Nkuropɔn—Dɛn Nti na Nsɛnnennen Pii Wom?
“Wiɛ, momma yɛnkyekye kurow, na yɛnto abantenten a n’atifi bedu soro, . . . na yɛanhwete asase nyinaa ani.”—Genesis 11:4.
ASƐM yi a wɔkae bɛboro mfe 4,000 ni no, na ɛmaa wofii kurow kɛse Babel no kyekye ase.
Na Babel, a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Babilon no, wɔ Sinear asasetaw frɔmfrɔm a na ɛwɔ Mesopotamia no so. Nanso, ɛnyɛ ɛno ne kurow a wodii kan bɔɔ din wɔ Bible mu sɛnea nnipa pii gye di no. Nkuropɔn a wɔkyekye no fii ase koraa ansa na Noa nna no mu Nsuyiri no reba. Owudifo Kain na ofii ase kyekyee kuropɔn a edi kan. (Genesis 4:17) Ebetumi aba sɛ na kurow a wɔfrɛ no Henok yi nhyɛ da nyɛ kurow kɛse bi a wɔbɔ ho ban. Nanso, na Babel yɛ kurow kɛse—faako a na atoro som kɔ so na wɔwɔ asɔredan akɛse. Nanso, wɔkyekyee Babel ne n’abantenten a na agye dimmɔne no de buu Onyankopɔn animtiaa. (Genesis 9:7) Enti, sɛnea Bible kyerɛ no, Onyankopɔn de ne ho gyee mu sɛee adansifo no kasa, na ɛde ɔsom a na wɔde pɛ din no baa awiei. Genesis 11:5-9 ka sɛ Onyankopɔn “bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.”
Akyinnye biara nni ho sɛ eyi na ɛma wofii nkuropɔn kyekye ase. Anyɛ yiye koraa no, na nkuropɔn a wɔkyekye no bɔ wɔn ho ban fi atamfo ntua ho. Na wosiesie baabi a akuafo de wɔn nnɔbae besie na wɔatɔn wɔ nkuropɔn mu. Na aguadi a ɛkɔ so wɔ kuropɔn mu no nso ma wɔn a wɔte hɔ no tumi yɛ adwuma foforo ka kuayɛ ho. The Rise of Cities ka sɛ: “Bere a afei de wɔn a wɔte kuropɔn mu betumi ayɛ pii no, wobetumi adan akɔ nnwuma afoforo pii so: kɛntɛnnwene, kukuyɛ, mpataayi, mpaboayɛ, dua dwumfo adwuma ne adansi—biribiara a wɔtɔ no gua so.”
Ná mmeae a wotumi tɔn nneɛma a ɛtete saa no ne nkuropɔn mu. Susuw Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa ɔkɔm kɛse a esii Misraim ho no ho hwɛ. Ɔman soafo panyin Yosef hui sɛ ɛfata sɛ ɔma nkurɔfo no tratra nkuropɔn mu. Dɛn ntia? Ɛda adi sɛ eyi ma otumi kyekyɛɛ nnuan a na wɔwɔ no ɔkwampa so.—Genesis 47:21.
Na wotumi ne afoforo di nkitaho kɛse wɔ nkuropɔn mu bere a na kar pii nni hɔ no. Eyi nso tumi ma wohuu sɛnea afoforo te ne wɔn amammerɛ yiye. Nkuropɔn bɛyɛɛ mmeae a na wotumi nya nimdeɛ ne mfiridwuma mu nkɔso kɛse. Bere a nkurɔfo tumi kyerɛɛ wɔn adwene wɔ biribiara mu no, ɛma wotumi nyaa nyansahu, ɔsom, ne nyansapɛ, ho nimdeɛ.
Anidaso a Entumi Mma Mu
Ɛnnɛ nso, nkuropɔn mu asetra ma wotumi nya nkɔso a ɛtete saa ara. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa mpempem pii kɔ hɔ—ɛnkanka wɔn a wɔtete nkuraase a ɛhɔ asetra ayɛ denneennen no. Nanso nnipa pii ntumi nnya asetra pa a wotu kɔ nkuropɔn mu kɔhwehwɛ no. Vital Signs 1998 nhoma no ka sɛ: “Nhwehwɛmu bi a Nnipakan Bagua bi yɛe nnansa yi kyerɛ sɛ sɛnea asetra te nnɛ wɔ nkurow akɛse mu wɔ aman a ennyaa nkɔso pii mu no asɛe sen sɛnea asetra te wɔ nkuraa no.” Dɛn nti na eyi te saa?
Henry G. Cisneros kyerɛw wɔ The Human Face of the Urban Environment mu sɛ: “Sɛ ahiafo pii pia wɔn ho kogu beae bi a, ɛma wɔn haw no bu bɔ ho. . . . Ahiafo a wɔdɔɔso paa wɔ beae bi a mpɛn pii no ɛsono sɛnea wɔne wɔn di no, ɛma adwuma ho yɛ na, ɛde adesoa to nnipa afoforo so, ɛde nyarewa pii ba, na nea ɛyɛ ahodwiriw no, ɛma nsɛmmɔnedi dɔɔso.” Mega-city Growth and the Future nhoma no nso ka saa ara sɛ: “Nnipadɔm a wopia wɔn ho kogu beae bi no ma adwuma ho yɛ na anaasɛ wonnya adwuma pa nyɛ efisɛ nnipa a wɔakogu hɔ no dɔɔso sen nnwuma a ɛwɔ hɔ no.”
Mmofra pii a wɔato wɔn asaworam no yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ ohia dɔɔso wɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso no nkuropɔn mu. Akontaabu bi kyerɛ sɛ mmofra bɛyɛ ɔpepem 30 na wɔato wɔn asaworam wɔ wiase nyinaa! Mega-city Growth and the Future nhoma no ka sɛ: “Ohia ama abusua no mu apaapae ma enti ɛsɛ sɛ wɔto mmofra asaworam ma wɔn ankasa kɔhwehwɛ wɔn ano aduan.” Mmofra a wɔte saa no de amanehunu kɛse sesaw mmɔnten so aduan, srɛsrɛ sika, anaa wɔyɛ nnwuma funu wɔ gua so.
Ɔhaw Afoforo a Ɛyɛ Hu
Ohia betumi de nsɛmmɔnedi aba. Wɔ Amerika Anafo fam kuropɔn bi a adan a ɛyɛ fɛ wom mu no, nsɛmmɔnedi abu so araa ma ɛkame ayɛ sɛ wɔde nnade abɔ ofie biara ho ban. Asikafo ne ahiafo nyinaa de nnade bram wɔn apon akyi de bɔ wɔn agyapade ho ban na nkurɔfo antumi ankɔ hɔ. Yɛbɛka no sɛ wɔwɔ afiase. Ebinom mpo fi ase hyehyɛ nnade no ansa na wɔasi dan no awie.
Nnipa a wɔkyere so nso tumi ma ɛyɛ den sɛ wɔde nneɛma a ɛho hia te sɛ nsu ne nneɛma a ɛde ahotew ba bɛkɔ nkuropɔn mu baabiara. Wɔ Asia kuropɔn bi mu no, wobu akontaa sɛ wohia ɔmanfo tiafidan 500,000. Nanso, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi kyerɛ sɛ tiafidan 200 pɛ na ɛwɔ hɔ!
Nea ɛnsɛ sɛ yebu ani gu so nso ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛsɛe bere a nnipa adɔɔso paa wɔ beae bi no. Sɛ kuropɔn bi mu trɛw a ɛma nsase a wɔde yɛ mfuw ho yɛ na. Federico Mayor, a bere bi na ɔyɛ Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ So panyin no, ka sɛ: “Wɔde anyinam ahoɔden di dwuma kɛse wɔ nkuropɔn mu na nsu, aduan ne nneɛma afoforo ho yɛ na. . . . Nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no sɛe efisɛ entumi mfa nea afoforo hia no mma wɔn na saa ara nso na nneɛma kakra a wɔwɔ no nso wɔn.”
Atɔe Fam Aman no Nkuropɔn Mu Haw Ahorow
Ebia sɛnea ɔhaw no te wɔ Atɔe fam aman mu no nyɛ kɛse pii, nanso kuropɔn mu nsɛnnennen no da so ara wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, The Crisis of America’s Cities nhoma no ka sɛ: “Nsɛmmɔnedi a ebi mmae da rekɔ so wɔ Amerika nkuropɔn mu nnɛ. . . . Nsɛmmɔnedi abu so wɔ Amerika nkuropɔn mu araa ma wɔafi ase reka ho nsɛm kɛse wɔ nnuruyɛ nhoma mu sɛ biribi a ɛde nkurɔfo akwahosan to asiane mu wɔ yɛn bere yi mu.” Nokwarem no, nsɛmmɔnedi yɛ ɔhaw a ɛkɔ so wɔ nkuropɔn akɛse a ɛwɔ wiase no pii mu.
Nkuropɔn mu asetra a aporɔw no nti na ɛma nnipa pii kwati sɛ wɔbɛkɔ akɔtra nkuropɔn mu no. The Human Face of the Urban Environment nhoma no ka sɛ: “Wɔabuebue nnwuma wɔ nkurow afoforo mu, na wɔatoto nnwinnan mu, agyaw ‘nsase a asɛe’ hɔ—adan a obiara nte mu, a nneɛma funu nkutoo na ɛwɔ hɔ, ma wontumi mfa nyɛ hwee bio.” Ne saa nti, wɔ nkuropɔn pii mu no, wohu ahiafo pii wɔ mmeae a “ɛhɔ yɛ fi ankasa—baabi a nsufĩ taataa; baabi a nsu pa nni; baabi a nwansena abu so wɔ nkurɔfo afie mu; baabi a mmofra di aduru a sumpii wom a wɔde aka adan bi ho . . . baabi a ɛhɔ yiyedi mfa obiara ho.” Nsɛmmɔnedi, atirimɔdensɛm, ne abasamtu, kɔ so kɛse wɔ mmeae a ɛtete saa.
Afei nso, wontumi mfa nneɛma titiriw a ɛho hia no nkɔ Atɔe fam nkuropɔn no mu. Wɔ 1981 mu no, Pat Choate ne Susan Walter kyerɛw nhoma bi a n’asɛmti ne America in Ruins—The Decaying Infrastructure. Wɔkae wom sɛ: “Amerikafo agyapade resɛe ntɛmntɛm sen sɛ anka wobenya foforo.” Nhomakyerɛwfo no twee adwene sii atwene a ɛreyɛ dedaw, akwan a ɛresɛe, ne nsuka a ɛresɛe wɔ nkuropɔn akɛse mu so.
Wɔ mfe aduonu akyi no, aban agyapade ahorow resɛe wɔ kuropɔn te sɛ New York City mu. New York Magazine mu asɛm bi kaa Third Water Tunnel a wɔreyɛ ho asɛm. Seesei adi mfe 30, na wɔka ho asɛm sɛ agyapade a ɛso sen biara a wɔreyɛ wɔ Atɔe Fam Aman mu. Wɔabɔ ho ka bɛyɛ dɔla ɔpepepem anum. Sɛ wosi suka no wie a, ebetumi ama New York City anya nsu galɔn ɔpepepem biako da biara. Nanso, nsɛmma nhoma no kyerɛwfo no ka sɛ: “Nanso, wɔretu suka kɛse yi na wɔde dorobɛn a ɛwɔ hɔ dedaw no afa mu kɛkɛ, na wɔasiesie no nea edi kan fi bere a wɔde guu hɔ wɔ afeha no mfiase no.” Sɛnea The New York Times mu asɛm bi kyerɛ no, ebegye dɔla bɛyɛ ɔpepepem 90 ansa na wɔatumi asiesie kuropɔn no agyapade a ɛresɛe—keteke akwan, emu nsuka, kar akwan, ne emu atwene—no.
Ɛnyɛ New York nkutoo ne kuropɔn a wontumi mfa nneɛma a ehia no mma wom. Nokwarem no, nkuropɔn akɛse pii hyia nsɛnnennen esiane nneɛma pii nti. Wɔ February 1998 mu no, Auckland, New Zealand, annya anyinam ahoɔden akanea bɛboro adapɛn abien. Nnipa a na wɔwɔ Melbourne, Australia no, annya nsuɔhyew nnafua 13 efisɛ na gas a wɔde noa nsu asa esiane asiane bi a na asi wɔ adwumayɛbea hɔ nti.
Afei nso ɛkame ayɛ sɛ ɔhaw foforo bi wɔ hɔ a kuropɔn biara hyia bi—kar nkyereso. Adansi ho nimdefo Moshe Safdie ka sɛ: “Ɔkwan a wɔfaa so kyekyee nkuropɔn no ne emu akwan no bɔ abira koraa—na ɛmfata. . . . Ɛsɛ sɛ wosiesie nkuropɔn a akyɛ no na ama wɔatumi de kar pii a na enni hɔ bere a wɔrekyekye kurow no afa mu. The New York Times kyerɛ sɛ kar nkyereso “mpa” nkuropɔn te sɛ Cairo, Bangkok, ne São Paulo, “mu da.”
Nsɛnnennen yi nyinaa akyi no, nkurɔfo da so ara pia wɔn ho kogu nkuropɔn mu. Sɛnea asɛm bi a ɛwɔ The UNESCO Courier mu kyerɛ no, “ɛreyɛ ayɛ sɛ nea nkɔso ne ahofadi ne yiyedi wɔ nkuropɔn mu, ma nti ɛma nnipa kɔ hɔ daa.” Nanso, asɛm no ne sɛ, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma nkuropɔn akɛse a ɛwɔ wiase no? So nsɛnnennen a ɛwɔ hɔ no ano aduru ankasa wɔ hɔ?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
“Nnipadɔm a wopia wɔn ho kogu beae bi no ma adwuma ho yɛ na anaasɛ wonnya adwuma pa nyɛ”
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Kar nkyereso abu so wɔ nkuropɔn pii mu
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Mmofra mpempem pii a wɔato wɔn asaworam no ankasa kɔhwehwɛ wɔn ano aduan
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Wɔ nnipa pii a wɔtete nkuropɔn mu fam no, wɔn nsa nka asetra pa a wɔhwehwɛ no