Dɛn na Yɛreyɛ Yɛn Nnuan?
ƐNYƐ afei na yɛrefi ase asakra yɛn aduan mu. Nokwarem no, onipa de ahokokwaw asakra n’aduan mu mfe pii ni. Akwan a ɛfata a wɔnam so ayɛ nsakrae wɔ aduan mu no ama wɔanya nnɔbae, nantwi, ne nguan pii. U.S. Aduan ne Nnuru Sohwɛ Fekuw no kae sɛ, “ɛkame ayɛ sɛ aduan biara a wobɛtɔ no, wɔayɛ mu nsakrae.”
Ɛnyɛ ka a wɔka nnuan ahorow bom ma wonya foforo no nko ne ɔkwan a wɔnam so sakra aduan. Aduan ho nnwumakuw no anya akwan a wɔfa so sakra aduan mu sɛ ebia wɔbɛma ayɛ dɛ kɛse anaa wɔbɛma ne kɔla ayɛ fɛ yiye anaa wɔama adu gyinapɛn a wɔhwehwɛ na wɔakora so. Nkurɔfo taa di nnuan a wɔasakra mu ɔkwan bi so a ɛnhaw wɔn.
Nanso, nnipa pii na nea wɔreyɛ yɛn nnuan nnɛ no ho nsɛm haw wɔn. Adɛn ntia? Ebinom suro sɛ ɔkwan a wɔfa so sakra aduan mu nnɛ no rema asɛm aba nnuan no ho. Adwene a ɛte saa fata? Momma yensusuw akwan abiɛsa bi a ɛho hia ho.a
Ahoɔdennuru ne Aduru a Ekum Ɔyare Mmoawa
Efi 1950 mfe no mu no, wɔde nnuru a ekum ɔyare mmoawa afra aduan a wɔde ma ntakraboa, mprako, ne anantwi, mu wɔ mmeae bi. Wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a mmoa no ntaa nyare, ɛnkanka bere a mmoa no dɔɔso paa wɔ faako no. Wɔ aman bi mu nso, wɔde ahoɔdennuru gu mmoa no aduan mu na ama wɔanyin ntɛmntɛm. Wɔka sɛ ahoɔdennuru ne nnuru a ekum ɔyare mmoawa no ma mmoa ho yɛ den na ɛma wɔn ase dɔ ma enti nkurɔfo tumi tɔ bi wɔ ɛbo a ɛba fam mu.
Ɛte sɛ nea ntease wɔ nea yɛaka no mu. Nanso, so asiane biara nnim sɛ obi bedi mmoa a wɔde nnuru a ɛte saa fra wɔn aduan mu no nam? Amanneɛbɔ bi a Europa Aman Nkabom no Boayikuw a Ɛhwɛ Sikasɛm ne Asetram Nsɛm So de ma no kae sɛ nnuru no bi ntumi nkum yare mmoawa no ma enti etumi ma obiara a ɔwe bi no yare. Amanneɛbɔ no daa no adi sɛ, “ɔyare mmoawa a ɛwɔ aduan mu yi mu bi te sɛ Salmonella ne Campylobacter tumi ma nnipa nya yare a emu yɛ den.” Afei nso, sɛ nnuru a wɔde kum yare mmoawa no ankasa bi na ɛwɔ aduan no mu nso ɛ? Wɔaka sɛ, sɛ ɛba saa a yare mmoawa a ɛwɔ nnipa mu no de nkakrankakra betumi abɛyɛ nea nnuru no ntumi wɔn bio.
Na nam a wɔde ahoɔdennuru afra nso ɛ? Ɔbenfo Heinrich Karg, a ɔwɔ Munich, Germany, no ka sɛ: “Animdefo nyinaa gye tom sɛ, sɛ wɔde ahoɔdennuru no ma mmoa no ɔkwampa so a, ɛnde asiane biara nnim sɛ wɔbɛwe mmoa no nam.” Nanso, Die Woche atesɛm krataa no ka mmoa a wɔde ahoɔdennuru fra wɔn aduan mu nam ho asɛm sɛ, “ɛbɛyɛ mfe 15 a atwam ni no, nhwehwɛmufo adwene ntumi nhyiae wɔ adwene biako ho.” Na wɔaka no pen wɔ France sɛ, ‘enni sɛ wɔde ahoɔdennuru biara fra mmoa a wɔwe aduan mu!’ Ɛda adi sɛ wontumi nnii aduan ho nsɛmnsɛm no ho dwuma ankasa.
Nnuan a Wɔde Hann a Ano Yɛ Den Kora So
Efi bere a wɔsɔɔ eyi hwɛe wɔ Sweden wɔ 1916 mu no, aman bɛyɛ 39 agye nnuan te sɛ ntɔmmɔ, aburow, nnuaba, ne nam, a wɔde hann a ano nyɛ den pii kora so atom. Adɛn ntia? Wɔka sɛ hann a ano yɛ den tumi kunkum ɔyare mmoawa, nkoekoemmoa, ne mmoawammoawa dodow no ara, na ɛnam so tew yare a obi betumi anya afi aduan mu no so. Etumi ma wotumi kora aduan bi so kyɛ nso.
Ampa, animdefo ka sɛ ne papa mu no, ɛsɛ sɛ aduan a yedi ho tew na ɛyɛ foforo. Nanso, hena na onya bere noa nnuan a ɛyɛ mono bere nyinaa? Sɛnea Test nsɛmma nhoma no kyerɛ no, bere a egye na onipa biako de ayɛ aduan yɛ “simma du ma anɔpaduan, simma dunum ma awiaduan ne annwummeduan.” Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii ani gye aduan a wɔasiesie dedaw a wotumi kora so kyɛ ho no? Nanso, ɛyɛ ampa sɛ nnuan a wɔde hann a ano yɛ den kora so no yɛ papa?
Wɔ 1999 mu no, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no tintim nhwehwɛmu bi a animdefo a wɔwɔ wiase nyinaa yɛe. Wɔkae sɛ aduan a wɔde hann a ano yɛ den kora so no “yɛ papa na ahoɔden wom.” Wɔn a wɔn ani gye nnuan a wɔde hann a ano yɛ den kora so no ka sɛ ɛte sɛ ntamasin a wɔde kyekye kuru a wɔma ho tew—wɔde hann a ano yɛ den na ɛyɛ saa—anaasɛ ɛte sɛ afiri a wɔde hwehwɛ obi nneɛma mu wɔ wimhyɛn gyinabea. Nanso, ebinom ka sɛ hann a ano yɛ den a wɔde kora aduan so no ma ahoɔden ankasa a ɛwom no so tew na ebetumi aba sɛ asiane bi wom a wonnya nhui.
Nnuan a Wɔasakra Mu Nkwaadɔm
Bere tenten bi ni no nyansahufo atumi aka DNA a ɛwɔ abɔde koro mu abom ma adan biribi foforo. Nanso, seesei awosu ho animdefo betumi ayɛ pii mpo asen saa. Sɛ nhwɛso no, wɔatumi de apataa mu nsu bi afra strawberry ne tomantosi mu ma enti etumi si baabi a ɛyɛ nwini kyɛ.
Wɔaka nnuan a wɔasakra emu nkwaadɔm (GM) ho nsɛm papa ne nsɛmmɔne pii.b Wɔn a wɔkamfo nyansahu kwan a wɔfa so yɛ nsakrae wɔ nnuan mu no ka sɛ ɛno ye kyɛn ɔkwan dedaw a wɔfa so dua aduan no, na ɛma wonya aduan pii ma ɛtew ɔkɔm so. Nanso, so asiane biara nnim sɛ wobedi nnuan a wɔakeka mu nneɛma bi abom ma wɔn su asesa no?
Nyansahufo akuw bi a wofi England, United States, Brazil, China, India, Mexico, ne ebinom a wofi aman a ennyaa nkɔso pii mu kyerɛw biribi faa asɛm yi ho. Amanneɛbɔ a epuee July 2000 mu no kae sɛ: “Ɛde besi nnɛ no, wɔadua nnuan a wɔayɛ emu nkwaadɔm mu nsakrae bɛboro hɛkta ɔpepem 30 [nhama 70] na wonhuu sɛ aduan a ɛte saa a nkurɔfo di no ama wɔayare.” Wɔ mmeae bi no, wobu nnuan a ɛte saa no sɛ nnuan a wɔnyɛɛ mu nsakrae biara no ara.
Nanso, wɔ mmeae foforo no, nnipa pii adwenem nteɛ wɔn wɔ aduan a ɛte saa no ho. Wɔ Austria, Britain, ne France no, ebinom nni ahotoso biara wɔ aduan a wɔayɛ mu nsakrae no mu. Netherlandsni manyɔfo bi kaa aduan a wɔasesa ne su yi ho asɛm sɛ: “Nnuan no bi wɔ hɔ a yɛmpɛ ankasa.” Wɔn a wɔmpɛ aduan a ɛte saa no nso twe adwene si fata a ɛfata ne asiane a ɛwom no so.
Nyansahufo binom ka sɛ ɛnyɛ seesei koraa na ɛsɛ sɛ wɔka aduan a wɔasesa ne su no ho asɛm na mmom ɛsɛ sɛ wogye bere de yɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri na ama wɔahu asiane a ebetumi ayɛ ama nkurɔfo no. Sɛ nhwɛso no, Britain Aduyɛ Fekuw no kyerɛ sɛ nkwaadɔm mu nsakrae no betumi aboa ɔmanfo no kɛse. Nanso, ɛka sɛ mmeae bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosusuw ho “yɛ mu nhwehwɛmu bio”—te sɛ ɔhaw a ɛde brɛ wɔn a wodi no.
Gyinae Pa a W’ankasa Wubesi
Wɔ aman bi mu no, nnuan a wodi no ɔha mu 80 yɛ nea wɔanoa anaa wɔapɔw ho dedaw. Mpɛn pii no, wɔde nnuru fra na ama ne hua ne ne kɔla ayɛ kama na afei ama atra hɔ akyɛ. Nokwarem no, nhoma bi kyerɛ sɛ “wɔde nnuru fra nnuan te sɛ anonne, ne nnuan a wɔasiesie dedaw a wɔyɛ no nnansa yi nyinaa mu.” Ɛda adi pefee nso sɛ nnuan a wɔayɛ mu nsakrae mu nneɛma bi fra nnuan a ɛtete saa mu.
Mfe pii ni no, nnipa pii abu sɛnea wɔyɛ kua wɔ wiase nyinaa no sɛ nea asɛm wɔ ho. Nnuru a edi awu a wɔde gugu afifide so no yɛ mu biako. Afei nso, ɛde besi nnɛ no, nnwumakuw a wɔyɛ nnuan no de nnuru a ebetumi de yare abrɛ ebinom adi dwuma. So nyansahu mu nimdeɛ foforo a wɔfa so yɛ nnuan nnɛ no yɛ hu koraa sen eyinom? Animdefo mpo adwene ntumi nhyia wɔ eyi ho. Nokwarem no, afanu no mu biara wɔ nyansahu mu amanneɛbɔ a edi mu a ɛtaa akyiri, na ɛma ɛbɛyɛ sɛ nea adwene nhyia wɔ asɛm no ho.
Esiane sɛ nnipa pii bu aduan a wɔde mfiri yɛ sɛ biribi a wontumi nkwati na wɔwɔ nneɛma foforo a ɛho hia a ɛsɛ sɛ wɔdwene ho nti, wɔnhaw wɔn ho wɔ asɛm no ho. Nanso, ɛho hia ebinom ankasa. Sɛ wote nka sɛ wo ne w’abusua tirim nteɛ mo sɛ mubedi nnuan bi a wɔnam nnɛyi mfiridwuma so yɛ a, dɛn na wubetumi ayɛ? Nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ, na wɔasusuw ebinom ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu. Nanso, nea edi kan no, ebetumi ayɛ nea nyansa wom sɛ yebenya asɛm no ho ntease a ɛfata.
Aduampa te sɛ akwahosan. Ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi afa so anya biribi a ewie pɛyɛ. Sɛnea Germanfo nsɛmma nhoma, natur & kosmos kyerɛ no, wɔ nnipa a wɔyɛ ahwɛyiye wɔ wɔn aduantɔ ne ne noa ho mpo no fam no, ɛnyɛ bere nyinaa na wotumi hu aduan a ɛyɛ papa ankasa. Nea eye ma obi no betumi ayɛ nea enye mma ɔfoforo. Nyansa nnim sɛ yebenya adwene a ɛteɛ sen sɛ yebenya adwemmɔne?
Nokwarem no, Bible nka nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ aduan a wɔnam mfiridwuma so yɛ no ho. Nanso, ɛkyerɛ yɛn su a ɛsɛ sɛ yenya a ɛbɛboa yɛn wɔ asɛm yi mu. Filipifo 4:5 se: ‘Momma nnipa nyinaa nhu mo ntease.’ Ntease betumi aboa yɛn ma yɛasi gyinae pa sen sɛ yebesi gyinae a enye. Ɛremma yɛnkyerɛ nea ɛsɛ sɛ afoforo yɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔ asɛm yi ho. Na ɛremma yɛne nkurɔfo a ɛsono wɔn adwene wɔ asɛm yi ho nnye akyinnye hunu.
Nanso, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu asiane pii a ɛwɔ aduan ho no. Eyinom binom ne dɛn, na ahwɛyiye bɛn na wubetumi ayɛ?
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛyɛ obi ankasa gyinaesi sɛ ɔbɛpaw aduan a obedi. Nyan! nkamfo nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi di aduan a yɛaka ho asɛm wɔ ha yi bi anaasɛ ɔtwe ne ho fi ho ɛmfa ho ɔkwan a wɔfa so yɛ no. Nsɛmma nhoma yi rema wɔn a wɔkenkan no ahu nokwasɛm bi a wonim no nnɛ.
b Yɛsrɛ sɛ hwɛ April 22, 2000, Engiresi Nyan!
[Mfonini wɔ kratafa 14]
So ahoɔdennuru ne nnuru a ekum ɔyare mmoawa a wɔde ma anantwi no ka obi a odi wɔn nam no?
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Nyansa wom sɛ wobɛkan nsɛm a wɔakyerɛw wɔ aduan ho no yiye
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Mfaso wɔ so kɛse sɛ wobɛtɔ aduan a ɛyɛ mono da biara