Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 5/8 kr. 21-23
  • Dɛn Ne Nyamesom Daakye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Nyamesom Daakye?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔhaw a Nyamesom Ahorow no De Bae
  • Ɔsom Ahorow a Wɔsɔre Tia no Mu Biako
  • Wɔtaa Wɔn Kwa
  • Dɛn na Ɛbɛba Nyamesom So Daakye?
  • Asɛm A Edii Mfe Pii Wɔ Asɛnnibea Kowiee Nkonimdi Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Sɛnea Nyamesom Dii Nkonim
    Nyan!—2001
  • Ɔsɔretia a Sovietfo De baa Nyamesom So
    Nyan!—2001
  • Wɔn a Sovietfo Taa Wɔn Kɛse
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 5/8 kr. 21-23

Dɛn Ne Nyamesom Daakye?

SENEA ɔsom pii asan aba kan Soviet Union aman mu no yɛ ahodwiriw kɛse. Wɔ Russia nkutoo no, nnipa a wɔwɔ hɔ no mu ɔha mu 50 kyerɛ sɛ wɔyɛ Ortodɔksfo, na ɔpepem pii nso kɔ asɔre foforo. Nkramosom, Yudasom, ne Buddhasom, yɛ ɔsom ahorow a akyɛ wɔ hɔ no bi, na Yehowa Adansefo som no nso fii ase wɔ hɔ no nyɛ nnɛ.

Wɔ 1891 mu tɔnn no, Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo ansa na 1931 reba, no kɔɔ Kishinev, Russia (seesei wɔfrɛ no Chisinau, Moldova). Ɛhɔ no, na mfɛfo gyidifo hyia yɛ nhyiam horow. Wɔ 1928 mu no, George Young, a na ɔyɛ Bible Asuafo no nanmusini titiriw no hyiaa Soviet atumfoɔ no wɔ Moscow, Russia, de hwehwɛɛ hokwan a wɔde betintim Bible ho nhoma ahorow wɔ Soviet Union. Akyiri yi, Adansefo no begyee din kɛse esiane mmɔden a Sovietfo bɔe sɛ wobegu wɔn som no nti.

Bere a Soviet Union no gui prɛko pɛ bɛyɛ mfe du a atwam no, nkurɔfo fii ase bisae sɛ, ‘Adɛn nti na Sovietfo bɔɔ mmɔden sɛ wobegu nyamesom?’ Nnipa pii a wɔama wɔagye adi mfe dudu pii sɛ Nyankopɔn nni hɔ no fii ase susuw mfaso a wobetumi anya afi ɔsom mu ho. So Bible no a ɛyɛ nhoma a na wɔabara no betumi de adesamma haw no ho mmuae ama? Russiafo no ankasa fii ase yɛɛ emu nhwehwɛmu.

Ɔhaw a Nyamesom Ahorow no De Bae

Bible no a nnipa bebree bɛkyerɛɛ ho anigye no kɔfaa ɔsom mu nsɛnnennen ahorow baa kan Soviet Union. Guardian atesɛm krataa a ɛwɔ London, England, no kae afe a etwaam no sɛ: “Ebetumi aba sɛ ‘adwenem naayɛ a ɛfa Onyankopɔn ho’ no baa awiei, nanso, wɔ mfe du akyi a wiase aman a wogye di sɛ Onyankopɔn nni hɔ gui animguase mu no, ɔsom mu akameakame foforo sɔree wɔ Russia.” Dɛn ne saa ɔsom mu akameakame a atesɛm krataa yi reka ho asɛm no?

Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, Russia Ortodɔks Asɔre no de ne ho bɔɔ Soviet atumfoɔ no denneennen na atumi akɔ so na afei anya hokwan bi. The Guardian kyerɛkyerɛ sɛnea abusuabɔ no kɔɔ so no mu sɛ: “Wɔ mfe 10 a abɛsen kɔ mu no asɔre no fi amemenemfe mu ne ɔman a ɛkaa no hyɛe bere bi a atwam no yɛɛ apam na akɔ so de mmoa ama Russia aban no (Ɔsɔfopɔn nsa a ɔde hyɛɛ Chechnya akodi ase no) na anya nkɛntɛnso kɛse wɔ amammui mu nso.”

Los Angeles Times a ɛbaa February 10, 1999, mu no kyerɛɛ nkɛntɛnso a asɔre no nyae wɔ amammui mu bere a na ɛreka Mmara a Ɛma Ahonim ne Ɔsom Biara Ho Kwan ho asɛm no. Los Angeles Times kae sɛ “ɛyɛ Russia Ortodɔks Asɔre no na ɛkamfoo” saa mmara yi a Ɔmampanyin Boris Yeltsin a na ɔwɔ hɔ saa bere no de ne nsa hyɛɛ ase wɔ September 1997 mu no “kyerɛe.” Wɔnam mmara no so kyerɛe sɛ asɔre no ne nkramosom, Yudasom, ne Buddhasom yɛ ‘ɔman som.’ Nea na mmara no kyerɛ sɛ ɛka nneɛma afoforo a ɛsɛ sɛ nyamesom ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ Russia no yɛ ho ne sɛ wɔde wɔn din bɛhyɛ mmara ase.

New York Times a ɛbae February 11, 1999, mu no bɔɔ amanneɛ sɛ bere a wɔhyɛɛ saa mmara no, “Ortodɔks Asɔre no sɔre tiaa ɔsom nkae no.” Times de kaa ho sɛ: “Wɔ August a etwaam no, Aleksei II, Russia Ortodɔks Asɔre no Sɔfopɔn no, kae sɛ wɔmmara ɔsom afoforo, ɛnkanka nea ɛma nkurɔfo gyae ‘wɔn nananom som’” no. Efi saa bere no, wɔabɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛbara ɔsom a ɛtwetwe nkurɔfo di wɔn akyi no, na ɛde “ɔsom mu akameakame” na aba.

Ɔsom Ahorow a Wɔsɔre Tia no Mu Biako

Ɔsom biako a Ortodɔks Asɔre no asɔre atia kɛse ne Yehowa Adansefo de no. Wɔ June 20, 1996 mu no, Moscow atemmufo bagua no fii ase hwehwɛɛ asɛm a “Boayikuw a Ɛbɔ Mmofra Ho Ban Fi Atorosom Ho” de kɔdan asɛnnibea no mu. Ɛwom sɛ mpɛn pii no, na wotu asɛm no hyɛ da esiane sɛ na wonhu adebɔne biara a Yehowa Adansefo no ayɛ nti de, nanso na wɔtaa hwanyan asɛm no mu bere ne bere mu.

Nanso, wɔkɔɔ so kaa atosɛm pii faa Adansefo no ho. Russiafo atesɛm krataa bi a wɔfrɛ no Komsomolskaya Pravda, a wotintim 1,200,000 no, kae wɔ nea ɛbae November 21, 1998 no mu sɛ: “Wɔ bɛyɛ mfe abien pɛ mu no, na Russia Ortodɔks Asɔre no atintim bɛboro nhoma du, nhomawa, ne nhoma nketewa a ‘ɛfa’ Yehowafo no ho.” Dɛn nti na asɔre no bɔɔ mmɔden kɛse totoo Adansefo no ase saa?

Komsomolskaya Pravda kɔɔ so kae sɛ: “Ɛte saa ankasa efisɛ wɔ mfe bɛboro ason pɛ mu no, ahyehyɛde no mufo abu abɔ ho mpɛn du, na sɛnea ɛte wɔ ahyehyɛde biara a asɔfokuw di so ho no, Russia Ortodɔks Asɔre no mpɛ ɔsom biara a ɛne no besi akan.”

Wɔ 1999 mfiase mu, bere a wɔsan de Adansefo no kɔɔ asɛnnibea no, wiase nyinaa ani baa so. New York Times a ɛbae February 11 anim asɛm no kenkan sɛ: “Moscow Asɛnnibea Susuw Bara a Wɔabara Yehowa Adansefo no Ho.” Asɛm no kyerɛe sɛ: “Asɛm no a seesei wɔredi wɔ Moscow asɛnnibea dan ketewa bi mu no yɛ nea bagua biara a ɛpene ɔsom ne hokwan a obiara wɔ so no hu sɛ ɛno ne mmɔden a edi kan a wɔrebɔ sɛ wɔde [Mmara a Ɛma Ahonim ne Ɔsom Biara Ho Kwan] no bedi dwuma de asiw ɔsom bi ho kwan.”

Lyudmila Alekseyeva, Wiase Nyinaa Asɛnnibea a Ɛwɔ Helsinki no titrani no kyerɛkyerɛɛ nea enti a obiara retie Adansefo no asɛm no yiye no mu. Ɔkae sɛ sɛ wɔn a wɔrebɔ mmɔden aka Yehowa Adansefo ahyɛ no tumi “di nkonim a, wobetumi asɔre atia ɔsom afoforo” a ɛnyɛ ɔman asɔre no nso. Nanso, wɔtuu asɛm no hyɛɛ da bio wɔ March 12, 1999. Nanso, ɔsram a edi hɔ wɔ April 29 no, Russia Man Atemmu Asoɛe no maa hokwan sɛ wɔmfa “Yehowa Adansefo Baa Dwumadibea a Ɛwɔ Russia,” no nhyɛ mmara ase.

Wɔ hokwan a aban no de ama nyinaa akyi no, wɔkɔ so taa Adansefo no ne nyamesom akuw nketewa a ɛwɔ Russia ne kan Soviet adehyeman a aka no mu. Lawrence Uzzell a ɔyɛ Keston Nhwehwɛmubea a ɛwɔ Oxford, England, no panyin no kae sɛ: “Mfaso wɔ so bere nyinaa sɛ yɛbɛhwɛ Yehowa Adansefo no” efisɛ nea ɛto wɔn no “di kan de kɔkɔbɔ ma.” Nokwarem no, nyamesom hokwan a ɛsom bo a nnipa mpempem pii wɔ no ho aba asɛm!

Wɔtaa Wɔn Kwa

Wɔ afeha a edi kan mu no, asɔfo mpanyin ne nyamesom akannifo afoforo sɔre tiaa Yesu akyidifo no. (Yohane 19:15; Asomafo no Nnwuma 5:27-33) Ɛno nti wɔkaa Kristosom ho asɛm sɛ: “Na fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:22) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔbɛka nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso ho asɛmmɔne, sɛnea ɛte wɔ Yehowa Adansefo fam no.

Nanso, bere a Gamaliel a na ɔyɛ Farisini ne mmarakyerɛfo a wagye din hwehwɛɛ sobo a wɔde bɔɔ Kristofo mu wiei no, ɔhyɛe sɛ: “Munyi mo ho mfi nnipa yi ho, na munnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ɛbɛsɛe. Na sɛ nso efi Onyankopɔn a, muntumi nsɛe wɔn, na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn po na ɛreko.”—Asomafo no Nnwuma 5:38, 39.

Ɛnnɛ nso, asɔretiafo ayɛ Yehowa Adansefo ho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri. Dɛn na wɔahu? Sergey Blagodarov, a ɔno ankasa yɛ Ortodɔksni no kae wɔ Komsomolskaya Pravda mu sɛ: “Bɛboro mfe ɔha a atwam ni no, ɔman biako pɛ mpo ntumi nkyerɛɛ adebɔne bi a Yehowa Adansefo ayɛ, anaasɛ entumi nkyerɛe sɛ wonni hokwan wɔ mmara mu.”

Dɛn na Ɛbɛba Nyamesom So Daakye?

Bible no ka “ɔsom a ɛyɛ kronn” anaa “ɔsom a ɛho tew na ɛho nni fi” ho asɛm. (Yakobo 1:27a; hwɛ King James Version nso.) Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, Bible frɛ wiase atorosom ahemman no “aguaman kɛse a . . . wiase ahene ne no abɔ aguaman.” Wɔka saa aguaman a ogyina hɔ ma ɔsom yi—“Babilon Kɛse”—ho asɛm sɛ “ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow” no.—Adiyisɛm 17:1-6.

Hwɛ sɛnea saa asɛm yi fata nyamesom a ɛne amammui akannifo ayɛ biako na anya dibea no yiye! Nanso, wɔaka nea ɛbɛto aguaman kɛse a ogyina hɔ ma ɔsom no daakye ho asɛm ato hɔ. Bible ka sɛ “ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ [Yehowa, NW] Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbɔfo no tu fo denneennen sɛ: “Mumfi no mu, . . . na moannya ne haw no bi.”—Adiyisɛm 18:4, 7, 8.

Bere a osuani Yakobo kaa “ɔsom a ɛyɛ kronn” ho asɛm no, ɔkae sɛ ‘emufo beyi wɔn ho afi wiase nkekae ho.’ (Yakobo 1:27b) Afei nso, Yesu Kristo kaa n’akyidifo anokwafo no ho asɛm sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:16) Wutumi hu nea enti a Yehowa Adansefo twe wɔn ho fi wiase amammui nsɛm a aporɔw ho no? Wɔyɛ saa efisɛ wɔwɔ ahotoso kɛse wɔ Bible bɔhyɛ yi mu: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Asɛm no a wɔde kɔɔ asɛnnibea wɔ Moscow wɔ February 1999 mu. Wɔn a wɔne wɔn ridi asɛm (benkum), ɔtemmufo (mfinimfini), asɛnnii (nifa)

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Bible ka nea ɛbɛto wiase som nyinaa ho asɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena