Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 4/8 kr. 8-10
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Nkuropɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Nkuropɔn?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Sɛnea Kuropɔn Te no Resesa?
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Nkuropɔn No?
  • Akwankyerɛ a Wɔde Ma Mu Nsakrae
  • Nkuropɔn—Dɛn Nti na Nsɛnnennen Pii Wom?
    Nyan!—2001
  • Asese Nkurow​—Ahokyere Bere wɔ Nkurow Akɛse mu Ahiafo Atrae
    Nyan!—1993
  • Wɔn A Wonni Afie​—Dɛn Na Ɛde Ba?
    Nyan!—1988
  • “Nnipa Redɔɔso Wɔ Nkuropɔn Mu”
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 4/8 kr. 8-10

Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Nkuropɔn?

“YƐN nkuropɔn a yebesusuw ho no kyerɛ sɛ yɛresusuw yɛn daakye ho.” Saa na Ismail Serageldin a ɔwɔ Wiase Nyinaa Sikakorabea hɔ no kae. Nanso, esiane nea yɛahu nti, yenni daakye ho anidaso biara.

Nokwarem no, wɔrebɔ mmɔden kɛse ama asetra atu mpɔn wɔ nkurow akɛse mu. Nnansa yi, wɔasiesie nea wɔfrɛ no Times Square a ɛwɔ Manhattan wɔ New York City no awie. Kan no, na nguamansɛm, nnubɔnetɔn, ne nsɛmmɔnedi na ɛkɔ so wɔ hɔ. Seesei, wɔasisi aguadidan ne agodibea wɔ akwan a ɛwɔ hɔ no ho, na ɛma ahɔho mpempem pii kɔ hɔ. National Geographic nsɛmma nhoma no kyerɛ sɛ Naples, a ɛwɔ Italy, a na ɛyɛ “kuropɔn a na ɛyɛ fɛ te sɛ London ne Paris no, sɛee koraa wɔ Wiase Ko II mu. Naples bɛdanee beae a na wodi nsɛmmɔne na sakasakayɛ pii kɔ so wɔ hɔ. Nanso, bere a wɔpawee sɛ wɔbɛyɛ amammui nhyiam wɔ kuropɔn no mu wɔ 1994 mu no, wosiesiee hɔ bio ma ɛbɛyɛɛ sɛnea na ɛte kan no.

Nokwarem no, sɛ kuropɔn bi bɛyɛ beae a ahobammɔ wɔ na ɛhɔ tew a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ka kɛse. Sɛ ahobammɔ betumi aba ankasa a, egye polisifo pii. Ɔhaw foforo a ebetumi aba ne nkurɔfo kokoam nsɛm a afoforo betumi ahu mu. Mfiri a wɔde twa mfonini kɔ TV so ne polisifo a wɔnhyɛ adwuma ntade abu so wɔ mmeae bi. Ebetumi aba sɛ bere a woretu mpase afa turo bi mu na wutwa mu fa asubura, nhwiren, anaasɛ ɛhɔ nnua ho no, wobɛfa faako a awɛmfo wɔ a wunhu.

Ɛtɔ da a, mpɔntu a ɛba no ma ahiafo hu amane kɛse. Susuw nkurɔfo a wopia wɔn ho kogu nkuropɔn a afei na ɛredi yiye mu no—mmusua a wogye akatua akɛse tu kɔtra mmeae a bere bi na ahiafo na wɔte hɔ no—ho hwɛ. Sikasɛm a ɛsesa na ɛma nkurɔfo tu kɔ mmeae foforo—“gyae a wogyae wɔn ankasa adwuma kɔyɛ afoforo de, nsaanodwuma a wogyae kɔyɛ mfiridwuma.” (Gentrification of the City, a Neil Smith ne Peter Williams kyerɛwee) Bere a nnwuma a ɛho akatua nnɔɔso gu na wɔfa adwumayɛfo a wɔwɔ nsaanodwuma a wɔn ho akokwaw nkutoo wɔ adwuma mu no, na ɛsɛ sɛ wosisi adan bebree a adwumayɛfo no bɛtra mu. Sɛ anka adwumayɛfo no betu akɔtra baabi foforo no, wosiesie adan a ɛnyɛ fɛ no yɛ no foforo tra mu.

Akyinnye biara nni ho sɛ, eyi ma mpɔtam hɔ tebea tu mpɔn. Nanso, bere a mpɔtam hɔfo di yiye no, nneɛma bo kɔ soro. Tebea no taa bɛyɛ den ma ahiafo a wɔatra hɔ ayɛ adwuma wɔ hɔ mfe pii no!

So Sɛnea Kuropɔn Te no Resesa?

Ebetumi aba sɛ nyansahu mu nkɔso foforo a aba no de nsakrae aba nkuropɔn mu. Bere a Intanɛt so aguadi ne nnwuma foforo a wɔnam Intanɛt so yɛ nya nkɔanim no, eyi betumi de nsakrae kɛse aba nnɛyi nkuropɔn mu. Esiane nyansahu mu nimdeɛ foforo a wɔanya nti, wɔatumi abuebue nnwuma wɔ mmeae foforo a ɛnyɛ nkuropɔn mu—na ɛma nnipa pii kɔ hɔ kɔyɛ adwuma.

Sɛ nkurɔfo tumi fa kɔmputa so di gua na wɔyɛ nnwuma afoforo a, ɛyɛ a wɔmpɛ sɛ wobetwa kwan akɔ nkuropɔn a ɛhɔ kyere no mu. Cities in Civilization nhoma no de nyansahyɛ ma sɛ: “Yebetumi ahwɛ kwan sɛ ebinom bɛyɛ adwuma koro no ara anaasɛ wɔbɛtra beae a wɔn adwuma wɔ no nkutoo, ɛnkanka wɔn a wɔde bere fã yɛ adwuma no, . . . ma enti nkurɔfo nkyere so wɔ beae pɔtee bi.” Adansi ho nimdefo Moshe Safdie nso ka sɛ: “Wɔ asetra foforo yi mu no, yebetumi anya nkuraase ɔpepem pii, na ɛbɛma obiara ate nka sɛ ɔte akuraa ase nanso, otumi nya kɔmputa so dwumadi mu kyɛfa te sɛ wɔn a wɔtete nkuropɔn mu no ara pɛ.”

Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Nkuropɔn No?

Nnipa pii ka sɛ sɛ nyansahu mu nimdeɛ a aba nkuropɔn mu no da nkyɛn a, nnwuma ne anigye pii wɔ hɔ a ebetumi atwetwe nkurɔfo akɔ hɔ. Ɛmfa ho nneɛma pa a ebetumi aba nkuropɔn mu daakye no, ɛyɛ nea wɔrehyia nsɛnnennen nnɛ! Na anidaso biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wobetumi anya adan a ɛho ayɛ na ne ahotew ho nhyehyɛe pa a nnipa ɔpepem nni no ano aduru. Saa ara nso na obiara ntumi nyii nsɛmmɔnedi ne efi a ɛwɔ nkuropɔn mu no mfii hɔ.

Ebinom ka sɛ ɛsɛ sɛ aban ahorow no twa sika kɛse to hɔ de siesie nkuropɔn mu. Nanso, sɛ yɛhwɛ nneɛma a aban ahorow atumi ayɛ wɔ nkuropɔn mu no a, so yebetumi aka ma afata sɛ sika pii a wobetwa ato hɔ no na ɛbɛma wɔatumi adi wɔn haw ahorow no ho dwuma? Mfe pii a abɛsen kɔ no, The Death and Life of Great American Cities nhoma no kae sɛ: “Ebinom susuw sɛ sɛ yenya sika pii a . . . , yebetumi asiesie nkuropɔn mmeae a nnipa akyere so wɔ hɔ no nyinaa . . . Nanso, hyɛ nea afi sika pii a yɛasan de akyekyere nkurow ahorow mu aba no nsow: Nnwumayɛbea a wɔde hɔ adan mmofrabɔne atrae, ɛhɔ nneɛma a wɔasɛe no ne nnipa ntam abusuabɔ pa biara a enni hɔ sen sɛ anka wobesiesie hɔ ama ayɛ fɛ no.” Eyi da so ara yɛ nokware.

Nanso, sɛ sika ntumi nni ɔhaw no ho dwuma a, ɛnde na dɛn bio? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ nnipa na wɔte nkuropɔn mu, ɛnyɛ adan ne akwan ara kwa na ɛwɔ hɔ. Enti, asɛm no ara ne sɛ sɛ kuropɔn mu asetra betu mpɔn a, nkurɔfo a wɔtete mu no na ɛsɛ sɛ wɔsesa wɔn suban. Lewis Mumford ka wɔ The City in History mu sɛ: “Sɛ kurow bɛyɛ yiye a, egyina nimdeɛ ne amammerɛ a emu nnipa wɔ so.” Sɛ nnubɔnenom, tuutuusi, efĩ, nkurɔfo a wɔte nka sɛ wɔkorɔn kyɛn afoforo, nneɛma a wɔsɛe no, ɔfasu ho akyerɛkyerɛw, ne nneɛma foforo, betumi afi hɔ a, ɛnyɛ polisifo ne adan a yɛbɛka ho foforo nkutoo na ehia. Ɛsɛ sɛ nkurɔfo nya mmoa a ebetumi ama wɔasesa wɔn nsusuwii ne wɔn abrabɔ koraa.

Akwankyerɛ a Wɔde Ma Mu Nsakrae

Ɛda adi pefee sɛ egye tumi a ɛkyɛn nnipa de na ama nsakrae a ɛte saa aba. Enti, mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wobedi ɔhaw a ɛwɔ nnɛ nkuropɔn mu ho dwuma—ɛmfa ho sɛ adwempa bɛn na wokura—no, bɛyɛ kwa. Nanso, eyi nhaw Bible asuafo, efisɛ wonim sɛ nsɛnnennen a ɛwɔ nkuropɔn mu nnɛ no yɛ adanse biako a ɛkyerɛ sɛ nnipa ntumi nni yɛn asase yi so. Sakasakayɛ ne ɔhaw a ɛwɔ nkuropɔn mu nnɛ no ma Bible mu asɛm a ɛwɔ Yeremia 10:23 no nya mammu sɛ: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Mmɔden a nnipa abɔ sɛ wobedi wɔn ho so no akowie ɔhaw kɛse—ɔhaw a ɛkɔ soro bere nyinaa wɔ nkuropɔn mu, mu.

Enti nkuropɔn mufo betumi anya awerɛkyekye afi Bible bɔhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 11:18, a ese Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no’ mu. Eyi nyɛ atosɛm, na mmom ɛfa daakye nwonwaso a nnipa benya ho. Ɛhyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn nam nniso anaa Ahenni bi so bedi yɛn asase yi so. (Daniel 2:44) Ɛremma da sɛ nnipa ɔpepem pii bedi hia buruburoo, a wonnya adan pa ntra mu, wonni ahotew ho nhyehyɛe pa, wommu wɔn, anaasɛ wonnya anidaso biara. Wɔ Onyankopɔn nniso ase no, nnipa bedi yiye wɔ honam fam, wobenya akwahosan pa, na wɔanya adan pa atra mu.—Yesaia 33:24; 65:21-23.

Wiase foforo yi ne ɔhaw a ɛwɔ nkuropɔn mu no ano aduru koro pɛ.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

Wɔrebɔ mmɔden kɛse ama asetra atu mpɔn wɔ nkurow akɛse pii mu

Naples, Italy

New York City, U.S.A.

Sydney, Australia

[Asɛm Fibea]

SuperStock

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Onyankopɔn wiase foforo no na ɛbɛma wɔn a wɔtete nkuropɔn mu nnɛ no anya wɔn haw ano aduru

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena