Amumɔyɛsɛm a Ɛsesa
Bere a etwa to a yɛkaa amumɔyɛsɛm ho asɛm wɔ nsɛmma nhoma yi akyi no, yɛde mfonini bi a obiara nim na edii dwuma—na ɛno yɛ awudifo a wɔde ade akata wɔn anim kurakura atuo gyinagyina ɔtopae bi a apae ho. Nanso, tebea no nte saa nnɛ.
DABI anadwo lɔre adedaw pii betwaam brɛoo faa borɔn bi so. Lɔre no gyinagyina sukuudan bi ho. Ntɛm ara, mmarima bi a wɔanya ntetee a wɔhyehyɛ nkataanim ne ntade a ɛbɔ wɔn ho ban fi mframa bɔne ne nnubɔne ho sen kɔ wura bi mu. Ade biako pɛ a mmarima yi hu ne ɔtopae ketewa bi a ɛtowee bere a na agumadi bi rekɔ so wɔ sukuu no agumadibea hɔ na epuw wusiw maa agohwɛfo pii yareyaree no. Ɛdenam kuw bi a wɔwɔ kurom hɔ a wɔde mmoa ma wɔ tebea a egye ntɛmpɛ mu mmoa so no, mmarima baanan no de ahwɛyiye kɔɔ beae a ɔtopae no da no kɔhwɛɛ nea asi. Dɛn na efi ɔtopae no mu bae? Anthrax yare? Mframa bɔne?
Mmarima no de nkakrankakra kɔɔ prama no so, na wɔde adwinnade bi a wɔde yɛ nnuru mu nhwehwɛmu kaa wɔn ho kɔe. Wɔkɔɔ dan ketewa bi mu, na ɛhɔ na wohuu ɔtopae a wɔatow ma asɛe no. Ná egye ahwɛyiye kɛse na wɔatumi de nnade nketenkete ahwehwɛ biribi na wɔayiyi nnwinnade bi a emu yɛ duru.
Ankyɛ koraa na wɔn nkataanim no mu fii ase yɛɛ kusuu. Ná adwuma no yɛ den, ma mmarima a wɔanya ntetee no mpo. Nanso, bɛyɛ simma du mu no, wohuu nea efii ɔtopae no mu bae no. Nnuruyɛ mu nhwehwɛmufo a ɔka wɔn ho no kae sɛ: “Ɛda adi sɛ anthrax na ɛwom.”
Amumɔyɛsɛm a Asesa
Ná saa asɛm yi nyɛ hu sɛnea yebesusuw no. Ná ɛyɛ biribi a nkurɔfo bi reyɛ de ahwɛ nea kuw no betumi ayɛ bere a wɔatow mframa bɔne agu New York atifi fam no. Wɔatete saa nkurɔfo yi nnansa yi sɛ Kuw a Wɔko Tia Akode a Etumi Sɛe Nneɛma Pii no mu biako. Kuw a ɛtete saa no dwumadi ne sɛ wobehu ɔhaw a efi amumɔyɛfo ntua mu ba no kɛse denam ɔyare mmoawa, nnubɔne, anaa hann a awuduru wom a wɔbɛhwehwɛ mu so.
Saa kuw yi yɛ akuw pii a wɔatete wɔ wiase nyinaa ma wɔde adi ahunahuna ne ɔhaw foforo a amumɔyɛsɛm ntua de ba so no biako.a Nsɛm a ɛresisi nnansa yi da no adi sɛ amumɔyɛsɛm a akuw a wɔatew wɔn ho anaa anuɔdenfo kuw de ba no reyɛ kɛse. Ɛwom sɛ amumɔyɛfo pii de wɔn ani si asraafo atrae ne aban asoɛe ahorow so de, nanso ebinom atrɛw wɔn dwumadi mu akɔ mmeae a ahobammɔ nni hɔ kɛse, te sɛ ahyɛn mu, agumadibea ahorow, mmeae a nnipa akyere so, ahɔhodan ahorow mu, ne nsrahwɛ bea ahorow.
Bere a Porter Goss, a ɔyɛ U.S. Man Bagua a Wɔhwɛ Di Atamfo Ntua Ho Dwuma titrani no resi nsakrae a aba amumɔyɛfo dwumadi mu so dua no, ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛsesa nsusuwii dedaw a na yekura a ɛne sɛ aban na ɔhwɛ ma amumɔyɛsɛm kɔ so no na yɛde adwene si nsakrae a aba amumɔyɛsɛm mu no so. Ankorankoro bi atew wɔn ho redi amumɔyɛsɛm pii.”
Akwan a wɔfa so di amumɔyɛsɛm nnɛ no nyɛ mmerɛw koraa sɛ wobesiw ano. Mpɛn pii no, amumɔyɛfo no tumi nya akwan foforo a wɔfa so yɛ adwuma ne akwan a wɔbɛfa so anya sika a obiara mmoa nka ho. USA Today bɔ amanneɛ sɛ: “Kɔmputa ne nkitahodi mu nimdeɛ foforo a wɔnam so ne nsɛmmɔnedifo a wɔagye din kɛse nya nkitahodi no ma ɛyɛ den kɛse sɛ wɔbɛko atia amumɔyɛsɛm.” Amumɔyɛsɛm a aba so foforo no da adi wɔ akwan foforo so, na ɛno hyɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo ma wɔde nsɛmfua te sɛ “kɔmputa so amumɔyɛsɛm,” “amumɔyɛsɛm a wɔde yare mmoawa di,” ne “amumɔyɛsɛm a wodi de bɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ban” di dwuma.
Ɛnnɛyi amumɔyɛsɛm no yɛ hu dɛn? So w’ankasa ahobammɔ da asiane mu? So amumɔyɛsɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no ano aduru bi wɔ hɔ? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ nsɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛnea amumɔyɛsɛm te no gu ahorow koraa. Sɛ nhwɛso no, wɔ aman a ɔmanko rekɔ so kɛse wom no, ebia ɛdenam sɛnea ankorankoro biara te nka so no, wobebu basabasayɛ a nkurɔfo bi de di afoforo so sɛ akodi anaa amumɔyɛsɛm. Wɔ saa nsɛm yi mu no, asɛmfua “amumɔyɛsɛm” no gyina hɔ ma basabasayɛ biara a wɔnam so hunahuna nkurɔfo.
[Adaka/Asase mfonini wɔ kratafa 12, 13]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Mfe Du a AMUMƆYƐSƐM Kɔɔ So Kɛse Wom
1. Buenos Aires, Argentina
March 17, 1992
Ɔtopae a ɛhyɛ kar mu tow sɛee Israel Aban Nanmusifo Dwumadibea. Ekunkum: nnipa 29. Epiraa: nnipa 242.
2. Algiers, Algeria
August 26, 1992
Wɔtow ɔtopae too amanaman ntam wimhyɛn gyinabea. Ekunkum: nnipa 12. Epiraa: nnipa bɛyɛ 128
3. New York City, United States
February 26, 1993
Ɔsom mu basabasayɛfo tow ɔtopae too Wiase Nyinaa Aguadibea hɔ. Ekunkum: nnipa 6. Epiraa: nnipa bɛyɛ 1,000
4. Matsumoto, Japan
June 27, 1994
Aum Shinrikyo kuw no mufo puw mframa bɔne guu mpɔtam bi. Ekunkum: nnipa 7. Epiraa: nnipa 270
5. Tokyo, Japan
March 20, 1995
Aum Shinrikyo kuw no mufo foro traa Tokyo keteke a ɛnam asase ase mu na wopuw mframa bɔne guu mu. Ekunkum: nnipa 12. Epiraa: bɛboro 5,000
6. Oklahoma City, United States
April 19, 1995
Ɔtopae bi a ɛhyɛ teaseɛnam mu tow wɔ aban dan bi ho. Wɔbɔɔ asɔretiafo kuw bi sobo. Ekunkum: nnipa 168. Epiraa: bɛboro 500
7. Colombo, Sri Lanka
January 31, 1996
Abusua mu basabasayɛfo de teaseɛnam bi a ɔtopae wom kosi sikakorabea bi. Ekunkum: nnipa 90. Epiraa: bɛboro 1,400
8. London, England
February 9, 1996
Ireland amumɔyɛfo tow ɔtopae to ɔdan a wɔde kar sisi mu mu. Ekunkum: nnipa 2. Epiraa: bɛboro 100
9. Jerusalem, Israel
February 25, 1996
Obi de ɔtopae hyɛɛ ne ho ma ɛtow wɔ bɔs bi mu. Wɔbɔɔ ɔsom mu basabasayɛfo bi sobo. Ekunkum: nnipa 26. Epiraa: afoforo bɛyɛ 80
10. Dhahran, Saudi Arabia
June 25, 1996
Teaseɛnam bi a ɛfa pɛtro, a ɔtopae wom paee wɔ U.S. asraafo atrae no akyi. Ekunkum: nnipa 19. Epiraa: nnipa 515
11. Phnom Penh, Cambodia
March 30, 1997
Atuatewfo tow aprɛm anan too nnipadɔm bi a wɔreyɛ ɔyɛkyerɛ mu. Ekunkum: nnipa bɛyɛ 16. Epiraa: nnipa bɛboro 100
12. Coimbatore, India
February 14, 1998
Ɔsom mu basabasayɛfo totoo ɔtopae pii. Ekunkum: nnipa 43. Epiraa: nnipa 200
13. Nairobi, Kenya, ne Dar es Salaam, Tanzania
August 7, 1998
Wɔtow ɔtopae too U.S. Aban Nanmusifo Dwumadibea hɔ. Ekunkum: nnipa 250. Epiraa: bɛboro 5,500
14. Colombia
October 18 ne November 3, 1998
Obi too ɔtopae too beae bi na ɔfoforo de aprɛm too beae foforo. Nea odi kan no tow ɔtopae no too beae a wɔde durobɛn a fango nam mu ato. Ekum: nnipa 209. Epiraa: bɛboro 130
15. Moscow, Russia
September 9 ne 13, 1999
Atopae akɛse abien bi tow sɛee adan abien. Ekunkum: nnipa 212. Epiraa: bɛboro 300
[Asɛm Fibea]
Source: The Interdisciplinary Center, Herzliya, Israel
Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.
Victor Grubicy/Sipa Press
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 14]
Kɔmputa So Amumɔyɛsɛm
March 1999: Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ “nnipa pii wia wɔn ho” twitware nneɛma a ɛkɔ so wɔ Pentagon kɔmputa so no mu. Da biara da no, amumɔyɛfo 60 kosi 80 na wɔbɔ amanneɛ sɛ wowia wɔn ho kɔ kɔmputa a esisi U.S. Bammɔ Dwumadibea no so.
Wɔ 1999 Mfinimfini: Wɔ asram abiɛsa mu no, kɔmputa so amumɔyɛfo a wɔsɔre tia aban no nam sum ase kɔɔ U.S. Mmarahyɛ Bagua, Ɔman Nhwehwɛmu Dwumadibea, U.S. Asraafo, White House, ne aban asoɛe pii a ɛwɔ United States no kɔmputa so Dwumadibea.
January 2000: Wɔ wiase nyinaa no, wɔbɔ amanneɛ sɛ nnwumakuw bɔɔ ka dɔla ɔpepepem 12.1 afe a etwaam no de dii “amumɔyɛsɛm a ɛfa sikasɛm ho” ho dwuma esiane kɔmputa dwumadi a wotwitwaree mu no nti.
August 2000: Omumɔyɛfo bi nam kɔmputa so kɔɔ United Kingdom aban no kɔmputa so Dwumadibea.