara a ɛwɔ fie hɔ, a sɛ ɛbɛyɛ yiye a, nneɛma bi te sɛ mfonini anaasɛ video ka ho. Ɛsɛ sɛ wode nneɛma yi dodow ne ɛho ka nyinaa ho nkrataa fi fie hɔ kosie baabi foforo koraa. Kyerɛwtohɔ yi bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wo nsa bɛka wo sika nyinaa bere a asiane bi asi no.
Ɛka Ho Sika a Wotua: Ɛsɛ sɛ obiara a ɔka kar, ɔwɔ fie anaa agyapade foforo bi, ɔyɛ adwumawura, anaasɛ ɔwɔ adwumayɛfo no hu sɛ akwanhyia bi betumi asi. Na saa akwanhyia no betumi ama n’agyapade bi asɛe anaasɛ ɛbɛma obi apira anaa wahwere ne nkwa. Ɛyɛ ofirikafo no, anaa adwumawura no asɛyɛde sɛ ɔbɛbɔ ka asiesie agyapade no, atua aduruyɛ anaa yaw ne amane a onipa foforo no hu ho ka. Wɔ aman pii mu no, mmara hwehwɛ sɛ adwumawuranom ne afirikafo betua sika bi na wɔde atua ɛka a akwanhyia ma wɔbɔ no. Baabi a akwanhyia ho sikatua nyɛ katee mpo no, mmara hwehwɛ sɛ afirikafo, anaa adwumawura bi bɛboa wɔn a akwanhyia bi ma wodi amia no anaasɛ wɔn mmusua.
Akwahosan Ho Sika a Wotua: Wɔ aman pii mu no, aban no yɛ nhyehyɛe tua akwanhyia ho sika de boa wɔn a onyin ama wɔagyae adwuma ne afoforo a wɔyare no. Nanso, wɔ mmeae a saa nhyehyɛe yi wɔ hɔ mpo no, aduruyɛ no ka kakraa bi anaasɛ nnipa pɔtee bi na wotua wɔn ho ka. Enti, ankorankoro bi ankasa tua akwanhyia ho sika de tua ɛka a aka no. Wɔ mmeae pii no, sɛ wɔfa obi wɔ adwuma mu a, wɔyɛ wɔn ayaresa ho nhyehyɛe nso.
Akwahosan ho nhyehyɛe ahorow bi, a nea ɛka ho ne ɔhwɛ ho nhyehyɛe ne ahyehyɛde ahorow a wɔboa nkurɔfo wɔ akwahosan mu (HMQ), de ɔhwɛ a edi mu ma obi na sɛ ɔsram anaa afe so a, watua ho ka. Saa ahyehyɛde ahorow yi bɔ mmɔden sɛ wɔde ayaresa a ne bo nyɛ den ne nnuru a wɔde bɔ nyarewa ho ban bɛma na amma nkurɔfo ammɔ ka kɛse. Nanso wɔ HMQ ɔhwɛ a ɛte saa mu no, ebia ɔyarefo no ntumi nnya oduruyɛfo anaa ayaresa a n’ankasa pɛ, nanso ɛnte saa bere a obi tua akwahosan ho sika no.
Dɛmdi ne Owu Ho Sika a Wotua: Dɛmdi ho sika a wotua no ma obi nya sika a ɔde bɛhwɛ ne ho bere a wapira na ontumi nyɛ adwuma bio no. Owu ho sika a wotua no ma wotua sika ma nkurɔfo a wɔn biribi awu. Akwanhyia a ɛtete saa ho sika a wotua no boa mmusua pii ma wotua ka a wɔbɔ na wonya nea wɔde hwɛ wɔn ho nso bere a nea ɔhwɛ wɔn di dɛm anaasɛ owu no.
Akwanhyia Ho Sikatua Ho Adwumakuw Pa a Wubenya
Nnyinasosɛm a ɛwɔ akwanhyia ho sikatua mu ne sɛ wubetua sika nnɛ na ama woanya sika fam ahobammɔ bi daakye, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ asisifo pii de wɔn ho ahyɛ adwuma a ɛte saa mu. Eyi te saa wɔ aman a anya nkɔso wɔ sika fam ne nea edi hia nyinaa mu. Enti, nyansa wom sɛ obi bɛhwɛ yiye wɔ adwumakuw biara a wogye sika kakraa bi no ho na ɔma n’ani da hɔ wɔ nhyehyɛe biara a enni mu no ho. Nnipa pii a wɔde anigye tuaa sika a na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya biribi afi mu no annya hwee bere a nnwumakuw no dii wɔn huammɔ—anaasɛ egui prɛko pɛ no!
