Bere a Ehu Akã Obi
“Sɛ woahu sekan no! Sɛ woanyɛ komm a, mekum wo!”
NA ƐYƐ ahohuru bere awia bi, na na Yehowa Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Janea a w’adi mfe 17 redi agoru bi a wɔfrɛ no roller-skating wɔ agodibea bi a ɛwɔ Virginia, U.S.A. Mpofirim ara, nea ohui ara ne sɛ ɛhɔ ayɛ dinn, enti ɔyɛe sɛ obefi hɔ. Bere a ɔkɔtraa wɔn kar no ho reyi skate no afi ne nan no, ɔbarima bi a onnim no bɛnee no. Ɔde nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no teɛteɛɛm guu ne so pɛe sɛ ɔne no da, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obepia no de no ahyɛ kar no mu. Jane teɛteɛɛm sɛnea obetumi biara, nanso ɛno ansiw ntua no ano.
Akyiri yi Jane kae sɛ: “Na mintumi nyɛ me ho hwee. Te sɛ atee a ɔne ɔbran bi ahyia. Nanso mekɔɔ so teɛteɛɛm na meperee. Awiei koraa no, meteɛɛm frɛɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Yehowa, mma biribi a ɛte sɛɛ nnto me!’” Ɛno bɔɔ otuafo no birim ma oguan fii hɔ.
Bere a mmonnaatofo no kɔtraa ne kar mu no, Jane too ne ho mu hyɛɛ kar mu a na ne ho repo biribiri. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedi ne ho so na oyii ne telefon a ɛhyɛ ne ho no. Ɔfrɛɛ polisifo na ɔkyerɛɛ sɛnea nea anka ɔrebɛtow no mmonnaa no kar no te pɛpɛɛpɛ, ne ne kar nɔma, na ɛno maa wɔkyeree no wɔ simma kakraa bi ntam.
So Na Ɛno Ara Nen?
Yiw, nanso ɛnyɛ amonom hɔ ara. Na ɛno yɛ Jane amanehunu no mfiase ara kwa. Ɛwom sɛ polisifo ne atesɛm nkrataa kamfoo no sɛ ɔyɛɛ nneɛma ntɛmso de, nanso bere a ehu a ɛkaa Jane mfiase no fii hɔ no, na ne ho mmae no ara. Ɔka sɛ: “Wɔ adapɛn kakra bi akyi no, nneɛma fii ase haw me bio. Na ehu hyɛ me so bere nyinaa, na na ɛno mma mintumi nna. Eyi akyi adapɛn pii no, na mintumi nsua ade anaa mintumi mfa m’adwene nsi nneɛma so yiye. Ná me yam taa hyehye me nso. Wɔ sukuu mu no, yɔnko sukuuni bi a na ɔreyɛ asɛ nea anka ɔrebɛto me mmonnaa no de ne nsa too m’abati sɛ ɔrebisa me bere a abɔ, anka ade reyɛ atɔ me so.”
Ɔka sɛ: “Me werɛ howee ankasa. Mantumi ne me nnamfonom ammɔ, na ankonamyɛ maa adwennwene no yɛɛ kɛse mmom. Mihui sɛ mfomso no fi me ara, sɛ migyee me ho dii dodo ma anka asiane a ɛte sɛɛ reyɛ ato me. Ɛkaa me nko a, na anka onipa no awu.”
Na Jane rehyia amanehunu akyi adwennwen ho haw (post-traumatic stress disorder—PTSD). Dɛn ne PTSD, na dɛn na wobetumi ayɛ de aboa wɔn a wohu saa amane yi? Asɛm a edi hɔ no bebua nsɛmmisa yi.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa din no.