Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 1/8 kr. 13
  • Ɔkwan Bɛn So na W’aduan Yɛ Papa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn So na W’aduan Yɛ Papa?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ɛho Asɛm Haw Nkurɔfo
  • Sɛnea Wɔbɛma Aduan Ayɛ Papa
    Nyan!—2002
  • Obiara Benya Aduanpa
    Nyan!—2002
  • Dɛn na Yɛreyɛ Yɛn Nnuan?
    Nyan!—2002
  • Ɛrenkyɛ Aduanpa Bebu So!
    Nyan!—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 1/8 kr. 13

Ɔkwan Bɛn So na W’aduan Yɛ Papa?

WUDIDI mprɛnsa da koro? Sɛ ɛte saa a, wubedi mfe 70 no, na woadidi mpɛn 75,000. Wɔ Europani fam no, saa bere no na wadi nkesua 10,000, paanoo 5,000, ntɔmmɔ nkotoku 100, nantwi afaafa 6, ne nguan 2. So ɛyɛ adesoa sɛ wubedi nnuan a ɛte saa? Ɛnyɛ adesoa ankasa! Hwɛ sɛnea yɛn ani gye bere a wɔka kyerɛ yɛn sɛ “didi ma wo bo ntɔ wo yam” anaa “guten Appetit” anaa “bon appétit” no! Ɔpanyin bi a ɔhwɛ Sukuu aduannoa so kae sɛ: “Aduan yɛ ade a ɛho hia wɔ asetram.”

Yɛtaa fa no sɛ aduan a yedi no ho tew na ahoɔden wom. Nanso, sɛ aduan 75,000 a yedi no mu biako pɛ mpo ho ntew a, ebetumi ama yɛayare denneennen. Yebetumi ahwɛ ahu sɛ aduan a yedi no yɛ papa? Nnansa yi nnipa pii adwenem yɛ wɔn naa wɔ saa asɛm yi ho. Aman bi mu no, aduan a wɔbɛhwɛ ma ɛho atew no abɛyɛ ɔhaw kɛse. Adɛn ntia?

Nea Enti a Ɛho Asɛm Haw Nkurɔfo

Afe biara nnipa a wɔwɔ Europa no ɔha mu 15 na wonya yare fi aduan a wodi mu. Sɛ nhwɛso no, 1980 mfiase pɛɛ no, anwa a enye maa nnipa 1,000 wuwui wɔ Spain na ɛmaa nnipa foforo 20,000 yaree denneennen. Wɔ 1999 mu no, Belgiumfo koma tui bere a wɔtee sɛ awuduru bi a wɔfrɛ no dioxin aba nnuan te sɛ nkesua, ntakraboa, kyiis, ne bɔta, mu no. Nnansa yi ara, wɔn a wɔtɔ Britainfo nneɛma no koma tui—na wɔn nankwase adwuma sɛee—bere a yare bi a ɛma nantwi tumi bɔ dam sii hɔ no. Afei nso, yare bi a ɛma ayɛmmoa ano, wɔn anan ho, ne wɔn nufu tutu akuru sii hɔ ma enti na ɛsɛ sɛ wokunkum anantwi, nguan, mprako, ne mmirekyi, pii.

Ɛwom sɛ aduan ho asɛm a ɛte saa no haw nkurɔfo de, nanso nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛhaw nkurɔfo. Sɛnea wodua aduan ne ɔkwan a wɔfa so yɛ aduan no haw wɔn a wɔtɔ no nnɛ. Europa Bagua no kyerɛwee wɔ 1998 mu sɛ: “Nyansahu mu nimdeɛ foforo a wɔnam so kora nnuan so te sɛ hann a ano yɛ den a wɔde kora nnuan so ne nnuan mu nkwaadɔm mu nsakrae a wɔyɛ de akyinnyegye pii aba.” So nnɛyi nyansahu mu nimdeɛ a ɛtete saa no ama yɛn aduan ayɛ papa anaasɛ ama asɛm aba ho? Na dɛn na yebetumi ayɛ de ama yɛn aduan ayɛ papa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena