Asese Nkurow—Ahokyere Bere wɔ Nkurow Akɛse mu Ahiafo Atrae
Efi Afrika Nyan! kyerɛwfo hɔ.
ASESE kurow mu abofra no nam Afrika atɔe kurow bi borɔn so a ɔnhyɛ mpaboa. Ɔso apawaa kurukuruwa tratraa bi a akutu aduonu anan kɔ so wɔ n’atifi. Ɔhyɛ oburoniwawu atade akokɔsrade bi de akata ne nipadua hweahweaa no so. Ɔretew fifiri.
Esiane sɛ ɔne ahiafo mmusua mu mmofra afoforo resi akane nti, ɔretɔn ade wɔ borɔn so. Ɔtaa teɛm sɛ: “Akutu ni oo!” Nanso abofra yi ayɛ komm; ebia ɔkɔm de no anaa ɔyare anaa wabrɛ ara kwa.
Sukuufo mmeawa baanu a wɔhyɛ wɔn sukuu ntade bruu fi ɔkwan foforo so reba. Wɔn mu biara hyɛ sɔks fitaa ne mpaboa fitaa. Wɔn mu biara wɔ bag a nhoma wom. Mmeawa no nantew ɔhyew so, na wɔredi nkɔmmɔ anigye so. Wonhu abofra no, nanso ɔno de ohu wɔn. Ɔhwɛ wɔn dinn a ommu n’ani.
Awiei koraa no, sukuufo mmeawa no du wɔn afie a ahotɔ ne ahobammɔ wom no mu. Nanso sɛ abofra no kɔ fie anwummere a, ɛbɛyɛ baabi soronko koraa. Ne fie yɛ adan a wɔde nnuasin ne nkankyee asinasin asi a nnipa akyere so wɔ hɔ.
Asese Kurow No
Ɔkwan titiriw no yɛ nea ɛso akyen. Edu asusow bere mu a, ɛdan atɛkyɛ. Esua dodo sɛ kar betumi afa so. Wunhu polisifo adwumayɛbea, odumgya adwumayɛbea, ayaresabea nedua biako mpo wɔ ho. Na wunhu anyinam ahoɔden nkanea anaa telefon nhama biara wɔ wim. Wɔ fam no, wunhu ɔdorobɛn anaa baabi a nsu fi.
Nnipa ahyɛ hɔ ma. Kasa gyegyeegye na wɔte wɔ hɔ. Nkɔmmɔbɔ ne serew, akyinnyegye, osu, ne nwonto adi afra. Mmarima a wɔhyehyɛ ntade fitaa tete benkyi atenten so bɔ nkɔmmɔ. Mmea nunu ɛmo a ɛwɔ nkuku mu a etu huhuro wɔ gya so no mu. Mmofra wɔ baabiara—ebinom redi agoru, ebinom ada, ebinom reyɛ adwuma, ebinom kasa, ebinom retɔn ade. Te sɛ abofra a ɔretɔn akutu no, wɔn mu fã kɛse no ara renkɔ mmoa yɛmmea, wɔrenka baesekre, na wɔrenhu sukuu dan mu da.
Wɔ ɔman a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa no nkwa nna yɛ mfe 42 mu no, nnipa a wɔte beae yi no wu ntɛm. Abofra no bedi mfe akron no, na wafa wiase no mu asetra a ɛyɛ den sen biara no biako mu dedaw, na watumi akwati owu wɔ ne mfe anan a edi kan no mu. Saa bere no mu no, na tumi a obetumi awu no yɛ mpɛn 40 kosi 50 sen sɛ anka wɔwoo no wɔ ɔman a edi yiye mu. Wɔn a wɔwoo wɔne no wɔ bere koro mu no mu pii antumi anni mfe anum. Sɛ ɔtra ase kyɛ pii a, tumi a obetumi awu wɔ ne nyinsɛn anaa awo mu kɔ soro mpɛn 150—sen ɔbea a wɔwoo no Europa anaa Amerika Kusuu Fam.
Nnipa ɔpepehaha pii tete adangow ne asese nkurow a ɛte sɛ eyi a ɛredɔɔso ntɛmntɛm no mu. Sɛnea Amanaman Nkabom akontaabu kyerɛ no, nnipa ɔpepepem 1.3 na wɔakyere so wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso mu, na ɔpepem 50 bɛka ho afe biara.
