So W’aduan Ye?
“Ɔyare Bi a Wɔfrɛ no E. Coli Nti, German Atumfoɔ Ato Sukuu Bi Mu.”—REUTERS NEWS SERVICE, GERMANY.
“Nhabamma a Wɔaka Afra a Wodii wɔ Nkurow Anum Mu no Na Ɛkɔfaa Salmonella Ɔyare no Bae.”—USA TODAY.
“Nantwinam a efi anantwi 6 a Wɔmaa Wɔn Sare a Awuduru Wom no Akopue Amantam 9 So.”—THE MAINICHI DAILY NEWS, JAPAN.
NSƐM a ɛwɔ atifi hɔ no puei atesɛm nkrataa mu wɔ nnawɔtwe abien ntam afe a etwaam no mu. Nhwehwɛmufo bu akontaa sɛ afe biara, nnipa a wɔte aman a wodi yiye mu ɔha mu nkyem 30 nya nyarewa fi aduan a wodi mu.
Amanneɛbɔ a ɛte saa no ka wo dɛn? Agya bi a ɔwɔ Hong Kong a wɔfrɛ no Hoi, ka sɛ: “Ɛhaw me yiye, na ɛhyɛ me abufuw mpo. Mewɔ mma baanu. Na ɔkwan a wɔfa so yɛ wɔn aduan ne baabi a wɔyɛ aduan no ho asɛm hia me.”
Wɔ aman a wodi hia mu no, nyarewa a wonya fi aduan ne nsu mu no kunkum nnipa ɔpepem pii—titiriw mmofra—afe biara. Bola, a ɔte Nigeria ka sɛ: “Sɛ wokɔ gua so a, nwansena, osu a ɛtɔ, mframa, ne tutuw nyinaa bɔ gu aduan a wɔtɔn no so. Sɛ mete anaa mekenkan ɔyare a wonya fi nnuan mu ho asɛm a, ɛma ehu ka me. Mepɛ sɛ mebɔ m’abusua ho ban.”
So wubetumi abɔ w’abusua ho ban afi aduan a enye ho? Canada Asoɛe a Ɛhwehwɛ Aduan a Wodi Mu ka sɛ: “Sɛ aduan bi a enye pue yɛn gua so a, obiara bɛte ho asɛm. Na ɛfata nso. Nanso nneɛma a yɛyɛ—ne nea yɛnyɛ—wɔ yɛn ankasa gyaade no betumi asɛe aduan a yedi na ama yɛayare.”
Dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ w’abusua ho ban afi nyarewa a wonya fi aduan mu no ho? Yebesusuw akwan anan a ebetumi ama woahwɛ w’aduan yiye ho.
[Adaka wɔ kratafa 3]
HENANOM TITIRIW NA WƆWƆ ASIANE MU?
Nnipa bi wɔ hɔ a ɛnyɛ den koraa sɛ wobenya nyarewa afi aduan mu. Wɔn mu bi ne:
● Mmofra a wonnya nnii mfe anum
● Apemfo
● Nnipa a wɔadi boro mfe 70
● Nnipa a wɔn nkwaadɔm ntumi nko ntia nyarewa
Sɛ wo anaa obi a ɔne wo didi ka nnipa a yɛabobɔ wɔn din yi ho a, ɛsɛ sɛ wode ahwɛyiye siesie aduan a mudi no.
[Asɛm Fibea]
Efi: New South Wales Food Authority, Australia.