“Nnipa Redɔɔso Wɔ Nkuropɔn Mu”
“Nnipa pii retu kɔ nkurow afoforo so ntɛmntɛm nnɛ sen bere biara, na wɔn a wotu kɔhwehwɛ asetra pa no mu fã kɛse no ara tu kɔ kuropɔn mu.”
SAA na Foreign Affairs nsɛmma nhoma no kae wɔ emu asɛm “Nnipa a Wɔredɔɔso Wɔ Aman a Ennyaa Nkɔso Nkuropɔn Mu” no nnianim asɛm mu. Sɛnea asɛm no kyerɛ no, nea ɛma nnipa pii “tu kɔ kuropɔn mu ne anyinam nkanea, amammui ne sikasɛm mu haw, nnipa a wɔredɔɔso dodo, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛresɛe no.”
Ɔkwan bɛn so na nnipa redɔɔso wɔ nkuropɔn mu ntɛmntɛm? Akontaabu bi kyerɛ sɛ dapɛn biara nnipa a wɔn dodow bɛboro ɔpepem biako na wotu kɔ nkuropɔn mu! Wɔ aman a wonnyaa nkɔso mu no, nkuropɔn bɛboro 200 na seesei emu nnipa boro ɔpepem biako. Nkuropɔn bɛyɛ 20 na emu nnipa adu ɔpepem du! Na dɔ ara na wɔredɔɔso. Fa Nigeria kuropɔn Lagos sɛ nhwɛso. Sɛnea Worldwatch Institute bɔ amanneɛ no, “ebedu 2015 no, na nnipa a wɔwɔ Lagos no dodow adu bɛyɛ ɔpepem 25, na ɛrenyɛ wiase no kuropɔn a ɛto so dumiɛnsa a nnipa wom sen biara bio na mmom nea ɛto so abiɛsa.”
Animdefo pii te nka sɛ eyi de ahokyere bɛba daakye. Federico Mayor, a bere bi na ɔyɛ Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ So panyin no de kɔkɔbɔ ma sɛ ebedu 2035 no, “na nnipa a wɔtete nkuropɔn mu no dodow adu ɔpepepem abiɛsa asen sɛnea ɛte nnɛ no.” Nea ɛbɛyɛ na yɛahwɛ nnipa dodow yi no, “ɛsɛ sɛ yɛkyekyere nkuropɔn apem a emu biara mu nnipa yɛ ɔpepem abiɛsa wɔ mfe aduanan a ɛreba no mu, nkuropɔn aduonu anum wɔ afe biara mu.”
Animdefo san ka sɛ nkuropɔn mu nnipa a wɔredɔɔso no resɛe nkuropɔn a ɛwɔ wiase no. Nkuropɔn a edi yiye a ɛwɔ aman a anya nkɔso mu no nso ka ho. Nsɛnnennen bɛn ankasa na nkuropɔn rehyia, na ɔkwan bɛn so na eyi betumi aka wo? So ano aduru bi wɔ hɔ? Nsɛm a edidi so yi bɛkyerɛkyerɛ nsɛmmisa a ɛho hia yi mu.