Asetra Wɔ Aman a Afei na Ɛrenya Nkɔso Mu
So wo fie wɔ beae a wo nkutoo tumi tra yɛ w’ade, a ɔdorobɛn mu nsu ne tiafi wom? So obi bɛfa wo wura kɔtow gu? Nnipa ɔpepehaha pii a wɔtete aman a afei na ɛrenya nkɔso mu no nni saa nneɛma yi bi.
Wɔ nkuropɔn pii mu no, nnipa akyere so wɔ mmeae a ahiafo te araa ma ɛtaa ba sɛ abusua a emufo yɛ du da ɔdan biako mu. Mpɛn pii no, mmeae a nnipa te no kɛse ne ne trɛw nnu mita biako. Apuei Fam kuropɔn bi afã horow bi no, wɔakyekyɛ adan nketewa mpo mu na ama nnipa pii atumi ada mu; wɔda dade mpa a ɛte sɛ ebuw so na abɔ wɔn ho ban afi awifo ho. Wɔ asase foforo so no, “mpa a ɛso nni adagyew” nhyehyɛe no tumi ma nkurɔfo kogye mpa nnɔnherew bi tua ho ka na ama nnipa baanu anaa baasa atumi ada so da biara.
Sɛnea UNICEF (United Nations Children’s Fund) 1991 afe afe amanneɛbɔ kyerɛ no, nnipa ɔpepepem 1.2 a wɔwɔ wiase nyinaa nni nsu pa a wɔnom. Na ɛsɛ sɛ ɔpepem pii tɔ wɔ nsutɔnfo hɔ anaasɛ wɔkɔsaw fi nsuten mu anaa mmeae afoforo. Baabi a ɔdorobɛn mu nsu wɔ no, ɛtɔ mmere bi a nnipa bɛboro apem pere ho sɛ wɔbɛsaw nsu afi paepe biako pɛ mu.
UNICEF bu akontaa nso sɛ nnipa ɔpepepem 1.7 nni ɔkwan pa a wɔfa so tow wɔn tiafi gu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ asese kurow mu nnipa ɔha biara mu nkyem 85 nni beae a wogya wɔn anan. Wɔ Afrika ne Asia nkuropɔn pii a emu nnipa boro ɔpepem biako mu no, wonni nneɛma fĩ a wɔtow gu ho nhyehyɛe biara koraa. Nnipa tiafi kɔ nsuten, nsubɔnten, ne nsuka ahorow mu.
Nwura nso yɛ asɛnnennen foforo. Wɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso mu nkuropɔn mu no, wɔmfa nwura a wɔde si hɔ no ɔha biara mu nkyekyem 30 kosi 50 nkohwie ngu. Faako a ahiafo te na wobu ani gu so sen biara. Ade biako nti a wɔyɛ saa ne sɛ ahiafo ntow nwura pii a wɔn a wɔsesaw nwura anaa nnwuma a wɔde yɛ nneɛma afoforo betumi de ayɛ nneɛma a mfaso wɔ so ngu. Nea ɛto so abien ne sɛ esiane sɛ wommu ahiafo atrae pii sɛ wɔnam mmara kwan so na ɛkyekyee nti, aban horow de asetra mu nneɛma kame wɔn. Ɔhaw a ɛto so abiɛsa ne sɛ faako a ahiafo atrae pii wowɔ ne nkyereso a ɛwɔ hɔ no nti, ɛyɛ den na ɛka wom sɛ wɔbɛyɛ hɔnom adwuma.
Wɔyɛ nwura no dɛn? Wɔtow gu mmorɔn so, asase petee so, nsubɔnten ne atare mu ma ɛporɔw.
Apɔwmuden ho Asiane
Tebea a nkurow akɛse mu ahiafo wom no sonsonoe wɔ mmeaemmeae. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ wohyia nneɛma abiɛsa wɔ baabiara. Nea edi kan ne sɛ ɛnyɛ sɛ wɔn fie tra nyɛ dɛ nko, na mmom asiane wom nso. Nhoma The Poor Die Young ka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, nnipa ɔpepem 600 a wɔtete nkurow akɛse mu wɔ Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa mu no tete nea wɔbɛka sɛ ɛyɛ afie ne mmeae a wɔn nkwa ne wɔn apɔwmuden wɔ asiane mu mu.”
Ɔkwan bɛn so na afie a ɛmfata betumi de nyarewa aba? Nkyereso a ɛwɔ mmeae a ahiafo te wɔ nkurow akɛse mu no boa ma nyarewa te sɛ nsamanwaw, influensa, ne meningitis atrɛw. Nkyereso nso ma tumi a akwanhyia betumi asi wɔ afie mu no yɛ kɛse.
