Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 7/12 kr. 4
  • 1. Hwɛ Nnuan A Wototɔ No Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1. Hwɛ Nnuan A Wototɔ No Yiye
  • Nyan!—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wɔbɛma Aduan Ayɛ Papa
    Nyan!—2002
  • Ɛrenkyɛ Aduanpa Bebu So!
    Nyan!—2012
  • 3. Hwɛ Sɛnea Wonoa Aduan Na Wokora So No Yiye
    Nyan!—2012
  • So Wudidi Yiye Wɔ Honhom Fam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2012
g 7/12 kr. 4

1. Hwɛ Nnuan A Wototɔ No Yiye

SƐ ƐNYƐ w’ankasa na wudua wo nnuan a, gye sɛ wokɔtɔ wɔ gua so anaa sotɔɔ mu. Sɛ woredi gua a, wobɛyɛ dɛn apaw nnuan a eye?

● Hu bere a ɛsɛ sɛ wotɔ nnuan ahorow bi.

Asoɛe a Ɛhwɛ Bɔ Aduan Ho Ban wɔ Australia de afotu ma sɛ, “totɔ nnuan a ɛnsɛe ntɛm no kan. Nnuan a ɛhyɛ frigye mu no de, twɛn kosi bere a woatotɔ nneɛma nyinaa awie no ansa.” Afei nso, sɛ wobɛtɔ aduan a ɛyɛ hyew a, tɔ no bere a woawie biribiara a worebɛkɔ fie no.

● Tɔ nnuan foforo a wɔde aba gua so no.

Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bɔ mmɔden sɛ wobɛtɔ nnuan a ɛyɛ foforo bere nyinaa.a Ruth, a ofi Nigeria a ɔyɛ ɔbaatan a ɔwɔ mma baanu no ka sɛ: “Metaa kɔ gua so anɔpatutuutu bere a nnuan a ɛyɛ foforo aba no.” Elizabeth, a ofi Mexico nso kɔ gua kɛse mu kodi gua. Ɔka sɛ: “Mitumi totɔ nnuaba ne nhabamma a ɛyɛ foforo wɔ hɔ, na m’ankasa tumi paw nea mepɛ. Bere biara a mɛtɔ mogyanam no, metɔ aboa a wɔakum no saa da no ara nam. Sɛ ebi ka na ɛho hia sɛ mede sie a, mede hyɛ frigye mu.”

● Hwehwɛ aduan a wobɛtɔ no ho.

Bisa wo ho sɛ: ‘So aduan a meretɔ no ho baabi akã? Nkã bɔne bi wɔ nam no ho?’ Sɛ wɔakyekyere aduan no ho dedaw a, hwehwɛ ho yiye. Sɛ ɛho apae a, ebetumi ama ɔyare mmoawa akɔ aduan no mu.

Chung Fai, a ɔtotɔ nnuan wɔ sotɔɔ kɛse bi mu wɔ Hong Kong no ka sɛ: “Ɛho hia nso sɛ wobɛhwɛ sɛ bere a ɛfata sɛ wodi no ntwaam anaa.” Dɛn ntia? Abenfo kyerɛ sɛ, sɛ “bere no atwam” nanso aduan no ani nsesae, ɛmmɔn, na sɛ ɛyɛ dɛ mpo a, ebetumi ama woayare.

● Fa hyɛ ade a ɛfata mu.

Sɛ wowɔ bag anaa rɔba a wode di gua a, bere biara fa samina ne nsuɔhyew horo. Mfa mogyanam ne nsumnam mfra, fa ebiara gu ade foforo mu na ɛho nsu no ansɔn anyɛ nnuan afoforo ho.

Enrico ne Loredana a wɔyɛ awarefo wɔ Italy no totɔ nnuan wɔ baabi a ɛbɛn wɔn. Wɔka sɛ: “Sɛ yɛyɛ no saa a, yentwa kwantenten a ebetumi ama nnuan a yɛatotɔ no asɛe.” Sɛ ebegye wo bɛboro simma 30 ansa na woadu fie a, fa nnuan a ahyɛ frigye mu akyenkyen no hyɛ rɔba bag anaa ade foforo mu na hwɛ hu sɛ ɛrennan ansa na woadu fie.

Wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, sua sɛnea wobɛbɔ w’aduan ho ban bere a wode adu fie no.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛm “Key 1—Eat Wisely,” a ɛwɔ March 2011 Awake! mu no.

[Adaka wɔ kratafa 4]

TETE WO MMA: “Mekyerɛ me mma sɛnea wɔbɛhwɛ nneɛma te sɛ anonne ne nnuan a wɔde agu kyɛnsee anaa adaka mu no ho, na wɔahwɛ sɛ ebia ne bere ntwaam anaa, ansa na wɔatɔ.”—Ruth, Nigeria

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena