Ɛrenkyɛ Aduanpa Bebu So!
AKWAN bi wɔ hɔ a wubetumi afa so anya aduanpa adi. Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a worentumi nyɛ ho hwee. Sɛ nhwɛso no, worentumi mmisa aduan biara ho asɛm ansa na woatɔ anaa woanoa. Ebia ɛsɛ sɛ wotɔ nnuan a wɔasiesie dedaw a wɔde fi akyirikyiri. Na nnuan a wotɔ no bi wɔ hɔ a ebia nnubɔne bi a ɛwɔ mframa, nsu, ne asase mu akɔ mu.
Bere a Amanaman Nkabom no Asoɛe a Ɛhwɛ Akwahosan so mpanyimfo de amanneɛbɔ bi a wɔato din “Sɛnea Wobesiw Nyarewa a Wonya Fi Aduan Mu Ano: Ade a Ɛsɛ sɛ Wodi Ho Dwuma Wɔ Aman Pii So” reto gua no, wɔkae sɛ “aban ahorow no nkutoo rentumi nni aduanpa a wonnya nni no ho dwuma; ehia sɛ aman pii ka wɔn ntama bɔ ano na wɔatumi aboa.” Nyarewa a wonya fi nnuan mu no yɛ ɔhaw a ɛka obiara!
Ntease wom sɛ nkurɔfo pii bisa nea enti a yɛde ahotoso ka sɛ ɛrenkyɛ aduanpa bebu so no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ “asase nyinaa Wura Yehowa” ahyɛ bɔ sɛ obedi ɔhaw a adesamma hyia wɔ aduan ho no ho dwuma. (Yosua 3:13) Ebia ebinom bɛka sɛ aduanpa a yennya nni no kyerɛ sɛ yɛrentumi mfa yɛn ho nto Onyankopɔn so. Nanso susuw eyi ho hwɛ: Sɛ ɛna bi noa aduan wie, na ne ba a ɔde rekosi ɔpon so no ma anhwea anaa biribi foforo kɔ aduan no mu a, so wɔde ɛho asodi bɛto ne maame no so? Dabida.
Saa ara na aduan a asɛe wɔ asase so no mfi Ɔbɔadeɛ no na mmom efi nnipa. Enti aduan a enye a abu so no nyinaa fi nnipa. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.
Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn adi kan ada no adi sɛ aduanpa a yebenya adi no ho asɛm hia no. Ɔno na ɔbɔɔ asase ne ɛso nnua, a ɛnyɛ sɛ “wohwɛ a ɛyɛ fɛ” nko, na mmom “eye sɛ wodi” nso. (Genesis 2:9) Bere mpo a ɔyare trɛw kaa adesamma abusua no akyi no, Yehowa Nyankopɔn de akwankyerɛ pɔtẽẽ a ɛbɛbɔ ne nkurɔfo aduan ne wɔn nipadua ho ban mae.—Hwɛ adaka “Akwahosan Ho Mmara.”
Aduan bɛn sɛɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ yedi? Bible ka sɛ: “Woma sare momono fifi ma mmoa, na afifide pue ma adesamma; ɛma aduan fi asase mu ba, wode nsã ma ɔdesani ma ne koma ani gye, ne ngo a ɛma nnipa anim yɛ hyɛɛhyɛɛ, ne aduan a ɛwowaw ɔdesani koma.” (Dwom 104:14, 15) Bible ka nso sɛ “mmoa a wɔte ase nyinaa nyɛ aduan mma mo.”—Genesis 9:3.
Ɛdefa yɛn daakye ho no, n’Asɛm no hyɛ bɔ sɛ: “Ɔbɛma osu atɔ agu w’aba a woadua so na w’asase so nnɔbae ama wo aduan sɔkyee. Na da no, wo mmoa benya asase tɛtrɛɛ adidi so.” (Yesaia 30:23) Yiw, ɛrenkyɛ, amanneɛbɔ a wɔde besi nsɛm a etu koma a yɛte no nnɛ no ananmu ne: “Aduanpa abu so!”—g12-E 06.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]
Ɔbɔadeɛ no hyɛ yɛn bɔ sɛ daakye ɔbɛma aduanpa abu so
[Adaka wɔ kratafa 8]
“AKWAHOSAN HO MMARA”
Bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni no, wɔde Mose Mmara no maa Israelfo. Mmara no bɔɔ Israelfo no ho ban fii nyarewa a wonya fi nnuan mu no ho. Susuw akwankyerɛ a edidi so yi ho hwɛ:
● Mfa wo nsa nka kyɛnsee anaa kuku a aboa bi awu atɔ mu a ɛho agu fĩ: “Biribiara a wɔde yɛ adwuma no, ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ nsu mu, nanso ɛho begu fĩ akosi anwummere ansa na ɛho atew.”—Leviticus 11:31-34.
● Monnwe aboa a n’ankasa awu: “Monnwe aboa funu biara.”—Deuteronomium 14:21.
● Sɛ mudi aduan na ebi ka a, mommma ensi hɔ nkyɛ pii ansa na moasan adi: “Sɛ ebi ka ma ade kye so a, ɛno nso wobetumi awe. Na sɛ edi nnansa na nam no bi da so wɔ hɔ a, wɔmfa ogya nhyew.”—Leviticus 7:16-18.
Oduruyɛfo A. Rendle Short kae sɛ, ɛyɛ no nwonwa sɛ, sɛ wɔde Mose Mmara no toto aman a na atwa wɔn ho ahyia no mmara ahorow ho a, wohu sɛ na ɛyɛ “akwahosan ho mmara a nyansa ne ntease wom paa.”