Nsu pa a ɛsɛ a wonnya no ma nyarewa a wonya fi nsu mu, te sɛ atiridii, mmerɛwbo mu yare ne konkoruwa trɛw kɛse. Ɛma ayamtu a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ekum abofra bi wɔ anibu 20 mu wɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso no mu. Nsu a wɔde horo ade ne nea wɔde guare a wonnya nea ɛsɛ no ma nnipa taa nya aniwa ne honam ani nyarewa. Na bere a ɛsɛ sɛ ahiafo bɔ nsu ho ka kɛse no, sika ketewaa bi na wɔwɔ a wɔde tɔ aduan.
Nsu ne aduan a tiafi wom ma wonya nyarewa ne asunson ahorow. Nwura a wonnyi twetwe akisi, nwansena, ne ntɛfrɛw. Nsu a ɛtaa hɔ pae ntontom a wɔde atiridii ne gyapim ba.
Ohia mu Amanehunu No
Asese kurow mu ade a ɛto so abien ne sɛ ɛyɛ den yiye sɛ wɔn a wɔte hɔ no betumi ade wɔn ho afi mu. Wɔn a wɔba kuropɔn mu no mu dodow no ara yɛ wɔn a ohia apam wɔn afi nkuraase. Esiane sɛ wontumi ntua ofie a ɛfata ho ka nti, bere tenten a wɔtra nkurow akɛse mu no, wɔtra asese nkurow mu na wɔtaa yɛ saa wɔn nkwa nna nyinaa.
Nnipa no mu dodow no ara yɛ nsiyɛfo na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwumaden, nanso hwee nni hɔ a wɔbɛyɛ sen sɛ wobegye nnwuma a ne yɛ gye nnɔnhwerew pii na n’akatua sua. Awofo a ahia wɔn yiye taa ma wɔn mma kɔyɛ nnwuma sen sɛ wɔbɛkɔ sukuu, na anidaso biara nni hɔ sɛ mmofra a wɔn nhomanim yɛ ketewaa bi anaa wonsuaa nhoma da no asetra betumi ayɛ yiye asen wɔn awofo de. Ɛwom sɛ sika ketewaa bi na mmofra nya de, nanso nea wonya no ho taa hia ma wɔn mmusua yiye. Enti, wɔ nkurow akɛse mu ahiafo pii fam no, wonni anidaso kɛse sɛ wɔn asetra bɛyɛ yiye; wɔn botae ne sɛ wobenya nea wobedi da biara da.
Wonni Ɔdɔ Ma Wɔn, Wɔmpɛ Wɔn
Asetra no mu ade a ɛto so abiɛsa ne sɛ wonnye nni sɛ wobetumi akɔ so atra baabi a wɔte no. Wɔ aban pii fam no, asese nkurow ne adangow yɛ aniwu. Sɛ anka wobesiesie asese nkurow no mu, a ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ saa no, wɔtaa ma katapila kodwiriw nkurow no gu.
Ebia aban ahorow bɛkyerɛ sɛ ɛteɛ sɛ wodwiriw asese nkurow gu denam ka a wɔka sɛ ehia na ama kurow no ayɛ fɛ, de atu nsɛmmɔnedifo ase, anaa wɔasan asiesie asase no so. Nea enti a wɔyɛ saa biara no mfa ho, ahiafo na wohu amane. Nea ɛtaa ba ne sɛ wonni baabiara a wɔbɛkɔ anaasɛ wontua hwee mma wɔn koraa. Na sɛ katapila no ba a, wonni hwee a wɔbɛyɛ sen sɛ wobetu afi hɔ akɔ.
Aban no Asɛyɛde
Dɛn nti na aban horow no nsisi adan pa a nsu, beae a wɔto nsu fi gu wom? Nhoma Squatter Citizen bua sɛ: “Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa no mu aman pii no nni nneɛma anaa hokwan bi a ɛbɛma wɔayɛ nhyehyɛe a esi pi na ɛma wodi yiye wɔ wiase aguadi mu, ma enti wobetumi abisa nkɔso a wobetumi anya sɛ aman no ho asɛm anibere so. Obi ntumi nkasa ntia aban bi sɛ ontumi nni ne manfo ahiade ho dwuma bere a ɔman mũ no nyinaa nni nneɛma a ɛsɛ, a wɔ mprempren nsɛm tebea mu no, wonni nneɛma a ɛbɛma wɔadi ahiade atitiriw ho dwuma.”
Wɔ aman pii mu no, sikasɛm tebea no resɛe. Afe a etwaam no, Amanaman Nkabom kyerɛwfo panyin a ɔregyae adwuma no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu dodow no ara gyinabea wɔ wiase sikasɛm mu resɛe bere bi ni. . . . Nnipa bɛboro ɔpepepem biako di hia buruburoo mprempren.”
Na Amannɔne Mmoa Nso Ɛ?
Dɛn nti na aman a wodi yiye no nyɛ pii mfa mmoa? Ɛreka tumi a mmoa a wɔde ma nya wɔ ohia so ho asɛm no, World Bank’s Development Report gye tom sɛ: “Mmoa a ɔman a ɛde ma no ne nea egye no nyinaa nya mu mfaso [amannɔne mmoa nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 64] . . . de mmoa ma wɔ ntease horow pii mu—amammuisɛm, mmoa a wɔde ma de hwehwɛ biribi, aguadi, adɔe. Ohia so tew yɛ botae ahorow no mu biako pɛ, na ɛtaa ba sɛ ɛnyɛ ɛno ne nea ehia sen biara.”
Ɔkwan foforo so no, sɛ aban ahorow no wɔ nea wobetumi de ama ahiafo tebea ayɛ papa mpo a, wɔntaa nyɛ saa. Ɔhaw a ɛwɔ aman pii mu ne sɛ bere a ɛyɛ mpɔtam amanyɔ kuw na ɛsɛ sɛ wosi adan ma wɔn nneɛma no, aban dwumadibea ahorow a wɔwɔ tumi sen wɔn no mma wɔn tumi no anaa nneɛma a wɔde bɛyɛ adwuma no.
Daakye Nkuropɔn
Animdefo gyina sɛnea nneɛma si kɔ so wɔ nnansa yi mfe mu no so ka sɛ daakye a ɛyɛ awerɛhow na ɛwɔ hɔ ma aman a afei na ɛrenya nkɔso no mu nkurow akɛse mu ahiafo. Wɔka sɛ nnipa bɛkɔ so adɔɔso ntɛmntɛm wɔ nkurow akɛse mu, na aban ahorow no rentumi mma wɔn a wɔtete nkuropɔn mu fã kɛse no ara ɔdorobɛn mu nsu, tiafi, mmeae a wɔto nsu fi gu, akwan, ayaresa, ne nnwuma te sɛ odumgya, polisifo ne ade.
Wɔbɛkɔ so asisi adan wɔ mmeae a ɛhɔ yɛ hu te sɛ mmepɔw nkyɛn, mmeae a nsu yiri fa hɔ, anaa asase a wɔasɛe no. Nnipa bɛkɔ so anya nyarewa esiane nkyereso, ne efi mu a wɔte nti. Nkurow akɛse mu ahiafo bɛkɔ so atra ase a wosuro bere nyinaa sɛ wobetu wɔn afi baabi a wɔte no.
So eyi kyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ mma wɔn a wɔte asese kurow mu te sɛ abeawa a yɛaka ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no? Ɛnte saa koraa!
Nsakrae a Ɛyɛ Nwonwa Reba
Onyankopɔn Asɛm, Bible no, da no adi sɛ nsakrae pa bi a ɛyɛ nwonwa reba—na ɛyɛ nnansa yi ara. Ɛnyɛ nnipa nniso horow mmɔdenbɔ so na nsakrae yi nam bɛba, na mmom ɛnam Onyankopɔn Ahenni, ɔsoro nniso a ebedi tumi wɔ asase nyinaa so nnansa yi ara no so.—Mateo 6:10.
Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, sɛ anka wɔbɛtra adangow a emu adɔre fĩ ne asese nkurow mu no, mmusua a wosuro Onyankopɔn bɛtra paradise (Luka 23:43) Sɛ anka wɔbɛtra otu ho hu mu daa no, Bible no ka sɛ “na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi renyi wɔn hu.”—Mika 4:4.
Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, sɛ anka wobewu ntɛm wɔ afie a nnipa akyere so wom mu no, nnipa ‘besisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna.’—Yesaia 65:21, 22.
Ɛbɛyɛ den sɛ wubegye bɔhyɛ ahorow yi adi, nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ ebenya mmamu. Dɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn nni atoro, na “Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ.”—Luka 1:37; Numeri 23:19.
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, paradise tebea horow besi ohia ne asese nkurow ananmu