Enti, te sɛ nea woyɛ bere a woretɔ biribi a ehia no, eye sɛ bere nyinaa wode adwumakuw bi bɛtoto foforo ho, na ama woahu baabi a ɛsɛ sɛ wokɔ. Sɛ nhwɛso no, nnwumakuw binom mma wɔn a wɔnnom sigaret no ntua akwahosan ho sika pii na wɔtew sika a wogye wɔ kar akwanhyia ho no so ma wɔn a wɔakɔ karka ho sukuu awie no. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔretua sika ato hɔ no betumi anya adwumakuw a edi nokware?
Ɔkwan a edi kan ne sɛ wubebisa osuahu a afoforo anya wɔ nnwumakuw ne ananmusifo ahorow ho no. Ebia na nnamfo ne afipamfo nim din a adwumakuw bi kura wɔ n’adwumayɛ mu anaasɛ din a ɔnanmusini bi kura wɔ ne nokwaredi ne afoforo ho a osusuw ho. Eye nso sɛ wobɛwɛn w’aso atie kaseɛbɔ a ɛkyerɛ nnwumakuw ko a wɔrehyia nsɛnnennen no.
Bio nso, wubetumi ahu adwumakuw bi ho nsɛm ne ne sikasɛm wɔ nhoma a ɛka nhyehyɛe a ɛte saa ho nsɛm mu, ne nhomakorabea, nhomatɔnbea anaa Intanɛt so. Eyinom betumi ama woanya nsɛmmisa yi ho mmuae: So adwumakuw no sikasɛm di mu? Akɔ so ayɛ adwuma mfe pii a ɔhaw biara mmae? So etumi di nkurɔfo ahiade ho dwuma ntɛm so a ɔhaw biara mma akyi?
Ɛnsɛ sɛ wubu nneɛma a wɔde hu adwumakuw bi mmɔdenbɔ no sɛ asɛm biara ntumi mma ho. Bere bi, na ɛsɛ sɛ aban de ne nsa to adwumakuw bi a akyɛ na ɛwɔ sika dɔla ɔpepepem pii no so wɔ dapɛn biako pɛ akyi bere a nhoma bi a agye din kae sɛ ɛno ne adwumakuw a edi mu sen biara no!
Ananmusifo a Wɔhwɛ Ma Wotua Akwanhyia Ho Sika
Mpɛn pii no, ɔnanmusini a ɔhwɛ ma wotua akwanhyia ho sika no dɔm adwumakuw bi. Ntamgyinafo anaa nanmusini no tumi ne nnwumakuw ahorow di nkitaho de hu sikatua ho nhyehyɛe a edi mu ne bo a wogye. Ɛsɛ sɛ nanmusini no ne adwumakuw no ne wɔn a wɔyɛ adwuma ma wɔn no nya abusuabɔ pa na ama wɔn adwuma no akɔ so. Sɛ ɔnanmusini no yɛ nokwafo na osusuw afoforo ho a, obetumi aboa adwumakuw a ɔwom no kɛse.
Nea edi kan no, ɔnanmusini pa anaa ntamgyinafo pa tumi boa nea ɔreyɛ adwuma ama no no ma ohu akwan pii a wɔfa so tua akwanhyia ho sika. Ɔbɛkyerɛkyerɛ sɛnea nhyehyɛe no te mu fefeefe nso akyerɛ nea ɔreyɛ adwuma ama no no. Sɛnea nnipa pii nim no, nhyehyɛe a ɛfa akwanhyia ho sikatua ho no yɛ huanyann. Akwanhyia ho sikatua adwumakuw bi panyin kae sɛ na ɔnte sikatua nhyehyɛe a ɛfa n’ankasa fie ho no afã bi ase!
Ɔnanmusini no betumi akyerɛkyerɛ nsɛm a emu nna hɔ mu akyerɛ nea ɔreyɛ adwuma ama no no. Sɛ nhwɛso no, agyapade ne akwahosan ho sikatua pii wɔ hɔ a wotumi tete sika bi fi mu. Eyi yɛ sika bi a ɛsɛ sɛ onipa a ɔde ne ho hyɛ nhyehyɛe no mu no tua—te sɛ nea wɔde siesie ne kar anaasɛ wɔde tua aduruyɛ ho ka—ansa na adwumakuw no atua sika a ɛsɛ sɛ etua. Saa ara nso na ɔnanmusini no betumi aboa nea ɔreyɛ adwuma ama no no ama ne nsa aka ne sika afi adwumakuw a wogye akwanhyia ho sika no hɔ.
Akwanhyia Ho Sikatua ne Kristofo
So ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔwɔ Nyankopɔn mu ahotoso na onim sɛ nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei no tua akwanhyia ho sika? Wɔ 1910 mu no, ebinom bisaa Charles Taze Russell, a na ɔyɛ nsɛmma nhoma a wonim no seesei sɛ Ɔwɛn-Aban a wɔyɛ ka Nyan! ho no samufo no, asɛm koro no ara. Russell kae sɛ Bible hyɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho nkɔm, na ɔde kaa ho sɛ n’ankasa de, ɔnyɛɛ owu ho sika a wotua ho nhyehyɛe biara.
Russell kae sɛ: “Nanso ɛsono obiara ne ne tebea. Agya a ɔwɔ yere ne mma—na mmofra no susua na wontumi nhwɛ wɔn ho no—wɔ asɛyɛde sɛ ɔhwɛ wɔn.” (1 Timoteo 5:8) Russell kae sɛ ɔbarima betumi de sika asie ama n’abusua. “Nanso sɛ ɛkɔba sɛ ontumi nyɛ saa a, obetumi adi n’asɛyɛde ho dwuma denam owu ho sika a obetua ato hɔ no so.”
Obi a abusuasɛm da ne so nso betumi ayɛ akwahosan, dɛmdi, ne asiane foforo ho sikatua ho nhyehyɛe ama n’abusuafo. Ankorankoro pii a wɔnwaree nso tumi tua akwahosan ne ɛka ho sika de bɔ wɔn ho ban fi akwanhyia anaa yare ho.
Nokwaredi ho hia wɔ akwanhyia ho sikatua mu. Ɛnsɛ sɛ nokware Kristoni daadaa adwumakuw a egye akwanhyia ho sika no bere a ɔrehyehyɛ nhyehyɛe no ho krataa anaa bere a ɔrekogye ne sika no. (Hebrifo 13:18) Ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ nea enti a otua akwanhyia ho sika no ne sɛ obenya mmoa bere a wahwere biribi no. Ɛnyɛ loto—a ebetumi ama woadi yiye wɔ asetra mu no.—1 Korintofo 6:10.
Kristofo di akwanhyia ho sikatua ho mmara biara so. Baabi a mmara no ka sɛ ɛsɛ sɛ wotua akwanhyia ho sika bere a wɔreyɛ adwuma bi anaasɛ wɔreka kar no, wodi so. (Romafo 13:5-7) Nokwaredi ne nhumu a wɔwɔ nso bɛma wɔatua sika a ɛsɛ sɛ wotua no daa no. Sɛ wɔantua sika no a, adwumakuw no betumi atwa nhyehyɛe no mu a wontua hwee mma wɔn. Ɛtɔ da bi a, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛkɔ adwumakuw no hɔ tẽẽ akɔyɛ nhwehwɛmu ahwɛ sɛ wɔyɛ sika a wotua no ho kyerɛwtohɔ pa anaa.
Sɛ́ akwanhyia ho sikatua ho nhyehyɛe wɔ baabi a wote no anaa ebi nni hɔ no, nyansahyɛ titiriw bi wɔ hɔ a wubetumi adi akyi de abɔ wo ho ban na ama wo ne w’adɔfo akwati ɔhaw bi a akwanhyia ho sikatua ho nhyehyɛe biara ntumi nsiw ano. Yebesusuw nyansahyɛ yi bi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Ɔnanmusini nokwafo betumi aboa wo ma woasi gyinae wɔ akwanhyia ho sikatua ho
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Nnipa pii tua akwanhyia ho sika, sɛ mmara hwehwɛ sɛ wɔyɛ saa anaasɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa no