Amanehunu Akyi Adwennwen—Ɛne Dɛn?
MFE BI A ATWAM NO, na wɔtaa frɛ amanehunu akyi adwennwen ho haw (PTSD) sɛ nneyɛe ne nkate fam haw, na na wonim sɛ asraafo a wɔredi ako nkutoo na wohyia saa ɔhaw no. Ɛnnɛ nneɛma asakra koraa. Ɛho nhia sɛ wobɛyɛ ɔsraani ansa na woanya PTSD. Nea ehia ara ne sɛ wobefi amanehunu bi mu afi.
Ahude yi betumi afi biribiara, ebetumi afi ɔko, mmonnaato, anaa kar akwanhyia. Akontaabu bi a efi Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ PTSD Ho Nsɛm So wɔ United States no ka no saa kwan yi so sɛ: “Sɛ wɔka sɛ obi anya PTSD a, na ɛkyerɛ sɛ wahyia tebea bi a ɛyɛ hu.” Enti adeyɛ yi “betumi akyerɛ pira a wopira obi ANKASA anaasɛ huna a wohunahuna no.”
Jane a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan mu no ka sɛ: “Mahu sɛ sɛ ehu ka obi mpofirim a ɛkanyan ahommoaa a ɛwɔ ne nipadua mu no, na saa ahommoaa yi ma adwene no hu asiane bi ntɛm. Sɛ asiane no twam a, ahommoaa no gyae adwumayɛ, nanso wɔ wɔn a wohyia PTSD fam no, ennyae.” Asɛm no asi atwam, nanso ɛte sɛ nea asɛm no ho hu agye ntini wɔ Jane adwenem, te sɛ obi a ɔte obi fie a wotu no a entu.
Sɛ woafi amanehunu bi mu afi na wuhyia ɔhaw a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ ɛnyɛ wo nko na ebi ato wo. Wɔ nhoma kyerɛwfo Linda E. Ledray nhoma a ɔkyerɛw faa mmonnaato ho mu no, ɔkyerɛkyerɛ PTSD mu sɛ, “ɛyɛ ade a asɛm biara nni ho a ɛtaa ba wɔn a wɔafa tebea a ɛyɛ hu mu a wɔantumi anni nea ɛtoo wɔn no so no so.”
Nanso ka a wɔtaa ka sɛ PTSD yɛ biribi a asɛm biara nni ho no nkyerɛ sɛ obiara a wafi ahude bi mu afi no benya bi. Ledray ka sɛ: “Nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ 1992 mu no daa no adi sɛ, wɔ mmonnaato bi akyi dapɛn biako no, wɔn a wofi mu fii no mu 94 na wonyaa PTSD ho sɛnkyerɛnne, na wɔ adapɛn dumien akyi no, ɔha mu 47 na wɔkɔ so hu sɛnkyerɛnne a ɛte saa. Wɔ 1993 mu no, Dwumadibea a Ɛhwɛ Mmonnaato Ho Nsɛm So a ɛwɔ Minneapolis no hui sɛ mmea a wɔato wɔn mmonnaa ɔha mu nkyem aduonum na wonyaa PTSD wɔ afe biako akyi.”
Akontaabu a ɛte saa da no adi sɛ PTSD abu so sen sɛnea nnipa pii nim. Na nnipa pii na wohu ho amane, na egu ahorow pii. Nhoma akyerɛwfo Alexander C. McFarlane ne Lars Weisaeth ka sɛ: “Nnansa yi nhwehwɛmu ahorow ada no adi sɛ, nsɛm a ɛyɛ hu taa toto ɔmanfo wɔ asomdwoe mmere mu, saa ara nso na ɛto asraafo ne wɔn a akodi adi wɔn aborɔ, na nnipa pii a wofi eyinom mu ka no nya PTSD.” Aduruyɛ ho nyansahyɛ anaa komayare ama PTSD aka ankorankoro binom mpo.
Nhoma akyerɛwfo a yɛafa wɔn nsɛm aka wɔ atifi hɔ no akyerɛkyerɛ mu sɛ: “PTSD abɛyɛ ɔhaw a abu so koraa.” Wɔkɔ so ka sɛ: “Nhwehwɛmu bi a ɛnhyɛ da nni mu a wɔyɛe wɔ mmerante ne mmabaa 1,245 a wɔwɔ America mu no daa no adi sɛ emu ɔha mu 23 ahyia nipaduam anaa nna mu basabasayɛ, na ebinom nso de wɔn ani ahu nsɛmmɔne a wɔadi afoforo. Mmerante ne mmabaa baanum biara mu biako a ohyiaa ɔhaw yi anya PTSD. Eyi kyerɛ sɛ U.S. mmofra a wɔredu wɔn mpanyin afe so bɛyɛ ɔpepem 1.07 na mprempren wɔrehu amane wɔ PTSD ho.”
Sɛ akontaabu no yɛ nokware a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ mmofra a wɔredu wɔn mpanyin afe so pii na wɔrehu amane wɔ ɔman biako pɛ mu! Dɛn na wobetumi ayɛ de aboa saa nkurɔfo yi ne afei nnipa ɔpepem pii a wɔrehu amane wɔ wiase nyinaa no?
Dɛn na Wobetumi Ayɛ?
Sɛ wugye di sɛ ebia wo anaa obi a wunim no rehu amane wɔ PTSD ho a, nyansahyɛ bi na edidi so yi.
Bɔ mmɔden kura honhom fam dwumadi mu. Jane kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mekɔɔ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ yɛn Ahenni Asa so no bere nyinaa. Sɛ mintumi mfa m’adwene nsi nea wɔka no so mpo a, na minim sɛ ɛhɔ na Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ mekɔ. Ná wɔn a wɔwɔ asafo no mu no da ɔdɔ ne denhyɛ kɛse adi, ɔdɔ ne me ho anigye a wɔkyerɛe no yɛ ade a na ehia me titiriw wɔ m’ahohia bere no mu.” Jane de ka ho sɛ: “Nnwom nhoma no a mekenkanee no nso boaa me. Wɔ ɔkwan bi so no, na amanehunufo mpaebɔ a ɛwɔ nhoma no mu no da sɛnea mete nka adi. Sɛ na mintumi nka nea mepɛ sɛ meka wɔ mpaebɔ mu a, nea meka ara ne sɛ ‘Amen.’”
Mfa nkuranhyɛ nkame wɔn a wɔrehu amane no. Sɛ obi a wodɔ no ahyia ahude ma ɛde adwennwen kɛse abɛto no so a, mmu no sɛ ɔreyɛ ade atra so anaa ɔyɛ obi a n’asɛm yɛ den. Esiane nkate fam yawdi, dadwen, anaa abufuw nti, ebia na ontumi nyɛ ade sɛnea wopɛ sɛ ɔyɛ wɔ mmoa a wode rema no no ho. Nanso mpa abaw! Sɛnea Bible ka no, “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17.
Ɛsɛ sɛ ɔmanehunufo no hu nneɛma bi a ɛho nhia a ɔyɛ a ebetumi asan apira no na ɔkwati. Nea ɛka eyi ho ne nnubɔne nom, ne asanom bebrebe. Ɛwom sɛ nsa ne nnuru betumi aboa wɔ bere tiaa mu de, nanso ɛno akyi no, tebea no sɛe koraa. Mpɛn pii no, ɛma woyɛ ankonam na wotew wo ho fi afoforo ho, wopo nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔboa, woyɛ adwuma tra so, woda abufuhyew adi, wuntumi nnidi yiye anaa wudidi pii, anaa woyɛ biribi foforo a ɛsɛe nipadua.
Kohu oduruyɛfo a ne ho akokwaw. Ebetumi aba sɛ nea ɔrehu amane no nnyaa PTSD, nanso sɛ wanya bi a, ano aduru a ɛfata wɔ hɔ.a Sɛ woregye mmoa bi afi oduruyɛfo bi hɔ a, ka nokware kyerɛ no na bisa mmoa a ebetumi ama woadi su a ɛwɔ atifi hɔ no so.
Kae sɛ: Pira ankasa ne ade a wɔtaa di kan sa, nanso nkurɔfo a wɔrehu amane wɔ PTSD ho no betumi apira wɔ akwan pii so wɔ nipadua no mu, adwenem, ne honhom fam. Asɛm a edi hɔ no besusuw akwan foforo a ɛkɔ akyiri a nea ɔrehu amane ne wɔn a wɔbɛn no no betumi aboa wɔ sɛnea wɔsa yare na afei asan asusuw anidaso a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wohyia amanehunu akyi adwennwen ho haw no ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a Yehowa Adansefo nhyɛ ayaresa pɔtee bi ho nkuran, sɛ́ ɛyɛ aduruyɛ anaa adwenem de.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]
Amanehunu Akyi Adwennwen Ho Sɛnkyerɛnne
Nnipa pii a wɔafi amane bi mu afi pɛn no hu sɛ wɔrekaakae ahude no. Ɛtaa ba sɛ wɔn a wɔafi amanehunu mu afi no ntumi nni eyi so anaasɛ wontumi nsiw ano. Nea efi adeyɛ yi mu ba no betumi ayɛ:
• Ɔhaw no a egyinagyina ani so—nka a wɔte sɛ ahude no reba bio
• Adaeso a ɛyɛ hu
• Birim a obi bɔ bere a ɔte nnyigyei a ano yɛ den anaa bere a obi apue afi n’akyi mpofirim
• Ahopopo ne fifiri a ɛtew obi
• Obi koma a ɛbɔ paripari anaa n’ahome a ensi so yiye
• Basaa a obi yɛ bere a ɔkae ahude a esii no denam biribi a ohu, ɔte ho asɛm, nka ne hua bi a ɔte anaa biribi a ɔka hwɛ so
• Dadwen anaa ehu—nka a obi te sɛ asiane no bɛto no bio
• Den a ɛyɛ sɛ obi bedi ne nkate horow so esiane ehu no ho biribi a ɔkae ma ɔdwennwen, ne bo fuw, anaasɛ ɔyɛ basaa mpofirim
• Den a ɛyɛ sɛ obi de n’adwene besi biribi so yiye
• Kɔdaanna
• Abufuw ne hwɛ a obi hwɛ kwan bere nyinaa sɛ asiane bɛto no
• Nkate mu yaw a odi
• Den a ɛyɛ sɛ obi benya ɔdɔ anaa nkate a emu yɛ den ama afoforo
• Nka a obi te sɛ mpɔtam a ɔte no yɛ hu anaa nneɛma nkɔ yiye wɔ hɔ
• Anigye a obi hwere wɔ nneɛma a kan no na n’ani gye ho ho
• Den a ɛyɛ sɛ obi bɛkae ahude no mu nneɛma titiriw
• Nka a wɔte sɛ wayɛ ankonam ne nya a wonnya nea ɛkɔ so biara mu kyɛfa
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]
Ahude a egu ahorow na ɛde PTSD ba