3. Hwɛ Sɛnea Wonoa Aduan Na Wokora So No Yiye
O DUANNOAFO bi a na ɔyɛ anibiannaso wɔ tete Israel kɔtetew wuram ɛfere, ɛwom sɛ ‘ná onnim n’adeban’ de. Ɔde nhabamma no fraa abom no. Nnipa a wɔde aduan no bi kaa wɔn ano no susuwii sɛ awuduru wɔ aduan no mu, enti wɔteɛɛm sɛ: “Awuduru wɔ kuku no mu.”—2 Ahene 4:38-41.
Sɛnea nhwɛso a ɛwɔ atifi hɔ kyerɛ no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yɛanni nnuan a wɔannoa no yiye no, efisɛ ebetumi apira yɛn anaa adi yɛn awu. Enti, nea ɛbɛyɛ na worennya yare mfi aduan mu no, hwɛ sɛnea wonoa aduan na wokora so no yiye. Susuw nyansahyɛ anan a edidi so yi ho hwɛ:
● Nyi nam mfi frigye mu nsi hɔ.
U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Kuayɛ So no ka sɛ, ‘Sɛ wuyi nam fi frigye mu de si hɔ a, bere a ɛho renan no, na mfinimfini no da so ara akyenkyen, nanso yare mmoawa betumi aba baabi a anan no mu ma ayɛ asiane.’ Enti sɛ wopɛ sɛ nam no nan a, yi fi beae a ɛma nam kyenkyen no na fa to frigye no mu, anaasɛ fa hyɛ nsuonwini anaa microwave mu.
● Ma aduan no mmen yiye.
Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kyerɛ no, “aduan a wɔnoa ma ɛben yiye no tumi ma ɛkame ayɛ sɛ, mmoawammoawa a wɔn ho yɛ hu no nyinaa wuwu.” Sɛ worenoa aduan, titiriw nkwan ne abom a, hwɛ sɛ wobɛma anyɛ yiye koraa no, ogya no ano hyew adu digrii sɛntigred 70.a Esiane sɛ ebetumi ayɛ den ama wɔn a wɔnoa nnuan no sɛ wobehu ɔhyew a ɛwɔ nnuan bi mu nti, wɔn mu pii yi nam no bi twam hwɛ sɛ aben anaa.
● Wonoa aduan wie a, di no ntɛm.
Ɛnsɛ sɛ wɔde aduan a wɔanoa no si hɔ kyɛ pii, enti kyekyɛ na munni no ntɛm, na ansɛe. Aduan a ɛsɛ sɛ wodi no ɔhyew so no, munni no ɔhyew so, na nea ɛsɛ sɛ wodi bere a ɛyɛ nwini no, monyɛ no saa. Wubetumi de nam a ɛyɛ hyew ahyɛ abɛɛfo fononoo mu na woakyim ato bɛyɛ digrii sɛntigred 93.
● Monhwɛ aduan a ɛbɛka no so yiye.
Anita, a ɔyɛ ɛna wɔ Poland no, taa kyekyɛ aduan a wanoa awie no ntɛm. Ɔka sɛ, “sɛ aduan no dɔɔso a, menoa wie ara pɛ a, na makyekyɛm nketenkete de ahyɛ frigye mu sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ akyiri yi mepɛ sɛ meka no hyew a, ɛho bedwo ntɛm.” Sɛ wode aduan a aka hyɛ frigye mu a, di no nnansa anaa nnanan ntam.
Sɛ wokɔ adidibea a, ɛsɛ sɛ obi foforo na ɔnoa aduan ma wo. Enti wobɛyɛ dɛn abɔ wo ne w’abusua ho ban bere a morekodidi wɔ abɔnten no?
[Ase hɔ asɛm]
a Nnam bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔnoa ma ɛkyɛ.
[Adaka wɔ kratafa 6]
TETE WO MMA: “Sɛ me mma renoa aduan a, mekae wɔn ma wɔkenkan akwankyerɛ a ɛwɔ aduan no ho no na wɔadi akyi.”—Yuk Ling, Hong Kong