Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 9/8 kr. 23-26
  • Amanehunu Akyi Adwennwen Bɛba Awiei!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amanehunu Akyi Adwennwen Bɛba Awiei!
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yebetumi Anya Mmoa De Agyina Ahude Ano
  • Sɛnea Wubenya Mmoa
  • Ahohia a Ɛso Bi Nni a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ
  • Amanehunu Akyi Adwennwen Awiei
  • Amanehunu Akyi Adwennwen—Ɛne Dɛn?
    Nyan!—2001
  • Adwennwen a Eye ne Nea Enye
    Nyan!—1998
  • “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Fa Wo Ho To “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn” Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 9/8 kr. 23-26

Amanehunu Akyi Adwennwen Bɛba Awiei!

EBIA woyɛ ɔsraani a kan no na wudi ako na ɔko mu ahude a wuhui no gyinagyina w’ani so a ɛma ɛyɛ sɛ nea ɔko no da so ara rekɔ so a ɛmmaa awiei. Ebia wɔayɛ wo atirimɔdenne te sɛ mmonnaato na wote nka sɛ wo fã bi wui wɔ ayayade no mu. Anaasɛ ebia ebetumi aba sɛ obi a wodɔ no wui wɔ asiane anaa akwanhyia bi mu na ɛyɛ yaw kɛse sɛ wobɛkɔ so atra ase a saa nipa no nka wo ho.

So wususuw sɛ saa nkate yi betumi asakra? Yebetumi de ahotoso aka sɛ: Yiw, ebetumi! Nanso ansa na saa bere no bɛba no, wɔn a wohu ayayade bi no nyinaa betumi anya awerɛkyekye wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu.

Yebetumi Anya Mmoa De Agyina Ahude Ano

Bɛyɛ mfirihyia mpem abien a atwam ni no, ɔsomafo Paulo hyiaa tebea a na ɛyɛ hu a ɛde ne nkwa too asiane mu. Wɔakora sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ asiane no bi mu so wɔ Bible no mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛmpɛ sɛ yɛkora mo yɛn ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no so, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo so sen sɛnea yetumi, ma yɛpaa yɛn nkwa ho abaw po. Na yɛn ankasa pɛɛ mu hui sɛ yebewu.”—2 Korintofo 1:8, 9.

Bere a yennim ade pɔtee a ɛtoo no wɔ saa bere no mu no, ɛda adi pefee sɛ na ɛyɛ amanehunu. (2 Korintofo 11:23-27) Ɔkwan bɛn so na Paulo gyinaa ano?

Bere a ɔreka ne sɔhwɛ no ho asɛm wɔ Asia no, ɔkyerɛw sɛ: ‘Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’agya a ɔyɛ mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekye a Onyankopɔn de kyekye yɛn werɛ no so akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ.’—2 Korintofo 1:3, 4.

Yiw, “mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no bɛboa wɔn a wɔafi ahude bi mu afi no. Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya awerɛkyekye a ɛte saa?

Sɛnea Wubenya Mmoa

Nea edi kan no—hwehwɛ mmoa. Sɛ wote nka sɛ woahaw wɔ nkate fam a, kae sɛ afoforo nso ate nka saa ara pɛn. Mpɛn pii no wɔn a wɔatumi adi nkate a ɛte saa so fi ayamye mu boa afoforo. Te sɛ ɔsomafo Paulo no wɔtaa te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔne “wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu” kyɛ awerɛkyekye a wonya fii Onyankopɔn hɔ wɔ wɔn sɔhwɛ a ɛtoo wɔn no mu. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɛn Yehowa Adansefo—wɔn mu biara a wote nka sɛ ɔbɛboa wo—na ɛmmoa wo na hwehwɛ mmoa fi Yehowa, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no nkyɛn.

Kura mpaebɔ mu. Sɛ wuntumi mmɔ mpae esiane sɛ amene wo nti a ka kyerɛ obi a ne ho akokwaw wɔ honhom mu ma ɔne wo mmɔ mpae. (Yakobo 5:14-16) Sɛ wo ne Yehowa Nyankopɔn rekasa a, kae sɛ wode wo ‘dadwen ne haw nyinaa bɛto no so, efisɛ odwen wo ho.’ (1 Petro 5:7) Mpɛn pii na Kyerɛwnsɛm no ka sɛnea Onyankopɔn dwen n’asomfo mu biara ho asɛm.

Ɛbɛyɛ sɛ nea ɔkyerɛw Dwom 94 no hyiaa tebea bi a ɛyɛ hu yiye efisɛ ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛnyɛ [Yehowa, NW] na ɔyɛ me boafo a, anka aka kumaa na me kra akɔtra kommyɛ mu. Sɛ mise me nan rewatiriw a, wo [Yehowa, NW] w’adɔe na ɛwaw me. Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani.”—Dwom 94:17-19.

Wɔn a wohyia amanehunu akyi adwennwen no bi “dadwen dɔɔso” titiriw, na ɛtɔ da bi a ehu anaa abufuw betumi ahyɛ wɔn so. Nanso mpaebɔ a efi komam betumi ‘awowaw’ wo kosi sɛ saa nkate no betwam. Susuw Yehowa ho sɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ ne wo ho sɛ abofra a ɔwofo no fi ɔdɔ mu bɔ ne ho ban. Kae Bible bɔhyɛ a ese “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu” no.—Filipifo 4:7.

Ayaresa—sɛ ɛyɛ honam mu, adwenem, anaa honhom mu de no—gye bere. Enti ɛrenyɛ yiye sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ mpaebɔ bɛma wɔn a ahude bi ama wɔahaw kɛse no anya asomdwoe amonom hɔ ara. Nanso mpae a wɔkɔ so bɔ daa ho hia. Ebetumi aboa nea ɔrehu amane no sɛnea ɛrenhyɛ ne so na ayi abasamtu a amanehunu akyi adwennwen de ba no afi hɔ.

Kenkan Onyankopɔn Asɛm na susuw ho. Sɛ ɛyɛ den sɛ wode w’adwene besi biribi so a, ma obi nkenkan Bible mu awerɛkyekyesɛm bi nkyerɛ wo. Wubetumi apaw nsɛm bi a ɛda ɔdɔ a Yehowa wɔ ma n’asomfo, ɛmfa ho sɛnea wɔabotow anaa wɔapa abaw no adi.

Jane a yɛkaa ne ho asɛm wɔ nsɛm a edi eyi anim mu no, nyaa awerɛkyekye fii Bible mu nsɛm pii a ɛwɔ Nnwom nhoma mu no mu. Nea ɛka eyi ho ne Dwom 3:1-8; 6:6-8; 9:9, 10; 11:1-7; 18:5, 6; 23:1-6; 27:7-9; 30:11, 12; 31:12, 19-22; 32:7, 8; 34:18, 19; 36:7-10; 55:5-9, 22; 56:8-11; 63:6-8; 84:8-10; 130:1-6. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan Bible mu nsɛm pii prɛko pɛ. Mmom no, gye bere susuw ho na bɔ mpae.

Ahohia a Ɛso Bi Nni a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ mmonnaato, awudi, akodi, ne nsɛmmɔnedi akɛse abu so nnɛ. Dɛn ntia? Efisɛ Yesu Kristo kae wɔ yɛn bere yi ho sɛ ɛbɛyɛ bere a ‘amumɔyɛ bɛdɔɔso.’ Ɔde kaa ho sɛ: ‘Nnipa pii dɔ ano bedwo.’—Mateo 24:7, 12.

Wɔ nnansa yi mfe mu no, amanehunu ho adwennwen abɛyɛ biribi a abu so—esiane nsɛm tebea a Yesu kae sɛ ebesisi no nti. Sɛnea wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu wɔ Mateo ti 24, Marko ti 13, ne Luka ti 21 no, Yesu kae sɛ wɔ wiase awiei bere yi mu no, amanaman ntam akodi, asiane, amumɔyɛ a ɛdɔɔso, ne nitan bɛba. Nanso sɛnea Yesu san kae no, ogye bɛba nnansa yi ara.

Bere a ɔkaa ahude akɛse a ebesisi wɔ wiase nyinaa ne “ahohiahia kɛse” a ebedi akyi ho asɛm no, hyɛ nea Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ no nsow: “Monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” (Mateo 24:21-31; Luka 21:28) Yiw, bere a wiase nsɛm tebea kɔ so sɛe no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ahohiahia kɛse no de nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nyinaa bɛba awiei na ɛde trenee nhyehyɛe foforo asi ananmu.—1 Yohane 2:17; Adiyisɛm 21:3, 4.

Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ ogye a yebenya no bɛba wɔ bere a abɔnefosɛm ne nsɛmmɔnedi abu so kɛse yi mu. Saa pɛpɛɛpɛ na Onyankopɔn tete atemmu a ɛbaa wiase a na ɛwɔ hɔ wɔ Noa bere so ne nneɛma bɔne a nkurɔfo yɛe wɔ Sodom ne Gomora so no te. Ɔsoro atemmu a ɛbae wɔ tete no da nea ebesi daakye no adi.—2 Petro 2:5, 6.

Amanehunu Akyi Adwennwen Awiei

Sɛ amanehunu akyi adwennwen ho haw (PTSD) bɛtɔ wo so a, ebia wubesusuw sɛ nsɛm a wokaakae a ɛyɛ yaw no bɛba awiei da bi anaa. Nanso, mmuae no ne sɛ ɛbɛba awiei ɔkwan biara so! Wɔ Yesaia 65:17 no, Yehowa Nyankopɔn ka sɛ: ‘Merebɔ ɔsoro foforo [ne asase foforo, NW], na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.’ Ɛwom sɛ ebia ɔhaw bi a atwam betumi ama obi adwenem ayɛ no basaa bere tenten de, nanso kyerɛwsɛm yi ma yɛn awerɛhyem sɛ da bi ne nyinaa betwam koraa.

Ɛnnɛ, bɛyɛ afe biako akyi a anka obi reto Jane mmonnaa no, ɔsom sɛ Yehowa Adansefo daa kwampaefo (bere nyinaa ɔsɛmpakafo). Nnansa yi ɔkae sɛ: “Ɛyɛ bere a wodii asɛm no wiei na wobuu nea anka ɔreto me mmonnaa no fɔ—wɔ asɛm no akyi bɛboro asram awotwe—ansa na metee nka ankasa sɛ me ho atɔ me. Wɔ afe a etwaam no mu no, na minsusuw sɛ menya anigye ne asomdwoe a mprempren minya no. Meda Yehowa ase wɔ daa nkwa anidaso a ɛyɛ nwonwa no ho ne hokwan a manya de ka anidaso yi ho asɛm kyerɛ afoforo no.”—Dwom 27:14.

Sɛ w’abam abu na woredi nkate fam yaw wɔ PTSD ho a, saa anidaso no betumi ahyɛ wo nso den.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Kristofo nhyiam a wobɛkɔ bere nyinaa betumi ama woagyina tebea no ano

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]

Onyankopɔn Asɛm a wobɛkenkan ne mpae a wobɛbɔ betumi ahyɛ wo den

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɛnkyɛ amanehunu nyinaa betwam

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena